Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN BU SIGARETNOM SƐN?

Sigaret Redi Nnipa Awu

Sigaret Redi Nnipa Awu

Sigaret yɛ owudifo; ekum nnipa a ɛmmrɛ.

  • Mfe ɔha a etwaam no, ekunkum nnipa 100,000,000.

  • Afe biara, ekum nnipa bɛyɛ 6,000,000.

  • Wokyekyɛ mu a, simma biara ekum nnipa du.

Biribiara nkyerɛ sɛ ebegyae.

Animdefo kyerɛ sɛ, nneɛma ansesa a, ebedu afe 2030 no, na nnipa dodow a sigaret kunkum wɔn afe biara no akɔ soro akodu 8,000,000 ne akyi. Afei nso wɔka sɛ, ɛntɔ ara na afe 2099 nkɔ n’awiei no, na sigaret akunkum nnipa 1,000,000,000.

Ɛnyɛ wɔn a wɔnom sigaret nkutoo na edi wɔn nya. Owu sɛe fie, enti obi nom sigaret wu a, egyaw n’abusuafo awerɛhow na wotumi kɔ ahokyere mu. Wɔn a edi wɔn nya no bi nso ne nnipa a wɔnnom sigaret nanso sigaret wusiw kunkum wɔn afe biara no. Wɔn dodow yɛ 600,000. Ɛho nsunsuanso no ka obiara, efisɛ ɛma apɔwmuden ho ka kɔ soro.

Nsunsuanso bɔne a sigaret de ba no nyinaa, ano aduru wɔ hɔ. Ɛnte sɛ nsanyare a gye sɛ dɔkotafo brɛ wɔn ho ara ansa na wɔanya ano aduru. Margaret Chan yɛ dɔkota a ɔda Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ano. Nea ɔkae ne sɛ: “Sigaret ho nsunsuanso a ɛregye nsam no, nnipa na akɔfa aba. Sɛ aban ahorow ne akuw a ɛnhyɛ aban ase ka wɔn ti pam ho a, wobetumi atu ase.”

Aman pii reyɛ adwumasono de atu sigaret ho nsunsuanso bɔne no ase. Eduu August 2012 no, na aman 175 agye atom sɛ wobetu anammɔn de abrɛ sigaretnom ase. * Nanso, nneɛma mmienu bi nti na ase ntui. Afe biara, nnwumakuw a wɔyɛ sigaret ne tawa ho nneɛma no sɛe dɔla ɔpepepem pii de bɔ ho dawuru sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnipa pii ama wɔafi sigaretnom ase. Nnipa a wɔde wɔn ani si wɔn so paa ne mmea ne mmabun a wɔwɔ aman a afei na wɔasi mpɔntu kwan so mu. Afei nso, sɛ obi hyɛ ase nom sigaret a, ne gyae yɛ den paa. Ɛno nti nnipa ɔpepepem biako a ne nom aka wɔn hɔ dedaw no mu pii bɛnom akɔ owu mu. Sɛ wɔn a wɔnom sigaret seesei no annyae a, mfe aduanan a ɛda yɛn anim no, nnipa dodow a ebekunkum wɔn de, ɛnyɛ asɛm ketewa.

Nnipa pii pɛ sɛ wogyae sigaretnom, nanso daa wɔte ho dawurubɔ, enti wontumi nnyi wɔn adwene mfi so. Afei nso, obi hyɛ ase nom sigaret a, ɛka ne hɔ. Saa na ɛtoo ɔbea bi a wɔfrɛ no Naoko. Ofii ase nom sigaret no, na onnyaa mfe aduonu mpo. Sɛnea na wɔbɔ sigaret ho dawuru nti, ɔtee nka sɛ ɔnom bi a, ɛbɛkyerɛ sɛ n’ani abue. Ná onim paa sɛ sigaretnom na ɛmaa ne maame ne ne papa nyaa ahrawa mu yare wui. Afei nso na ne mma susua, enti anka ɛsɛ sɛ ɔde n’ani to wɔn na ogyae, nanso na ɔda so ara nom. Ɔkae sɛ: “Ná misuro sɛ menya ahrawa mu kokoram; me mma no nso, na misuro sɛ wɔbɛyare, nanso na mintumi nnyae. Ná ɛyɛ me sɛ sigaret de, meyɛ dɛn ara a, mintumi nnyae.”

Nanso, Naoko tumi gyaee. Biribi na ɛboaa no ma otumi gyaee. Ade koro no ara na aboa nnipa mpempem pii nso ama wɔatwe wɔn ho afi sigaret ho. Dɛn na ɛboaa wɔn? Sɛ wokenkan asɛm a edi hɔ no a, wubehu dekode.

^ nky. 11 Anammɔn no bi ne sɛ, wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔahu sigaretnom ho nsunsuanso bɔne, wobesiw sigaret ho dawurubɔ kwan, wobetwa tow akɛse ama nnwumakuw a wɔyɛ sigaret no, na wɔaboa nkurɔfo ma wɔagyae nom.