Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyidi Afrafra—Onyankopɔn Pene So Anaa?

Gyidi Afrafra—Onyankopɔn Pene So Anaa?

Wobisaa nnipa a wɔtaa kenkan atesɛm krataa bi (The Sydney Morning Herald) sɛ: “Wohwɛ a, nyamesom ka nnipa bom anaasɛ ɛtetew nnipa ntam?” Wɔn mu fã kɛse no ara kae sɛ nyamesom tetew nnipa ntam. Wuyi nnipa a wɔkyerɛɛ wɔn adwene no mu ɔha biara a, emu 89 na wɔkaa saa.

NNIPA a wɔn ani gye gyidi afrafra ho de, wonhu no saa. Eboo Patel na ɔtew ɔsom nkabom kuw bi a wɔfrɛ no Interfaith Youth Core, na ɔkae sɛ: “Ɔsom biara nni hɔ a wonnwen nnipa ho. Ɔsom biara nni hɔ a wonnwen asase ne ɛso nneɛma yiyedi ho. Ɔsom biara nni hɔ a wɔn ani nnye ahɔhoyɛ ho.”

Enti Buddhafo, Katolekfo, Protestantfo, Hindufo, Nkramofo, ne ɔsom afoforo pii ka bom tu agyina hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ako hia na wɔapere fahodi ama nnipa. Afei wɔbɔ dawuru sɛnea ɛbɛyɛ a aman bɛbara atopae a nkurɔfo de hyehyɛ fam, na asase ne ɛso nneɛma te sɛ mframa ne nsu a nkurɔfo sɛe no nso, wotumi kasa tia. Ɔsom ahorow no bom susuw nea wɔbɛyɛ ama wɔn adwene akɔ bɛnkoro mu na wɔahyehyɛ wɔn ho nkuran. Wɔyɛ nneɛma bi de kyerɛ nkabom; ebi ne sɛ, wɔbɔ gua sosɔ kyɛnere, wɔbom di afahyɛ ahorow, na wɔto nnwom bɔ mpae.

Nanso, akwan a ɔsom ahorow fa so yɛ ade bom no na ɛbɛma biakoyɛ aba wiase anaa? So gyidi afrafra ne ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so ama asetena akɔ yiye wɔ asase so?

EYI YƐ NKABOM?

Gyidi afrafra kuw biako a ɔsom ahorow a ɛwom no dɔɔso paa de hoahoa wɔn ho sɛ wɔn kuw no, nnipa a wɔwom no fi ɔsom mmiako mmiako bɛboro 200 mu, na kuw no wɔ aman 76 so. Botae a esi wɔn ani so ne sɛ wobetumi “aka abom denneennen anya nkɔso daa.” Nanso yenim sɛ, osuae nyɛ ɔko. Sɛ wohwɛ sɛnea wɔn a kuw no si wɔn nan so no totoo nneɛma a, wubehu sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ biribiara a ebetia obiara gyidi, enti wɔkyerɛw kuw no mmara wɔ ɔkwan bi so a, ɛbɛkɔ ama ɔsom ahorow no nyinaa. Dɛn nti na wɔyɛɛ no saa? Ade biako nti a wɔyɛɛ no saa ne sɛ, na ebinom ani nnye ho sɛ wɔde Onyankopɔn din bɛbata kuw no ho. Nea ɛkɔbae ara ne sɛ, afei de wɔamfa Onyankopɔn din amma mu koraa.

Sɛ Onyankopɔn din amma mu a, ɛnde gyidi bɛyɛ dɛn aba mu? Afei nso, sɛ wohwɛ dwuma a gyidi afrafra kuw a ɛte saa di a, nsonsonoe bɛn na ɛda wɔne adɔe kuw ntam? Ɛno nti ɛnyɛ nwonwa sɛ gyidi afrafra kuw a yɛaka wɔn ho asɛm no antumi amfrɛ wɔn ho nyamesom kuw; nea wɔkae ara ne sɛ wɔyɛ “nkabom kuw.”

PAPAYƐ NKO ARA DƆƆSO ANAA?

Dalai Lama yɛ Buddhasom mu otitiriw bi. Ɔyɛ obi a ogye gyidi afrafra di paa, na ɔkae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ asɛm koro no ara na ɛda ɔsom akɛse no nyinaa  ano. Wɔn nyinaa ka ɔdɔ, ahummɔbɔ ne bɔne fafiri ho asɛm. Ade a ehia paa ne sɛ yɛde saa su no bɛbɔ yɛn bra da biara.”

Ampa, ɔdɔ, ahummɔbɔ, ne bɔne fafiri ho hia paa, efisɛ Yesu koraa kae sɛ: “Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Nanso yɛka gyidi paa a, nea ɛkyerɛ ara ne papa a yɛbɛyɛ anaa?

Ɔsomafo Paulo bere so no, na ebinom de wɔn ano ka sɛ wɔsom Onyankopɔn. Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ de, nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu.” Dɛn na na ɛnkɔ yiye? Paulo kae sɛ: “Wonnim Onyankopɔn trenee,” enti, na “wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ankasa de si hɔ.” (Romafo 10:2, 3) Ná wonni Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ, enti gyidi ne nsi a wɔde somee nyinaa ankosi hwee.Mateo 7:21-23.

NEA BIBLE KA WƆ GYIDI AFRAFRA HO

Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Mateo 5:9) Yesu de saa asɛm no bɔɔ ne bra. Sɛ ohyia obiara nso a, ɛmfa ho ɔsom a onii no wom no, na ɔka asomdwoesɛm kyerɛ no. (Mateo 26:52) Wɔn a wotiee Yesu asɛm no guu aso pa mu no dodɔɔ wɔn ho paa. (Kolosefo 3:14) Enti nea yɛaka yi kyerɛ sɛ bere a Yesu baa asase so no, nea ɔde sii n’ani so ara ne sɛ ɔbɛka nnipa a wɔwɔ ɔsom nyinaa mu abom na ama wɔatena asomdwoe mu anaa? Ɔne nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow mu ka boom somee anaa?

Farisifo ne Sadukifo som mu mpanyimfo no, na wɔne Yesu ani nhyia koraa; na wɔpɛ no mpo akum no. Ɛhaw Yesu sɛ wɔne n’ani nhyia anaa? Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Munnyaa wɔn. Wɔyɛ akwankyerɛfo anifuraefo.” (Mateo 15:14) Yesu ampɛ sɛ ɔne nnipa a wɔte saa bɛbom asom.

Akyiri yi, wɔtew Kristofo asafo wɔ Korinto, Greece. Saa bere no, na Korinto yɛ kurow a ɔsom abu so wɔ hɔ sei tam. Enti Kristofo a wɔwɔ hɔ no, dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.” Dɛn nti na Paulo kaa saa? Ɔbaee asɛm no mu sɛ: “Abusuabɔ bɛn na Kristo ne Belial wɔ? Anaasɛ kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ?” Afei otuu wɔn fo sɛ: “Mumfi wɔn mu, na montew mo ho.”2 Korintofo 6:14, 15, 17.

Ɛda adi pefee sɛ Bible kasa tia gyidi afrafra. Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛnde, asomdwoe bɛyɛ dɛn aba wiase?’

NEA ƐDE ASOMDWOE BƐBA WIASE

Amanaman Ntam Ahunumhyɛn (International Space Station) a edi asase ho kyinhyia no yɛ dwuma nwonwaso bi a aman 15 atumi aka abom ayɛ. Wohwɛ nea aman no atumi ayɛ no a, wuhu sɛ wɔtoo wɔn bo ase paa yɛɛ ho nhyehyɛe. Sɛ wɔn adwene anhyia wɔ nhyehyɛe no ho a, wugye di sɛ anka wobetumi adi saa dwuma no?

Gyidi afrafra akuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no adwene nhyia saa. Nea wɔde asi wɔn ani so ne sɛ wɔbɛka ɔsom ahorow nyinaa abom na obiara abu ne yɔnko, nanso nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛma wɔatumi ayɛ saa de, wɔn adwene nhyiae wɔ ho. Ne saa nti, sɛnea ɛsɛ sɛ nnipa bɔ wɔn bra anaa nea ɛsɛ sɛ nnipa gye di nso, wɔn adwene ntumi nhyiae wɔ ho besi nnɛ.

Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ Bible mu, na saa akwankyerɛ no na ɛsɛ sɛ yɛde bɔ bra. Nnipa a wɔde Bible mu nsɛm yɛ adwuma no nyɛ nnipa mu nyiyim, na wɔasua sɛ wɔne nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu ɛmfa ho ɔsom a obi wom. Onyankopɔn hyɛɛ eyi ho nkɔm sɛ: “Mɛdan aman no ano ma wɔaka kasa kronn, na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din na wɔde mmati koro asom no.” Sɛ yɛbɛyɛ biako paa a, gye sɛ yɛde ɔsom ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma, anaa “kasa kronn” no yɛ adwuma.Sefania 3:9; Yesaia 2:2-4.

Yehowa Adansefo de anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔ wɔn Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so, na wubehu sɛ nnipa a wofi mmeaemmeae aka abom asomdwoe mu.Dwom 133:1.