“Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”

Nhoma yi bɛboa wo ama woakɔ so de Bible nnyinasosɛm abɔ wo bra na wode wo ho asie Onyankopɔn dɔ mu.

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ

Yesu tenaa n’Agya dɔ mu. Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no reka akyerɛ obiara a ɔdɔ Yehowa sɛ onsuasua Yesu na ɔno nso ntena Onyankopɔn dɔ mu.

TI 1

“Eyi Ne Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ”

Bible de asɛm tiawa akyerɛ nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn.

TI 2

Wobɛyɛ Dɛn Akura Ahonim Pa Mu?

Sɛ yɛn ahonim nhaw yɛn a, bere nyinaa na ɛkyerɛ sɛ yɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so anaa?

TI 3

Dɔ Wɔn a Onyankopɔn Dɔ Wɔn

Sɛ Yehowa refa nnamfo a, ɔhwehwɛ mu yiye, na saa na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.

TI 4

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Obu Ma Wɔn a Yɛhyɛ Wɔn Ase?

Bible ma yehu akwan titiriw mmiɛnsa a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so kyerɛ sɛ yebu wɔn a yɛhyɛ wɔn ase no.

TI 5

Sɛnea Yɛbɛtwe Yɛn Ho Afi Wiase no Ho

Onyankopɔn Asɛm ma yehu akwan nnum a yɛbɛfa so atwe yɛn ho afi wiase no ho.

TI 6

Sɛnea Yɛbɛpaw Anigyede a Ɛfata

Nsɛmmisa mmiɛnsa yi betumi aboa wo ama woapaw anigyede a ɛfata.

TI 7

Nkwa Ho Hia Wo Sɛnea Ehia Onyankopɔn No?

Sɛ obi anyɛ biribi amma ne yɔnko anhwere ne nkwa a, ɛno ara no no anaa?

TI 8

Onyankopɔn Dɔ Nnipa a Wɔn Ho Tew

Bible betumi aboa wo ama woakwati suban ne nneyɛe bi a ɛbɛma wo ho agu fĩ wɔ Yehowa ani so.

TI 9

“Munguan Aguamammɔ!”

Ɔbrasɛe yi Kristofo mpempem pii afe biara. Wobɛyɛ dɛn na anyi wo?

TI 10

Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ

Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho anya aware pa? Sɛ woaware a, dɛn na wobɛyɛ na w’aware angu?

TI 11

“Momma Aware Ho Mmra Nyam”

Nsɛmmisa nsia a ebetumi aboa wo ama woayɛ wo mu nhwehwɛmu na w’aware asɔ.

TI 12

Monka Kasa a “Eye Ma Nkɔso”

Kasa betumi apira afoforo anaa ahyɛ den. Sua sɛ wode kasa bedi dwuma sɛnea Yehowa a ɔde mae no hwehwɛ.

TI 13

Afahyɛ Ahorow a Onyankopɔn Kyi

Afahyɛ ne nnapɔnna a ebinom se wɔde hyɛ Onyankopɔn anuonyam no, Onyankopɔn kyi koraa.

TI 14

Di Nokware Wɔ Biribiara Mu

Sɛ wubetumi adi afoforo nokware a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ.

TI 15

Hu Adepa Wɔ Wo Brɛ Mu

Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛyɛ adwuma anaa worenyɛ a, nsɛmmisa nnum yi ho mmuae betumi aboa wo.

TI 16

Siw Ɔbonsam ne Ne Nnɛɛdɛe Kwan

Yenim sɛ Ɔbonsam wɔ tumi nanso yɛmma no nkɛntɛn yɛn asetenam biribiara so. Adɛn Ntia?

TI 17

“Munnyin Wɔ Mo Gyidi Kronkron Mu”

Nneɛma mmiɛnsa betumi aboa wo ama wo gyidi ayɛ den, na woakɔ so atena Onyankopɔn dɔ mu.

NKEKAHO

Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yɛne Obi a Wɔatu no Di

So ehia sɛ yɛtwe yɛn ho fi obi a wɔatu no ho koraa?

NKEKAHO

Bere Bɛn na Ɔbea Kata Ne Ti, na Dɛn Ntia?

Bible ma yehu nneɛma abiɛsa a ɛbɛboa wo ama woanya ho mmuae.

NKEKAHO

Frankaakyia, Abatow,
 ne Adwuma a Ɛmfa Sraadi Ho

Bible mu nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wo ama woakɔ so akura ahonim pa mu wɔ saa nsɛm yi mu?

NKEKAHO

Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Ayaresa Ahorow Bi

Sɛ wuhyia ɔhaw bi wɔ ayaresa mu a, nneɛma kakraa bi wɔ hɔ a woyɛ a ebetumi aboa wo.

NKEKAHO

Di Boasipem So Nkonim

Sɛnea Wubetumi Adi Subammɔne yi So Nkonim?

NKEKAHO

Nea Bible Ka Wɔ Awaregyae ne Ntetewmu Ho

Sɛnea Bible kyerɛ no, bere bɛn na obi a wagyae aware betumi aware obi foforo?

NKEKAHO

Adwuma Ho Nsɛm a Wobesiesie

Kristoni bi betumi de ne yɔnko Kristoni akɔ asɛnnibea anaa?