Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Dɛn ne Atemmu Da?

Adɛn nti na atemmu da no bɛyɛ anigye bere?

Bere a wɔrekyerɛw Bible no, Onyankopɔn nam atemmufo so gyee ne manfo fii atamfo a na wɔresisi wɔn no nsam. (Atemmufoɔ 2:18) Bible ka Atemmu Da a ɛbɛba daakye no ho asɛm sɛ ɛyɛ anigye bere, efisɛ Yehowa a ɔyɛ asase nyinaa Temmufo no bɛgye adesamma afi nsisi mu.—Kenkan Dwom 96:12, 13; Yesaia 26:9.

Onyankopɔn apaw Yesu sɛ ɔmmu ateasefo ne awufo atɛn wɔ trenee mu. (Asomafoɔ Nnwuma 10:42; 17:31) Nnipa pii awu a wɔante Onyankopɔn ho asɛm biara. Atemmu Da no mu no, Yesu bɛnyane saa nkurɔfo no nyinaa ama wɔanya hokwan asua nokware Nyankopɔn no ho ade na wɔadɔ no.—Kenkan Asomafoɔ Nnwuma 24:15.

Dɛn nti na ɔde mfirihyia apem na ɛbɛbu atɛn?

Wɔbɛnyane awufo wɔ mfirihyia apem no mu. (Adiyisɛm 20:4, 12) Ɛbɛgye bere kakra ansa na wɔahu Onyankopɔn mmara na wɔadi so. Bible ka sɛ, sɛ wɔnyane awufo a, nea wɔbɛyɛ no na wɔbɛgyina so abu wɔn atɛn, nanso nnipa dodow no ara gye di sɛ ɛnte saa.—Kenkan Romafoɔ 6:7.

Bible san ka sɛ ansa na mfirihyia apem no bɛfiri ase no, Atemmu Da bi bɛba mpofirim. Sɛnea nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mfiase boa yɛn ma yɛhu no, wɔsan frɛ saa da no wiase awieeɛ. Saa bere no, Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wɔntie n’Asɛm no nyinaa. (2 Petro 3:7) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn.—Kenkan 2 Petro 3:9, 13.