Tɛla kɔ ndwokɔ mɔɔ ɩwɔ zʋ

Tɛla kɔ Ndwokɔ mɔɔ bɛhyɩhyɛ

TILE 25

“Mɩfa Mʋ Odwokɔ Nɩ Mɩbɩlɛ Amanlɩ Bulombunli Siiza!”

“Mɩfa Mʋ Odwokɔ Nɩ Mɩbɩlɛ Amanlɩ Bulombunli Siiza!”

Pɔɔlʋ yɛlɩ ndianwʋ wɔ odwokɔba yɩ mɛda mɔɔ yekegyina nɩ nu

Egyina Asomafo Nnwuma 25:1–26:32 so

1, 2. (a) Mɩnla bʋwabɩlɛ yɛ nɩ Pɔɔlʋ wɔ nu a? (b) Pɔɔlʋ hanlɩ kɛɛ ɩlɛ yi odwokɔ yɩ ɩkɛlanɩɩ Siiza nɩ, mɩnla odwokɔɣizialɛ yɛ idwodwuli a?

 BERE a na Paul wɔ Kaesarea no, asraafo de wɔn ani dii n’akyi paa. Bere a ɔsan kɔɔ Yudea bɛyɛ mfe mmienu a atwam no, nna kakraa bi ntam Yudafo no bɔɔ mmɔden bɛyɛ mprɛnsa sɛ wɔbekum no. (Aso. 21:27-36; 23:10, 12-15, 27) Ɛde besi saa bere yi, na n’atamfo no nnyaa no nkum no, nanso na wɔnnyaee n’akyi di. Bere a Paul hui sɛ anhwɛ a wɔde no bɛhyɛ n’atamfo nsa no, ɔka kyerɛɛ Roma Amrado Festo sɛ: “Mede asɛm no dan Kaesare!”—Aso. 25:11.

2 Gyinae a Paul sii sɛ ɔde asɛm no bɛkɔ akɔdan ɔhempɔn a ɔwɔ Roma no, na Yehowa pene so anaa? Asɛmmisa yi ho mmuae ho hia yɛn a yɛredi Onyankopɔn Ahenni ho adanse fefeefe wɔ awiei bere yi mu no. Ehia sɛ yehu sɛ, nea Paul yɛe no yɛ sa pa a watwa ato hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛfa so ‘bɔ asɛmpa no ho ban mmara kwan so’ anaa.—Filip. 1:7.

“Migyĩ Ndɛnɩwuwalɛ Biyia Yɩ Anyunu” (Egy. 25:​1-12)

3, 4. (a) Mɩnla ti mɔɔ Dwuumaa nɩ zianlɩ kɛɛ bɛ nɩɩ Pɔɔlʋ ɣɩla Gyelusalamɩ a, na kɛ ɩyɛlɩ mɔɔ inyianlɩ yi ti ilili nu a? (b) Mɩnla ɔhʋanɩ yɛ Gyehova duwa zʋlɔ hyɛ yɩ azʋ̃mɩvʋlɔ ɛzɩzɩbɛ wɔ nnɛ dɩkɛɛ mɔɔ ɩyɛlɩ Pɔɔlʋ nɩ a?

3 Bere a wɔde Festo sii agua so sɛ Roma amrado foforo wɔ Yudea no, ne nnansa so no, ɔkɔɔ Yerusalem. a Bere a ɔwɔ hɔ no, otiee asɔfo mpanyin ne Yudafo atitiriw no bere a wɔrebɔ Paul sobo sɛ wayɛ bɔne a emu yɛ duru no. Ná asɔfo mpanyin ne Yudafo atitiriw no nim sɛ, Romafo no pɛ sɛ amrado foforo no hwɛ ma asomdwoe tena ɔne asɔfo mpanyin ne Yudafo atitiriw no ne Yudafo no nyinaa ntam. Enti, wɔde adesrɛ bi too Festo anim sɛ: Fa Paul bra Yerusalem na di n’asɛm wɔ ha. Nanso, na adwemmɔne bi wɔ wɔn adesrɛ no akyi. Ná Paul atamfo no abɔ pɔw sɛ, sɛ wɔde Paul fi Kaesarea rekɔ Yerusalem a, wɔbekum no wɔ kwan so. Festo ampene wɔn adesrɛ no so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo mu atitiriw no ne me nkɔ [Kaesarea], na sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbarima no ayɛ bɔne bi a, wɔabɔ no kwaadu.” (Aso. 25:5) Enti, Paul san nyaa ne ti didii mu bio.

4 Bere a na wɔredi Paul asɛm nyinaa, Yehowa nam Awurade Yesu Kristo so hyɛɛ no den. Kae sɛ, Yesu ka kyerɛɛ ɔsomafo no wɔ anisoadehu bi mu sɛ: “Nya akokoduru!” (Aso. 23:11) Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo nso hyia nsɛnnennen, na nkurɔfo tan wɔn ani. Ɛnyɛ ɔhaw biara na Yehowa yi fi yɛn so, nanso ɔma yɛn nyansa ne akokoduru a yɛde begyina ano. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no bɛma yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” bere nyinaa.—2 Kor. 4:7.

5. Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Fɛsɩtɔsʋ ɩ nɩɩ Pɔɔlʋ lili a?

5 Nna bi akyi no, Festo ‘tenaa atemmu agua so’ wɔ Kaesarea. b Ná Paul ne wɔn a na wɔrebɔ Paul sobo no gyinagyina Festo anim. Nkurɔfo no kekaa nsɛm pii a enni nnyinaso biara guu Paul so, na ɔreyi n’ano no, ɔkaa sɛ: “Menyɛɛ bɔne biara a etia Yudafo Mmara anaa asɔrefi no anaa Kaesare.” Ná ɔsomafo no ho nni asɛm, na na ɛfata sɛ wɔgyaa no. Dɛn na na Festo bɛyɛ wɔ asɛm yi ho? Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ onya Yudafo no anim dom nti, obisaa Paul sɛ: “Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem ma wodi asɛm no wɔ m’anim wɔ hɔ anaa?” (Aso. 25:6-9) Asɛm a ɔde too Paul anim no, na nyansa nnim koraa! Sɛ wɔde Paul san kɔɔ Yerusalem ma wɔkodii n’asɛm a, anka wɔn a na wɔrebɔ no sobo no ara na wɔbebu no atɛn, na akyinnye biara nni ho sɛ anka wɔbekum no. Esiane amanyɔsɛm nti, Festo amfa atɛntrenee anyɛ adwuma wɔ asɛm yi mu. Ná amrado bi a watwam a na wɔfrɛ no Pilato nso ayɛ biribi saa. Ɔdeduani a Pontio Pilato dii n’asɛm no mpo de, na ɔsom bo koraa sen Paul. (Yoh. 19:12-16) Atemmufo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi ama amanyɔfo apiapia wɔn ma wɔabu atɛnkyea. Ɛno nti, sɛ atemmufo redi asɛm bi a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔbu yɛn atɛnkyea a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn nwanwa.

6, 7. Mɩnla ti mɔɔ Pɔɔlʋ valɩ yi odwokɔ yɩ ɩlanɩnlɩ Siiza a, na mɩnla ndianwʋ yɛ ɩva iyiaki nɔhʋanlɛ Kilisinyiamaa mɔɔ bɔwɔ kɛnɩ nnɛ nɩ a?

6 Ná Yudafo no anim dom a Festo pɛ sɛ onya no betumi ama wɔakum Paul. Enti, Paul de hokwan a na ɔwɔ sɛ Romani no dii dwuma. Ɔka kyerɛɛ Festo sɛ: “Migyina Kaesare atemmu agua anim, na ɛha na ɛsɛ sɛ wodi m’asɛm. Menyɛɛ Yudafo no bɔne biara, sɛnea wo ara nso woahu no yiye no. . . . Mede asɛm no dan Kaesare!” Sɛ obi nya ka sɛ ɔde n’asɛm akɔdan Kaesare a, na wɔntaa ntwe nsan. Festo maa wei mu daa hɔ, na ɔkaa sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no, enti Kaesare hɔ na wobɛkɔ.” (Aso. 25:10-12) Paul asɛm a ɔde kɔdan obi a ɔwɔ tumi kɛse paa no, ɛyɛ nhwɛso a nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi adi akyi. Sɛ wɔn a wɔsɔre tia Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛhyɛ mmara akyi de ɔhaw aba’ wɔn so a, Adansefo no de hokwan a wɔwɔ wɔ mmara mu di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi akɔ so aka asɛmpa no. cDw. 94:20.

7 Enti bere a Paul de bɛboro mfe mmienu ada afiase a ɔnyɛɛ bɔne biara no, afei de na wanya kwan sɛ obetumi akoyi n’ano wɔ Roma. Nanso, na sodifo foforo bi pɛ sɛ ohu no ansa na wakɔ.

Sɛ wɔdi asɛm tia yɛn a, yɛde kɔdan asɛnnibea foforo

“Mɩáyɛ Azʋ̃nzɩzɩbɛ” (Egy. 25:13–26:23)

8, 9. Mɩnla ti mɔɔ Bulombunli Agɩlɩpa hɔlɩ Siiza kɛnɩ a?

8 Bere a Paul kaa wɔ Festo anim sɛ ɔde n’asɛm no dan Kaesare no, nna kakra bi akyi no, Ɔhene Agripa ne ne nuabea Bernike “bekyiaa” amrado foforo no. d Romafo bere so no, sɛ wɔpaw obi sɛ amrado foforo a, na ade a atumfoɔ taa yɛ ne sɛ wɔkokyia no. Bere a Agripa kɔbɔɔ Festo aba so no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔrebɔ mmɔden ama adamfofa bi abɛda ɔne no ntam, na daakye ɛso aba no mfaso wɔ n’ahenni mu.—Aso. 25:13.

9 Festo kaa Paul ho asɛm kyerɛɛ Agripa, na na Agripa ani gye ho sɛ obetie Paul. Ade kyee no, atumfoɔ mmienu no tenaa atemmu agua so. Ná wɔahyehyɛ wɔn ho kɔsɔɔ de rekyerɛ sɛ wɔwɔ tumi, nanso asɛm a na ɔdeduani a ogyina wɔn anim no rebɛka akyerɛ wɔn no, na ehia sen sɛnea wɔasiesie wɔn ho no koraa.—Aso. 25:22-27.

10, 11. Mɩnla yɛ Pɔɔlʋ yɛlɩ va hileli kɛɛ ibu Agɩlɩpa a, na mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Pɔɔlʋ hanlɩ mɔɔ ɩyɛ idua numɔ nwʋ odwokɔ ihileli bulombunli yi a?

10 Paul fi obu mu daa Ɔhene Agripa ase sɛ wama wanya hokwan rebeyi n’ano wɔ n’anim, na ɔkaa sɛ Agripa nim Yudafo amanne nyinaa ne nneɛma a wɔgye ho akyinnye. Afei, Paul kaa asetena a kan no na ɔwom ho asɛm sɛ: “Mebɔɔ me bra sɛ Farisini a odi yɛn som mu amanne so pɛpɛɛpɛ.” (Aso. 26:5) Esiane sɛ na Paul yɛ Farisini nti, na ɔhwɛ kwan sɛ Mesia no bɛba. Saa bere yi a wabɛyɛ Kristoni no, ɔde akokoduru kaa sɛ Yesu Kristo ne Mesia a wɔde bere tenten ahwɛ no kwan no. Paul kyerɛɛ mu sɛ, ɔne wɔn a na wɔrebɔ no sobo no nyinaa wɔ anidaso sɛ Onyankopɔn bɛma Mesia ho bɔ a ɔhyɛɛ wɔn agyanom no aba mu, na ɛno ho adanse a odi nti na na wɔredi n’asɛm saa da no. Asɛm a Paul kae no maa Agripa ani gyee ho kɛse sɛ obetie asɛm a na ɔreka no. e

11 Bere a Paul reka atirimɔdensɛm a na ɔde adi Kristofo ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Me nso, na migye di paa sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nneɛma pii de ko tia Nasaretni Yesu din. . . . Esiane m’ani a na abere wɔn [kyerɛ sɛ, Kristo akyidifo no] so denneennen nti, mekɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtan wɔn ani wɔ hɔ.” (Aso. 26:9-11) Ɛnyɛ sɛ na Paul rehããhãã n’ani aka asɛm. Ná nnipa pii nim sɛnea na wateetee Kristofo no. (Gal. 1:13, 23) Ɛbɛyɛ sɛ Agripa bisaa ne ho sɛ, ‘Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa saa ɔbarima yi sesae?’

12, 13. (a) Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Pɔɔlʋ hanlɩ kezimɔ ɩɣa ɩyɛlɩ Kilisinyianii nwʋ odwokɔ a? (b) Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ nɩ Pɔɔlʋ ‘ɩtʋʋ ntiyia ɩbɔ eveleni bowulo nu a’?

12 Asɛm a edi hɔ a Paul kae yi ma yehu nea ɛma ɔsesae. Ɔkaa sɛ: “Na menam kwan so de tumi ne ahyɛde a minya fii asɔfo mpanyin no hɔ rekɔ Damasko. Ɔhene, bere a menam kwan so prɛmtobere no, mihui sɛ hann bi a ano yɛ den sen owia fi soro ahyerɛn atwa me ho ahyia, na etwaa wɔn a wɔne me rekɔ no nso ho hyiae. Na bere a yɛn nyinaa hwehwee fam no, metee sɛ ɛnne bi reka kyerɛ me wɔ Hebri kasa mu sɛ: ‘Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani? Sɛ wokɔ so tu wo nan de wɔ poma ano a, ɛbɛyɛ den ama wo.’ Na mekae sɛ: ‘Ɛyɛ wo hena, Owura?’ Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Ɛyɛ me Yesu a woretan m’ani no.’” fAso. 26:12-15.

13 Ansa na Paul renya anisoadehu no, na ‘otu ne nan de wɔ poma ano’ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Sɛ aboa a ɔsoa nneɛma tu ne nan de wɔ poma a ano yɛ nnam ano a, na opira ne ho. Saa ara na Paul nso, esiane sɛ na ɔreko tia Onyankopɔn apɛde nti, na ɔrepira ne ho wɔ honhom fam. Bere a Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no yii ne ho adi kyerɛɛ Paul wɔ Damasko kwan so no, ɔboaa saa barima komapafo a wafom kwan yi ma ɔsesaa n’adwene.—Yoh. 16:1, 2.

14, 15. Mɩnla yɛ Pɔɔlʋ hanlɩ valɩ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɩyɛ wɔ yɩ ɛbɩlawɔlɛ nu nɩ nwʋ a?

14 Paul yɛɛ nsakrae akɛse ankasa wɔ n’asetena mu. Bere a ɔne Agripa rekasa no, ɔkaa sɛ: “Anisoadehu a efi soro no, manyɛ ho asoɔden. Mmom midii kan kasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko, ɛnna akyiri yi mekasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Yerusalem, ne wɔn a wɔwɔ Yudea mantam nyinaa mu, ne amanaman no nso. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnyɛ nnwuma a ɛkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene, na wɔmfa so nnan mmra Onyankopɔn nkyɛn.” (Aso. 26:19, 20) Ná Paul de mfe pii ayɛ adwuma a Yesu Kristo de maa no wɔ anisoadehu a onyae saa awiabere no mu no. Dɛn na efii mu bae? Wɔn a wɔtiee asɛmpa a Paul kae no sakra fii ɔbrasɛe ne subammɔne a na wɔwom no ho, na wɔbaa Onyankopɔn nkyɛn. Saafo no bɛyɛɛ ɔmamma pa, na wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔdi mmara so.

15 Nanso, adepa a efii adwuma a Paul yɛe mu bae yi, na ɛho nhia Yudafo a wɔsɔre tiaa Paul no. Paul kaa sɛ: “Eyi nti na Yudafo no kyeree me wɔ asɔrefi hɔ a wɔyɛe sɛ wobekum me no. Nanso boa a Onyankopɔn aboa me nti na makɔ so atena hɔ abedu nnɛ a meredi adanse akyerɛ nketewa ne akɛse nyinaa yi.”—Aso. 26:21, 22.

16. Sɛ yɛ nɩɩ ndɛnɩwuwalɛmaa nɩɩ adumivʋlɔ yɛtɩndɛɛ yɛfalɩ ye dedi nwʋ a, kɛ ɩkɛyɛ na yɛazumazuma Pɔɔlʋ a?

16 Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ‘siesie yɛn ho sɛ bere biara yebeyi yɛn ano’ wɔ yɛn gyidi ho. (1 Pet. 3:15) Sɛ yɛreka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ atemmufo ne atumfoɔ, na sɛ yesuasua ɔkwan a Paul faa so ne Agripa ne Festo kasae no a, ebetumi aboa yɛn. Sɛ yefi obu mu ka sɛnea Bible mu nokware no asesa yɛn abrabɔ ne wɔn a wɔtie asɛm a yɛka no abrabɔ ama ayɛ papa no ho asɛm kyerɛ atumfoɔ a, ebetumi aka wɔn koma.

‘Ɔkɔhʋla Kɛma Mɩkɛyɛ Kilisinyianii’ (Egy. 26:​24-32)

17. Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Fɛsɩtɔsʋ yɛlɩ yɩ dɩyɛ wɔ Pɔɔlʋ yi odwokɔ yɩ nwʋ a, na mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ yɛnwʋ kɛɛ mmenii da ɔzɔ subanɩ yɩ ali wɔ nnɛ a?

17 Bere a atumfoɔ mmienu no retie Paul asɛm a ɛtɔ asom no, ɛkaa wɔn. Hyɛ nea ɛkɔɔ so yi nsow: “Bere a Paul reka nsɛm yi de ayi n’ano no, Festo de nne kɛse teɛɛm sɛ: ‘Paul, worebɔ dam! Adesua bebrebe reyɛ ama woabɔ dam!’” (Aso. 26:24) Asɛm a Festo teɛɛm kae no betumi akyerɛ sɛ, suban bi a yehu sɛ nkurɔfo da no adi nnɛ no, na ɔwɔ bi. Nnipa pii susuw sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ nea Bible ka ankasa no adwene nyɛ adwuma. Ɛtaa yɛ den ma wiase anyansafo sɛ wɔbegye nea Bible kyerɛkyerɛ fa awufo a wɔbenyan wɔn ho no atom.

18. Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Pɔɔlʋ wuwalɩ Fɛsɩtɔsʋ a, na mɩnla munwalɩyɛ sʋ̃ yɛ Agɩlɩpa va manlɩ yɩ a?

18 Nanso, na Paul wɔ mmuae a ɔde bɛma amrado no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onuonyamfo Festo, ɛnyɛ dam na merebɔ. Mmom nsɛm a mereka no yɛ nokware, na m’adwenem da hɔ paa na merekasa. Nea ɛwom ne sɛ, ɔhene a mede ahotoso rekasa akyerɛ no yi, onim nsɛm yi mu yiye . . . Ɔhene Agripa, wugye Adiyifo no di anaa? Minim sɛ wugye wɔn di.” Agripa nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Aka kakraa bi na woama madan Kristoni.” (Aso. 26:25-28) Sɛ́ asɛm a Agripa kae no fi ne komam anaa emfi ne komam no, yehu sɛ asɛm a Paul kae no kaa ɔhene no koma paa.

19. Mɩnla pɔkɔ yɛ Fɛsɩtɔsʋ nɩɩ Agɩlɩpa zili valɩ Pɔɔlʋ nwʋ a?

19 Afei Agripa ne Festo maa wɔn mu so de kyerɛe sɛ wɔatie Paul anom asɛm awie. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Bere a wɔrefi hɔ no, wofii ase kekae sɛ: ‘Ɔbarima yi nyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ owu anaa wɔde afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn gu no.’ Ɛnna Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: ‘Sɛ ɛnyɛ sɛ ɔbarima yi de asɛm no akɔdan Kaesare a, anka yebetumi agyaa no.’” (Aso. 26:31, 32) Ná wɔnim sɛ ɔbarima a ogyinaa wɔn anim kasae no ho nni asɛm. Ebia afei de, na wɔbenya Kristofo ho adwempa.

20. Dasɩlɛ mɔɔ Pɔɔlʋ lili adumivʋlɔ yɩ nɩ, mɩnla yɛ ɩzʋ̃ numɔ ɩɣalɩ a?

20 Atumfoɔ a kyerɛwtohɔ yi ka wɔn ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu biara annye Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no antom. Enti wohwɛ a, na nyansa wom sɛ ɔsomafo Paul kɔɔ saa mmarima yi anim? Mmuae no yɛ yiw. Kɔ a wɔde Paul kɔɔ “ahemfo ne amradofo anim” wɔ Yudea no, ɛma otumi nyaa kwan dii Roma aban mpanyimfo a anka ebetumi ayɛ den sɛ wɔbenya wɔn aka asɛm no akyerɛ wɔn no adanse. (Luka 21:12, 13) Bio nso, osuahu a onyae ne nokware a odii bere a na wɔredi n’asɛm no hyɛɛ ne nuanom mmarima ne mmea gyidi den.—Filip. 1:12-14.

21. Sɛ yeminyia yɛ nwʋ yɛyɛ ɔzʋ̃mɩnlɛ egyima yɩ a, mɩnla yɛ ɩzʋ̃ numɔ ɩkɛɣa a?

21 Saa ara na ɛte nnɛ. Sɛ yemia yɛn ani ka Ahenni no ho asɛm no ɛmfa ho sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow ne ɔsɔretia a, nneɛma pa pii betumi afi mu aba. Ebetumi ama yɛadi aban mpanyimfo a anka ɛbɛyɛ den sɛ yebenya wɔn aka asɛm no akyerɛ wɔn no adanse. Sɛ yɛde nokwaredi gyina ɔhaw a yehyia wɔ asɛnka mu no ano a, ebetumi ahyɛ yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea den, na aka wɔn ma wɔde akokoduru kɛse paa adi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse frenkyemm.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 199 a wɔato din “ Roma Amrado Porkio Festo” no.

b Ná “atemmu agua” no yɛ akongua bi a wɔde asi bamma so. Esiane sɛ na akongua no si baabi a ɛwɔ soro nti, sɛ ɔtemmufo no kasa wie a, na ɔmanfo no bu no sɛ asɛm asa, na ɛsɛ sɛ obiara gye tom. Bere a Pilato redi Yesu asɛm no, na ɔte atemmu agua so.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 200 a wɔato din “ Nokware Som Ho Nsɛm a Wɔde Kɔdan Asɛnnibea Ɛnnɛ” no.

d Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 201 a wɔato din “ Ɔhene Herode Agripa II” no.

e Esiane sɛ na Paul yɛ Kristoni nti, na ogye tom sɛ Yesu ne Mesia no. Yudafo a wɔannye Yesu antom no buu Paul sɛ na ɔyɛ ɔwaefo.—Aso. 21:21, 27, 28.

f Bible ho ɔbenfo bi kaa asɛm a Paul kaa sɛ na ɔretu kwan “prɛmtobere” no ho asɛm sɛ: “Sɛ ɛnyɛ sɛ na ɔkwantufo bi pɛ ntɛm paa akɔ baabi a ɔrekɔ a, na ogye n’ahome awiabere, bere a awia no ano yɛ den paa no. Enti yehu sɛ na Paul ayere ne ho denneennen retan Kristofo no ani.”