Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

2 | Sɛ Obi Ne Wo Anni No Yiye a, Nyɛ Bi Ntua Ka

2 | Sɛ Obi Ne Wo Anni No Yiye a, Nyɛ Bi Ntua Ka

Bible Afotusɛm:

“Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. . . . Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, monyɛ nea mubetumi biara ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. . . . Munntua bɔne so ka, . . . efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘“Me na mitua bɔne so ka; me ara metua ka,” Yehowa na waka.’”ROMAFO 12:17-19.

Nea Ɛkyerɛ:

Sɛ obi yɛ yɛn bɔne na sɛ yɛn bo fuw a, ntease wom, nanso Onyankopɔn nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ no bi atua ka. Mmom no, ɔpɛ sɛ yɛto yɛn bo ase, na yegyaw biribiara ma no. Bere pa mu no, ɔde yiye bɛto yiye.—Dwom 37:7, 10.

Nea Wubetumi Ayɛ:

Sɛ obi yɛ yɛn biribi na yɛyɛ no bi tua ka a, na yɛresosɔ gya gu mu. Ɛba saa a, na ɔtan no yɛ ara na ɛreyɛ kɛse. Wei nti, sɛ obi fom wo anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ wo yaw a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho so, na hwehwɛ asomdwoe. Mpɛn pii no, sɛ wugyaa nsɛm mu, na woma asɛm de n’asɛm kɔ a, ɛyɛ a ɛyaw no ntaa nyɛ kɛse. (Mmebusɛm 19:11) Nanso yɛmfa no sɛ obi adi wo bɔne, ebia wabɔ wo korɔno anaa biribi saa. Ɛba saa a, wubetumi aka ho asɛm akyerɛ apolisifo anaa wɔn a ɛsɛ sɛ wɔte.

Sɛ obi yɛ yɛn biribi na yɛyɛ no bi tua ka a, ɛremfa mfaso biara mmrɛ yɛn

Yɛmfa no sɛ asɛm a aba no, asɛ wunhu kwan a wobɛfa so asiesie. Anaa woayɛ nea wubetumi biara sɛ wubesiesie ama asomdwoe aba, nanso anyɛ yiye. Ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛnea ɛte biara, nyɛ bi ntua ka. Anyɛ saa a, ebetumi ama nneɛma agye nsam. Sɛ yɛanyɛ bi antua ka a, ɔtan a asɔ sɛ gya no, yebedum no, na ɛrentrɛw. Nya awerɛhyem sɛ bere a ɛsɛ mu no, Onyankopɔn bedi w’asɛm ama wo, na obesiesie ntɛnkyea biara. Bible ka sɛ, “Fa wo ho to no so, na obeso wo mu.”—Dwom 37:3-5.