ƆWƐN-ABAN May 2015 | Awieeɛ no Abɛn?

Sɛ wote sɛ wɔreka sɛ, “Awieeɛ no abɛn!” a dɛn na ɛba wo tirim? Ɛyɛ a nea ɛba wo tirim no ma wo koma tu?

ASƐM A ƐDA SO

“Awieeɛ No”—Dɛn na Ɛkyerɛ?

Wonim sɛ “awieeɛ no” ho asɛm a Bible ka no yɛ anigyesɛm ankasa?

ASƐM A ƐDA SO

Awieeɛ No Abɛn?

Kenkan nneɛma nnan bi a Bible ka sɛ ɛbɛbom asisi a ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ awieeɛ bere no mu.

ASƐM A ƐDA SO

Awieeɛ No Nnipa Pii Bɛnya Nkwa—Wobɛtumi Anya Nkwa

Wobɛyɛ dɛn anya nkwa? Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ wofiri ase boaboa honam fam nneɛma bi ano de twɛn?

So Wonim?

Tete nneɛma a wɔahu foa Bible so? Bere bɛn na gyata ase hyee wɔ Israel asase so?

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Mebɛhuu sɛ Yehowa Yɛ Mmɔborɔhunufo na Ɔde Bɔne Kyɛ

Apoobɔ bɛyɛɛ te sɛ Normand Pelletier aduane. Nanso, Bible mu asɛm baako pɛ a ɔkenkanee no ma ɔsuiɛ.

SUASUA WƆN GYIDI

“Mɛtumi Agyina Onyankopɔn Ananmu Anaa?”

Sɛ nitan, anibere, anaa ahoɔyaw ama asomdwoe atu ayera wɔ abusua wowɔ mu a, Yosef ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no bɛtumi aboa wo.

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Dɛn nti na ɔde mfirihyia 1,000 na ɛbɛbu atɛn?

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

Sɛ Onyankopɔn aban bɛdi asase so a, nea ɛbɛyɛ no bi nie.