Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Memaa Yehowa Kyerɛɛ Me Kwan a Memfa So

Memaa Yehowa Kyerɛɛ Me Kwan a Memfa So

MIDII mfe 16 no, mekɔyɛɛ adwuma bi a na m’ani gye ho paa. Nanso, na Yehowa wɔ adwuma foforo bi ma me. Ɛte sɛ nea na ɔreka akyerɛ me sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so.” (Dw. 32:8) Esiane sɛ memaa Yehowa kyerɛɛ me kwan a memfa so nti, ama watumi de me adi dwuma pii wɔ ne som mu, na manya nhyira pii nso. Ebi ne sɛ mede mfe 52 somee wɔ Afrika.

MIFII ENGLAND KƆƆ AFRIKA

Wɔwoo me afe 1935 wɔ Darlaston. Ɛyɛ beae bi a ɛwɔ England a nnwumakuw pii wɔ hɔ. Bere a midii bɛyɛ mfe nnan no, m’awofo fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Midii bɛyɛ mfe 14 rekɔ 15 no, mibegye dii paa sɛ nea masua afi Bible mu no yɛ nokware, enti mebɔɔ asu afe 1952. Saa bere no na madi mfe 16.

Saa bere no ara, mifii ase ne adwumakuw kɛse bi kɔyɛɛ adwuma. Ná wɔyɛ nneɛma bi te sɛ hamma, playa, sofi ne kar spɛɛ paas. Wofii ase tetee me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛba abɛyɛ adwumakuw no kyerɛwfo. Ná ɛyɛ adwuma a m’ani gye ho paa.

Bere bi ɔmansin sohwɛfo bi de too m’anim sɛ Asafo Nhoma Adesua a yɛyɛ no nnawɔtwe mfinimfini wɔ m’asafo mu wɔ Willenhall no, me na mɛhwɛ so. Ɔkaa saa no, na ɛsɛ sɛ misi gyinae titiriw bi, nanso na ayɛ me so dadwen. Saa bere no, na mekɔ adesua wɔ asafo mmienu mu. Ná meyɛ adwuma wɔ Bromsgrove. Sɛ mifi fie rekɔ hɔ a, na mitwa kilomita 32 anaa akwansin 20. Enti sɛ yesi nnawɔtwe no mu a, asafo a ɛbɛn m’adwumam hɔ no, ɛhɔ na na mekɔ adesua. Edu nnawɔtwe no awiei a, mekɔ m’awofo hɔ, enti ɛyɛ a mekɔ adesua wɔ Willenhall.

Ná mepɛ sɛ Yehowa ahyehyɛde no de me di dwuma, enti asɛm a ɔmansin sohwɛfo no de too m’anim no, migye toom. Ɛwom sɛ na ɛno bɛma magyae adwuma a ɛda me koma so no, nanso esiane sɛ memaa Yehowa kyerɛɛ me kwan saa bere no nti, manya hokwan pii de asom Yehowa ama m’ani agye, na minnuu me ho da.

Mewɔ Bromsgrove Asafo no mu no, mihyiaa onuawa hoɔfɛfo bi a ɔdɔ Yehowa a ne din de Anne. Yɛwaree afe 1957, na yenyaa hokwan bɛyɛɛ daa akwampaefo, akwampaefo titiriw, yɛyɛɛ ahwɛfo akwantufo adwuma no bi, na yɛkɔsomee wɔ Betel. Anne ma m’ani gye paa wɔ m’asetenam.

Afe 1966 no, yɛn ani gyei sɛ wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔɔ Gilead. Ná yɛka adesuakuw a ɛtɔ so 42 no ho. Yewiei no, wɔde yɛn kɔɔ Malawi a ɛwɔ Afrika. Wɔn a ɛwɔ hɔ yam ye, na wɔpɛ nnipa. Ná ɛyɛ yɛn sɛ yɛbɛtena hɔ akyɛ, nanso amma saa.

BERE A YƐSOMEE WƆ MALAWI A NA NNEƐMA NKƆ YIYE

Wei ne kar a na yɛde yɛ akwantu adwuma no wɔ Malawi

February 1, afe 1967 na yekoduu Malawi. Bosome a edi kan no, yɛde yɛn bere dodow no ara suaa ɛhɔ kasa no. Ɛno akyi no, yefii ɔmantam adwuma ase. Ná yɛde kar bi a ɛwɔ ahoɔden paa na na ɛyɛ adwuma no. Ná ebinom susuw sɛ ebetumi akɔ baabiara; asubɔnten koraa, na wosusuw sɛ ebetumi afa mu. Nanso na ɛnyɛ nokware. Nsu a emu nnɔ koraa na na etumi fa mu. Ɛtɔ mmere bi a, dɔtedan a wɔde sare akuru so mu na na yɛtena. Edu osutɔbere a, na wɔde tapolin sɛw nkuruso no ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenwini. Hwɛ sɛ woafi asɛmpatrɛw adwuma ase foforo koraa na woabɛtɔ biribi sei mu. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den de, nanso na yɛn ani gye adwuma no ho!

Yesii April mu no, mibehui sɛ ɔhaw bi rebobɔ ba. Metee sɛ Malawi mampanyin Dr. Hastings Banda reka wɔ radio so sɛ, Yehowa Adansefo ntua tow na wɔde wɔn ho fɔrefɔre amanyɔsɛm. Nanso nea na ɔreka no nyinaa nyɛ nokware. Asɛm no ankasa ne sɛ, na yennyina ɔfa biara akyi wɔ amanyɔsɛm mu. Afei nso, nea na ekum wɔn koraa ne kaad a wotɔ a ɛkyerɛ sɛ woka amanyɔkuw bi ho a na yɛasi yɛn bo sɛ yɛrentɔ bi no.

Eduu September no, yɛkenkanee wɔ atesɛm krataa mu sɛ ɔmampanyin no abɔ anuanom sobo sɛ baabiara a wobɛfa biara wɔrehaw adwene wɔ hɔ. Nhyiam bi a amanyɔfo yɛe ase no, ɔde too gua sɛ ɛrenkyɛ koraa, n’aban no bɛbara Yehowa Adansefo. Enti, October 20, 1967 no, wɔbaraa Yehowa Adansefo. Ɛno akyi pɛɛ no, polisifo ne imigrehyinfo bɛtoo Betel mu, na wɔpam asɛmpatrɛwfo nyinaa fii ɔman no mu.

Wei yɛ bere a wɔkyeree yɛne Jack ne Linda Johansson a wɔn nso yɛ asɛmpatrɛwfo na wɔpam yɛn fii Malawi afe 1967 no

Wɔde yɛn guu afiase nnansa, na ɛno akyi no, wɔde yɛn kɔɔ Mauritius. Saa bere no, na Mauritius hyɛ Britain ase. Nanso, na aban mpanyimfo no mpɛ asɛmpatrɛwfo wɔ ɔman no mu. Enti, asafo de yɛn kɔɔ Rhodesia (a seesei wɔfrɛ no Zimbabwe) no. Yekoduu hɔ no, yekohyiaa imigrehyinni bi a n’asɛm yɛ den; na ɔmpɛ sɛ yewura ɔman no mu. Ɔkaa sɛ: “Malawifo apam mo, Mauritiusfo nso annye mo. Seesei moaba ha, na ɛyɛ mo sɛ ɛha yɛ fo.” Ɛhɔ ara na Anne fii ase sui. Ná ayɛ sɛ obiara apo yɛn! Saa bere no, nea ɛbaa me tirim ara ne sɛ mɛsan akɔ England. Ewiee ase no, imigrehyinfo no maa yɛn kwan sɛ yɛnkɔda Betel saa anadwo no, nanso wɔkaa sɛ ade kye a yɛmmra wɔn adwumayɛbea ti mfa yɛn ho mmɛkyerɛ wɔn. Ná yɛabrɛ sɛɛ tam, nanso yegyaa biribiara maa Yehowa. Ade kyee awia mu hɔ no, biribi a yɛnhwɛ kwan sii. Wɔmaa yɛn kwan sɛ yɛntena Zimbabwe sɛ ahɔho. Sɛnea metee nka saa da no de, me werɛ remfi da. Mihui paa sɛ na Yehowa rekyerɛ yɛn kwan a yɛmfa so.

MINYAA DWUMADI FOFORO—METENAA ZIMBABWE SOM MALAWI

Me ne Anne wɔ Zimbabwe Betel, afe 1968

Mekɔɔ Zimbabwe Betel no, wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea. Ɔsom adwuma a na wɔyɛ wɔ Malawi ne Mozambique no, me na na mehwɛ so. Ná wɔretan anuanom a ɛwɔ Malawi no ani paa. Sɛ amansin so ahwɛfo a ɛwɔ Malawi de wɔn kyerɛwtohɔ ba a, na m’adwuma no bi ne sɛ mɛkyerɛ ase. Anadwo bi a na mereyɛ kyerɛwtohɔ bi ho adwuma no, aninyanne a na wɔde reyɛ anuanom no ma misui. a Nanso wɔn nokwaredi, wɔn gyidi, ne wɔn animia no kaa me koma paa.—2 Kor. 6:4, 5.

Anuanom a wɔkaa Malawi ne wɔn a aninyanne a ɛrekɔ so nti woguan kɔɔ Mozambique no, yɛyɛɛ nea yebetumi biara maa wɔn nsa kaa honhom fam aduan. Chichewa ne kasa a wɔka no paa wɔ Malawi. Ná onua bi wɔ Zimbabwe a ɔwɔ afuw kɛse bi, enti yɛmaa anuanom a wɔkyerɛ Chichewa kasa ase no tu kɔɔ hɔ. Oyii ne yam sii adan ne ɔfese maa wɔn, na adwuma a ɛho hia a ɛno ne asafo nhoma a wɔkyerɛ ase no, wɔkɔɔ so yɛe.

Afe biara na yɛyɛ ɔmantam nhyiam wɔ Chichewa kasa mu wɔ Zimbabwe. Edu so a, na yɛyɛ nhyehyɛe ma amansin so ahwɛfo a ɛwɔ Malawi no ba bi. Krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa wɔ ɔmantam nhyiam ase no, wɔba a na yɛma wɔn bi. Sɛ wɔsan kɔ Malawi a, na wɔbɔ mmɔden de emu nsɛm no kyerɛkyerɛ anuanom no. Afe bi a amansin so ahwɛfo no baa Zimbabwe no, yɛyɛɛ nhyehyɛe ma wɔkɔɔ Ahenni Som Sukuu. Wei hyɛɛ amansin so ahwɛfo a ɛwɔ akokoduru yi den.

Merema ɔkasa wɔ Chichewa kasa mu wɔ Chichewa ne Shona ɔmantam nhyiam ase wɔ Zimbabwe

February afe 1975 no, Adansefo a na Malawi aban no ateetee wɔn ama wɔatu kɔ Mozambique no, mekɔsraa wɔn. Ná anuanom yi mmaa Yehowa ahyehyɛde no nkɔ nnyaw wɔn. Akwankyerɛ a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ asafo biara nya mpanyimfo kuw no nso, na wɔde reyɛ adwuma. Asafo mu mpanyimfo a na wɔpaw wɔn nkyɛe no de nhyehyɛe pii guu akwan mu. Ná wɔma baguam kasa, wɔyɛ daa asɛm ne Ɔwɛn-Aban adesua, na na wɔyɛ nhyiam mpo. Baabi a na wɔte no, na wɔatoto nneɛma ama ɛhɔ ayɛ sɛ nhyiam ase. Ná wɔwɔ dwumadibea a ɛhwɛ ɛhɔ asiesie so, ne nea ɛhwɛ aduan ne bammɔ so. Ná Yehowa aboa anuanom anokwafo yi ama wɔayɛ nneɛma pii, enti me ara merefi hɔ no na manya nkuranhyɛ paa.

Ɛrekɔ afe 1980 no, Zambia Betel fii ase hwɛɛ ɔsom adwuma a na ɛrekɔ so wɔ Malawi no so. Nanso mamma me werɛ amfi nea na anuanom refa mu wɔ Malawi no, na na mebɔ mpae ma wɔn. Saa ara na anuanom bebree nso yɛe. Esiane sɛ na meka Zimbabwe Baa Boayikuw no ho nti, mpɛn pii no na minya hokwan ne asafo ti no ananmusifo ne anuanom mpanyimfo a wofi Malawi, South Africa, ne Zambia hyia. Bere biara a yebehyia no, na yebisa sɛ, “Dɛn bio na yebetumi ayɛ ama anuanom a ɛwɔ Malawi no?”

Bere bi akyi no, ɔtan no ano brɛɛ ase. Anuanom a na wɔaguan afi Malawi no fii ase bae nkakrankakra. Afei nso, anuanom a ɛkaa ɔman no mu no, nkakrankakra atirimɔdensɛm a na wɔde di wɔn no ano brɛɛ ase. Aman a na ɛbemmɛn Malawi no fii ase maa Yehowa Adansefo kwan sɛ wobetumi ayɛ wɔn som adwuma no. Afe 1991 no, Mozambique nso maa kwan sɛ Yehowa Adansefo betumi ayɛ wɔn som adwuma no. Nanso, na yɛrebisa sɛ, ‘Da bɛn koraa na Yehowa adansefo a ɛwɔ Malawi nso ho bɛtɔ wɔn?’

YƐSAN KƆƆ MALAWI

Eduu baabi no, sɛnea na amanyɔfo no reteetee Yehowa Adansefo wɔ Malawi no ano brɛɛ ase. Enti afe 1993 no, aban no maa Yehowa Adansefo kwan sɛ wobetumi asan ayɛ wɔn som adwuma no. Ɛno akyi bere tiaa bi a na me ne ɔsɛmpatrɛwni bi rebɔ nkɔmmɔ no, obisaa me sɛ, “Wobɛsan akɔ Malawi anaa?” Saa bere no, na madi mfe 59, enti miyii ano sɛ, “Daabi, manyin dodo!” Saa da no ara yɛn nsa kaa krataa fii Akwankyerɛ Kuw no hɔ sɛ yɛnsan nkɔ Malawi.

Ná yɛn ani gye adwuma a yɛyɛ wɔ Zimbabwe no ho paa, enti na ɛnyɛ mmerɛw mma yɛn sɛ yebefi hɔ. Esiane sɛ na yɛn ase atim wɔ hɔ nti, na yɛanya nnamfo pa bebree nso. Akwankyerɛ Kuw no anhyɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Malawi, mmom wogyaw maa yɛn sɛ yɛn ara yensi gyinae sɛ yɛbɛkɔ anaa yɛrenkɔ. Yɛpɛ a anka yebetumi akɔ so atena Zimbabwe. Nanso Abraham ne Sara ho asɛm besii me tirim. Ɛwom sɛ na wɔanyinyin de, nanso wogyaw asetena pa a na wɔwom no hɔ tiee Yehowa akwankyerɛ.—Gen. 12:1-5.

Yesii gyinae sɛ yebetie akwankyerɛ a efi Yehowa ahyehyɛde no hɔ no, enti February 1, 1995 no, yɛsan kɔɔ Malawi. Saa da no ne mfe 28 pɛpɛɛpɛ a yedii kan kɔɔ Malawi. Wɔtew Baa Boayikuw, na na me ne anuanom mmienu na ɛwom, na ankyɛ koraa na yɛtotoo nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa Adansefo dwumadi bɛsan akɔ so.

YEHOWA NA ƆMA ENYIN

Mehwɛ sɛnea Yehowa ama adwuma no anya nkɔanim ntɛmntɛm no a, mihu sɛ ɛyɛ nhyira kɛse! Afe 1993 no, na adawurubɔfo a ɛwɔ Malawi no dodow si 30,000, nanso eduu afe 1998 no, na ahuruw kɔ 42,000. b Esiane nkɔanim a na ɛreba ntɛmntɛm no nti, Akwankyerɛ Kuw no penee so sɛ wonsi Betel foforo a ebedi wɔn ahiade no ho dwuma. Yɛtɔɔ asaase a ne kɛse yɛ eka anaasɛ ahama 30 wɔ Lilongwe, na wɔde me kaa adansi boayikuw no ho.

Bere a yɛrehyira Betel foforo no so May 2001 no, Onua Guy Pierce a na ɔka Akwankyerɛ Kuw no ho no na ɔmaa ɔkasa no. Adansefo a ɛwɔ Malawi bɛboro mpem mmienu na ɛkɔɔ bi. Wɔn mu dodow no ara bɔɔ asu no, na adi boro mfe 40. Wɔbaraa yɛn adwuma no wɔ hɔ no, saa anuanom anokwafo yi de mfe pii gyinaa ateetee a ani yɛ nyan ano. Ná ahia wɔn, nanso na wɔyɛ adefo paa wɔ honhom fam. Afei Betel foforo a na wɔasi no, wɔde anigye baa hɔ nsrahwɛ. Baabiara a wɔkɔe biara no, na wɔreto Ahenni nnwom sɛnea anuanom a ɛwɔ Afrika to no no. Wei maa dwumadi no nyinaa yɛɛ anika paa. Ná minhuu biribi a ɛte saa da. Ná ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔde nokwaredi gyina sɔhwɛ mu no, Yehowa hyira wɔn sɛ.

Wosii Betel wiei no, m’ani gyei sɛ minyaa hokwan fii ase hyiraa Ahenni Asa ahorow so. Ahyehyɛde no yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔasisi Ahenni Asa ntɛmntɛm wɔ aman a wonni bi so, na nsafo a ɛwɔ Malawi nso nyaa saa nhyehyɛe no so mfaso. Kan no, na nsafo no bi hyiam wɔ apata a wɔde nnua abɔ ase. Ná wɔde demmire yɛ kɛtɛ de kuru so, na na wɔde dɔte yɛ bɛnkye tenatena so. Nanso seesei de, anuanom no de ahokeka to birikisi wɔ fononoo a wɔn ankasa asi mu, na wɔde sisi mmeae a ɛyɛ fɛ a wohyiam som. Nanso wɔn ani da so ara gye ho sɛ wɔbɛtena bɛnkye so, efisɛ wɔtaa ka sɛ, ‘Bɛnkye de, wubetumi apini ma obi atena so bi!’

Afei nso, m’ani agye sɛ mahu sɛnea Yehowa boa nkurɔfo ma wɔn ho kokwaw wɔ ne som mu. Anuanom mmerante a wɔwɔ Afrika no, sɛnea wofii wɔn pɛ mu tuu wɔn ho mae gyee nteetee fii Yehowa Ahyehyɛde no hɔ de yɛɛ adwuma no, ɛkaa me koma paa. Ɛno nti, wotumi de asɛde pii hyehyɛɛ wɔn nsa wɔ Betel ne nsafo no mu. Amansin so ahwɛfo a wɔpaw wɔn nkyɛe a na wɔn mu pii aware no nso hyɛɛ nsafo no den. Saa awarefo yi amammerɛ mu no, wɔhwɛ kwan sɛ obi ware a, ɔbɛwo. Nanso awarefo yi de abawo abɔ afɔre ɛmfa ho sɛ ebinom abusuafo de guan wɔn ho no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu.

MINNUU ME HO WƆ GYINAE A MISISII NO HO

Me ne Anne wɔ Britain Betel

Metenaa Afrika mfe 52 akyi no, yare fii ase teetee me. Baa Boayikuw no de too Akwankyerɛ Kuw no anim sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔmma menkɔtoa adwuma no so wɔ Britain. Akwankyerɛ Kuw no nso penee so. Yɛrefi Malawi no, na ɛyɛ yɛn yaw paa efisɛ na yɛn ani gye adwuma a na yɛreyɛ no ho. Ɛwom sɛ yɛn ani afi de, nanso Betel abusua a ɛwɔ Britain no rehwɛ yɛn kamakama.

Migye di paa sɛ m’asetena nyinaa mu no, ma a memaa Yehowa kyerɛɛ me kwan a memfa so no, ɛno ne gyinae papa paa a masi. Sɛ mamma Yehowa ankyerɛ me kwan, ɛnna me ara meyɛɛ nea mepɛ a, anka minnim baabi a m’adwuma no de me bɛkɔ akopue. Yehowa de, na onim nea mihia a ‘ɛbɛma m’akwan ateɛ.’ (Mmeb. 3:5, 6) Meyɛ aberantewa no, na m’ani gye ho paa sɛ mehu sɛnea adwumakuw kɛse bi yɛ n’adwuma mu yiye. Nanso Yehowa ahyehyɛde no maa me adwuma foforo bi a ama manya akomatɔyam paa. Me de, ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa Yehowa som na ɛma m’ani gye paa!

a Yehowa Adansefo a ɛwɔ Malawi ho abakɔsɛm no wɔ 1999 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu, kr. 148-223.

b Seesei adawurubɔfo bɛboro 100,000 na ɛwɔ Malawi.