Tɛla kɔ ndwokɔ mɔɔ ɩwɔ zʋ

Tɛla kɔ Ndwokɔ mɔɔ bɛhyɩhyɛ

TILE 12

“Bɛhanlɩ Niibenyia Yɩ Nwʋ Odwokɔba Nɩ Ɛzɩzɩbɛ Nu”

“Bɛhanlɩ Niibenyia Yɩ Nwʋ Odwokɔba Nɩ Ɛzɩzɩbɛ Nu”

Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ hanlɩ bɔ nwʋ azɩ, na bɛvalɩ akɛnɣazɩzɩbɛ bɛyɛlɩ egyima mɔɔ bɛ padi iákolɔ

Egyina Asomafo Nnwuma 14:1-28 so

1, 2. Mmɩlɩ mɔ Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ wɔ Lɩsɩtɩla nɩ, mɩnla ndwokɔ yɛ izizili a?

 NÁ Listra ayɛ bagyabagya. Na ahɔho mmienu bi asa obi a wɔwoo no bubuafo yare ma ɔde anigye rehuruhuruw. Nkurɔfo no ho dwiriw wɔn, na mmarima mmienu yi nti Seus sɔfo bi de nhwiren abotiri bae, efisɛ na nnipakuw no susuw sɛ wɔyɛ anyame. Twa wei ho mfoni hwɛ, ɔsɔfo no ayɛ krado sɛ ɔde anantwi rebɛbɔ afɔre na wote wɔn su muu-muu. Paul ne Barnaba ma wɔhui sɛ wɔn ani nnye nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no ho koraa, na wɔsunsuan wɔn ntaade mu. Afei wɔde mmirika kɔɔ nnipakuw no mu kɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔnnyae, na ɛno mpo wɔka brɛe ansa.

2 Afei, Yudafo bi a wɔmpɛ Kristofo asɛm fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom bae. Wɔbɛkekaa atosɛm kyerɛɛ Listrafo no de sɛee wɔn adwene. Nnipa a anka wɔrebɔ afɔre ama Paul no, afei wɔbetwaa ne ho hyiae, na wɔsiw no abo pirapiraa no ma ɔtɔree mum. Bere a wɔyɛɛ nea wɔbɛyɛ wiei no, wɔtwee Paul de no kɔɔ kurow no akyi susuw sɛ wawu.

3. Mɩnla ndwokɔɣizialɛ yɛ yekozunzu nwʋmɔ wɔ tile eyi nu a?

3 Dɛn na ɛkɔfaa nsɛm yi nyinaa bae? Nea ɛtoo Barnaba ne Paul ne nea Listrafo a wɔn adwene sesaa ntɛm no yɛe no, dɛn na Ahenni ho asɛmpakafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi asua afi mu? Sɛ yɛhwɛ sɛnea Barnaba ne Paul de nokwaredi yɛɛ ɔsom adwuma no na “wɔde Yehowa tumi kasae akokoduru so” a wɔampa abaw no a, dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi asua afi mu?—Aso. 14:3.

‘Mmenii sʋ̃maa bɛvalɩ bɔ nwʋ bɛmanlɩ Niibenyia’ (Egy. 14:​1-7)

4, 5. Mɩnla ti mɔɔ Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ hɔlɩ Akoninyia a, na mɩnla yɛ izili wɔ kɛ a?

4 Nna kakraa bi a na atwam no, na Yudafo bi apiapia nkurɔfo ma wɔatu agu Paul ne Barnaba so apam wɔn afi Roma kurow Antiokia a ɛwɔ Pisidia no mu. Nanso sɛ anka ebebu mmarima baanu no abam no, “wɔporoporow wɔn nan ase mfuturu” guu kurow no mufo a wɔantie asɛm no so. (Aso. 13:50-52; Mat. 10:14) Paul ne Barnaba gyaw nkurɔfo no sɛ Onyankopɔn ankasa ne wɔn nni, na wɔfii hɔ kɔe asomdwoe mu. (Aso. 18:5, 6; 20:26) Asɛmpatrɛwfo mmienu yi de anigye toaa asɛnka adwuma no so. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ anaafo fam apuei na wɔtwaa bɛyɛ kilomita 150 koduu asaasetamaa frɔmfrɔm bi a ɛda Taurus ne Sultan mmepɔw no ntam so.

5 Paul ne Barnaba dii kan sii Ikoniom. Ná ɛyɛ Roma kurow a ɛwɔ din wɔ Galatia mantam mu, na na Greecefo amammerɛ agye ntini wɔ hɔ. a Ná Yudafo anuonyamfo ne amanaman mufo pii a wɔabegye Yudasom atom wɔ kurow no mu. Sɛnea na Paul ne Barnaba taa yɛ no, bere a wɔduu kurom hɔ no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔkaa asɛm no. (Aso. 13:5, 14) “Sɛnea wɔkasae no maa Yudafo ne Greecefo dɔm kɛse bi bɛyɛɛ gyidifo.”—Aso. 14:1.

6. Mɩnla yɛ ɩmanlɩ Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ be ehilehilelɛ duli mpʋnɩ a, na kɛ ɩkɛyɛ na yɛazumazuma bɛ a?

6 Dɛn na ɛmaa Paul ne Barnaba kasa no tuu mpɔn saa? Asɛm no ne sɛ, na Paul aben Kyerɛwnsɛm no mu. Ɔde abakɔsɛm ne nkɔmhyɛ ne Mose Mmara no kyerɛe sɛ Yesu ne Mesia no; ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa no kyerɛe sɛ ne ho akokwaw. (Aso. 13:15-31; 26:22, 23) Barnaba nso daa no adi sɛ odwen afoforo ho. (Aso. 4:36, 37; 9:27; 11:23, 24) Mmarima mmienu no mu biara amfa ne ho anto n’ankasa ahoɔden so; ‘wɔde Yehowa tumi na ɛkasae.’ Wobɛyɛ dɛn ayɛ w’asɛnka adwuma no te sɛ asɛmpatrɛwfo yi? Gye sɛ woyɛ nea edidi so yi: Sua Onyankopɔn Asɛm te ase yiye. Paw Bible mu nsɛm a w’atiefo ani begye ho paa. Hwehwɛ akwampa a wobɛfa so akyekye nkurɔfo werɛ wɔ asɛnka mu. Afei nso, fa wo nkyerɛkyerɛ no gyina Yehowa Asɛm a ɛwɔ tumi no so, na ɛnyɛ w’ankasa nyansa.

7. (a) Kɛ odwokɔba nɩ kã abiyemmɔ se a? (b) Sɛ odwokɔba mɔɔ etiye fa bɔ wʋ ɛbɩla ti, wu abusunwa nu ibukobuko a, mɩnla yɛ ɩsɛ kɛɛ ɛkakɛ a?

7 Nea Paul ne Barnaba yɛe nyinaa akyi no, ɛnyɛ nnipa a wɔwɔ Ikoniom no nyinaa na wɔn ani gyee asɛm no ho. Luka toaa n’asɛm no so sɛ: “Yudafo a wɔannye anni no tutu guu amanaman mufo no asom, na wɔsɛee wɔn adwene ma wonyaa anuanom no ho adwemmɔne.” Paul ne Barnaba hui sɛ ehia sɛ wɔko ma asɛmpa no, enti “wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde Yehowa tumi kasae akokoduru so.” Ɛno maa “nnipadɔm a wɔwɔ kurom hɔ no mu kyɛɛ abien. Ebi kɔɔ Yudafo no afã, ɛnna ebinom nso kɔɔ asomafo no afã.” (Aso. 14:2-4) Ɛnnɛ nso, saa ara na asɛmpa no yɛ adwuma wɔ nkurɔfo mu. Ɛka ebinom bom na ɛpaapae ebinom nso mu. (Mat. 10:34-36) Sɛ asɛmpa no a wutie de bɔ wo bra nti w’abusua mu apaapae a, kae sɛ nsɛnkeka ne dinsɛe na ɛtaa kɔfa ɔtan a ɛte saa ba. Sɛ wobɔ bra pa a, ebetumi ama wɔn a wɔretan w’ani no ahu asɛm no mu nokware, na mpo wɔasesa.—1 Pet. 2:12; 3:1, 2.

8. Mɩnla ti mɔɔ Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ bɔzʋ̃ Akoninyia bɛyɩlɩ bɔ nwʋ a, na mɩnla yɛ yesuma wɔ mɔɔ bɛyɛlɩ yɩ nu a?

8 Bere bi twaam no, atamfo a wɔwɔ Ikoniom no bɔɔ pɔw bi sɛ wɔbesiw Paul ne Barnaba abo. Bere a asɛmpatrɛwfo mmienu no tee no, wɔfii hɔ kodii adanse wɔ baabi foforo. (Aso. 14:5-7) Ahenni asɛmpakafo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso de nyansa yɛ wɔn adwuma no saa. Sɛ nkurɔfo kasa tia yɛn a, yɛde akokoduru di adanse. (Filip. 1:7; 1 Pet. 3:13-15) Nanso sɛ basabasayɛ ba a, yɛbɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribiara a ɛde yɛn anaa yɛn nuanom gyidifo nkwa bɛto asiane mu.—Mmeb. 22:3.

“Bɔzʋ̃mɩ Tɩyasɩvʋlɔ Nyamɩnlɩ Nɩ” (Egy. 14:​8-19)

9, 10. Ɛhɩnla dɩka yɛ nɩ Lɩsɩtɩla wɔ a, na mɩnla yɛ yezi yɛfalɩ ɛkɛnɩ maa nwʋ a?

9 Paul ne Barnaba twaa bɛyɛ kilomita 30 kɔɔ Romafo kurow Listra mu wɔ Ikoniom anaafo fam. Ná Listra ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia no di nsawɔso, nanso na Yudafo nnɔɔso pii wɔ Listra. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛhɔfo te Greek kasa, nanso na kasa a wɔka paa ne Likaonia. Ebia na hyiadan biara nni Listra, enti Paul ne Barnaba fii ase yɛɛ asɛmpaka adwuma no wɔ abɔnten. Bere bi a na Petro wɔ Yerusalem no, ɔsaa ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafo yare. Petro anwanwade no maa nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo. (Aso. 3:1-10) Paul nso baa Listra no, ɔsaa ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafo yare wɔ hɔ. (Aso. 14:8-10) Anwanwade a Paul yɛe no de, ɛdan asɛm foforo koraa.

10 Sɛnea yehui wɔ ti yi mfiase no, bere a obubuafo no sɔre gyinaa ne nan so no, Listra abosonsomfo no pɛe sɛ wɔsom Paul ne Barnaba. Wɔfrɛɛ Barnaba Seus, anyame mu okunini, na wɔfrɛɛ Paul Hermes. Ná wɔbu Hermes sɛ Seus ba, anyame no kasamafo. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Listrafo Anyame Seus Ne Hermes” no.) Nanso na Paul ne Barnaba pɛ sɛ nkurɔfo no te ase sɛ tumi a wɔde kasae ne nea wɔde yɛɛ wɔn nnwuma no mfi abosom hɔ, na mmom efi nokware Nyankopɔn Yehowa.—Aso. 14:11-14.

‘Montwe mo ho mfi nneɛma hunu yi ho na mommra Onyankopɔn teasefo no nkyɛn. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase.’​—Asomafo Nnwuma 14:15

11-13. (a) Mɩnla yɛ Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ hanlɩ hileli Lɩsɩtɩla maa yɩ a? (b) Ozumalɛdɩyɛ mɔɔ ili bɔmʋnlɩ mɔɔ yenyia wɔ Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ bo odwokɔ yi nu yɛ lɛ mɩnla a?

11 Nsɛm a esisii yi nyinaa akyi no, nea na esi Paul ne Barnaba ani so ara ne sɛ wɔbɛhwehwɛ kwan bi a wɔbɛma asɛmpa no aka atiefo no koma. Saa asɛm yi a Luka kyerɛwee no ma yehu ɔkwampa a yɛbɛfa so aka asɛmpa no akyerɛ abosonsomfo. Hwɛ sɛnea Paul ne Barnaba ne nkurɔfo no susuw nsɛm ho: “Mmarima, adɛn nti na moreyɛ eyinom? Yɛn nso, yɛyɛ nnipa a yɛwɔ mmerɛwyɛ te sɛ mo ara. Na yɛreka asɛmpa no akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛtwe mo ho afi nneɛma hunu yi ho na moaba Onyankopɔn teasefo no nkyɛn. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Awo ntoatoaso a atwam no mu no, ɔmaa amanaman no nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ. Nanso ɔkɔɔ so dii ne ho adanse, efisɛ ɔyɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba, ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.”—Aso. 14:15-17.

12 Dɛn na yebetumi asua afi nsɛm a ɛtɔ asom a wɔkae yi mu? Nea edi kan no, Paul ne Barnaba ammu wɔn ho sɛ wɔkyɛn nkurɔfo a ɛretie wɔn no. Wɔma wɔhui sɛ wɔn nso yɛ nnipa. Wɔde ahobrɛase gye toom sɛ wɔn nso wɔ mmerɛwyɛ te sɛ abosonsomfo a na wɔretie wɔn no ara. Ampa, na Paul ne Barnaba anya honhom kronkron na wɔade wɔn ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ho. Afei nso na wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade. Nanso wɔhui sɛ, sɛ Listrafo no tie Kristo a, wɔn nso betumi anya saa nhyira no ara bi.

13 Suban bɛn na yɛn nso yɛda no adi kyerɛ wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no? Yebu wɔn sɛ wɔne yɛn nyinaa yɛ pɛ? Sɛ yɛreboa nkurɔfo ma wɔasua nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a, ɛyɛ a yesuasua Paul ne Barnaba ma enti yɛkwati sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahoahoa yɛn anaa? Charles Taze Russell yɛɛ wei ho nhwɛso maa yɛn. Ná ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw, na bɛboro mfe 100 a atwam no, ɔno na na odi asɛnka adwuma no anim, nanso ɔkyerɛw sɛ: “Yɛmpɛ sɛ nnipa bɛkotokotow yɛn anaa wɔde nidi soronko bɛma yɛn anaa yɛn nhoma; yɛmpɛ sɛ nkurɔfo bɛhoahoa yɛn anaa wɔbɛfrɛ yɛn Rabi.” Onua Russell brɛɛ ne ho ase sɛnea Paul ne Barnaba yɛe no. Yɛn nso, ɛnyɛ adwene a yɛde ka asɛm no ne sɛ yebegye anuonyam ama yɛn ho, na mmom sɛ yɛbɛboa nnipa ma wɔadan aba “Onyankopɔn teasefo no” nkyɛn.

14-16. Ozumalɛdɩyɛ mɔɔ ɩtɔ zʋlɔ anwɩ̃ nɩɩ asã mɔɔ yenyia wɔ Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ bo odwokɔ mɔɔ bɛhanlɩ behileli Lɩsɩtɩla maa yi nu yɛ lɛ mɩnla a?

14 Ma yɛnhwɛ ade a ɛtɔ so mmienu a yebetumi asua afi asɛm yi mu. Ná Paul ne Barnaba tumi dannan wɔn nsɛm mu ma ɛne atiefo tebea hyia. Ná Listrafo no nte sɛ Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom a wɔwɔ Ikoniom no. Ɛno nti, na wɔnni Kyerɛwnsɛm no ho nimdeɛ, na na wɔnnim sɛnea Onyankopɔn ne Israel man no dii. Nanso ade titiriw a na wɔn a wɔretie Paul no yɛ ne kuadwuma. Ná Listra asaase ne ɛhɔ wim tebea ye ma kuadwuma. Ná nkurɔfo no betumi ahwɛ sɛnea aduan ba wɔ ne bere mu no ahu Ɔbɔadeɛ no su ahorow. Enti asɛmpatrɛwfo no gyinaa ɛno so kaa biribi a ɛbɛma nkurɔfo no atie wɔn.—Rom. 1:19, 20.

15 Yɛn nso yebetumi adan yɛn nsɛm mu ma ɛne yɛn atiefo tebea ahyia anaa? Aba koro no ara, okuafo betumi agu bi wɔ nsaase ahorow ahorow mu, nanso ɛsono sɛnea ɔbɛyɛ asaase biara so adwuma. Asaase bi yɛ mmerɛw na wudua so ade a wommrɛ ho. Asaase bi nso wɔ hɔ a, adwuma wɔ ho. Yɛn nso, aba koro no ara na yegu wɔ baabiara. Ɛno ne Ahenni ho asɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Nanso, sɛ yesuasua Paul ne Barnaba a, yɛde yɛn ani bɛto fam ahwɛ wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no tebea ne asɔre a wɔkɔ. Ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛbɛka Ahenni ho asɛm no.—Luka 8:11, 15.

16 Yenya asuade a ɛtɔ so mmiɛnsa fi Paul ne Barnaba ne Listrafo asɛm no mu. Ɛtɔ da bi a, yɛyere yɛn ho sɛ dɛn ara mpo a, ɔbɔnefo no hwim aba a yegu no anaa ekogu abotan so. (Mat. 13:18-21) Sɛ ɛba saa a, mpa abaw. Sɛnea akyiri yi Paul kaee asuafo a wɔwɔ Roma no, “yɛn mu biara [a wɔn a yɛka Onyankopɔn Asɛm kyerɛ wɔn no nyinaa ka ho] bebu ɔno ara n’akontaa akyerɛ Onyankopɔn.”—Rom. 14:12.

“Bɛvalɩ Bɛ Bowulalɩ Niibenyia Sa” (Egy. 14:​20-28)

17. Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ bɔzʋ̃ Dɛɛbi bɛyɩlɩ bɔ nwʋ nɩ bɔhɔlɩ ɛhɩnla a, na mɩnla ti a?

17 Bere a wɔtwee Paul kɔtoo Listra kurow no akyi susuwii sɛ wawu no, asuafo no betwaa ne ho hyiae, na ɔsɔre kɔɔ kurow no mu kɔpɛɛ baabi dae anadwo no. Ade kyee no, Paul ne Barnaba de wɔn ani kyerɛɛ Derbe, na na kilomita 100 kwan da wɔn anim. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Paul a wɔsiw no abo nkyɛe no rebetwa kwan a ɛte saa a, na ɛrenyɛ mmerɛw koraa. Nanso ɔne Barnaba amma biribiara anhaw wɔn, na bere a wɔduu Derbe no, wɔnyaa “asuafo dodow bi.” Afei nso, anka wɔbetumi afa kwantiaa bi so asan wɔn akyi akɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no, nanso “wɔsan kɔɔ Listra ne Ikoniom ne Antiokia [a ɛwɔ Pisidia].” Dɛn nti na wɔyɛɛ saa? Wɔkɔhyɛɛ “asuafo no den wɔ hɔ, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena gyidi no mu.” (Aso. 14:20-22) Hwɛ nhwɛso fɛfɛ a mmarima mmienu yi yɛe! Wɔanyɛ nea ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn, na mmom wɔyɛɛ nea ɛbɛma asafo no anya nkɔso. Ahwɛfo akwantufo ne asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua wɔn.

18. Mɩnla yɛ ɩkɔlɩ zʋlɔ ansaana bɛayɩ abiye kɛɛ asafʋ nu ebani a?

18 Paul ne Barnaba de wɔn anom asɛm ne wɔn nneyɛe hyɛɛ asuafo no den. Afei wɔpaw “mpanyimfo maa wɔn wɔ asafo biara mu.” Ɛwom sɛ ‘honhom kronkron na ɛsomaa’ Paul ne Barnaba ma wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no de, nanso wɔbɔɔ mpae yɛɛ akɔnkyen de mpanyimfo no ‘hyɛɛ Yehowa nsa.’ (Aso. 13:1-4; 14:23) Ɛnnɛ nso, saa ara na ɛte. Ansa na mpanyimfo kuw no bɛkamfo obi ma wɔapaw no ama wasom wɔ asafo no mu no, wɔbɔ mpae de Kyerɛwnsɛm no toto onua no ho hwɛ sɛ ɔfata anaa. (1 Tim. 3:1-10, 12, 13; Tito 1:5-9; Yak. 3:17, 18; 1 Pet. 5:2, 3) Ɛnyɛ mfe dodow a onua no de atena Kristofo asafo no mu ne asɛm no. Mmom, ne kasa ne ne nneyɛe ne sɛnea ɔbɔ ne bra na ɛbɛma ada adi sɛ ɔma honhom kronkron kyerɛ no kwan. Sɛ n’abrabɔ ne nea Kyerɛwnsɛm ka fa mpanyimfo ho no hyia a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ ɔfata sɛ ɔhwɛfo. (Gal. 5:22, 23) Ɔmansin sohwɛfo na ɔpaw saa mmarima no sɛ mpanyimfo.—Fa toto 1 Timoteo 5:22 ho.

19. Mɩnla ngʋnda yɛ mbanimbani yi zi kɛɛ bokowu a, na mɩnla yɛ bɛyɛ bɛfa bosumazuma Pɔɔlʋ nɩɩ Banabasɩ a?

19 Asafo mu mpanyimfo nim sɛ wɔbebu asafo no ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Heb. 13:17) Mpanyimfo no di asafo no anim yɛ asɛnka adwuma no sɛnea Paul ne Barnaba yɛe no. Wɔde wɔn anom asɛm hyɛ wɔn nuanom Kristofo den. Wɔnyɛ nea ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn, na mmom wɔyɛ nea ɛbɛma asafo no anya nkɔso.—Filip. 2:3, 4.

20. Sɛ yɛkɩnga ye mmeliyema bɛ egyimaba nwʋ odwokɔ a, mɩnla mfasʋ yɛ yekenyia a?

20 Bere a Paul ne Barnaba koduu baabi a wɔte wɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no, “wɔkaa nneɛma pii a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ ne sɛnea wabue ɔpon a ɛkɔ gyidi mu ama amanaman no” ho asɛm kyerɛɛ anuanom. (Aso. 14:27) Adwuma pa a yɛn nuanom Kristofo yɛ no, sɛ yɛkenkan ho asɛm, na yehu sɛnea Yehowa ahyira adwuma no so a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ama yɛde ‘Yehowa tumi akasa akokoduru so.’

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 96 a wɔato din “ Ikoniom—Frigiafo Kurow” no.