Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahosiesie Na Na Ɛresi Me Kwan

Ahosiesie Na Na Ɛresi Me Kwan

Ahosiesie Na Na Ɛresi Me Kwan

EILEEN BRUMBAUGH ANOM ASƐM

ASƆRE a yɛfrɛ no Tete Germany Baptist Brɛdren no, emu na wɔtetee me. Wɔyɛ wɔn nneɛma te sɛ Amishfo ne Mennonitfo asɔre no. Afe 1708 na Brɛdren kuw no yii ne ti wɔ Germany; nea ɛkɔfa bae ne biribi a wɔfrɛ no Pietism. Nhoma bi ka sɛ, ade a na edi akoten wɔ Pietism mu ne “adwene a ɛne sɛ adasamma hia Kristo ho asɛmpa no.” (The Encyclopedia of Religion) Saa adwene a na kuw no kura no maa wɔde asɛmpatrɛwfo kokɔɔ aman horow so.

Afe 1719 mu no, kuw ketewaa bi a Alexander Mack da ano kɔpuee United States kurow bi a ɛnnɛ yɛfrɛ hɔ Pennsylvania. Efi saa bere no, wɔatetew akuw bebree na ebinom nso atew wɔn ho akɔtew akuw foforo. Alexander Mack nkyerɛkyerɛ no, kuw biara ne sɛnea na wɔkyerɛ ase. Yɛn asɔre no, na yɛnnɔɔso. Ná emu nnipa bɛyɛ 50 pɛ. Ade a na wɔtaa ka ho asɛm paa ne sɛ asɔremma no bɛkenkan Bible na yɛadi asɔre mmara so pɛpɛɛpɛ.

Efi me nananom bere so, saa som no ara na na obiara akura mu de abɔ ne bra. Me nso mede me ho hyɛɛ mu, na midii mfe 13 na mebɔɔ asu. Wɔkyerɛkyerɛɛ me maa mibegye dii sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛtɔ kar, trata, telefon, radio, anaa biribi foforo biara a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma. Wɔkyerɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ mfomso mpo sɛ obi de saa nneɛma yi bi bɛyɛ adwuma. Mmea no, na yɛnhyɛ da nsiesie yɛn ho biara. Ná yenyi yɛn ti, na daa na yɛkata yɛn ti. Mmarima no nso, na wogyaw wɔn abogyesɛ. Yɛn de, na yɛn adwene ara ne sɛ, sɛ yɛka sɛ obi nka wiase no ho a, ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhyɛ ntaade a aba so, otwi n’anim to n’ani akyi ne n’ano anaa ɔhyɛ asomuade de nneɛma toto ne kɔn mu ne ne nsa. Sɛ obi yɛ saa, yɛn de, na yehu no sɛ wayɛ bɔne, na ɔyɛ ahomaso.

Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yennya obu kɛse mma Bible no, efisɛ ɛno ne yɛn honhom fam aduan. Anɔpa biara, ansa na yebedidi no, na yehyiam wɔ yɛn asa so, na Paapa akenkan Bible no fã bi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ yɛn. Owie a, na yɛn nyinaa abu nkotodwe ama Paapa abɔ mpae. Paapa bɔ mpae wie a, na Maame nso aka Awurade Mpaebɔ no. Asɔre a na yɛyɛ no anɔpa no, na m’ani gye ho paa, efisɛ na abusua no nyinaa hyia dwinnwen Onyankopɔn ho.

Na yɛte afuw mu, na na baabi a ɛwɔ no bɛn Indiana kurow Delphi. Ná yɛaduadua nneɛma pii. Sɛ ɛsow ma yɛtew a, na yɛde de gu teaseɛnam mu de pɔnkɔ twe kɔ kurom kɔtɔn wɔ mmɔnten so ne nkurɔfo afie. Ná yehu no sɛ, adwumaden ka ɔsom a yɛsom Onyankopɔn no ho. Enti daa na yɛyɛ adwumaden. Kwasida de, na yɛnyɛ “adwuma a ɛyɛ den” biara. Nanso ɛtɔ da a, na afuw mu adwuma no tumi gye yɛn bere ara ma yennya bere mma yɛn som papa.

Meware Woo Mma

Afe 1963, bere a na madi mfe 17 no, mewaree James. Ná me ne no nyinaa na ɛkɔ Brɛdren asɔre no. Ɔno mpo de, na ne nana nananom koraa kɔ Brɛdren asɔre no bi. Ná me ne James nyinaa ani gye ho paa sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn, na na yegye di sɛ yɛn asɔre no nko ara ne nokware som.

Eduu afe 1975 no, na yɛawo nsia, na afe 1983 mu no, yɛwoo yɛn kaakyire, enti mmofra no bɛyɛɛ nson. Yɛn ba a ɔto so mmienu no de Rebecca, na ɔno nko ara ne yɛn babea. Ná yɛyɛ adwumaden, yɛnsɛe sika pii, na na yɛnyɛ akɛsesɛm. Bible mu nsɛm a yɛn awofo ne Brɛdren asɔre mufo binom de tetee yɛn no, yɛn nso yɛyeree yɛn ho de tetee yɛn mma.

Brɛdren asɔre no, na sɛnea obi siesie ne ho no yɛ asɛnhia ma yɛn paa. Ná yegye di sɛ esiane sɛ obiara nhu nnipa koma mu nti, sɛnea obi siesie ne ho na ɛbɛkyerɛ sɛnea ɔte ankasa. Ɛno nti sɛ obi hyɛ da yɛ ne ti a, na yebu no sɛ ɔyɛ ahomaso. Sɛ obi hyɛ ataade na emu disaen soso dodo a, ɛno nso na yɛfa no sɛ ɔyɛ ahomaso. Ɛtɔ da a, na yɛma saa nneɛma no hia yɛn kyɛn nea Bible aka mpo.

Afiasenna

Afe 1965 kosi 1969 mu hɔ baabi no, wɔkyeree me kunu ketewa Jesse a ɔno nso wɔtetee no wɔ Tete Brɛdren asɔre mu no kɔtoo afiase. Wɔbɔɔ no kwaadu sɛ wampene sɛ ɔbɛkɔ sogya. Bere a ɔda afiase no, ohyiaa Yehowa Adansefo bi wɔ hɔ. Wɔn nso, na wogye di sɛ Bible mpene so sɛ obi bɛkɔ ɔko. (Yesaia 2:4; Mateo 26:52) Jesse ne Adansefo a ɛwɔ hɔ no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ pii, na ohuu sɛnea wɔn suban te. Ɔne Adansefo no suaa ade kɔɔ akyiri, na ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni. Nanso, yɛn ani annye ho koraa sɛ wabɛyɛ Yehowa Danseni.

Nneɛma a Jesse suae no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ me kunu James. Ɔyɛɛ nhyehyɛe nso maa James nsa kaa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! daa. Saa nhoma no a James kenkanee no maa n’ani begyee Bible ho paa. Ade a na ɛda ne koma so ne sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn, nanso na ɛtaa yɛ no sɛ ɔne Onyankopɔn ntam ware. Enti biribiara a ebetumi ama ɔne Onyankopɔn afa adamfo no, na onni ho agorɔ koraa.

Ná yebu Amishfo ne Mennonitfo ne Tete Brɛdren asɔre afoforo sɛ wɔka wiase no ho. Nanso yɛn asɔre mpanyimfo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛyɛ a yɛnkan wɔn nhoma. Me papa de, na ɔne Yehowa Adansefo ani nhyia koraa. Ɔkaa sɛ, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! de, ɛnsɛ sɛ yɛkenkan bi da! Enti bere a mihui sɛ James rekenkan bi no, me ho dwiriw me. Ná misuro sɛ anhwɛ a na wakodi atoro nkyerɛkyerɛ akyi.

Nanso James de, dedaadaw nyinaa, na Brɛdren asɔre no nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a onnye ntom efisɛ na ohu sɛ ɛne Bible nhyia. Baako a na onnye ntom koraa ne nea na ɛse, sɛ obi yɛ “adwuma a ɛyɛ den” biara Kwasida a, wayɛ bɔne. Nhwɛso baako ne sɛ, na Brɛdren asɔre no ka sɛ, sɛ edu Kwasida a, wubetumi ama wo mmoa nsu anom nanso sɛ wuhu wura a afifi de a, worentumi ntu. Sɛ wubisa asɔre mpanyimfo no sɛ, ɛhe na saa asɛm no wɔ wɔ Bible mu a, na ayɛ den ama wɔn. Me nso, eduu baabi no, nneɛma bi wɔ hɔ a, na me tirim nteɛ me wɔ ho.

Ná yɛpɛ sɛ yegyae Brɛdren asɔre no, nanso efi tete nyinaa, na yegye di sɛ yɛn asɔre no na Onyankopɔn gye tom, na na yesuro nea yegyae asɔre no a, ɛbɛto yɛn. Enti na ayɛ den ama yɛn. Nanso eduu baabi no, na yɛn tiboa bu yɛn fɔ efisɛ yebehuu sɛ asɔre a yɛwom no, ɛnyɛ nea Bible ka nyinaa na wɔde yɛ adwuma. Enti afe 1983 no, yɛkyerɛw krataa kɔmaa asɔre no sɛ yɛregyae asɔre no, na yɛkyerɛɛ nea enti a yɛregyae. Yɛkaa wom sɛ, wɔnkenkan nkyerɛ asɔremma no nyinaa. Wɔn nsa kaa krataa no, wɔkaa sɛ wɔatu yɛn afi asɔre no mu.

Yɛhwehwɛɛ Nokware Som

Bere a yɛgyaee asɔre no, yefii ase pɛɛ nokware som akyi kwan. Ná yɛrepɛ ɔsom a emufo de nea wɔkyerɛkyerɛ no bɔ wɔn bra. Edi kan, ɔsom biara a emufo kɔ ɔko no, na yɛmpɛ. Ná yɛpɛ ɔsom a wɔn abrabɔ nyɛ kyenkyenenn na wɔnhyɛ da nsiesie wɔn ho, efisɛ na yɛte nka sɛ ɔsom a ɛte saa no nka wiase no ho. Efi 1983 kosi 1985 no, yetutuu akwan wɔ America kyinkyin nsɔrensɔre mu, yefi ha a na yɛkɔ ha. Ebi ne Mennonitfo asɔre, Quakerfo asɔre, ne asɔre afoforo a wɔn abrabɔ nyɛ kyenkyenenn na wɔnhyɛ da nsiesie wɔn ho.

Emu hɔ ara na Yehowa Adansefo baa yɛn nkyɛn wɔ yɛn afuw mu. Ná ɛbɛn Indiana kurow Camden. Sɛ wɔba a na yetie wɔn, nanso na yɛmma wɔnkan Bible foforo biara gye King James Version. Ɔko a na Yehowa Adansefo nkɔ nti, na m’ani gye wɔn ho. Nanso na mimfi me koma mu ntie wɔn, efisɛ na wɔn ntaadehyɛ yɛ kyenkyenenn ma me. Ná m’adwene ne sɛ, sɛ saa na wosiesie wɔn ho de a, ɛnde na wɔka wiase no ho, na na wɔn som no rentumi nyɛ nokware som. Me de, na mihu no sɛ sɛ obi ansiesie ne ho te sɛ yɛn a, na ɔyɛ ahomaso. Ná migye di sɛ nneɛma anaa agyapade ma nkurɔfo yɛ ahomaso.

Me kunu James fii ase kɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so, na ɔrekɔ a na ɔde yɛn mma mmarima no bi kɔ. Ná ɛyɛ me abufuw paa. James kaa sɛ me ne no nkɔ Ahenni Asa no so, nanso mampene. Afei da koro ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ wo ne wɔn nyɛ adwene wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ no nyinaa ho mpo a, wo de, bra na bɛhwɛ sɛnea wɔdodɔ wɔn ho.” Ná wɔn suban yɛ no fɛ paa.

Da koro bi deɛ, meyɛɛ m’adwene sɛ medi wɔn akyi akɔ Ahenni Asa so, nanso mɛhwɛ yiye paa. Merekɔ no, Brɛdrenfo ntaade a wɔhyɛ no, ɛno ne wɔn kyɛw na mehyɛ kɔe. Yɛn mma no nso, na wɔhyehyɛ Brɛdrenfo ntaade, na na ebi mpo nhyɛ mpaboa. Nanso Yehowa Adansefo no bekyiaa yɛn, na wɔmaa yɛn ani kae. Nea ɛbaa me tirim ne sɛ, ‘Ɛsono sɛnea yɛte, nanso wɔagye yɛn atom.’

Sɛnea wɔmaa yɛn ani kae no, m’ani gyee ho paa, nanso na mayɛ m’adwene sɛ mede m’ani bɛhwɛ wɔn kɛkɛ. Bere a wɔreto nnwom no, mansɔre, na manto bi nso. Yɛpɔn adesua no, nsɛmmisa de, mede bi guu wɔn so efisɛ wɔn nneɛma bi wɔ hɔ a, na ɛyɛ me sɛ ɛnkɔ yiye. Bible mu nsɛm a wɔkyerɛkyerɛɛ mu no nso, ebi wɔ hɔ a na mente ase, enti mibisaa ho asɛm. Ɛwom sɛ mekaa me nsɛm penpen, nanso wɔn a mibisaa wɔn nsɛm no, obiara nyaa me ho abotare paa. Ade foforo nso a ɛyɛɛ me fɛ paa ne sɛ, asɛm biara a mebisa nkurɔfo no, mmuae baako no ara na na obiara de ma me. Ɛtɔ da a na wɔkyerɛw mmuae no ma me, na na ɛboa me paa efisɛ akyiri yi na mitumi san kan.

Afe 1985 ahohuru bere mu no, yɛn abusua no kɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam wɔ Tennessee kurow Memphis. Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛrekɔhwɛ nea ɛbɛkɔ so kɛkɛ. Ná James nyii n’abogyesɛ no, na na yɛhyehyɛ Brɛdrenfo ntaade no ara. Nhyiam no ase no, sɛ edu ahomegye bere biara a, na Yehowa Adansefo no bi ba yɛn nkyɛn, wei rekɔ na wei reba. Sɛnea wogyee yɛn toom, na wɔkyerɛɛ sɛ wɔdɔ yɛn na wodwen yɛn ho no, ɛmaa yɛn ani gyee paa. Ade baako nso a ɛkaa yɛn koma ne sɛ, na baakoyɛ wɔ wɔn ntam. Nea enti ne sɛ, baabi a yɛbɛkɔ wɔn nhyiam biara no, na yehu sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ hyia.

Sɛnea na Yehowa Adansefo no dwen yɛn ho no kaa James koma, enti ɔpenee so sɛ wɔne no nsua Bible. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛ nea ɔresua no, ɛno ara ne no anaa. Enti biribiara a wɔbɛkyerɛ no no, na ɔhwehwɛ mu kɔ akyiri. (Asomafo Nnwuma 17:11; 1 Tesalonikafo 5:21) Eduu baabi no, James hui sɛ nea ɔresua no ne nokware no. Nanso me de, na m’adwene atu afra. Ná mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ, nanso na mempɛ sɛ mɛyɛ “nneɛma a aba so” na nkurɔfo ammu me sɛ “wiaseni.” Bere a edi kan a metenaa James adesua no mu no, na Bible mmienu da me srɛ so. King James Version wɔ ha, ɛnna New World Translation a wɔde kasa a emu da hɔ akyerɛw nso wɔ ha. Wɔbɔ kyerɛwsɛm biara a, na mekan wɔ Bible mmienu no nyinaa mu sɛnea ɛbɛyɛ a m’adwene besi me pi sɛ ɛnyɛ nnaadaa.

Nea Ɛmaa M’adwene Sesae

Bere a yɛne Yehowa Adansefo resua ade no, yebehui sɛ yɛn soro Agya no yɛ Onyankopɔn baako, ɔnyɛ Nyame baasakoro. Yɛsan behui sɛ, ɔkra a enwu da biara nte yɛn mu, mmom yɛka ɔkra a, ɛno ne yɛn ara. (Genesis 2:7; Deuteronomium 6:4; Hesekiel 18:4; 1 Korintofo 8:5, 6) Yesuae nso sɛ, yɛka hell a, ɛnyɛ baabi a wɔde gya hye nkurɔfo, na mmom ɛyɛ adasamma damoa. (Hiob 14:13; Dwom 16:10; Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Asomafo Nnwuma 2:31) Hell ho nokwasɛm a yesuae no pusuw yɛn paa, efisɛ na Brɛdren asɔre no mufo adwene nhyia wɔ nea ɛkyerɛ no ho.

Nanso m’adwene mu no, na Yehowa Adansefo da so ara ka wiase no ho. Enti na mibisa me ho sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn som no ayɛ nokware som. Me de, na misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ obiara bɔ ne bra te sɛ Brɛdrenfo ansa na ne som asɔ ani. Nanso, na mihu nso sɛ, Yesu asɛm a ɔkaa sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa nkyerɛ nkurɔfo no, wɔn na wɔreyɛ saa adwuma no. Enti na m’adwene atu afra paa!—Mateo 24:14; 28:19, 20.

Yehowa Adansefo no kyerɛɛ sɛ wɔdɔ yɛn, na ɛno boaa me bere a na migu so ara rehwehwɛ nokware som no. Asafo no mufo nyinaa kyerɛe sɛ wodwen yɛn abusua no ho. Ná anuanom ba yɛn fie bɛsra yɛn. Ebinom mpo de, na wɔba sɛ wɔrebɛtɔ nantwie nufusu ne kosua, nanso na wɔde bɛhwɛ sɛnea yɛn ho te. Ɛno ma yehui sɛ wodwen nnipa ho paa. Wɔanka sɛ yɛwɔ obi a ɔne yɛn sua ade, enti wɔremma yɛn fie. Mmom, asafo no muni biara retwam a, na ɔfa yɛn fie. Nea wɔyɛe no, ɛno ara na na yehia, efisɛ ɛboaa yɛn paa ma yehuu Yehowa Adansefo yiye. Sɛnea wodwen nnipa ho na wɔpɛ nnipa no maa yɛn ani gyei.

Ɛnyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ asafo a ɛbɛn yɛn no mu nko ara na wɔma yehui sɛ wodwen yɛn ho. Bere a m’adwene nsi me pi wɔ ahosiesie ho no, Kay Briggs bɛsraa me. Ná ɔyɛ Yehowa Danseni bea a ɔwɔ asafo bi a ɛbɛn yɛn mu. Ná n’ahosiesie reyɛ akɔsɛ Brɛdrenfo de no. N’anim mpo, na ontwi. Ɛno ma mebɛpɛɛ n’asɛm, enti mitumi ne no bɔɔ nkɔmmɔ kama. Da koro bi, Lewis Flora bɛsraa me. Ɔno nso, wɔwoo no too asɔre a wɔn ahosiesie te sɛ Brɛdrenfo de mu. Ohui wɔ m’anim sɛ m’adwene atu afra paa, enti ɔkyerɛw me krataa tenteenten bi; na ɛyɛ nkratafa du. Ná ɔpɛ sɛ ɔka me koma to me yam. Ade a ɔyɛ maa me no kaa me ma misui. Krataa no, mekan saa ara.

Meka kyerɛɛ ɔhwɛfo kwantufo bi a ne din de Onua O’Dell sɛ ɔnkyerɛkyerɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 3:18-23 ne 1 Petro 3:3, 4 no mu nkyerɛ me. Mibisaa no sɛ, “Wohwɛ kyerɛwsɛm yi a, wunhu sɛ ɛsɛ sɛ obiara siesie ne ho te sɛ Brɛdrenfo ansa na ne som asɔ Onyankopɔn ani?” Ɛnna ɔno nso bisaa me sɛ: “Kyerɛwnsɛm no, wohwɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛhyɛ kyɛw anaasɛ ɔbɛbɔ abotiri? Ɛkyerɛ sɛ obi bɔ ne ti a wayɛ bɔne anaa?” Brɛdrenfo asɔre no mu no, na yɛbɔ yɛn mma mmaayewa ti, na na mmea no hyɛ kyɛw anaa wɔbɔ abotiri. Mibehui sɛ ayɛ sɛ nsɛm a Bible ka no, yɛfa bi gyaw bi. Sɛnea ɔhwɛfo kwantufo no nyaa me ho abotare ne ɔkwan a ɔfaa so ne me kasae no kaa me koma.

Nkakrankakra mibegyee nea meresua no toom, nanso na aka ade baako a ɛhaw me paa. Ɛne sɛ, na mente ase sɛ ɔbea paa de apaso bɛka ne ti. Yehowa Adansefo asafo mu mpanyimfo ne me susuw ho sɛ, mmea bi wɔ hɔ a wɔwɔ nwi paa, nanso mmea bi de, wɔnhyɛ da nni nwi. Ɛno kyerɛ sɛ mmea no bi nwi yɛ papa kyɛn ebi de anaa? Wɔsan boaa me ma mihui sɛ, sɛ ɛba no ntaadehyɛ ne ahosiesie a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ obiara de n’ahonim si ho gyinae. Afei wɔmaa me biribi sɛ menkɔkenkan wɔ fie.

Yetuu Anammɔn

Ná yɛrehwehwɛ ɔsom a wɔde Bible mu nsɛm bɔ wɔn bra. Afei de, na yɛahu. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Yehui paa sɛ Yehowa Adansefo yɛ nkurɔfo a wɔdodɔ wɔn ho ankasa. Nanso na ɛyɛ den ma yɛn ba panyin Nathan ne n’akyiri ba Rebecca. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛwoo wɔn too Brɛdren asɔre no mu, na emu na wɔbɔɔ asu. Nanso akyiri yi, Bible mu nokwasɛm a yɛne wɔn suae, ne sɛnea Yehowa Adansefo dodɔ wɔn ho no pusuw wɔn.

Rebecca sei, nea na ɛda ne koma so paa ne sɛ, obetumi afa Onyankopɔn adamfo. Obehui sɛ nea obi bɛyɛ anaa nea ɛbɛto no daakye no, Onyankopɔn nhyehyɛ ntoo hɔ. Ɛno ma ɛyɛɛ mmerɛw maa no sɛ ɔbɛbɔ mpae. Obehui nso sɛ Onyankopɔn nyɛ Nyame Baasakoro a yɛrentumi nhu ne nipaban, na mmom ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a yebetumi asuasua no. Wei maa otumi bɛn Onyankopɔn. (Efesofo 5:1) Ade baako koraa a ɛmaa n’ani gyei ne sɛ, ohui sɛ sɛ ɔrebɔ Onyankopɔn mpae a, enhia sɛ ɔde tete borɔfo a ɛwɔ King James Version Bible mu no bi hyehyɛ mu. Afei obehuu nea obi yɛ a ɛbɛma Onyankopɔn atie ne mpaebɔ, na ohui sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma nnipa atena ase daa wɔ paradise asaase so. Wei ma ɔtee nka sɛ afei de, wabɛn Onyankopɔn a ɔbɔɔ no no.—Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4.

Nhyira a Yɛn Nyinaa Anya

Me ne James ne yɛn mma nnum a wodi kan no bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ afe 1987 ahohuru bere mu. Yɛn mma nnum no ne Nathan, Rebecca, George, Daniel, ne John. Harley bɔɔ asu afe 1989, na Simon nso bɔɔ asu afe 1994. Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma a Yesu Kristo de hyɛɛ n’akyidifo nsa no, yɛn abusua no nyinaa da so kura mu denneennen.

Yɛn mma mmarima nnum a wodi kan, Nathan, George, Daniel, John, ne Harley, ne yɛn babea Rebecca nyinaa, obiara akɔsom pɛn wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Amerika no. George da so ara wɔ hɔ. Wayɛ adwuma wɔ hɔ bɛboro mfe 14 ni. Simon wiee sukuu afe 2001, na nnansa yi ara, ɔno nso akɔka ho reyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea hɔ. Yɛn mma mmarima no, ebinom yɛ mpanyimfo wɔ Yehowa Adansefo asafo a wɔwom no mu, ɛnna ebinom nso yɛ asafo mu asomfo. Me kunu yɛ asafo mu panyin wɔ Thayer Asafo mu wɔ Missouri, na me nso, migu asɛnka adwuma no so denneennen.

Seesei yɛanya mmanana mmiɛnsa; wɔn din de Jessica, Latisha, ne Caleb. Sɛnea wɔn awofo de Yehowa ho dɔ rehyɛ wɔn mu wɔ wɔn mmofraase no, ɛma yɛn ani gye paa. Abusua no nyinaa, ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa twee yɛn baa ne nkyɛn. Yɛn ani agye nso sɛ ɔma yehuu sɛnea nkurɔfo a ɔde ne din ato wɔn so no dodɔ wɔn ho a enti ɛma yehuu sɛ wɔyɛ ne nkurɔfo.

Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔn koma so ade ne sɛ wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ, nanso nneɛma bi te sɛ sɛnea wɔtetee wɔn na ɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ, na ɛnyɛ nea Bible ka. Saa nkurɔfo no, ɛyɛ a yedwen wɔn ho paa. Seesei anigye a yɛwɔ no, yenyae a anka wɔn nso wɔ bi. Nea ɛma yenya saa anigye no ne Onyankopɔn Ahenni no ne nneɛma pa a ɛde bɛba no ho asɛm a yɛkɔ afie afie kɔka no, na ɛnyɛ aduan a na yɛkɔtɔn no. Nnipa a Yehowa din da wɔn so no, sɛ mekae sɛnea wonyaa yɛn ho abotare ne ɔdɔ a wɔdɔɔ yɛn no a, na m’ani atetɛw!

[Mfoni]

Bere na madi bɛyɛ mfe nson, ne bere a minyinii

[Mfoni]

James, George, Harley, ne Simon. Wɔhyehyɛ Brɛdrenfo ntaade

[Mfoni]

Me mfoni yi baa dawurubɔ krataa mu. Ná merekɔtɔn nneɛma wɔ gua so

[Mfoni Fibea]

Journal and Courier, Lafayette, Indiana

[Mfoni]

Mfoni a yɛne yɛn abusua twaa no nnansa yi ara