Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Mfomso Ho Adwempa

Nya Mfomso Ho Adwempa

Don ne Margaret  * wɔ ɔbabea. Wɔn ba no ne n’abusua kɔsraa wɔn ma Don ne Margaret ani gyee paa. Ná adwuma a Margaret yɛ ne sɛ ɔnoa aduan, na na onim aduan yɛ paa, nanso seesei de ɔkɔ pɛnhyen. Bere a abusua no rebɛkɔ no, ɔyɛɛ sɛ ɔbɛyɛ aduan a ne nananom no pɛ paa de agyaw wɔn kwan. Ɔyɛɛ macaroni ne cheese.

Bere a wɔn nyinaa tenaa ase no, Margaret kɔfaa aduan no besii pon no mfinimfini. Onkobue aduan no so a, cheese a yɛanoa nko ara na ɛwɔ kyɛnsee no mu. Ne ho dwiriw no. Sɛɛ na Margaret werɛ afi sɛ ɔde macaroni no begu aduan no mu! *

Ɛmfa ho mfe a yɛadi anaa osuahu a yɛwɔ no, yɛn nyinaa di mfomso. Ebetumi ayɛ asɛm bi a obi annwen ho ansa na ɔreka, biribi a obi anyɛ no bere pa mu, anaa ebia yebuu yɛn ani guu biribi so. Ɛdɛn na ɛma yedi mfomso? Sɛ ɛba a, dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho? Yebetumi akwati anaa? Sɛ yenya mfomso ho adwempa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛabua nsɛmmisa yi.

MFOMSO​—SƐNEA YEHU NO NE SƐNEA ONYANKOPƆN HU NO

Sɛ yɛyɛ ade pa a, yɛde anigye gye ho anuonyam ne nkamfo a yɛte nka sɛ ɛfata yɛn no. Sɛ yedi mfomso na sɛ yɛanhyɛ da anaa obiara anhu mpo a, ɛno nso ɛnsɛ sɛ yegye tom anaa? Sɛ yebetumi ayɛ saa a, egye ahobrɛase.

Sɛ yebu yɛn ho dodo a, bere a yɛadi mfomso mpo no yebetumi ate nka sɛ ɛnyɛ hwee, yɛde bɛhyɛ obi, anaa yɛbɛka sɛ ɛnyɛ yɛn na yɛyɛe. Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi akɔfa ɔhaw aba. Ɛremma yensiesie asɛm no, afei nso yebetumi de asɛm ahyɛ afoforo. Sɛ yɛannye yɛn mfomso antom na sɛ yɛfa yɛn ho di seesei mpo a, yɛnkae sɛ daakye “yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.”​—Romafo 14:12.

Onyankopɔn de, ɛsono sɛnea ohu mfomso. Sɛ yɛhwɛ Nnwom nhoma no mu a, ɛma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ ‘mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, ɔrenhwehwɛ yɛn mfomso bere nyinaa, na ɔrennya yɛn ho menasepɔw daa.’ Onim sɛ nnipa tɔ sin na ɔte ase sɛ wɔde mmerɛwyɛ woo yɛn. Afei “ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”​—Dwom 103:8, 9, 14.

Bio nso, Onyankopɔn te sɛ agya a ɔwɔ mmɔborɔhunu, na ɔpɛ sɛ yɛn a yɛyɛ ne mma no hu mfomso sɛnea ohu no no. (Dwom 130:3) Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ama yɛn afotu ne akwankyerɛ pii wɔ n’Asɛm mu, na ɛboa yɛn ma yehu sɛnea yebedi yɛne afoforo mfomso ho dwuma.

MFOMSO BA A NEA YEBETUMI AYƐ WƆ HO

Mpɛn pii no, sɛ obi di mfomso a, ɔsɛe bere ne ahoɔden pii de asɛm no hyɛ afoforo anaa oyiyi ne ho ano. Sɛ woka asɛm ma ɛhaw obi a, adɛn nti na wompa kyɛw kɛkɛ, wunsiesie asɛm no, na womma mo adamfofa no ntena hɔ mmom? Woadi mfomso ama akɔfa ɔhaw bi aba, anaa mpo ɛde ɔhaw abrɛ w’ankasa anaa obi foforo? Sɛ́ anka wobɛma wo bo afuw wo ho anaasɛ wobɛbɔ afoforo sobo no, adɛn nti na wommɔ mmɔden nsiesie asɛm no kɛkɛ? Sɛ yegye gyinam sɛ mfomso no fi onipa foforo na ɛnyɛ yɛn a, ebetumi ama ɔhaw no atena hɔ akyɛ na ɛbɛyɛ kɛse. Mmom sua biribi fi mu, siesie asɛm no, na toa w’abrabɔ so.

Sɛ obi foforo di mfomso de a, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ yɛn ani annye ho. Nanso hwɛ sɛnea eye sɛ yɛde Yesu Kristo afotu yi bɛyɛ adwuma: “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Sɛ wudi mfomso na sɛ esua mpo a, ɛnyɛ dɛn ara a wobɛpɛ sɛ afoforo hu wo mmɔbɔ anaa mpo wobu wɔn ani gu so koraa. Enti adɛn na wommɔ mmɔden nna saa ayamye no bi adi nkyerɛ afoforo?​—Efesofo 4:32.

NEA EBETUMI ABOA YƐN AMA YƐATEW MFOMSO SO

Nhoma bi kaa sɛ, mfomso ba bere a obi “ansusuw nneɛma ho yiye, onnim asɛm bi mu yiye, anaa obu n’ani gu nneɛma so.” Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ, ɛnyɛ dɛn ara a saa su yi de, onipa biara da emu baako anaa nea ɛboro saa adi. Nanso, sɛ yesusuw Bible mu afotusɛm ahorow bi ho a, ɛbɛboa ama yɛatew mfomso so.

Saa afotu no baako wɔ Mmebusɛm 18:13. Ɛhɔ ka sɛ: “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.” Enti sɛ wotɔ wo bo ase tie asɛm bi mu yiye, na wudwinnwen nea wobɛka no ho a, ɛbɛboa ma worempere wo ho nka biribi anaa nyɛ ade. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase na yehu asɛm bi mu yiye a, ɛboa paa ma yesusuw nneɛma ho yiye, na yɛrenni mfomso.

Bible afotusɛm foforo nso ka sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.” (Romafo 12:18) Yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛma asomdwoe ne baakoyɛ atena wo ne afoforo ntam. Sɛ wo ne nkurɔfo reyɛ adwuma a, susuw wɔn ho na da obu adi kyerɛ wɔn. Afei bɔ mmɔden kamfo wɔn na hyɛ wɔn nkuran. Woyɛ saa a, sɛ obi annwen ho na ɔka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi a, ɛrenyɛ den sɛ wode bɛkyɛ no anaa wubebu w’ani agu so. Afei sɛ asɛnkɛse bi mpo si a, mubetumi asiesie no bɔkɔɔ.

Hwɛ sɛ wubesua biribi afi mfomso no mu. Sɛ woka asɛm bi anaa woyɛ biribi a, sɛ́ anka wobɛpɛ nsɛm bi de ayiyi wo ho ano no, fa no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛbɛma woanya su pa. Wohwɛ a ebehia sɛ wunya abotare, woda ayamye anaa ahosodi adi? Odwo, asomdwoe, ne ɔdɔ nso ɛ? (Galatifo 5:22, 23) Anyɛ yiye koraa no, wubehu nea bere foforo ɛnsɛ sɛ woyɛ. Mma nsɛm nhaw wo pii saa, nanso ɛnkyerɛ sɛ biribiara a na woabu w’ani agu so. Sɛ wode agorɔ kakra fa mu a, ebetumi aboa paa ama w’asɛm renyɛ kyenkyenee.

SƐ YENYA MFOMSO HO ADWEMPA A YEBETUMI ANYA SO MFASO

Sɛ yenya mfomso ho adwempa a, esi a yebehu kwampa a yɛbɛfa so adi ho dwuma a ɛnhaw yɛn. Yɛn koma bɛtɔ yɛn yam, na yɛne nkurɔfo bɛtena asomdwoe mu. Sɛ yɛyere yɛn ho sua biribi fi yɛn mfomso mu a, ɛbɛma yɛahu nyansa, na nkurɔfo bɛpɛ yɛn asɛm. Ɛremma awerɛhow nhyɛ yɛn so na saa ara nso na yɛremmu yɛn ho fɔ. Sɛ yɛte ase sɛ afoforo nso rebɔ mmɔden adi wɔn mfomso ho dwuma a, ɛbɛma yɛapɛ wɔn asɛm. Nea ɛsen saa koraa no, sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Onyankopɔn dɔ ne sɛnea oyi ne yam de bɔne kyɛ no a, ɛbɛboa yɛn paa.​—Kolosefo 3:13.

Yɛaka Margaret ho asɛm dedaw. Bere a odii mfomso no, ɛsɛee abusua no anigye anaa? Ɛnte saa koraa. Abusua no nyinaa de yɛɛ aseresɛm, titiriw Margaret. Wodii aduan no saa ara a macaroni biara nka ho! Margaret mmanana mmienu no werɛ amfi saa aduan no da. Mfe bi akyi no, wɔn nso kaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn mma, na ɛma wɔde anigye kaee wɔn nana Margaret ne ne kunu Don paa. Ade yi na ɛyɛ mfomso kɛkɛ!

^ nky. 2 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 3 Sɛ yɛka macaroni ne cheese a, ɛyɛ aduan a wɔde macaroni ne cheese no afra ayɛ.