Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Yi Mu Saa?

Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Yi Mu Saa?

Adɛn nti na ɔtan abu so wɔ wiase yi mu saa? Sɛ yebetumi anya saa asɛmmisa yi ho mmuae a, nea edi kan, ɛsɛ sɛ yehu nea ɔtan kyerɛ. Afei ɛsɛ sɛ yehu nea ɛma obi tan afoforo, ne nea ɛma ɛtrɛw.

Dɛn Ne Ɔtan?

Sɛ yɛka sɛ obi tan obi anaa nnipakuw bi a, ɛkyerɛ sɛ ɔmpɛ wɔn asɛm koraa anaa okyi wɔn. Saa atenka no nyɛ sɛ obi ayɛ wo biribi na wo bo afuw no bere tiaa bi. Mmom ɛyɛ abufuw a ɛto ntwa.

DƐN NA ƐMA OBI TAN OBI?

Nneɛma pii na ɛma obi tan afoforo. Mpɛn pii no, wobɛhwɛ no, na ɛnyɛ bɔne bi na wɔayɛ, mmom ebia baabi a wofi anaa sɛnea wɔte nti na ɔtan wɔn. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea ɛma ebinom tan nnipakuw bi ne sɛ, ebia na wɔte nka sɛ wɔn suban nnye, wɔn ho yɛ hu, na wɔrentumi nyɛ adepa da. Ebi mpo a na nkurɔfo hu wɔn sɛ wɔnsɛ hwee anaa wɔn so nni mfaso, anaa ɔhaw a ɛrekɔ ba nyinaa fi wɔn. Ɛno da nkyɛn a, wɔn a wɔtan afoforo no, ɛtɔ da a ebia na obi adi wɔn bɔne, ɔne wɔn anni no yiye, anaa biribi foforo na ama ɔtan agye ntini wɔ wɔn koma mu.

DƐN NA ƐMA ƆTAN TRƐW?

Obi wɔ hɔ a, ɔtan nnipakuw bi, nso na onhyiaa wɔn mu bi mpo da. Dɛn na etumi ma ɛba saa? Ebia na wɔn a wɔatwa ne ho ahyia no wɔ saa nkurɔfo no ho adwene a ɛmfata. Enti n’ani bɛba ne ho so no, na wɔde asan no, anaa wanya saa adwene no bi. Ɛba saa a, na ɔno nso de wɔn ato tankuruwa mu. Afei na ɔtan no trɛw ara na ɛretrɛw.

Ɔtan te sɛ nsanyare, ɛno nti na nnipa pii anya saa suban no bi no. Ɔtan a abu so wɔ wiase yi, sɛ yebetumi adi so nkonim a, gye sɛ yehu nea ɛyɛe a ɔtan bae.

BIBLE NO MA YEHU ƆTAN FAREBAE

ƐNYƐ NNIPA NA ƐDE ƆTAN BAA WIASE. Bere bi, ɔbɔfo bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Saa anammɔn a otui no na ɛmaa ɔtan fii ase. Mfiase no, na Ɔbonsam yɛ “owudifo.” Afei nso esiane sɛ “ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya” nti, ɔkeka nkurɔfo ti bom ma wɔtan wɔn ho, na ɔma nkurɔfo di akakabensɛm. (Yohane 8:44; 1 Yohane 3:11, 12) Bible ma yehu sɛ ne tirim yɛ den, abufuw ahyɛ no ma, na ɔyɛ owudifo.—Hiob 2:7; Adiyisɛm 12:9, 12, 17.

BƆNE A ƐWƆ YƐN HO NTI, ƐNYƐ DEN SƐ YƐBƐTAN AFOFORO. Onipa a odi kan a wɔfrɛ no Adam no dii Satan anammɔn akyi yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Ɔde bɔne woo nnipa nyinaa. Ɛno nti nnipa nyinaa tɔ sin. (Romafo 5:12) Adam ba a odi kan a wɔfrɛ no Kain sei, ɔtan nti okum ɔno ara ne nua Habel. (1 Yohane 3:12) Ɛwom sɛ nnipa pii wɔ ɔdɔ ne ayamhyehye de, nanso esiane bɔne a yenya fii Adam hɔ nti, nnipa dodow no ara yɛ pɛsɛmenkominya, wɔn ani bere ade, na wɔyɛ ahantan. Saa suban yi nyinaa frɛfrɛ ɔtan.—2 Timoteo 3:1-5.

SƐ OBI NNI AFOFORO HO ADWEMPA A, ETUMI DE ƆTAN BA. Wiase a yɛte mu yi, nneɛma a ɛma obi nya afoforo ho tan nko ara na ahyɛ mu ma. Suban a nkurɔfo da no adi no ma yehu sɛ wonni ayamhyehye, na nneɛma a ebetumi apira wɔn yɔnko nko ara na wɔyɛ. Ɛnnɛ baabi a wobɛfa biara atɛnnidi, awurukasɛm, awudisɛm, basabasayɛ, ne nea ɛkeka ho. Nea enti a aba saa ne sɛ, ‘wiase nyinaa da ɔbɔnefo no anaa Satan Ɔbonsam tumi mu.’—1 Yohane 5:19.

Ɛnyɛ nea ɛyɛe a ɔtan bae nko ara na Bible ma yehu. Ɛsan ma yehu ano aduru.