Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | SATAN ƆWƆ HƆ ANKASA?

Ɛsɛ sɛ Yɛsuro Satan Anaa?

Ɛsɛ sɛ Yɛsuro Satan Anaa?

Carbon monoxide, yɛnhu nso ɛdi awu. Saa ara na Satan te

Mframa bɔne bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no carbon monoxide. Saa mframa no, ɛnni kɔla na ɛnni pampan, enti sɛ ɛwɔ baabi a, wobɛtumi ahome bi a worenhu. Nnipa a awuduru kum wɔn wɔ wiase no, bɛyɛ emu fã de, carbon monoxide na ekum wɔn. Nanso, mmɔ hu. Akwan bi wɔ hɔ a wobɛtumi afa so ahu baabi a saa mframa bɔne no bi wɔ na woanhome bi. Nnipa pii wɔ hɔ a, nea wɔyɛ ne sɛ wɔde mfiri bi bobɔ wɔn afie ne mmeae foforo. Sɛ carbon monoxide bɛfa hɔ pɛ, na mfiri no abɔ ayɛ dede. Ɛno ma wɔtumi yɛ ntɛm fi hɔ.

Satan te sɛ carbon monoxide. Nnipa mfa wɔn ani nhu no, na ne ho nso yɛ hu. Nanso nsuro, efisɛ Onyankopɔn nnyaw yɛn kwa. Wama yɛn nneɛma bi a ɛmma Satan nnya yɛn. Saa nneɛma no bi ni:

Yɛtumi paw nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Nea Yakobo 4:7 ka kyerɛ yɛn ni: “Munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho.” Ɛyɛ ampa sɛ Satan wɔ tumi, nanso ɔrentumi nhyɛ wo mma wonyɛ biribi a wompɛ. Sɛ́ wobɛyɛ biribi anaa wonyɛ de, ɛwɔ wo ara wo nsam. Petro nhoma a ɛdi kan ti 5, nkyekyɛm 9 ka sɛ: “Momfa gyidi nnyina hɔ pintinn ne [Ɔbonsam] nni asi.” Kae sɛ bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe, na mprɛnsa no nyinaa, Yesu anyɛ nea ɔkae no, Satan gyaw no hɔ kɔe. (Mateo 4:11) Wo nso, sɛ wopɛ a, wobɛtumi apo nea Satan bɛyɛ biara.

Yɛne Onyankopɔn bɛtumi afa adamfo. Yakobo 4:8 ka sɛ ‘yɛmmɛn Onyankopɔn.’ Yehowa ankasa aka sɛ ɔpɛ sɛ wo ne no fa adamfo. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɔkwampa a wobɛtumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobɛfi ase asua ne ho ade wɔ Bible mu. (Yohane 17:3) Nea wobɛhu no bɛma woadɔ Yehowa, na saa ɔdɔ no bɛma woayɛ nea ɔpɛ. (1 Yohane 5:3) Sɛ wobɛn w’Agya a ɔwɔ soro no a, dɛn na ɔno nso bɛyɛ? Yakobo toaa so sɛ, ‘ɔbɛbɛn wo.’

Yehowa ma yɛn nneɛma bi a ɛmma Satan nnya yɛn

Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Mmebusɛm 18:10 ka sɛ: “Abannennen ne Yehowa din. Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.” Ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn din te sɛ bansere anaa sɛbɛ bi a ɛbɔ yɛn ho ban fi nneɛma bɔne ho. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ obi nya obu a ɛfata ma Onyankopɔn din a, ɔbɛtumi asrɛ no bere biara sɛ ɔmmɔ ne ho ban.

Nhwɛso pa a yɛbɛtumi asuasua. Asomafo Nnwuma 19:19 ma yɛhu biribi pa bi a ebinom yɛe wɔ Efeso. Afei ara na na wɔabɛyɛ Kristofo. Kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Wɔn a wodi asumansɛm no mu pii de wɔn nhoma ba bɛhyew ma obiara hui. Na wobuu ne nyinaa ano hui sɛ ne bo yɛ nnwetɛbona  ɔpeduonum.” * Saa Kristofo no sɛee biribiara a wɔde di asumansɛm a wɔannwen ne bo ho koraa. Nea wɔyɛe no yɛ nhwɛso pa ma yɛn. Abosonsɛm, asumansɛm ne nneɛma a ɛtete saa ahyɛ wiase yi mu ma. Nneɛma bi wɔ hɔ a, sɛ obi yɛ a, anhwɛ a ɔrenhu sɛ ɛne asumansɛm wɔ biribi yɛ. Nneɛma a wɔde yɛ asumansɛm anaa nyankomade nso, ebi wɔ hɔ a, obi bɛfa no sɛ ɛnyɛ hwee. Nanso saa nneɛma no bɛtumi ama ahonhommɔne anya yɛn so tumi. Enti ɛho hia sɛ wohwɛ yiye na saa nneɛma no bi ammɛn wo mpo.Deuteronomium 18:10-12.

Rogelio a yɛkaa ne ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban yi asɛm a edi kan mu no, ɔdii mfe 50 ansa na ɔregye adi sɛ Ɔbonsam bi wɔ hɔ. Dɛn na ɛmaa n’adwene sesae? Ɔkaa sɛ: “Saa bere no na medii kan nyaa Bible. Nea mesua fii Kyerɛwnsɛm mu no na ɛmaa megye dii sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ ampa. Nea mesuae no aboa me nso ma menyɛ nneɛma a ɛbɛma Ɔbonsam anya me.”

“Nea mesua fii Kyerɛwnsɛm mu no na ɛmaa megye dii sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ ampa. Nea mesuae no aboa me nso ma menyɛ nneɛma a ɛbɛma Ɔbonsam anya me”

Satan nni hɔ bio a anka wopɛ? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ bere bi bɛba a Ɔbonsam a ɔredaadaa nnipa pii no, ‘wɔbɛtow no ato ogya tare a sufre wom mu.’ (Adiyisɛm 20:10) Ɛnyɛ ogya ankasa ho asɛm na ɛreka, efisɛ honhom abɔde de, ogya anaa sufre rentumi nyɛ no hwee. Enti ogya tare no gyina hɔ ma ɔsɛe korakora. Yɛrente Satan nka bio. Saa bere no, wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ani bɛgye sɛ!

Nanso seesei de, kɔ so ara sua Yehowa ne n’apɛde ho ade. * Wo deɛ dwen ho hwɛ: Bere bi reba a yɛbɛtumi aka sɛ, “Satan nni hɔ!”

^ nky. 8 Sɛ nnwetɛbona a wɔkaa ho asɛm no yɛ Romafo denari a, ɛnde na sika dodow a wɔkaa ho asɛm no yɛ adwumayɛfo 50,000 da koro akatua. Enti na ɛdɔɔso paa!

^ nky. 11 Sɛ wopɛ sɛ wohu nea Bible ka fa Satan, asumansɛm, ne nneɛma a ɛtete saa ho a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 10. Woka kyerɛ Yehowa Danseni biara a, ɔbɛma wo saa nhoma no bi.