Bɛn Yehowa

Onyankopɔn refrɛ wo sɛ twe bɛn no. Nhoma yi de wo bɛkɔ Bible mu ama woahu sɛnea wobɛtwe abɛn Yehowa.

Nnianim

Wubetumi ne Yehowa Nyankopɔn afa adamfo a emu rentwa da.

TI 1

“Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn Ni!”

Ná Mose nim Onyankopɔn din dedaw, enti adɛn nti na ɔsan bisae sɛ Onyankopɔn din de sɛn?

TI 2

Wubetumi ‘Abɛn Onyankopɔn’ Ampa?

Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asaase no, wato nsa afrɛ yɛn, na wahyɛ yɛn bɔ nso.

TI 3

‘Kronkron, Kronkron, Kronkron Ne Yehowa’

Adɛn nti na Bible ka sɛ ade a ɛyɛ kronkron biara yɛ fɛ?

TI 4

“Yehowa . . . Tumi Sõ”

Onyankopɔn tumi nti, ɛsɛ sɛ yesuro no anaa? Yebetumi aka sɛ aane, na yebetumi nso aka sɛ daabi.

TI 5

Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’

Nneɛma a Onyankopɔn abɔ no, efi awia so besi aserewa a ɔyɛ ketewa paa so no, ne nyinaa betumi ama yɛasua ne ho ade bi a ehia.

TI 6

Tumi a Ɔde Sɛe Ade—“Yehowa Yɛ Ɔko Mu Ɔkatakyi”

Ɛdɛn na ɛma “asomdwoe Nyankopɔn no” di ako?

TI 7

Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”

Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ akwan mmienu so, nanso baako ho hia koraa kyɛn baako.

TI 8

Tumi a Ɔde Siesie Ade—Yehowa ‘Reyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo’

Yehowa ama nokware som so dedaw. Ɛdɛn na ɔbɛyɛ no foforo daakye?

TI 9

“Kristo Yɛ Onyankopɔn Tumi”

Ɛdɛn na Yesu Kristo anwanwade ne ne nkyerɛkyerɛ ma yehu fa Yehowa ho?

TI 10

‘Suasua Sɛnea Onyankopɔn’ De Tumi Yɛ Adwuma No

Wowɔ tumi bebree koraa a wunnim. Wobɛyɛ dɛn de saa tumi no ayɛ adwuma yiye?

TI 11

‘N’akwan Nyinaa Tene’

Adɛn nti na Onyankopɔn atɛntrenee twe yɛn bɛn no?

TI 12

‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’

Sɛ Yehowa kyi ntɛnkyea a, ɛnde adɛn nti na ntɛnkyea ahyɛ wiase ma saa?

TI 13

“Yehowa Mmara Di Mu”

Ɛbɛyɛ dɛn na mmara atumi ama ɔmanfo adodɔ wɔn ho?

TI 14

Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”

Agyede no, ɛnyɛ den sɛ wobɛte ase, nanso emu dɔ, na ebetumi atwe wo abɛn Onyankopɔn.

TI 15

Yesu De “Atɛntrenee Bɛba Asaase So”

Tete no, sɛn na Yesu hwɛ maa atɛntrenee kɔɔ so? Sɛn na ɔrehwɛ ama atɛntrenee akɔ so nnɛ? Na sɛn na ɔbɛhwɛ ama atɛntrenee akɔ so daakye?

TI 16

‘Di Asɛntrenee’ Wɔ Wo Ne Onyankopɔn Nantew Mu

Sɛ yɛde nea ɛyɛ papa ne bɔne wɔ Yehowa ani so no bɔ yɛn bra, na yɛne nkurɔfo tena yiye a, ɛkyerɛ sɛ yɛde atɛntrenee reyɛ adwuma.

TI 17

‘O Hwɛ Sɛnea Onyankopɔn Nyansa Mu Dɔ!’

Adɛn nti na Onyankopɔn nyansa wɔ soro kyɛn ne nimdeɛ, ne ntease, ne ne nhumu mpo?

TI 18

Nyansa Wɔ “Onyankopɔn Asɛm” Mu

Adɛn nti na nnipa na Onyankopɔn maa wɔkyerɛw ne tirim asɛm wɔ Bible mu. Nneɛma bi wɔ hɔ a Onyankopɔn maa wɔkyerɛw wɔ Bible mu, na ebi nso wɔ hɔ a, wamma wɔankyerɛw. Adɛn ntia?

TI 19

“Onyankopɔn Nyansa a Wada No Adi Wɔ Ahintasɛm Kronkron Bi Mu”

Ahintasɛm kronkron bɛn na Onyankopɔn ayi no adi nkakrankakra?

TI 20

“Ɔyɛ Koma Mu Nyansafo”​—Nanso Ɔbrɛ Ne Ho Ase

Ɛdɛn na Awurade Tumfoɔ no yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ahobrɛase?

TI 21

Yesu Ma Yehu “Onyankopɔn Nyansa”

Yesu nkyerɛkyerɛ ka koma paa. Enti bere bi, asraafo bi a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu no antumi ankyere no!

TI 22

Wode “Nyansa a Efi Soro No” Rebɔ Wo Bra Anaa?

Bible ka nneɛma nnan a ebetumi aboa wo ama woanya nyansa a efi Onyankopɔn hɔ.

TI 23

“Ɔno Na Odii Kan Dɔɔ Yɛn”

Sɛ Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” a, ɛkyerɛ sɛn paa?

TI 24

Biribiara Rentumi “Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ” Ho

Atosɛm a ɛne sɛ, Onyankopɔn nnɔ wo, na wonsɛ hwɛɛ no, bɔ gu.

TI 25

“Yɛn Nyankopɔn Mmɔborɔhunu”

Ayamhyehye a Onyankopɔn wɔ ma wo no, adɛn nti na wubetumi aka sɛ ɛte sɛ abadae a ɔbaatan wɔ ma ne ba?

TI 26

Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’

Onyankopɔn werɛ mfi biribiara. Ɛnde adɛn nti na yɛka sɛ, sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔnkae bio?

TI 27

“Hwɛ Sɛnea Ne Papayɛ Dɔɔso Fa!”

Sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn ye a, ɛkyerɛ sɛn?

TI 28

“Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a yebetumi de yɛn ho ato ne so kɛkɛ na mmom ɔyɛ ɔnokwafo?

TI 29

“Moahu Kristo Dɔ” No”

Nneɛma mmiɛnsa a Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ no, ɛma yehu sɛnea Yehowa dɔ te pɛpɛɛpɛ.

TI 30

“Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”

Korintofo nhoma a edi kan ma yehu nneɛma a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ.

TI 31

”Mommɛn Onyankopɔn Na Ɔbɛbɛn Mo”

Asɛm a ɛho hia bɛn paa na wubetumi abisa wo ho? Wubeyi ano sɛn?