Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WUBENYA WO NNEYƐE PA SO MFASO

2. Hwɛ Baabi a Wote ne Nnipa a Wo Ne Wɔn Bɔ

2. Hwɛ Baabi a Wote ne Nnipa a Wo Ne Wɔn Bɔ
  • Woaka sɛ wobɛhwɛ w’adidi yiye, nanso ice cream bi a w’ani tua deɛ, ɛte sɛ nea wuyi w’ani fi ho a, enyi.

  • Woasi wo bo sɛ wobegyae sigaretnom, nanso wobɛhwɛ no na w’adamfo a onim paa sɛ wopɛ sɛ wugyae no abrɛ wo sigaret sɛ nom.

  • Woyɛɛ w’adwene sɛ nnɛ wobɛtenetene w’apɔw mu, nanso baabi a wo mpaboa hyɛ no ama w’abam abu!

Dɛn na wohyɛɛ no nsow wɔ nsɛm yi nyinaa mu? Osuahu ama yɛahu sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, sɛ́ ɛyɛ biribi a yɛreyɛ anaa ɛyɛ nnipa a yɛne wɔn bɔ no, ɛma yetumi nya suban pa na yegyae subammɔne.

BIBLE MU ASƐM: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe.”Mmebusɛm 22:3.

Bible ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan toto yɛn nneɛma yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedu yɛn botae ho. (2 Timoteo 2:22) Ne korakora no, sɛ yɛtoto yɛn nneɛma yiye a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafo.

Ma ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ nea wompɛ na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ nea wopɛ

NEA WUBETUMI AYƐ

  • Ma ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ nea wompɛ. Yɛmfa no sɛ wompɛ sɛ wudi sradeduan. Ɛnde, ntɔ ho nneɛma ngu wo gyaade. Ɛba saa na sɛ wo kɔn dɔ mpo a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛhyɛ wo ho so.

  • Ma ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ nea wopɛ. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ anɔpa wobɛtenetene w’apɔw mu ansa na woayɛ ade foforo biara a, ɛnde sɛ worekɔda anwummere a, fa ntade a wode bɛtenetene w’apɔw mu no gu wo mpa no nkyɛn. Sɛ anyɛ den amma wo sɛ wobɛtenetene w’apɔw mu a, ɛrenkyɛ na aka wo hɔ.

  • Sɛ worepaw nnamfo a, yɛ ahwɛyiye paa. Nnipa a yɛne wɔn bɔ no, ɛnkyɛ na yɛayɛ te sɛ wɔn. (1 Korintofo 15:33) Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔnyɛ nnamfo pa, subammɔne a wopɛ sɛ wugyae no, ɛno ara na wɔbɛtwetwe wo ma woayɛ. Enti wo ne wɔn mmmɔ, na mmom fa wo ho bɔ nkurɔfo a wɔbɛboa wo ma woanya suban pa.