Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Ɔsoro

Ɔsoro

Ɔsoro ho asɛm de, ne ka yɛ ka na, efisɛ ɛsono nea obiara ka. Nanso nea Bible ka no yɛ soronko koraa fi nea nnipa pii ka ho.

Ɔsoro kyerɛ sɛn?

NEA NKURƆFO KA

Gyidi a nkurɔfo kura wɔ soro ho ne nsɛm a wɔka fa ho no dɔɔso. Ebi ni:

  • Kristofo bebree gye asɛm a New Catholic Encyclopedia nhoma no kae di. Ɛkaa sɛ ɔsoro yɛ “nnipa pa a wowu wɔ Awurade mu no fie.”

  • Yudafo sɔfo bi a ɔde Bentzion Kravitz kaa sɛ wɔn de, ɔbra a obi bɔ bere a ɔte ase no ho hia sen ne wu akyi. Ɔtoaa so sɛ, onipa wu a, “ne kra kɔ soro kogye n’ani, na ɛhɔ de onya kwan bɛn Onyankopɔn sen bere a na ɔte ase no.” Kravitz san kaa sɛ “Yudafo wɔ gyidi sɛ wɔbɛkɔ soro, nanso wɔn nhoma a ɛde Torah nka ho asɛm kɛse.”

  • Hindufo ne Buddhafo gye di sɛ ɔsoro wɔ hɔ nanso egu afã horow pii. Wɔka sɛ obi wu a, odi kan kɔ soro, na akyiri yi wɔsan wo no ba asase so anaa ɔkɔ Nirvana anaa baabi a ɛkorɔn sen soro mpo.

  • Ebinom mpo deɛ, ɔsoro ho nsɛm yɛ nsɛnhunu a ntease biara nnim.

Ɛsono nea obiara ka fa ɔsoro ho

NEA BIBLE KA

Bible mu no, asɛm “ɔsoro” no kyerɛ nneɛma pii. Nhwɛso bi ni:

  • Genesis 1:20 ka sɛ wɔbɔɔ nnomaa sɛ ‘wontu mfa asase so wɔ wim.’ Ne saa nti asɛmfua “ɔsoro” betumi akyerɛ “wim.”

  • Yesaia 13:10 ma yehu sɛ yɛwɔ ‘ɔsoro nsoromma ne nsorommakuw.’ Eyi kyerɛ ahum mu.

  • Bible ka sɛ ‘ɔsoro yɛ Onyankopɔn tenabea,’ na ɛsan ka sɛ ‘abɔfo wɔ soro.’ (1 Ahemfo 8:30; Mateo 18:10) Hyɛ no nso sɛ ‘ɔsoro’ a Bible ka ho asɛm wɔ ha no nyɛ kasakoa bi kɛkɛ, na mmom ɛkyerɛ beae pɔtee anaa tenabea bi a ɛwɔ hɔ. *

“Fi soro hwɛ, fi wo tenabea kronkron fɛfɛ hɔ hwɛ.”Yesaia 63:15.

Enti apapafo nyinaa wu a, wɔkɔ soro?

Bible nka sɛ, asase yi yɛ baabi a nnipa tena twɛn bere tiaa bi na sɛ yewu a yɛatwam akɔ soro. Mmom Bible ma yehu sɛ bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, na owu nka ho. Susuw ho:

  • Onyakopɔn ka kyerɛɛ nnipa mmienu a odii kan bɔɔ wɔn no sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã.” (Genesis 1:28) Ɛno nti Onyankopɔn de asase maa nnipa sɛ wɔn fie a wɔbɛtena so daa. Ade baako pɛ na na ɛbɛma yɛn nana Adam ne Hawa awu; ɛne sɛ wɔbɛyɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛe.—Genesis 2:17; 3:6.

  • Asoɔden a yɛn nana Adam ne Hawa yɛe no de owu baa wɔne wɔn asefo nyinaa so. (Romafo 5:12) Eyi kyerɛ sɛ na adesamma anidaso nyinaa asa anaa?

  • Bible ka sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo.” * (2 Petro 3:13) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn nam n’Ahenni no so besiesie asase yi ama ɛne adwene a enti ɔbɔe ahyia. Saa bere no “na owu nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Wohwɛ a, ɔsoro ho asɛm na Bible reka anaa asase? Ansa na yɛbɛka sɛ biribi “nni hɔ bio” no, ɛkyerɛ sɛ bere bi na ɛwɔ hɔ. Nanso yɛntee sɛ obi awu wɔ soro da. Ɛnde ntease wom sɛ yebegye atom sɛ asase yi ho asɛm na ɛreka, nea asase yi bɛyɛ daakye. Asase yi na Onyankopɔn bɔe sɛ yɛne yɛn adɔfo ntena so. Bio nso, Bible da no adi sɛ wobenyan awufo abɛka wɔn adɔfo ho wɔ asase so.Yohane 5:28, 29.

Nnipa pii asua nea Bible kyerɛkyerɛ fa ɔsoro ho, na eyi ama wɔn ani agye paa. Wo de, tie George anom asɛm. Kan no na ɔyɛ Katolekni, na ɔkaa sɛ: “Mahu sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛse nnipa bɛtena asase so daa no ma abotɔyam paa. Ntease wom sen sɛ yɛbɛkɔ soro.” *

“Ɔsoro yɛ Yehowa soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.”Dwom 115:16.

^ nky. 13 Nanso yɛrentumi nhu Onyankopɔn efisɛ ɔyɛ honhom. (Yohane 4:24) Eyi nti Onyankopɔn rentumi ntena asase a yɛte so yi so. Ne tenabea yɛ honhom atenae.

^ nky. 19 “Asase foforo” no nyɛ okyinnsoromma foforo. Mmom, ɛyɛ kasakoa, na egyina hɔ ma nnipa a Onyankopɔn bɛma wɔn kwan ama wɔatena asase so.Dwom 66:4.

^ nky. 20 Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni mu no, nnipa kakraa bi na wɔayi wɔn sɛ wɔne Yesu nni ade wɔ soro. Wɔn dodow yɛ 144,000.1 Petro 1:3, 4; Adiyisɛm 14:1.