Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

panitan/stock.adobe.com

BƐKA YƐN HO MA YƐNKAE YESU WU NO

Yesu Betu Ohia Ase

Yesu Betu Ohia Ase

 Bere a Yesu wɔ asaase so no, na ɔdɔ nnipa paa, ɛnkanka ne ahiafo ne wɔn a na wɔreteetee. (Mateo 9:36) Ɔde ne nkwa mpo too hɔ maa nnipa. (Mateo 20:28; Yohane 15:13) Seesei Yesu na odi Onyankopɔn Ahenni no so hene, na ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛsan ayɛ biribi kɛse ama yɛn de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛne sɛ, ɔde ne tumi betu ohia ase afi wiase.

 Anwensɛm bi wɔ Bible mu a ɛma yehu nea Yesu bɛyɛ. Ɛne sɛ:

  •   “Ma onni mmoa ɔman no mu mmɔborɔwafo; ma ontwitwa nnye ohiani mma.”—Dwom 72:4.

 Nea Yesu ayɛ ama yɛn dedaw ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ? Wohwɛ Luka 22:19 a, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkae ne wu no. Enti afe biara, sɛ da no du so a, Yehowa Adansefo hyiam kae Yesu wu no. Yɛreto nsa afrɛ wo sɛ bɛka yɛn ho Kwasida, March 24, 2024, na yɛnkae Yesu wu no.

Hwehwɛ Baabi a Wubetumi Akɔ Nkaedi No Bi