Tɛla kɔ ndwokɔ mɔɔ ɩwɔ zʋ

Tɛla kɔ Ndwokɔ mɔɔ bɛhyɩhyɛ

ƆFÃ 8 • ASOMAFO NNWUMA 21:18–28:31

‘Ɔkaa Ahenni No Ho Asɛm a Biribiara Ansiw Ho Kwan’

‘Ɔkaa Ahenni No Ho Asɛm a Biribiara Ansiw Ho Kwan’

ASOMAFO NNWUMA 28:31

Saa ɔfã yi mu no, yebehu sɛ mmere bi, nsɛmmɔnedifo akuw de abufuw tow hyɛɛ Paul so. Yebehu nso sɛ ɔdaa afiase mpɛn pii, na okogyinaa Roma man no mpanyimfo ahorow anim koyii n’ano. Ne nyinaa mu no, ɔsomafo no kɔɔ so dii Onyankopɔn Ahenni ho adanse. Bere a woresusuw Asomafo Nnwuma no awiei nsɛm a ɛyɛ anigye no ho no, bisa wo ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn na matumi asuasua ɔsɛmpakafo a ɔwɔ akokoduru ne nsi yi?’