Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Onyankopɔn Adom Yɛn Wɔ Akwan Pii So

Onyankopɔn Adom Yɛn Wɔ Akwan Pii So

BERE a me papa Arthur yɛ aberante no, na osuro Onyankopɔn. Ná ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Metɔdist sɔfo. Nanso, bere a ɔkenkan Bible Asuafo no nhoma ahorow na ofii ase ne wɔn bɔe no, ɔsesaa n’adwene. Ɔbɔɔ asu afe 1914, bere a na wadi mfe 17. Wɔfrɛɛ no sɛ ɔnkɔ sraadi bere a na Wiase Ko I no gyina mu denneennen no. Esiane sɛ osii gyinae sɛ ɔrenkɔ ɔko no nti, wɔde no too afiase abosome du wɔ Kingston Afiase, Ontario, Canada. Bere a woyii Paapa fii afiase ara pɛ na ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu bɛyɛɛ colporteur (ɔkwampaefo).

Me papa Arthur Guest waree Hazel Wilkinson afe 1926. Hazel Wilkinson maame gyee nokware no afe 1908. Wɔwoo me April 24, 1931. M’awofo mma baanan no, me na meto so mmienu. Yehowa som ne ade a na ɛho hia yɛn abusua no paa. Ná Paapa wɔ obu kɛse ma Bible. Ɛno nti yɛn nso yɛrenyin no, na Onyankopɔn Asɛm no da yɛn koma so. Yɛn abusua no boom kaa asɛmpa no daa wɔ afie afie.—Aso. 20:20.

MISUASUAA ME PAPA, ENTI MEBƐYƐƐ ƆKWAMPAEFO NA MANKƆ SRAADI

Wiase Ko II no fii ase afe 1939. Afe akyi no, wɔbaraa Yehowa Adansefo som adwuma no wɔ Canada. Saa bere no, na wɔhwɛ kwan sɛ mmofra a wɔkɔ aban sukuu nyinaa kyia ɔman no frankaa na wɔto ɔman dwom wɔ sukuu. Bere biara a wɔreyɛ saa no, na wɔma me ne me nuabea panyin Dorothy pue fi sukuudan no mu. Nanso da koro bi, biribi a na menhwɛ kwan sii. Me kyerɛkyerɛfo no yɛe sɛ obegu m’anim ase, enti ɔkae sɛ meyɛ ohufo. Bere a yɛpɔn sukuu no, me sukuufo no pii bɛtow hyɛɛ me so boroo me, na wɔbɔɔ me too fam. Nanso, nea me sukuufo no yɛe no hyɛɛ me den mmom, na ɛma misii me bo sɛ ‘metie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.’—Aso. 5:29.

July 1942, bere a na madi mfe 11 no, wɔbɔɔ me asu wɔ ankora kɛse bi mu wɔ afuw bi mu. Sukuu akwamma biara, na meyɛ akwamma akwampae adwuma (seesei wɔfrɛ no akwampaefo boafo), na na ɛma m’ani gye paa. Afe bi de, me ne anuanom baasa kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wotwa nnua wɔ asasesin bi a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu wɔ Ontario atifi fam.

May 1, 1949 no, mebɛyɛɛ daa kwampaefo. Ná wɔreyɛ adansi adwuma bi wɔ baa dwumadibea, enti wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛboa. Saa afe no ara, December 1 no, mebɛyɛɛ Canada Betel abusua no muni. Wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ beae a wotintim nhoma, na misuaa sɛnea wɔde afiri a wɔde tintim nhoma no yɛ adwuma. Meyɛɛ adwuma anadwo adapɛn bebree de boa ma yetintim kratawa bi a ɛfa ɔtaa a na Yehowa nkurɔfo rehyia wɔ Canada no ho.

Akyiri yi, bere a na meyɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea (Service Department) no, akwampaefo bi a na wɔrekɔyɛ asɛnka adwuma wɔ Quebec baa Betel, na mibisabisaa wɔn nsɛm. Saa bere no, na ɔtaa no ano yɛ den paa wɔ Quebec. Wɔn a wɔbaa baa dwumadibea hɔ no mu baako ne Mary Zazula a ofi Edmonton, Alberta. Ná Mary awofo yɛ Ortodɔks Asɔre no mufo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ koraa. Enti bere a Mary ne ne nuabarima panyin Joe sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ so ara asua Bible no, wɔn awofo pam wɔn fii fie. Joe ne Mary nyinaa bɔɔ asu June 1951, na abosome nsia akyi no, wɔbɛyɛɛ akwampaefo. Bere a merebisa wɔn nsɛm no, mihui sɛ Mary dɔ Yehowa paa. Enti mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Sɛ biribiara ammɛbom a, ababaa yi ara na mɛware no.’ Yɛwaree abosome nkron akyi, January 30, 1954. Dapɛn baako akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yemmegye ɔmansin adwuma ho ntetee. Efi hɔ no, yɛkɔsom ɔmansin bi wɔ Ontario atifi fam mfe mmienu.

Bere a asɛnka adwuma a Yehowa nkurɔfo reyɛ wɔ wiase nyinaa no nyaa nkɔanim no, wɔde amanneɛbɔ too gua sɛ wohia asɛmpatrɛwfo. Me ne Mary susuw ho sɛ, sɛ yɛatumi agyina Canada awɔw ne ntontom a wɔhaw adwene wɔ ahohuru bere mu no ano a, ɛnde baabi a wɔde yɛn bɛkɔ biara, yebetumi asom wɔ hɔ. Wɔma yɛkɔɔ Gilead Sukuu, adesuakuw a ɛto so 27 no bi, na yewiee sukuu no July, 1956. Yefii asɛmpatrɛw adwuma no ase November mu wɔ Brazil.

YƐYƐƐ ASƐMPATRƐW ADWUMA WƆ BRAZIL

Bere a yeduu Brazil baa dwumadibea no, wofii ase kyerɛɛ yɛn Portugal kasa. Yesuaa nsɛm ntiantiaa a yebetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase ne sɛnea yɛde nsɛmma nhoma bɛma wɔ simma baako ntam. Ɛno akyi no, yefii asɛnka adwuma no ase. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ ofiewura bi kyerɛ asɛm no ho anigye a, yɛnkenkan kyerɛw nsɛm bi a ɛbɛma wɔahu sɛnea asetena bɛyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni mu nkyerɛ no. Ɛda a edi kan no, awuraa bi yɛɛ aso tiee yɛn, enti mekenkan Adiyisɛm 21:3, 4 kyerɛɛ no. Ná ewim yɛ hyew, na na ɛhɔ asetena nkokwaw me. Enti bere a mekenkan kyerɛwsɛm no wiei no, mitwa hwee fam! Wim tebea no bɛyɛɛ asɛnnennen maa me paa.

Asasesin a wɔde maa yɛn sɛ yɛnyɛ asɛmpatrɛw adwuma wom ne kurow bi a wɔfrɛ no Campos. Asafo ahorow 15 na ɛwɔ hɔ seesei. Yeduu hɔ no, na adesuakuw baako pɛ ne asɛmpatrɛwfo fie na ɛwɔ kurow no mu. Anuanom mmea baanan na na wɔte asɛmpatrɛwfo fie no mu. Wɔn din ne: Esther Tracy, Ramona Bauer, Luiza Schwarz, ne Lorraine Brookes (seesei wɔfrɛ no Lorraine Wallen). Bere a yɛwɔ asɛmpatrɛwfo fie hɔ no, na m’adwuma ne sɛ mɛboa ama wɔahoro yɛn nneɛma. Ná m’adwuma foforo nso ne sɛ mɛkɔ akɔpɛ nnyina a yɛde bɛnoa aduan. Dwoda anwummere bi a yɛawie Ɔwɛn-Aban Adesua no, yenyaa ɔhɔho bi a yɛnhwɛ no kwan. Ná me ne me yere rebɔ nea ɛkɔɔ so wɔ da no mu ho nkɔmmɔ bere a ɔda akongua mu rehome. Bere a me yere sɔre fii sumii a na ɔda so no so ara pɛ, yɛnkɔhwɛ a, ɔwɔ bi na apue afi sumii no ase yi. Ɛmaa ɛhɔ yɛɛ bagyabagya kosii sɛ mikum ɔwɔ no!

Bere a yesuaa Portugal kasa afe baako akyi no, wɔpaw me sɛ ɔmansin sohwɛfo. Sɛ yɛkɔsom wɔ nkuraase a, na yenni anyinam kanea, kɛtɛ so na na yɛda, na na yɛde teaseɛnam na etu kwan. Bere bi a yɛkɔyɛɛ ɔsatu wɔ asasesin bi a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu no, yɛfaa keteke kɔɔ kurow bi mu, na na kurow no wɔ mmepɔw bi mu. Yeduu hɔ no, yɛhan dan wɔ ahɔhodan bi mu. Baa dwumadibea no menaa yɛn nsɛmma nhoma 800 sɛ yɛmfa nyɛ asɛnka adwuma no. Enti yedii posɔfese akɔneaba mpɛn pii twee nnaka a na nsɛmma nhoma wom no kɔɔ beae a na yɛte no.

Afe 1962 no, wɔyɛɛ Ahenni Som Sukuu wɔ Brazil man no afã ahorow maa anuanom mmea a na wɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo ne anuanom mmarima a wɔwɔ Brazil. Enti abosome nsia ntam no, wɔmaa mitutuu akwan kɔɔ mmeae a na wɔreyɛ sukuu no a na Mary nka me ho. Mekyerɛɛ ade wɔ Manaus, Belém, Fortaleza, Recife, ne Salvador. Meyɛɛ nhyehyɛe ma yɛyɛɛ ɔmantam nhyiam wɔ sinidan bi a na agye din paa mu wɔ Manaus. Osu kɛse bi tɔe, na ɛsɛee nsu a na yɛbɛnom wɔ nhyiam no ase no. Afei, osu a ɛtɔe no nti, yɛannya baabi pa a yebetumi anoa aduan ama wɔn a wɔbaa nhyiam no. (Saa bere no, na yɛma wɔn a wɔba nhyiam ase no aduan.) Enti me ne asraafo mpanyimfo kɔkaa ho asɛm. Yenyaa ɔsraani bi a ne yam ye ma ɔboaa yɛn. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma yɛn nsa kaa nsu a yɛbɛnom wɔ nhyiam no ase nyinaa. Ɔsan maa asraafo bi besii ntamadan kɛse maa yɛn. Yɛnoaa aduan wɔ hɔ, na yɛde ne fã bi yɛɛ adidibea.

Bere a mituu kwan no, Mary kaa asɛmpa no wɔ nnwuma mu. Ná Portugalfo a wɔaba Brazil rebɛpɛ sika na ɛwɔ hɔ, enti Mary antumi ne onipa baako mpo ammɔ Bible mu nkɔmmɔ. Mary ka kyerɛɛ ne nnamfo bi a na wɔsom wɔ Betel sɛ, “Sɛ mɛtena baabiara wɔ asase yi so mpo a, ɛnyɛ Portugal.” Nanso, monhwɛ anwonwasɛm! Ankyɛ koraa na yɛn nsa kaa krataa sɛ yɛnkɔsom wɔ Portugal. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nsa kaa krataa no, Mary ho dwiriw no paa. Ɛwom sɛ na wɔabara yɛn som adwuma no wɔ hɔ de, nanso yɛpenee so kɔsomee.

YƐKƆSOMEE WƆ PORTUGAL

August, 1964 na yekoduu Lisbon, Portugal. Ná Portugal sum ase polisifo (PIDE) no atu wɔn ani asi yɛn nuanom no so de ɔtaa a emu yɛn den aba wɔn so. Ɛno nti, yehui sɛ ɛrenyɛ papa sɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no bɛba abehyia yɛn anaasɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan bere a yɛakodu hɔ no. Yɛtenaa ahɔhodan bi mu kosii sɛ yɛn nsa kaa tumi krataa a ɛbɛma yɛatumi atena ɔman no mu. Bere a yɛn nsa kaa tumi krataa no, yɛkɔpɛɛ fie bi hanee. Awiei koraa no, yɛne baa dwumadibea no dii nkitaho January 1965. Bere a yɛkɔɔ asafo nhyiam a edi kan wɔ abosome nnum ntam no, yɛn ani gyei paa!

Yɛtee sɛ da biara na polisifo kɔ anuanom afie kɔhwehwɛ wɔn nneɛma mu. Esiane sɛ na wɔretoto Ahenni Asa ahorow mu nti, na anuanom yɛ asafo nhyiam wɔ anuanom afie mu. Wɔkyeree Adansefo ɔhaha pii kobisabisaa wɔn nsɛm. Wɔhyɛɛ da yɛɛ anuanom mmarima no ayayade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ anuanom a wɔhwɛ asafo nhyiam so no din. Enti anuanom no amfa wɔn abusua din anni dwuma bio. Mmom no, wofii ase de wɔn din a edi kan te sɛ José anaa Paulo frɛfrɛɛ wɔn ho. Enti yɛn nso yɛyɛɛ saa ara.

Nea na ehia yɛn paa ne sɛ yɛbɛboa ama yɛn nuanom nsa aka honhom fam aduan. Enti adwuma a na Mary yɛ ne sɛ ɔbɛkyerɛw Ɔwɛn-Aban mu adesua nsɛm ne yɛn nhoma ahorow mu nsɛm agu krataa bi so. Ɛno na na yɛde fa afiri mu tintim pii.

YƐKYERƐKYERƐƐ ASƐMPA NO MU WƆ ASƐNNIBEA

June 1966 no, wodii asɛm soronko bi wɔ Lisbon asɛnnibea bi. Wɔde nnipa 49 a wɔwɔ Feijó Asafo no mu nyinaa kɔɔ asɛnnibea kodii wɔn asɛm sɛ wɔakɔ nhyiam bi a mmara mma kwan wɔ obi fie. Meyɛɛ me ho sɛ aban mmaranimfo, na meboaa anuanom no ma wosiesiee wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayi nsɛm a wobebisabisa wɔn wɔ asɛnnibea no ano yiye. Ná yenim sɛ wobebu asɛm no agu yɛn so de, nanso yehui sɛ ɛbɛyɛ adansedi kɛse. Mmaranimfo a ɔkasa maa yɛn no de akokoduru kaa nsɛm a Gamaliel a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so kae no. (Aso. 5:33-39) Nsɛm ho amanneɛbɔfo bɔɔ asɛnni no ho dawuru. Asɛnnibea no de anuanom mmarima ne mmea 49 no nyinaa koguu afiase, efi nnafua 45 kosi abosome nnum ne fã. Anigyesɛm ne sɛ, mmaranimfo kokodurufo a ɔkaa yɛn asɛm maa yɛn no fii ase suaa Bible, na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ansa na ɔrewu.

December 1966 no, wɔpaw me sɛ Portugal baa dwumadibea no sohwɛfo, na mede bere pii yɛɛ nnwuma a ɛfa mmara ho. Yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yɛde Yehowa Adansefo som no bɛhyɛ mmara ase na ama anuanom anya hokwan asom wɔ Portugal a obiara rensiw wɔn kwan. (Filip. 1:7) Awiei koraa no, December 18, 1974 no, wogyee yɛn som no toom wɔ mmara mu. Ɛno nti, Onua Nathan Knorr ne Onua Frederick Franz a wɔn nyinaa fi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no baa Portugal bɛkaa yɛn ho ma yedii nkonim yi ho ahurusi. Wɔne yɛn boom yɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ Oporto ne Lisbon, na nnipa 46,870 na wɔbaa bi.

Yehowa maa asɛnka adwuma no nyaa nkɔso wɔ nsupɔw a na wɔka Portugal kasa wɔ so no so. Nsupɔw no bi ne Azores, Cape Verde, Madeira, ne São Tomé ne Príncipe. Nkɔso no nti, na yehia baa dwumadibea kɛse. Afe 1988 na wosii baa dwumadibea foforo no wiei, na April 23 wɔ saa afe no ara mu na Onua Milton Henschel bɛmaa ɔkasa de hyiraa so. Anuanom 45,522 a anigye ahyɛ wɔn mã yɛɛ aso tiee ɔkasa no. Anuanom mmarima ne mmea 20 a bere bi na wɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Portugal nso baa dwumadi titiriw no bi, na ɛmaa yɛn ani gyei paa.

YESUASUAA ANUANOM ANOKWAFO

Yɛne anuanom anokwafo abɔ mfe pii ni, na aboa yɛn paa. Bere bi, mekaa Onua Theodore Jaracz ho ne no kɔɔ dantaban sohwɛfo nsrahwɛ wɔ baa dwumadibea bi, na misuaa biribi titiriw bi. Ná baa dwumadibea no rehyia tebea bi a ɛhaw adwene paa. Ɛwom sɛ na Baa Boayikuw no ayɛ nea wobetumi biara wɔ ho de, nanso na ɛnyɛ yiye. Nea ɛbɛyɛ na anuanom yi koma atɔ wɔn yam no, Onua Jaracz kae sɛ: “Moayɛ nea mubetumi. Afei momma honhom kronkron nyɛ adwuma.” Mfe bebree akyi no, me ne me yere Mary kɔɔ nsrahwɛ wɔ Brooklyn. Yeduu hɔ no, yɛkɔsraa Onua Franz ne anuanom foforo anwummere bi. Bere a yɛrebefi Onua Franz nkyɛn no, yɛkae sɛ ɔnka biribi kakra mfa mfe pii a ɔde asom Yehowa no ho. Onua Franz kae sɛ: “Nea mɛka ara ne sɛ: Mommata Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no ho wɔ mmere pa ne mmere a emu yɛ den mu. Ahyɛde a Yesu de mae sɛ yɛnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, ahyehyɛde yi nko ara ne ahyehyɛde a ɛredi so!”

Me ne me yere de Onua Franz afotu no ayɛ adwuma, na ama yɛanya akomatɔyam paa. Osuahu a yenyae bere a na yɛreyɛ dantaban sohwɛfo nsrahwɛ wɔ baa dwumadibea ahorow no, sɛ yɛkae a, ɛma yɛn ani gye paa. Saa nsrahwɛ no ma yenyaa hokwan hyɛɛ anuanom mmofra ne mpanyin nyinaa nkuran ma wohui sɛ yɛn ani sɔ ɔsom adwuma a wɔreyɛ no. Afei, ɛma yenyaa kwan hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔanya hokwan soronko wɔ Yehowa som mu, enti ɛnsɛ sɛ wogyaa mu.

Mfe pii abɛsen kɔ, na seesei yɛn baanu nyinaa adi boro mfe 80. Yare reteetee Mary. (2 Kor. 12:9) Sɔhwɛ ahorow a yɛahyia no ahyɛ yɛn gyidi den, na ama yɛasi yɛn bo sɛ yɛrennyae yɛn mũdi mu da. Sɛ yedwinnwen nsɛm a asisi wɔ yɛn asetenam ho a, yetumi hu sɛ Yehowa adom yɛn wɔ akwan pii so. *

^ nky. 29 Bere a yɛrekyerɛw saa asɛm yi na Douglas Guest wui. Owui October 25, 2015, na na wasom Yehowa nokware mu.