Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Abɔde Mu?

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Abɔde Mu?

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Abɔde Mu?

“Mepa wo kyɛw, bisa mmoa, na wɔbɛkyerɛ wo; bisa wim nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo. Anaasɛ dan w’ani hwɛ asaase, na ɛbɛkyerɛ wo; na ɛpo mu mpataa bɛka akyerɛ wo.”​—HIOB 12:7, 8.

NNANSA yi, nyansahufo ne wɔn a wɔyɛ mfiridwuma ama afifide ne mmoa rekyerɛkyerɛ wɔn paa. Wɔde wɔn ani to fam hwɛ sɛnea afifide ne mmoa ahorow te, na wɔahwɛ so ayɛ mfiri ahorow. Afei nso mfiri a ɛwɔ hɔ dedaw no, sɛ wɔhwɛ sɛnea abɔde te a, ɛboa wɔn ma wohu nea wobetumi asesa wɔ afiri no ho ma abɔ adwuma yiye. Yɛrebesusuw abɔde ahorow bi ho na yɛahwɛ sɛnea ɛte. Emu biara, ɛyɛ a bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mehwɛ sɛnea wosi yɛɛ saa abɔde yi yiye ma ɛyɛɛ kama no a, hena paa na ɛsɛ sɛ mede ɛho anuonyamhyɛ ma no?’

Bonsu Nsa—Nea Yebetumi Ahwɛ So Ayɛ

Dɛn paa na wɔn a wɔyɛ wimhyɛn betumi asua afi bonsu bi a yɛfrɛ no humpback whale hɔ? Nneɛma pii. Bonsu a yɛreka ne ho asɛm yi, sɛ onyin a, ne mu duru sen sukuu bɔs akɛse mmienu. Ne tenten yɛ anammɔn 40 (anaa mita 12), na ɔwɔ nsa akɛse mmienu a ayɛ sɛ ntaban. Ɛwom sɛ ontumi nkoakoa ne mu te sɛ mmoa afoforo de, nanso otumi dannan ne ho wɔ nsu mu ma ɛyɛ nwonwa. Sɛ nhwɛso no, sɛ bonsu yi repɛ nam awe a, otumi fi nsu ase tɔnn di nam no akyi nkakrankakra ba soro. Ɔreba soro nyinaa na ɔreguare twa kanko; bere koro no ara na ɔrehuw mframa wɔ nsu no mu. Sɛ ohuw mframa ma ɛne nsu no di afra a, ɛyɛ te sɛ asau a ɛboa nam no ano wɔ faako. Afei bonsu no bue n’anom mene wɔn.

Nea ɛyɛ nhwehwɛmufo nwonwa koraa ne sɛ, saa aboa yi ntumi nkoa ne mu pii de, nanso otumi dannan ne ho twa kanko wɔ nsu no mu. Wobehui sɛ, sɛnea bonsu yi nsa te na ɛboa no ma otumi yɛ saa. Wohwɛ ne nsa no a, ɛrekɔ ano no, ɛnyɛ tromtrom te sɛ wimhyɛn ntaban, mmom no ɛyɛ apɔwapɔw. Wɔfrɛ apɔwapɔw no tubercles.

Sɛ bonsu no nam nsu mu a, saa apɔwapɔw yi boa ma otumi ba soro, na ɛsan boa ma nsu no ntwe no nsan. Dwuma bɛn na apɔwapɔw no di? Nhoma bi a wɔato din Natural History kyerɛkyerɛ mu sɛ, apɔwapɔw a ɛwɔ saa bonsu yi nsa ho nti, sɛ ne nsa no nam nsu mu a, ɛkɔ waa. Enti sɛ ɔpɛ sɛ ɔdannan ne ho twa kanko anaa ɔba soro a, ɔmmrɛ koraa. Sɛ ne nsa no ano kɔyɛɛ tromtrom a, anka ɔde refa nsu mu a ɔbɛbrɛ; anka nsu no bɛtwe no asan.

Saa nimdeɛ ne ntease a nyansahufo anya yi, dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi ayɛ? Wobetumi ahwɛ bonsu nsa no so ayɛ wimhyɛn ntaban. Wimhyɛn pii wɔ hɔ a, wɔde nnade bi ahyehyɛ ne ntaban ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrekɔ a mframa rentwe no nsan. Nanso sɛ wɔyɛ ntaban no ano apɔwapɔw te sɛ bonsu no nsa a, ɛho renhia sɛ wɔde saa nnade no pii hyehyɛ ho. Wɔyɛ wimhyɛn no ntaban saa a, ɛbɛyɛ adwuma yiye, na ɛsɛe nso a, ɛrenyɛ den sɛ wobesiesie. Ɔbenfo John Long gye di sɛ, daakye a enni akyiri, “yɛbɛhwɛ no, na wimhyɛn biara ntaban wɔ apɔwapɔw te sɛ bonsu nsa.”

Anomaa Bi a Yɛfrɛ No Seagull Ntaban—Nea Yebetumi Ahwɛ So Ayɛ

Sɛnea yenim no, nnomaa ntaban na wɔhwɛɛ so yɛɛ wimhyɛn ntaban. Nanso nnansa yi, abenfo ahwɛ anomaa bi ntaban so ayɛ wimhyɛn ketewa bi a ɛno de, adutwam. Nhoma bi a wɔfrɛ no New Scientist kaa sɛ, “Nhwehwɛmufo bi a wɔwɔ Florida Sukuupɔn mu ahu sɛ, anomaa a yɛfrɛ no seagull no, sɛnea ne ntaban no te nti, sɛ ɔnam wim a, otumi gyina faako a ɔnkɔ n’anim anaa n’akyi, otumi tew ba fam prɛko pɛ, na otumi nso ma ne mu so prɛko pɛ tu kɔ soro. Wɔahwɛ saa anomaa yi ntaban so ayɛ afiri ketewa bi a ɛte sɛ wimhyɛn a yɛfrɛ no drone, na sɛ ɛnam wim a, etumi dannan ne ho te sɛ saa anomaa yi.”

Nea ɛboa saa anomaa yi ma otumi yɛ saa ne sɛ, ɔnam wim a, otumi koa ne ntaban mu wɔ n’abatwɛ ne ne mmati. Nhoma no kyerɛ a, nyansahufo ahwɛ anomaa yi ntaban so ‘ayɛ drone bi a ne kɛse nyinaa bɛyɛ sɛntimita 61. Saa afiri yi, wɔde nnade nketenkete bi ahyehyɛ ne ntaban no mu, na wɔde moto ketewa bi nso ahyɛ mu a ɛne nnade no yɛ adwuma bom ma ntaban no mu tumi koakoa te sɛ seagull no ntaban.’ Wei nti, etumi fa adan atenten ntam dannan ne ho sɛnea ɛpɛ biara. U.S. asraafo a wɔde wimhyɛn di ako rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ afiri bi a ɛte saa. Dwuma a wɔde saa afiri no bedi ne sɛ, sɛ obi de awuduru anaa yare mmoawa bi a etumi trɛw kunkum nkurɔfo kosie baabi wɔ kurow kɛse bi mu a, wobetumi de afiri no ahwehwɛ.

Ɔdannena Nan—Nea Yebetumi Ahwɛ So Ayɛ

Mmoa a wɔwea asaase so nso, abenfo betumi ahwɛ wɔn so ayɛ nneɛma pii. Sɛ nhwɛso no, ɔketew ketewa bi a wɔfrɛ no ɔdannena tumi foro ɔfasu, na otumi fam ɔdan nsɛmso ho a n’akyi kyerɛ fam. Nea saa aboa yi tumi yɛ yi, Bible mpo ka ho asɛm. (Mmebusɛm 30:28) Ɛyɛ dɛn na ɔdannena tumi fam ade ho a ɔntew mmɛhwe fam?

Ɛnyɛ gluu bi a ɛwɔ aboa yi nan ase na ɛboa no ma otumi fam nneɛma ho saa. Mmom nneɛma nketenkete bi a ɛte sɛ nhwi wɔ ne nan ase. Ɛno nti sɛ ɔnam ahwehwɛ anim mpo a, saa nneɛma no twe no fam ho, enti ɛmma ɔntew mmɛhwe fam.

Dɛn na nyansahufo betumi ahwɛ so ayɛ? Wobetumi ahwɛ so ayɛ nneɛma ahorow bi a sɛ wode fam biribi a, ɛrenwae. Saa nneɛma no, ɛbɛyɛ adwuma te sɛ ade bi a yɛfrɛ no Velcro. * Velcro a yɛreka ho asɛm yi koraa, nyansahufo hwɛɛ abɔde so na ɛyɛe. Nhoma a wɔato din The Economist kyerɛ sɛ, nhwehwɛmufo bi ka sɛ, sɛ obi nipadua fã bi twa na adɔkotafo pɛ sɛ wɔka si ani a, “ɛnyɛ bere nyinaa na wotumi de aduru bi a ɛte sɛ gluu yɛ. Nanso sɛ wɔwɔ plasta bi a ɛyɛ adwuma te sɛ ɔdannena nan a, anka wobetumi de afam so ama kuru no awu.”

Ɛyɛ Hena Nsa Ano Adwuma?

Ɔman Wimhyɛn ne Ahunmu Asoɛe (National Aeronautics and Space Administration) reyɛ robɔt bi a ne nan bebree na ɔnantew te sɛ akekantwɛre. Nyansahufo a wɔyɛ mfiridwuma wɔ Finland nso ayɛ trata bi a ɛwɔ nan nsia. Saa trata yi, sɛ ɛreba na biribi da kwan no mu a, etumi foro fa so sɛnea nkoekoemmoa tumi yɛ no. Nhwehwɛmufo binom nso atumi ayɛ ntama bi a ntokuru deda mu a ɛno ara tumi bue na ɛka tom te sɛ pine dua no aba. Adwumakuw bi a wɔyɛ kar ahwɛ ahu sɛ, sɛ apataa bi a wɔfrɛ no boxfish nam nsu mu a, ɛyɛ a nsu no nhyɛ da ntwe no nsan, enti wɔrehwɛ so ayɛ kar bi a sɛ ɛnam a, mframa rentwe no nsan pii. Nhwehwɛmufo afoforo nso reyɛ apataa bi a yɛfrɛ no abalone ho nhwehwɛmu. Saa apataa no, sɛ biribi bɔ n’abena no so a, emmu ntɛm. Adwene no ne sɛ, ɛbɛboa wɔn ama wɔayɛ asogyafo ntaade a emu yɛ hare a sɛ obi tow tuo anaa biribi saa a, ɛrenka onipa no.

Nhwehwɛmufo ahwɛ abɔde mpempem pii ahu nea wobetumi ahwɛ emu biara so ayɛ, na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ agu hɔ. Nhoma bi a yɛfrɛ no The Economist kyerɛ sɛ, ɛba sɛ nyansahufo reyɛ afiri bi na wonhu sɛnea wɔbɛyɛ no a, wotumi kɔhwɛ saa kyerɛwtohɔ no mu hwɛ sɛ, “wobenya abɔde bi a wobetumi ahwɛ so ayɛ saa afiri no anaa.” Wɔ mfiridwuma mu no, sɛ obi de adwene bi ba ma ɛboa nyansahufo ma wohu ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ afiri bi a, mpɛn pii no, sɛ wɔyɛ saa afiri no wie a, wɔde ɛho anuonyamhyɛ ma saa onii no. Wei nti, nhoma a wɔato din The Economist no ka sɛ, “esiane sɛ, sɛ nyansahufo repɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ afiri bi a wɔhwɛ abɔde so nti, sɛ wotumi yɛ saa afiri no a, ɛfata sɛ ɛho anuonyamhyɛ no kɔ ma abɔde kõ a wɔhwɛɛ so no.”

Ɛnde abɔde a nyansahufo hwɛ so yɛ wɔn mfiri no, hena na ɔtɔɔ ne bo ase yɛɛ no kama saa? Wubisa nhwehwɛmufo pii a, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, abɔde ahorow a ɛyɛ nwonwa yi de mfe ɔpepem pii na ɛdannan nkakrankakra ma ɛbɛyɛɛ sɛnea ɛte ɛnnɛ yi. Nanso wubisa nhwehwɛmufo afoforo a, wubehu sɛ wɔn nso kura adwene foforo koraa. Afe 2005 mu no, Ɔbenfo Michael Behe kyerɛw asɛm bi wɔ The New York Times no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wohwɛ abɔde a, wuhu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ obi na ɔhyɛɛ da yɛɛ nneɛma a yehu no saa.” Owiee n’asɛm no sɛn? Ɔkaa sɛ, “Biribiara da no adi sɛ, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no amma kwa.”

Sɛ obi a ɔyɛ mfiridwuma tumi yɛ wimhyɛn ntaban foforo bi a ɛbɔ adwuma yiye a, ɔfata nkamfo. Saa ara nso na sɛ ɔbenfo bi tumi yɛ bandage soronko bi a wɔde kyekyere kuru, anaa ataade soronko bi a obi hyɛ a ɛma ne ho bae no, anaa kar soronko bi a ɛnnom pɛtro pii a, ɔno nso fata nkamfo. Nokwasɛm mpo ne sɛ, nnɛ wiase mu no, ade a obi adi kan ayɛ no, sɛ obi foforo hwɛ so yɛ bi, na sɛ wamfa nkamfo amma nea odii kan yɛe no a, wobu no sɛ wato mmara.

Enti wo de susuw asɛm yi ho hwɛ: Sɛ abenfo hwɛ abɔde bi so yɛ afiri bi a, wontumi mpo nyɛ afiri no mma ɛnyɛ adwuma te sɛ abɔde no ankasa. Enti wohwɛ a, ntease wom sɛ abenfo yi bɛka sɛ, abɔde a wɔhwɛɛ so yɛɛ afiri no bae ara kwa? Sɛ egye obi a ɔwɔ nimdeɛ ne nyansa na watumi ahwɛ abɔde bi so ayɛ afiri bi a, ɛnde abɔde no ankasa nso ɛ? Wohwɛ a ɛnyɛ obi a ne nimdeɛ ne ne nyansa boro so na ɔyɛɛ abɔde no? Enti wohwɛ mu a, hena paa na ɔfata nkamfo kɛse, nea ɔyɛɛ abɔde no, anaa nea ɔhwɛɛ abɔde no so yɛɛ afiri no?

Nea Yɛreka Akosi

Nnipa pii de wɔn ani to fam hwɛ abɔde a, ɛma wɔne odwontofo no yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae yi ho. Ɛne sɛ: “O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa na wode ayɛ ne nyinaa. Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma.” (Dwom 104:24) Paul a ɔkyerɛw Bible no bi nso kaa biribi a ɛte saa. Ɔkaa sɛ: “Efisɛ [Onyankopɔn] suban ahorow a nnipa ntumi nhu, a ɛno ne ne tumi a ɛwɔ hɔ daa ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ no, ada adi pefee fi bere a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.”—Romafo 1:19, 20.

Nanso, nnipa komapafo pii a wɔwɔ obu ma Bible no na wogye Onyankopɔn di ka sɛ, ebetumi aba sɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a atwa yɛn ho ahyia no, Onyankopɔn nam adannandi so na ɛbɔe. Nanso, dɛn na Bible no ka?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 15 Velcro yɛ ade bi a ɛtaa wɔ nneɛma bi te sɛ mpaboa ne bag ho a sɛ wode tare nea ɛfam ho no so a, na akyere. Saa ade no, wɔhwɛɛ afifide bi a yɛfrɛ no mpupuaa aba so na ɛyɛe.

[Asɛm a wɔafa aka]

Abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa a nyansahufo hwɛ so yɛ wɔn mfiri no, efii he na ɛbae?

[Asɛm a wɔafa aka]

Abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa no, hena na ne din da so?

[Adaka/Mfoni]

Sɛ egye obi a ɔwɔ nimdeɛ ne nyansa na watumi ahwɛ abɔde bi so ayɛ afiri bi a, ɛnde abɔde no ankasa nso ɛ? Wohwɛ a ɛnyɛ obi a ne nimdeɛ ne ne nyansa boro so na ɔyɛɛ abɔde no?

Saa wimhyɛn yi tumi dannan ne ho paa; wɔhwɛɛ seagull ntaban so na ɛyɛe

Ɔdannena nan ase nyɛ fĩ, ɔnam biribi so a ɔnyɛ so fĩ, na otumi fam biribiara ho gye sɛ ade bi a wɔfrɛ no Teflon nko ara. Afei nso, sɛ ɔde ne nan fam biribi ho na ɔreyi a, ɔmmrɛ koraa. Nhwehwɛmufo rebɔ mmɔden sɛ wobesuasua ɔdannena

Wɔhwɛɛ apataa a wɔfrɛ no boxfish a ɔnam nsu mu a nsu no nhyɛ da ntwe no nsan so na ɛyɛɛ saa kar yi

[Asɛm Fibea]

Airplane: Kristen Bartlett/​University of Florida; gecko foot: Breck P. Kent; box fish and car: Mercedes-Benz USA

[Adaka/Mfoni]

AKWANTUFO BI A WƆDE NYANSA ADUA WƆN MU

Mmoa pii wɔ hɔ a, sɛ wɔredi akɔneaba wɔ asaase yi so a, sɛnea wotumi hu baabi a ɛsɛ sɛ wɔfa no, wutumi hu sɛ “wɔde nyansa ahyɛ wɔn mu.” (Mmebusɛm 30:24, 25) Hwɛ nhwɛso mmienu yi.

Nea Ɛmma Ntɛtea Nyera Kwan Sɛ ntɛtea fi adi sɛ wɔrekɔhwehwɛ aduan a, wɔyɛ dɛn san hu kwan kɔ wɔn bon mu? Nhwehwɛmufo a wɔwɔ United Kingdom abehu sɛ, ntɛtea binom wɔ hɔ a, sɛ wɔrefi adi a, wogyaw wɔn ho hua wɔ kwan no so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔresan aba a, wobehu baabi a wɔfae. Ɛno da nkyɛn a, sɛ ntɛtea no refi adi a, wɔpae kwan fi bon no mu kɔ baabi a wobenya aduan no. Wɔrepae kwan no a, wɔyɛ no wɔ kwan bi so a ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu baabi a wɔbɛfa aba bon no mu. Sɛ nhwɛso no, nhoma bi a wɔato din New Scientist kyerɛ sɛ, sɛ ntɛtea bi a wɔfrɛ wɔn pharaoh ant repae kwan afi wɔn bon mu “na wɔkɔ wɔn anim kakra a, wɔkyɛ kwan no mu mmienu.” Dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ saa ade yi ho? Ɛne sɛ, sɛ wɔrepue akɔpɛ wɔn aduan a, wɔfa emu baako so. Afei wɔreba na wobedu akwan mmienu a wɔpaee no nkwanta so a, wɔmfa nea ɛde wɔn bɛsan wɔn akyi no so. Mmom wɔfa nea ɛde wɔn bɛkɔ akopue wɔn bon mu no so. Nhoma no de kaa ho sɛ, “sɛnea ntɛtea no pae wɔn kwan nti, wɔredi akɔneaba a, wuhu sɛ obiara di ne kwan mu kama. Wɔn a wɔrekɔ ne wɔn a wɔreba nyinaa, obiara nyera. Enti ɛrenkɔba sɛ wɔbɛsɛe wɔn ahoɔden akɔhwehwɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔfa.”

Nnomaa Akyerɛkyerɛkwan Nnomaa bebree twa kwantenten kɔ akyirikyiri, nanso wɔrekɔ a, wɔnyera. Sɛ wim tebea te sɛn oo, ɛte sɛn oo, wotumi kodu baabi a wɔrekɔ no pɛpɛɛpɛ. Wɔyɛ no sɛn? Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ, biribi wɔ wim a akɔyɛ sɛ kwan a sɛ nnomaa retu akɔ baabi a, wodi akyi. Nanso nhoma bi a wɔato din Science kyerɛ sɛ, saa ade a akɔyɛ sɛ kwan no, ɛtɔ da na wudi akyi a, etumi yera wo. Ɛnde, ɛyɛ dɛn na saa nnomaa yi sim sɛ wɔrekɔ baabi a, wɔmfom kwan? Nyansahufo kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ owia no na ɛboa wɔn. Wɔkyerɛ a, anwummere biara, nnomaa hwɛ baabi pɔtẽẽ a owia no kɔtɔe. Nhoma a wɔato din Science no de ka ho sɛ, nyansahufo susuw sɛ, “ɛno ma wohu baabi a yɛadu wɔ afe no mu.” Sɛ wohu a, ɛboa wɔn ma wohu baabi a wɔn kwan no akɔda. Enti yɛbɛka a, ɛte sɛ nea wɔwɔ akyerɛkyerɛkwan bi wɔ wɔn mu a ɛkyerɛ wɔn baabi a yɛadu wɔ afe no mu ne baabi a wɔn kwan no akɔda. Wei nti, sɛ wɔretu akɔ baabi a, wɔnyera.

Hena na ɔyɛɛ ntɛtea wɔ ɔkwan bi so a ɛma wotumi pae wɔn kwan na wɔnyera no? Hena na ɔmaa nnomaa akyerɛkyerɛkwan ne adwene a enti wɔretu akɔ baabi a wɔnyera no? Ɛbaa kwa? Anaa Ɔbɔadeɛ bi a onim nyansa na ɔbɔe?

[Asɛm Fibea]

© E.J.H. Robinson 2004