Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WUBENYA WO NNEYƐE PA SO MFASO

3. Mma W’abam Mmu

3. Mma W’abam Mmu

Ɔbenfo bi kaa sɛ egye nnafua 21 ansa na suban bi atumi aka obi hɔ. Nanso nhwehwɛmu ama ada adi sɛ ebinom wɔ hɔ a, ɛnkyɛ na wɔahu ade foforo yɛ. Ebinom nso deɛ, wohia mmere pii ansa na nneyɛe foforo bi agye ntini wɔ wɔn mu. Enti ɛsɛ sɛ wei ma w’abam bu anaa?

Wo deɛ, susuw wei ho hwɛ: Fa no sɛ wopɛ sɛ nnawɔtwe biara wotenetene w’apɔw mu mprɛnsa. Enti woayi nnafua mmiɛnsa asi hɔ a wode bɛyɛ saa.

  • Nnawɔtwe a edi kan, wutumi kɔɔ mprɛnsa no nyinaa.

  • Nnawɔtwe a ɛto so mmienu, woantumi ankɔ dakoro.

  • Nnawɔtwe a ɛto so mmiɛnsa, wokɔɔ ne nyinaa.

  • Nnawɔtwe a ɛtɔ so nnan no mu deɛ, wobrɛe ansa na worekɔ baako.

  • Nnawɔtwe a ɛto so nnum no, wutumi kɔɔ ne nyinaa bio, na efi hɔ no wantew anna bio.

Enti anyɛ mmerɛw, egyee nnawɔtwe nnum ansa na woretumi atenetene w’apɔw mu nnawɔtwe biara. Wobɛka sɛ ɛkyɛe, nanso sɛ wunya du wo botae ho a, w’ani begye paa sɛ woyɛɛ saa.

BIBLE MU ASƐM: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.”Mmebusɛm 24:16.

Bible tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Awiei ne asɛm no. Bere dodow a yɛbɛhwe ase no deɛ, ɛho nhia na mmom bere biara a yɛbɛhwe ase no, ɛsɛ sɛ yɛsɔre bio.

Bere dodow a yɛbɛhwe ase no deɛ, ɛho nhia na mmom bere biara a yɛbɛhwe ase no, ɛsɛ sɛ yɛsɔre bio

NEA WUBETUMI AYƐ

  • Mfa ahwease nyɛ nna. Bere a worebɔ mmɔden sɛ wubedu wo botae ho no, hu sɛ ɛnyɛ da biara na ɛbɛkɔ yiye.

  • Fa w’adwene si bere a nneɛma kɔɔ yiye no so. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wohwɛ sɛnea ɛyɛ a, wo ne wo mma kasa no yiye. Sɛ saa a, bisa wo ho sɛ: ‘Da bɛn na anka mereyɛ ateateam agu me mma so nanso manyɛ? Dɛn na meyɛe mmom? Mɛyɛ dɛn ayɛ saa bio?’ Nsɛm a ɛte saa a wubebisa wo ho no bɛboa wo ma wode w’adwene asi mmɔden a worebɔ no so sen sɛ wode besi nea ankɔ yiye no so.

W’ani begye ho sɛ wubehu sɛnea Bible mu afotusɛm betumi aboa wo ma woagyina dadwen ano, anya abusua asetena a ɛyɛ anigye, na woanya akomatɔyam? Ɛnde sɛ wuhyia Yehowa Danseni biara a, wone no nkasa anaa kɔ yɛn wɛbsaet, jw.org.