Tɛla kɔ ndwokɔ mɔɔ ɩwɔ zʋ

Tɛla kɔ Ndwokɔ mɔɔ bɛhyɩhyɛ

TILE 18

‘Pɛ́ Nyamɩnlɩ Tʋ Zʋ Na Ɔkɔnwʋ Yɩ’

‘Pɛ́ Nyamɩnlɩ Tʋ Zʋ Na Ɔkɔnwʋ Yɩ’

Pɔɔlʋ hanlɩ odwokɔ be mɔɔ ɩ nɩɩ yi ediyelɛmaa bɛ adwɩnɩ yiyia wɔ nwʋmɔ, na ɩzɩnzanlɩ yi odwokɔ nu

Egyina Asomafo Nnwuma 17:16-34 so

1-3. (a) Mɩnla yɛ ɩmanlɩ Pɔɔlʋ valɩ ɛya wɔ Atɛnsɩ a? (b) Mɩnla yɛ yɛkɔhʋla yekozuma wɔ Pɔɔlʋ yi ndianwʋ yɩ nu a?

 NÁ ASƐM bi yɛ Paul ahometew paa. Ná ɔwɔ Greece kurow Atene mu. Ná nhomasua agye ntini wɔ hɔ, na bere bi nyansapɛfo te sɛ Socrates, Plato, ne Aristotle kyerɛɛ ade wɔ hɔ no. Ná nyamesom agye kurow no mufo adwene. Baabi a Paul bɛkɔ biara, asɔredan mu oo, gua so oo, mmɔnten so oo, na anyame ayɛ hɔ mã, efisɛ na Atenefo anyame dɔɔso. Ná Paul nim adwene a Yehowa, nokware Nyankopɔn no wɔ wɔ abosonsom ho. (Ex. 20:4, 5) Enti sɛnea Yehowa hu abosonsom no, saa ara na na ɔsomafo nokwafo yi nso hu no; ná okyi koraa!

2 Bere a Paul kopuee agora anaa gua so hɔ no, nea ohui wɔ hɔ no maa ne ho dwiriw no. Ná wɔayeyɛ onyame Hermes a ne barima da so ahoni bebree de asisi ntwea so wɔ gua no atifi fam, na na ɛhɔ bɛn gua no kwan ano. Ná abosom adan ayɛ gua no so ma. Nnipa a abosonsom adi wɔn ti saa yi, ɔkwan bɛn na na ɔsomafo mmɔdenbɔfo yi betumi afa so aka asɛmpa no akyerɛ wɔn? Ná ɔbɛhyɛ ne ho so na wahwehwɛ nsɛm a ɔne nkurɔfo no adwene behyia wɔ ho anaa? Ná obetumi aboa nnipa no bi ama wɔahwehwɛ nokware Nyankopɔn no na wɔahu no anaa?

3 Asɛm a Paul ka kyerɛɛ Atene animdefo no, wɔakyerɛw wɔ Asomafo Nnwuma 17:22-31. Sɛnea Paul kasae, ne anifere ne nhumu a ɔdaa no adi no, yebetumi asua biribi afi mu. Sɛ yesua Paul nhwɛso no a, yebetumi ahwehwɛ nsɛm a yɛne atiefo adwene hyia wɔ ho na yɛaboa wɔn ma wɔadwen nsɛm ho.

Ihilehileli Bɛ Wɔ “Kua Yɩ Zʋ” (Egy. 17:​16-21)

4, 5. Atɛnsɩ yɩ ɔfʋã ɛhɩnla yɛ Pɔɔlʋ hanlɩ odwokɔ yɩ a, na mɩnla ti mɔɔ nɩ ɩ́la azɩ kɛɛ ɩkɛhã odwokɔ yɩ ikehile bɛzabɛ mɔɔ bɔwɔ kɛnɩ nɩ a?

4 Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmienu no mu no, ɔkɔɔ Atene bɛyɛ afe 50 Y.B. a Bere a Paul retwɛn Silas ne Timoteo sɛ wɔbefi Beroia aba no, ɔne Yudafo no “susuw nsɛm ho wɔ hyiadan no mu” sɛnea na ɔtaa yɛ no. Afei ɔkɔɔ baabi a obenya Atenefo a wɔnyɛ Yudafo ne wɔn akasa; ná ɛyɛ “gua so,” anaa agora. (Aso. 17:17) Wokɔ Atene a, na agora no wɔ Acropolis no atifi fam baabi, na na ne kɛse yɛ bɛyɛ eka 12. Ɛnyɛ aguadi nko na na ɛkɔ so wɔ hɔ; mmom na kurom hɔfo bɔ gua nso wɔ hɔ. Nhoma bi ka sɛ, ɛhɔ na na kurow no biribiara gyina, te sɛ “kurow no sikasɛm, n’amammuo, ne n’amammerɛ.” Ná Atenefo ani gye ho paa sɛ wɔbehyia wɔ hɔ atoatoa adwene.

5 Sɛ yɛhwɛ nnipa a na Paul rebɛka asɛm no akyerɛ wɔn wɔ gua so hɔ no a, na ɛrenyɛ mmerɛw mma no. Ná n’atiefo no bi yɛ Epikurofo, ɛnna ebi nso yɛ Stoafo. Wɔn nyinaa yɛ nyansapɛfo, na na ɛsono adwene a ekuw no biara kura wɔ nsɛm ho. b Ná Epikurofo wɔ adwene sɛ nkwa ankasa na ɛbae. Yɛbɛbɔ no mua a, adwene a na wɔkura wɔ nkwa ho ne sɛ: “Ɛho nhia sɛ obi suro Onyankopɔn; Obi wu a, ɔnte nka bio; Nnipa betumi anya adepa; Adebɔne si a, nnipa betumi agyina ano.” Stoafo no nso, na wɔkyerɛkyerɛ sɛ, nea ɛho hia paa ne sɛ obi de n’adwene bɛyɛ adwuma, na na wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn yɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Ná Epikurofo ne Stoafo no nyinaa nnye owusɔre a Kristo asuafo kyerɛkyerɛ no nni. Ɛda adi sɛ, adwene a akuw mmienu no nyinaa kura no, na ɛne nokware a Kristofo gye di a na Paul rekyerɛkyerɛ no nhyia.

6, 7. Mɩnla yɛ Giliki nnimidimaa nɩ be bɛyɛlɩ wɔ Pɔɔlʋ yɩ ehilehilelɛ nɩ nwʋ a, na mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ yɛkɔhʋla keyiyia bʋwabɩlɛ mɔɔ ɩdɩ zɔ nnɛ a?

6 Dɛn na Greecefo nyansapɛfo no yɛe wɔ Paul nkyerɛkyerɛ no ho? Ebinom de asɛmfua bi a ɛkyerɛ “kasatenten wura” anaa “obi a ɔsosɔw aba” na ɛfrɛɛ no. (Asomafo Nnwuma 17:18) Ɔbenfo bi kyerɛɛ saa Greek asɛmfua no mu sɛ: “Bere bi, na wɔde saa asɛmfua no kyerɛ anomaa ketewa bi a ɔnenam sosɔw aduan wɔ fam. Akyiri yi, na wɔtumi de frɛ nnipa a wɔsesaw nnuan ne nneɛma a egugu basabasa wɔ gua so. Eduu baabi no, na wɔde frɛ obi a ɔsosɔw nsɛm, kyerɛ sɛ, obi a ɔfa asɛm wei, na wafa asɛm wei, na waka abom, nanso wutie a ɛyɛ hwanyann, wunhu ne ti nhu ne nkɔn.” Ɔkwan bi so no, na animdefo no repɛ akyerɛ sɛ Paul nni asɛm papa biara ka, na mmom nea nkurɔfo ka na ɔno nso ka bi. Nanso yebehu sɛ Paul amma saa nsɛnkeka no anhunahuna no.

7 Saa ara na ɛte nnɛ. Yehowa Adansefo gyidi a egyina Bible so nti, nnipa to wɔn din de huru wɔn. Ɛho nhwɛso bi ni: Akyerɛkyerɛfo bi kyerɛkyerɛ sɛ, adannandi yɛ nokware na wɔka sɛ, sɛ obi adwenem da hɔ a, obegye atom. Ɔkwan bi so no, nea wɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ, sɛ woannye antom a na ɛkyerɛ sɛ w’adwenem mmuei. Sɛ yɛka Bible mu asɛm kyerɛ nkurɔfo na yɛkyerɛ wɔn sɛ obi hyɛɛ da bɔɔ nneɛma a, saa animdefo no ka nsɛm a ɛbɛma nkurɔfo abu yɛn sɛ ‘yɛsosɔw nsɛm.’ Nanso ɛno mmɔ yɛn hu. Mmom no, yɛde ahotoso kyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu ma nkurɔfo hu sɛ, Ɔbɔadeɛ nyansafo Yehowa Nyankopɔn na ɔyɛɛ abɔde a nkwa wom wɔ asaase so.—Adi. 4:11.

8. (a) Mmɩlɩ mɔ abiyemmɔ dɩlɩ Pɔɔlʋ yɩ ehilehilelɛ nɩ, mɩnla yɛ bɛyɛlɩ a? (b) Alɩyɔpagasu yɩ kɛnɩ mɔɔ bɛvalɩ Pɔɔlʋ bɔhɔlɩ nɩ, mɩnla yɛ ɩkɔhʋla ikehile a? (Kila azɩkɛnɩ odwokɔ mɔɔ ɩwɔ owukolɛ 142.)

8 Nnipa a wɔtiee Paul nkyerɛkyerɛ wɔ gua no so no bi nso kaa asɛm foforo. Wɔkaa sɛ: “Gyama ɔyɛ obi a ɔka anyame foforo ho asɛm.” (Aso. 17:18) Ɛyɛ ampa sɛ na Paul reka anyame foforo ho asɛm akyerɛ Atenefo no anaa? Ná asɛm no yɛ aniberesɛm efisɛ mfe bi a atwam no, wɔde sobo a ɛte saa bɔɔ Socrates, na ɛno ka ho bi na wɔdii n’asɛm buu no kumfɔ. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔde Paul kɔɔ Areopago sɛ onkoyi n’ano wɔ nkyerɛkyerɛ a na Atenefo no ntee bi da no ho. c Ɔkwan bɛn na na Paul bɛfa so ayi n’ano bere a nnipa no nni Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ biara?

‘Atɛnsɩmaa, Mʋnwʋ Yɩ’ (Egy. 17:​22, 23)

9-11. (a) Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Pɔɔlʋ bɩbɛlɩ ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ ediyelɛmaa bɛ adwɩnɩ keyiyia wɔ nwʋmɔ a? (b) Kɛ ɩkɛyɛ na yɛazumazuma Pɔɔlʋ yɩ ndianwʋ yɩ wɔ dasɩlɛlilɛ nu a?

9 Kae sɛ, bere a Paul huu abosonsom bebrebe a na ɛrekɔ so no, ɛyɛɛ no ahometew paa. Nanso, sɛ́ anka ɔbɛbɔ abosonsomfo no akyi no, ɔhyɛɛ ne ho so. Ɔde anifere hwehwɛɛ nsɛm a ɔne wɔn adwene hyia wɔ ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo no bɛyɛ aso atie no. Ofii n’asɛm no ase sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ ade nyinaa mu, ayɛ sɛ mopɛ nyamesom sen afoforo.” (Aso. 17:22) Nea na Paul reka ara ne sɛ, ‘Mitumi hu sɛ momfa mo som nni agorɔ koraa.’ Ɛyɛ papa sɛ Paul kamfoo wɔn sɛ wɔn ani gye nyamesom ho. Ohui sɛ nnipa a atoro nkyerɛkyerɛ afura wɔn ani no betumi abue wɔn komam atie asɛm no. Ná Paul nim sɛ bere bi, na ɔno nso ‘nnim nea ɔreyɛ, na gyidi a na onni nti na ɔyɛɛ nneɛma bi.’—1 Tim. 1:13.

10 Ná Paul pɛ sɛ ɔde n’asɛm no gyina biribi a ɔne wɔn adwene betumi ahyia wɔ ho so, enti ɔkaa sɛ wahu biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ nyamesom paa. Ade a ohui no ne afɔremuka a wɔakyerɛw ho “Onyame a Yennim No No Dea.” Nhoma bi ka sɛ, “na Greecefo ne afoforo taa yɛ afɔremuka ma ‘anyame a wɔnnim wɔn,’ efisɛ na wɔsuro sɛ anhwɛ a na wɔn ani apa onyame bi so ama ne bo afuw wɔn.” Saa afɔremuka a Atenefo no yɛe no kyerɛ sɛ, na wɔgye tom sɛ Onyame bi wɔ hɔ a wɔnnim no. Paul kaa saa afɔremuka no ho asɛm de danee adwene kɔɔ asɛmpa a ɔreka no so. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea mosom no a munnim no no, ɔno ara na mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi.” (Aso. 17:23) Paul anka n’asɛm no tẽẽ nanso na tumi wom. Ɛnyɛ sɛ na ɔreka ananafo nyame anaa nyame foforo bi ho asɛm sɛnea na ebinom rekeka no. Ná ɔrekyerɛ wɔn ama wɔabehu sɛ Onyame a wɔnnim no no ne nokware Nyankopɔn no.

11 Dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Paul nhwɛso no wɔ asɛnka mu? Sɛ yɛde yɛn ani to fam a, yebehu obi a n’ani gye nyamesom ho. Ebia yebehu nneɛma bi a egu ne kɔn mu anaa nneɛma bi a ɛwɔ ne fie a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ nyamesom. Yebetumi aka sɛ: ‘Mihu sɛ womfa wo som nni agorɔ. Me nso merehwehwɛ obi a n’ani gye nyamesom ho ne no abɔ nkɔmmɔ.’ Sɛ yɛyɛ anifere kamfo onii no wɔ ne mmɔdenbɔ ho a, ɛbɛma yɛanya biribi a yɛn adwene betumi ahyia wɔ ho abɔ ho nkɔmmɔ. Kae sɛ, ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebebu afoforo gyidi ho atɛn. Yɛn nuanom a yɛne wɔn resom seesei no, bere bi na wɔn mu pii kura atoro nkyerɛkyerɛ mu denneennen a wɔnnim sɛ wɔayera.

Hwehwɛ asɛm a mo adwene hyia wɔ ho fa fi nkɔmmɔ no ase

Nyamɩnlɩ “Nɩɩ Ye Nu Bela Yɛ Avinli Ɩáwa” (Egy. 17:​24-28)

12. Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Pɔɔlʋ zɩnzanlɩ yi ndwokɔ nu a?

12 Paul tumi ne wɔn fii nkɔmmɔ no ase kama, nanso asɛm no ne sɛ, na obetumi ama wɔakɔ so atie no anaa? Ná onim sɛ n’atiefo no asua Greecefo nyansapɛ nanso na wɔnnim Kyerɛwnsɛm no mu, enti ɔdanedanee ne nsɛm mu. Nea edi kan no, ɔkaa Bible mu nsɛm nanso wanyi amfi Kyerɛwnsɛm no mu tee. Nea ɛtɔ so mmienu, ɔmaa wɔn a ɔne wɔn rekasa no hui sɛ ɔno nso ka wɔn ho, na edu mmere bi a, na ɔde asɛmfua “yɛn” di dwuma. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, oyii ne nsɛm no bi fii Greecefo no nhoma ahorow mu de kyerɛɛ wɔn sɛ, nea ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no bi wɔ wɔn ankasa nhoma mu. Afei Paul kasa a tumi wom no, momma yɛnnɔ mu asukɔ. Nea Atenefo no frɛɛ no Onyame a wɔnnim no no, ne ho nokwasɛm a ehia bɛn na Paul ka kyerɛɛ wɔn?

13. Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Pɔɔlʋ manlɩ yi ediyelɛmaa yɩ nwʋnlɩ kezimɔ ɩyɛlɩ mɔɔ nninyeni mɔɔ ɩwɔ sʋlɔ nɩɩ azɩlɛ yɩ zʋ ɣalɩ a, na mɩnla yɛ nɩ yi ndwokɔ yɩ kile a?

13 Onyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara. Paul kaa sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no, ɔno ne ɔsoro ne asaase Wura. Enti ɔnte asɔredan a nnipa de wɔn nsa asi mu.” d (Aso. 17:24) Biribiara nni ɔsoro ne asaase so a ɛno ankasa na ɛbae. Nokware Nyankopɔn no na ɔbɔɔ ade nyinaa. (Dw. 146:6) Ná nyame bi a wɔfrɛ no Athena ne anyame foforo no anuonyam gyina asɔredan, abosom adan, ne afɔremuka ahorow so. Nanso Awurade Tumfoɔ a ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase no de, asɔredan a nnipa asi ntumi nkora ne so. (1 Ahe. 8:27) Ná Paul asɛm no mu da hɔ fann: Nokware Nyankopɔn no yɛ kɛse sen abosom biara a nnipa ayɛ asi asɔredan a nnipa asi mu.—Yes. 40:18-26.

14. Mɩnla yɛ Pɔɔlʋ hanlɩ va hileli kɛɛ Nyamɩnlɩ ɩáma abiyela kakɛ a?

14 Onyankopɔn nhia biribiara mfi nnipa hɔ. Ná abosonsomfo taa hyehyɛ wɔn ahoni no kɔsɔɔ, na na wɔma wɔn akyɛde a ne bo yɛ den ne aduan ne nsã. Ná ayɛ te sɛ nea abosom no hia saa nneɛma no. Nanso ebia na Greecefo nyansapɛfo a wɔretie Paul no mu bi gye di sɛ onyame biara nni hɔ a ohia biribi fi nnipa hɔ. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na wɔne Paul bɛyɛ adwene bere a ɔkaa sɛ Onyankopɔn de, ‘onhia sɛ nnipa de wɔn nsa som no.’ Nokwarem no, Ɔbɔadeɛ no nhia honam fam nneɛma biara mfi nnipa hɔ! Mmom no, ɔno na ɔma nnipa nea wɔhia. Ɔma wɔn “nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa”; nneɛma bi te sɛ awia ne nsu a ɛtɔ, ne asaase pa. (Aso. 17:25; Gen. 2:7) Enti Onyankopɔn na ɔma nnipa ade; onhia biribiara mfi nnipa hɔ.

15. Mɩnla ɔhʋanɩ yɛ Pɔɔlʋ luwalɩ zʋlɔ hileli Atɛnsɩmaa yɩ kɛɛ bɛ́dɩ enii bɛtɛ́la bɛzabɛ mɔɔ bɛ́dɩ Giliki maa nɩ a, na ozumalɛdɩyɛ titili ɛhɩnla dɩyɛ yɛ yenyia wɔ yɩ ndianwʋ yɩ nu a?

15 Onyankopɔn na ɔyɛɛ nnipa. Ná Atenefo te nka sɛ wɔkyɛn nnipa a wɔnyɛ Greecefo. Nanso Bible kasa tia adwene a obi benya sɛ ne man anaa n’abusua kyɛn afoforo. (Deut. 10:17) Paul faa anifere kwan so kaa asɛm a ne ka yɛ ka-na yi. Bere a Paul kaa sɛ ‘Onyankopɔn maa aman nyinaa mu nnipa fii onipa baako mu’ no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa n’atiefo no dwinnwen asɛm no ho. (Aso. 17:26) Ná ɔretwe adwene asi asɛm a Genesis ka faa Adam ho no so, na saa asɛm no ma yehu sɛ adasamma nyinaa fi Adam mu. (Gen. 1:26-28) Esiane sɛ nnipa nyinaa fi onipa baako mu nti, ɔman anaa abusua biara nkyɛn foforo. Nea Paul kae yi, na n’atiefo no nyinaa bɛte ase. Yenya asuade titiriw bi fi ne nhwɛso yi mu. Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere na yɛte afoforo ase wɔ asɛnka adwuma no mu, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegow Bible nokwasɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo ani begye ho.

16. Mɩnla ti mɔɔ Dɩyɛwɔlɛvʋlɔ yɩ wɔlɩ enii a?

16 Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa bɛn no. Ebia na nyansapɛfo a wɔretie Paul no de bere tenten asusuw nea enti a nnipa wɔ wiase no ho, na na wɔnnyaa ɛho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom biara. Nanso Paul daa no adi pefee sɛ, nea enti a Ɔbɔadeɛ no bɔɔ nnipa ne sɛ “wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn, na wɔapɛ n’akyi kwan denneennen akosi sɛ wobehu no, nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware.” (Aso. 17:27) Onyame a na Atenefo no nnim no no, na ɛnyɛ den sɛ obiara behu no. Nea ɛte ne sɛ, ɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhu no na wɔsua ne ho ade no ntam nware. (Dw. 145:18) Hyɛ no nsow sɛ, Paul de asɛmfua “yɛn” dii dwuma de kyerɛe sɛ nnipa a ehia sɛ ‘wɔhwehwɛ Onyankopɔn na wɔpɛ n’akyi kwan denneennen’ no, ɔno nso ka ho bi.

17, 18. Mɩnla ti mɔɔ ɩsɛ kɛɛ enii kʋla bike Nyamɩnlɩ a, na mɩnla yɛ yɛkɔhʋla kozuma wɔ ɔhʋanɩ mɔɔ Pɔɔlʋ luwalɩ zʋlɔ ɩ nɩɩ yi ediyelɛmaa yɩ dɩndɛlɩ nɩ nu a?

17 Ɛsɛ sɛ nnipa tumi bɛn Onyankopɔn. Paul kaa sɛ, ɛnam Onyankopɔn so na “yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.” Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ na Paul retwe adwene si Epimenides nsɛm bi so. Ná Epimenides yɛ Kretani anwensɛm kyerɛwfo a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe ahansia ansa na Kristo reba, na na “wɔbu no nipa titiriw wɔ Atenefo som mu.” Paul kyerɛɛ ade foforo a enti ɛsɛ sɛ nnipa tumi bɛn Onyankopɔn. Ɔkaa sɛ: “Mo ara mo nkurɔfo a wɔkyerɛw anwensɛm no, ebinom mpo aka sɛ, ‘Yɛn nso, yɛyɛ ne mma.’” (Aso. 17:28) Ɛsɛ sɛ nnipa te nka sɛ wɔne Onyankopɔn bɔ abusua, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ onipa a odi kan a obiara fi ne mu bae no. Nea ɛbɛma Paul atiefo no ate n’ase ntɛm no, ɔde Greecefo nhoma a na ɛbɛyɛ sɛ n’atiefo no gye tom mu nsɛm baa ne kasa no mu. e Yɛn nso, ɛwom ara a yebetumi afa nsɛm bi afi wiase abakɔsɛm, encyclopedia, ne nhoma foforo a nnipa gye tom mu de aka asɛm sɛnea Paul yɛe no. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa obi a ɔnyɛ Ɔdanseni ma ohu nea ɛyɛe a atoro som mu amanne anaa afahyɛ bi bae a, yebetumi afa nhoma bi a nnipa gye tom mu nsɛm de afoa yɛn asɛm so.

18 Baabi a yɛasusuw Paul kasa no ho abesi yi, yetumi hu sɛ ɔnam anifere kwan so danedanee ne nsɛm mu maa n’atiefo huu Onyankopɔn ho nokwasɛm ahorow a ehia. Ɛnde dɛn na na ɔsomafo no pɛ sɛ Atenefo a wɔretie no no de nokwasɛm a ehia a wɔate no yɛ? Ɔretoa ne kasa no so no, ɔkaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no kyerɛɛ wɔn ntɛm; wantwentwɛn so koraa.

‘Mmenii Mɔɔ Bɔwɔ Dɩka Bela Bonlú Bɔ Nwʋ’ (Egy. 17:​29-31)

19, 20. (a) Mɩnla nɣɛlɛbɛ ɔhʋanɩ yɛ Pɔɔlʋ luwalɩ zʋlɔ hileli kɛɛ nɣɛlɛbɛ íni numɔ kɛɛ abiye kɔzʋ̃mɩ bʋzʋmɩ mɔɔ enii ɩyɛ a? (b) Mɩnla yɛ nɩ ihyinyia kɛɛ Pɔɔlʋ yi ediyelɛmaa bɛyɛ wɔ odwokɔ yɩ nwʋ a?

19 Afei, na adu baabi a Paul rebetu atiefo no fo ama wɔahu nea wɔbɛyɛ. Nea ɔyɛe ne sɛ ɔsan twee adwene sii Greecefo no nhoma mu nsɛm so kaa sɛ: “Enti esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, Tweaduampɔn no te sɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa ɔbo, anaa adwini bi a onipa adi anaa biribi a onipa abɔ ne tirim ayɛ.” (Aso. 17:29) Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, sɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ nnipa a, ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atumi ayɛ sɛ ahoni a nnipa ayɛ? Nyansakwan a Paul faa so ne wɔn susuw nsɛm ho no maa emu daa hɔ sɛ, nyansa nnim sɛ wɔbɛsom ahoni a nnipa ayɛ. (Dw. 115:4-8; Yes. 44:9-20) Bere a Paul kaa sɛ “ɛnsɛ sɛ yenya” no, ɔde ne ho baa asɛm no mu, enti na afotu no mu nyɛ den dodo.

20 Ɔsomafo no maa emu daa hɔ sɛ ehia sɛ wɔyɛ biribi. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn buu n’ani guu mmere a na nnipa nnim hwee [a na wɔte nka sɛ Onyankopɔn ani sɔ nnipa a wɔsom abosom] no so. Nanso afei de, ɔreka akyerɛ nnipa a ɛwɔ baabiara sɛ obiara nsakra n’adwene.” (Aso. 17:30) Ebetumi aba sɛ Paul atiefo no bi ho dwiriw wɔn bere a wɔtee adwensakra ho asɛm no. Nanso ne kasa a etu mpɔn no daa no adi pefee sɛ wɔn nkwa fi Onyankopɔn ma enti Ɔno na wɔbebu akontaa akyerɛ no. Ná ehia sɛ wɔhwehwɛ Onyankopɔn, wɔsua ne ho nokwasɛm, na wɔsakra wɔn asetena nyinaa ma ɛne saa nokwasɛm no hyia. Enti na ɛhwehwɛ sɛ Atenefo no gye tom sɛ abosonsom yɛ bɔne na wɔtwe wɔn ho fi ho.

21, 22. Ndwokɔ mɔɔ ɩkã ahʋnlɩnɩ ɛhɩnla dɩyɛ yɛ Pɔɔlʋ va dwulalɩ yi odwokɔ yɩ a, na mɩnla yɛ yesuma wɔ yi odwokɔ yɩ nu nnɛ a?

21 Nsɛm a tumi wom yi na Paul de wiee ne kasa no: “[Onyankopɔn ayi] da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ, ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bebu asaase atɛn wɔ trenee mu. Na wanyan saa ɔbarima no afi awufo mu de asi so dua akyerɛ nnipa nyinaa.” (Aso. 17:31) Ná Atemmu Da bi reba, enti hwɛ sɛnea na ntease wom sɛ wɔbɛhwehwɛ nokware Nyankopɔn no na wɔahu no! Paul ammɔ Ɔtemmufo a wɔapaw no no din. Mmom no, Paul kaa biribi faa Ɔtemmufo no ho a na ɛyɛ nwanwa: Ɔtenaa ase sɛ onipa, owui, na Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu!

22 Ɛnnɛ, yɛwɔ nneɛma pii sua fi nsɛm a ɛka koma a Paul de wiee ne kasa no mu. Yenim sɛ Ɔtemmufo a Onyankopɔn apaw no no ne Yesu Kristo a wɔanyan no no. (Yoh. 5:22) Yenim nso sɛ Atemmu Da no bedi mfe apem, na abɛn pɛɛ. (Adi. 20:4, 6) Yensuro Atemmu Da no, efisɛ yenim sɛ ɛde nhyira a enni ano bɛbrɛ wɔn a wɔbebu wɔn bem no. Ade a ɛma yehu sɛ yɛn anidaso a ɛyɛ anigye no bɛba mu ne Yesu Kristo wusɔre no. Ɛno ne anwanwade a ɛsen biara a asi pɛn!

‘Mmenii Nɩ Be Beleli Belili’ (Egy. 17:​32-34)

23. Mɩnla yɛ bɛzabɛ mɔɔ bediyeli Pɔɔlʋ nɩ yɛlɩ wɔ yi odwokɔ yɩ nwʋ a?

23 Ɛsono nea obiara yɛe wɔ Paul kasa no ho. “Ebinom fii ase dii fɛw” bere a wɔtee owusɔre ho asɛm no. Afoforo de, wɔankasa antia asɛm no, nanso wɔanyɛ ho hwee; nea wɔkae ara ne sɛ: “Yɛbɛsan atie wo bio wɔ asɛm yi ho.” (Aso. 17:32) Nanso ebinom gye toom: “Mmarima bi de wɔn ho bɔɔ no, na wɔbɛyɛɛ gyidifo. Wɔn mu bi ne Dionisio a ɔyɛ Areopago bagua no temmufo, ne ɔbea bi a wɔfrɛ no Damari, ne afoforo bi.” (Aso. 17:34) Yehyia tebea a ɛte saa ara wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Ebinom di yɛn ho fɛw. Ebinom de, wɔnkasa ntia asɛm no nanso wɔnyɛ ho hwee. Nanso afoforo de, wɔgye Ahenni asɛm no tom bɛyɛ gyidifo, na ɛma yɛn ani gye paa.

24. Mɩnla yɛ yɛkɔhʋla kozuma wɔ ndɛnɩ mɔɔ Pɔɔlʋ gyinanlɩ Alɩyɔpagasu yɩ anyunu ɩmanlɩ nɩ nu a?

24 Sɛ yesusuw Paul kasa no ho a, yesua nneɛma pii. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi aka yɛn nsɛm atoatoam ama atɔ asom, ɛne sɛnea yɛbɛdanedane mu ama yɛn atiefo ate ase ntɛm. Afei nso yehu sɛ, bere a yɛne wɔn a atorosom gyidi afura wɔn ani rekasa no, ehia abotare ne anifere. Yenya asuade titiriw yi nso: Ɛnsɛ sɛ yegow Bible mu nokwasɛm mu sɛnea yɛn atiefo ani begye ho. Ne nyinaa mu no, sɛ yesua ɔsomafo Paul nhwɛso no a, yebetumi ayɛ akyerɛkyerɛfo pa wɔ asɛnka mu. Bio nso, ahwɛfo betumi asua sɛnea wɔbɛma wɔn nkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu atu mpɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛatumi aboa afoforo ama ‘wɔahwehwɛ Onyankopɔn akosi sɛ wɔbehu no.’—Aso. 17:27.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 142 a wɔato din “ Atene—Tete Wiase Amammerɛ Adwasuo” no.

b Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 144 a wɔato din “ Epikurofo Ne Stoafo” no.

c Ná Areopago no wɔ Acropolis no atifi fam baabi, na ɛhɔ na na Atene bagua kunini no hyia. Asɛmfua “Areopago” no betumi akyerɛ bagua no anaa bepɔw a na wɔhyia wɔ so no. Enti nhomanimfo binom kyerɛ sɛ wɔde Paul kɔɔ bepɔw yi so anaa ɛhɔ baabi, ɛnna ebinom nso kyerɛ sɛ wɔde no kɔɔ bagua no anim wɔ baabi foforo te sɛ ebia agora anaa gua mu hɔ.

d Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wiase” no ne koʹsmos. Greecefo no de, sɛ wɔde saa asɛmfua no di dwuma a na ɛkyerɛ nneɛma a ɛwɔ ɔsoro ne asaase so. Ebetumi aba sɛ Paul de asɛmfua no dii dwuma saa kwan yi so sɛnea ɛbɛyɛ a, n’atiefo a wɔyɛ Greecefo no bɛte n’asɛm no ase ntɛm.

e Paul faa nsɛm no fii nsoromma ho anwensɛm bi a wɔato din Phaenomena a Stoani anwensɛm kyerɛwfo Aratus kyerɛwee mu. Nsɛm a ɛte saa ara wɔ Greek nhoma afoforo mu te sɛ Stoani kyerɛwfo Cleanthes nhoma a wɔato din Hymn to Zeus no mu.