Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hyɛ Wo Ho Den na Hyɛ Afoforo Den

Hyɛ Wo Ho Den na Hyɛ Afoforo Den

Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yare bɔ yɛn nyinaa; ebinom de mu yɛ den paa. Sɛ biribi saa to yɛn a, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛn aba mu ammu?

Sɛ yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, yɛn abusuafo, yɛn nnamfo, ne yɛn nuanom Kristofo kyekye yɛn werɛ. Eyi boa yɛn ma yegyina ano.

Sɛ w’adamfo ka awerɛkyekyesɛm kyerɛ wo a, ɛte sɛ nea ɔde aduru bi atwetwe wo ma wo ho adwo wo fɔmm. (Mmeb. 16:24; 18:24; 25:11) Nanso nokware Kristofo nhwɛ kwan sɛ obi na daa ɔmmɛkyekye wɔn werɛ. ‘Awerɛkyekye a wonya fi Onyankopɔn hɔ nti,’ wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ ‘wɔbɛkyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu no werɛ.’ (2 Kor. 1:4; Luka 6:31) Antonio yɛ ɔmantam sohwɛfo wɔ Mexico. Yare bi a ɛbɔɔ no ma ohui sɛ awerɛkyekye wɔ hɔ yi yɛfa no onipa ho.

Dɔkotafo hui sɛ Antonio anya kokoram. Bere a ɔtee no ebubuu no, nanso ɔhyɛɛ ne ho den. Dɛn na ɛboaa no? Ɔno ara wɔ hɔ a, asafo nnwom biara a ɔbɛkae no, ɔto dwinnwen emu nsɛm ho. Bio nso wamfa ne mpaebɔ ne ne Bible akenkan anni agoru koraa. Eyi nyinaa kyekyee ne werɛ paa.

Antonio bu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a, ohu sɛ ne nuanom Kristofo ka ho bi paa na otumi gyinaa ne nan so. Ɔkae sɛ: “Bere biara a me ne me yere behu sɛ yɛabotow no, yɛfrɛ yɛn busuani bi a ɔyɛ asafo mu panyin ma ɔne yɛn bɛbɔ mpae. Ɛba saa a, na yɛn ho atɔ yɛn fɔmm.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛn abusuafo ne yɛn nuanom Kristofo mmoa nti, yɛanni awerɛhow ankyɛ.” Hwɛ sɛnea Antonio ani gyei sɛ ne nnamfonom anyi ne baako anhyɛ ne nsa!

Ade foforo a ɛboa yɛn wɔ ahohia bere mu ne honhom kronkron. Ɔsomafo Petro kae sɛ honhom kronkron yɛ “akyɛde” a Onyankopɔn de ma kwa. (Aso. 2:38) Pentekoste afe 33 Y.B. no, Onyankopɔn de ne honhom sraa nnipa pii. Nanso honhom kronkron no wɔ hɔ ma yɛn nyinaa. Honhom kronkron nkɔ atwee da, enti srɛ Onyankopɔn na ɔmma wo pii.—Yes. 40:28-31.

NYA TEMA MA WƆN A WƆREHU AMANE

Ɔsomafo Paulo kɔɔ ahohia pii mu; anka ebi mpo de no rekɔ owu mu. (2 Kor. 1:8-10) Nanso Paulo amma owu ahunahuna no efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn taa n’akyi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn a ɔyɛ ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, nea ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Kor. 1:3, 4) Paulo amma awerɛhow ammunkam no so. Mmom sɔhwɛ a ɔfaa mu no ma onyaa tema maa afoforo, enti na obetumi akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia mu no werɛ.

Momma yɛnsan mmra Antonio asɛm no so. Ne ho tɔɔ no ma ɔsan bɛyɛɛ ɔhwɛfo kwantufo. Antonio ankasa yɛ obi a ɔpɛ anuanom asɛm, nanso ne yare akyi yi de, gye sɛ ɔne ne yere ante sɛ onua bi yare, baabi a onua no hyɛ biara wobetutu wɔn nan akɔhwɛ no ahyɛ no nkuran. Bere bi Antonio kɔsraa onua bi a yare reteetee no, na wɔn nkɔmmɔdi mu na ohui sɛ onua no mpɛ sɛ ɔkɔ asafo nhyiam. Antonio kae sɛ: “Na ɛnyɛ sɛ onua no nnɔ Yehowa ne anuanom enti na ɔnkɔ adesua, mmom yare no nti na ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee.”

Antonio yɛɛ biribi de hyɛɛ onua no nkuran. Bere bi na anuanom ahyiam regye wɔn ani, na ɔka kyerɛɛ onua no sɛ ɔmmɔ mpae. Onua no twetwee ne ho kakra nanso ɔpenee so bɔɔ mpae no. Antonio kae sɛ: “Ɔbɔɔ mpae ma ɛkaa obiara koma, na ɛno akyi no wohwɛ a worenka sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔsan sii ne dedaw mu.”

Yɛn nyinaa ahu amane pɛn. Nanso Paulo kae sɛ eyi betumi aboa yɛn ma yɛakyekye afoforo werɛ wɔ wɔn ahohia mu. Enti sɛ yɛn nuanom Kristofo ho ka a, momma yɛmmɛn wɔn nkyekye wɔn werɛ. Yɛyɛ saa a, na yɛresuasua yɛn Nyankopɔn Yehowa.