Tɛla kɔ ndwokɔ mɔɔ ɩwɔ zʋ

Tɛla kɔ Ndwokɔ mɔɔ bɛhyɩhyɛ

TILE 1

Bɔhɔ́ Bɛyɛ Adʋwavʋlɔ’

Bɔhɔ́ Bɛyɛ Adʋwavʋlɔ’

Egyima buuku yi nu ndwokɔ aditili nɩɩ kezimɔ ɩfalɩ mmɩlɩ mɔ yɛda numɔ nɩ nwʋ

1-6. Mɩnla bʋwabɩlɛ azʋlɔtʋ nu yɛ Dasɩvʋlɔmaa di dasɩlɛ a?

 YEHOWA DANSENI abaayewa bi a ɔwɔ Ghana a ɔde Rebecca de ne sukuu yɛɛ n’asaasesin a ɔyɛ mu asɛnka adwuma. Ná ɔmma Bible ho nhoma mpa ne bag mu. Sɛ sukuufo no kogye wɔn ahome a, na ɔde hokwan no di wɔn adanse. Wei nti, na Rebecca ne ne sukuufo no pii sua Bible.

2 Akwampaefo mmienu bi wɔ Madagascar; ɛyɛ supɔw bi a ɛwɔ Afrika apuei fam. Ná wɔtaa nantew awia ketee so twa kilomita 25 kɔ akuraa bi ase ne anigyefo bi kɔyɛ Bible adesua.

3 Adansefo a wɔwɔ Paraguay ne afoforo a wɔfi aman 15 so yɛɛ hyɛmma bi a wɔbɛtena mu akodi nnipa a wɔtete Paraguay ne Paraná nsubɔnten ho no adanse. Ná hyɛmma no tumi fa nnipa 12. Ahenni asɛmpakafo mmɔdenbɔfo de hyɛmma yi yɛɛ wɔn fie, na wɔtumi dii nnipa a wɔtete akyirikyiri mpo adanse.

4 Yɛkɔ atifi fam wɔ Alaska nso a, Adansefo a wɔwɔ hɔ no nyaa hokwan soronko de dii adanse wɔ ahohuru bere mu. Saa bere no, ahɔho pii fi aman horow so de hyɛn baa hɔ, na Adansefo no de Bible ho nhoma a ɛwɔ kasa ahorow mu kɔɔ hyɛn gyinabea hɔ kohyiaa wɔn. Mpɔtam hɔ ara nso, ebinom faa wimhyɛn kɔɔ akyirikyiri kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wɔka Aleut, Athabasca, Tsimshian, ne Klinket kasa.

5 Larry te Texas wɔ U.S.A. Ɔno nso wɔ asaasesin soronko bi a na ɔyɛ mu adwuma. Ɛwom, akwanhyia bi a onyae nti, waka mmubuafo akongua mu wɔ atenae a wɔhwɛ mpanyimfo ne ayarefo. Nanso ɛno mpo no, ɔnka n’ano ntom. Ɔde hokwan no ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nnipa a wɔwɔ hɔ, na anidaso a ɔwɔ a ɛne sɛ daakye, Onyankopɔn Ahenni di tumi a ɔbɛnantew bio no, ɔka ho asɛm kyerɛ wɔn.—Yes. 35:5, 6.

6 Bere bi, Adansefo bi de hyɛmma twaa nnansa kwan fii Mandalay kɔɔ nhyiam wɔ Myanmar atifi fam. Ná wɔpɛ sɛ wɔde hokwan biara a wɔbenya ka asɛmpa no. Ɛno nti wɔfaa Bible ho nhoma pii, na wɔde memaa akwantufo no. Kurow biara a hyɛmma no begyina so no, na adansefo no de ahopere si kodi adanse de nhoma horow ma nkurɔfo. Wɔbɛsan aba no, na akwantufo foforo abɛforo hyɛmma no. Wei maa wɔnyaa nnipa foforo dii wɔn adanse.

7. Mɩnla ahʋanɩ yɛ Gyehova azʋ̃mɩvʋlɔ duwa zʋlɔ di dasɩlɛ a, na bɔ bʋtayɩ yɛ lɛ mɩnla a?

7 Sɛnea anuanom a yɛaka wɔn ho asɛm no reyɛ no, Yehowa asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa de nsi ne ahokeka ‘redi Onyankopɔn Ahenni ho adanse frenkyemm,’ anaa fefeefe. (Aso. 28:23) Wɔkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu, wɔdi wɔn adanse wɔ mmɔnten so, wɔkyerɛw nkrataa, na wɔfa telefon so di adanse. Sɛ wɔte kar mu oo, wɔretu mpase anaa wɔregye wɔn ahome wɔ adwuma mu oo, wɔhwehwɛ hokwan biara de ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo. Akwan a wɔfa so di adanse no gu ahorow, nanso wɔn botae yɛ baako. Nea esi wɔn ani so ara ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ baabiara a nnipa wɔ.—Mat. 10:11.

8, 9. (a) Mɩnla ti mɔɔ kezimɔ Bulombunlililɛ odwokɔbahanlɛ egyima yɩ ɩtɛlɛɛ nɩ ɩyɛ nnwʋánlɩ a? (b) Mɩnla odwokɔɣizialɛ yɛ eyi ɩva ɩɣa a, na mɩnla yɛ ɩkɔwʋwa yɛ ma yekenyia nwʋmɔ munwalɩyɛ a?

8 Wo a worekenkan nhoma yi, ma yɛnsrɛ mmisa sɛ, woka Ahenni adawurubɔfo mpempem a wɔreyɛ adwumaden wɔ aman 235 so no ho anaa? Sɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ woka ho bi na Ahenni asɛnka adwuma no retrɛw ntɛmntɛm saa! Sɛ yɛhwɛ nea yɛatumi ayɛ wɔ wiase nyinaa no a, nea yebetumi aka ara ne sɛ ɛyɛ nwanwa. Ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a Yehowa Adansefo fa mu ne ɔtaa a aban mpanyimfo de ba wɔn so no nyɛ ade ketewa. Nanso ne nyinaa akyi no, wɔdi Onyankopɔn Ahenni ho adanse fefeefe kyerɛ nnipa a wɔfi mmaa nyinaa.

9 Enti asɛmmisa a ɛde ba ne sɛ, Adɛn na akwanside ne ɔsɔretia a Satan de ba nyinaa akyi no, Ahenni asɛmpaka adwuma no gu so renya nkɔso saa? Nea ɛbɛboa ma yɛanya saa asɛm yi ho mmuae no, yɛbɛhwɛ nea esii wɔ asomafo no bere so. Wei ho hia, efisɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no retoa adwuma a wɔfii ase saa bere no so.

Egyima Mɔɔ Numɔ Yɛ Ɔnlʋmɔ

10. Mɩnla egyima yɛ Gyisɛsɩ valɩ yɩ adwɩnɩ munwala ziyeli zʋ a, na mɩnla yɛ nɩ izi ɩfalɩ egyima yɩ yi kezile nwʋ a?

10 Yesu Kristo a ɔyɛ Kristofo asafo no Farebae no de ne bere nyinaa yɛɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no, kyerɛ sɛ, ɛno ne adwuma a na ɛda ne koma so. Bere bi ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:43) Ná Yesu nim sɛ saa adwuma no a ɔrefi ase no, ɔno nko ara rentumi nwie. Wei nti aka kakraa ama wawu no, ɔka too hɔ sɛ wɔbɛka Ahenni asɛm no “wɔ amanaman nyinaa mu.” (Mar. 13:10) Nanso yemmisa sɛ, ‘Henanom na wɔbɛyɛ saa adwuma no, na wɔbɛyɛ no sɛn?’

“Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”​—Mateo 28:19

11. Egyima mɔɔ numɔ yɛ ɔnlʋmɔ ɛhɩnla dɩyɛ yɛ Gyisɛsɩ va manlɩ yɩ adʋwavʋlɔ yɩ a, na mɩnla mmʋwalɩyɛ yɛ bekenyia na ama bɛahʋla bɛayɛ a?

11 Bere a Yesu wui na wɔnyanee no akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no, na ɔde adwuma kɛse bi hyɛɛ wɔn nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.” (Mat. 28:19, 20) Asɛm a ɛne “me ne mo wɔ hɔ” no kyerɛ sɛ, na ɔbɛboa asuafo no wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu. Ná wɔbehia Yesu mmoa, efisɛ na waka sɛ “aman nyinaa bɛtan” wɔn. (Mat. 24:9) Ná asuafo no benya mmoa foforo nso. Bere tiaa bi ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ honhom kronkron no bɛhyɛ wɔn den ma wɔadi ne ho adanse “de akɔ asaase ano noho.”—Aso. 1:8.

12. Ndwokɔɣizialɛ mɔɔ nwʋmɔ hyinyia ɛhɩnla dɩyɛ yɛ idwodwu a, na mɩnla ti mɔɔ ɩsɛ kɛɛ yenyia nwʋmɔ mmʋwalɩyɛ a?

12 Afei nsɛmmisa foforo a ɛho hia sɔre. Ɛne sɛ: Yesu asomafo no ne asuafo a aka no faa wɔn adwuma no aniberesɛm anaa? Ɔtaa a emu yɛ den a wɔhyiae nyinaa akyi no, Kristofo mmarima ne mmea kakraa bi no tumi dii Onyankopɔn Ahenni ho adanse fefeefe anaa? Wugye di sɛ na Yehowa ka wɔn ho wɔ asuafoyɛ adwuma no mu, na ɔde ne honhom no taa wɔn akyi anaa? Yebenya nsɛmmisa yi ne afoforo pii ho mmuae wɔ Bible mu nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no mu. Ɛho hia sɛ yehu mmuae no. Adɛn ntia? Yesu hyɛɛ bɔ sɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no bɛkɔ so ‘akosi wiase yi awiei bere.’ Enti saa adwuma yi da hɔ ma Kristofo nyinaa; yɛn a yɛte ase wɔ awiei bere yi mu nso ka ho. Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho sɛ yebehu abakɔsɛm a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no mu.

Egyima Buuku Yi Nu Ndwokɔ Aditili

13, 14. (a) Aninyia yɛ ɩhɛlɛlɩ Egyima buuku yi a, na inyianlɩ yɩ ndwokɔ yɩ wɔ ɛhɩnla? (b) Mɩnla ndwokɔ yɛ ɩwɔ Egyima buuku yi nu a?

13 Hena na ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no? Nhoma no ankasa nkyerɛ nea ɔkyerɛwee, nanso nsɛm a wɔde fii ase no ma yehu sɛ nea ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no ara na ɔkyerɛw Luka Asɛmpa no. (Luka 1:1-4; Aso. 1:1, 2) Enti efi tete nyinaa nnipa pii gye tom sɛ ‘oduruyɛfo’ Luka na ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no; na ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo a ɔbɔ ne ho mmɔden. (Kol. 4:14) Nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu fii ase fii bere a Yesu kɔɔ soro wɔ afe 33 Y.B., na ɛkɔɔ ara kosi bere a wɔde ɔsomafo Paul too afiase wɔ Roma afe 61 Y.B. mu. Enti ɛka nsɛm a esisii bɛyɛ mfe 28 mu. Nsɛm pii wɔ mu a sɛnea Luka kaa no no kyerɛ sɛ na ɔwɔ hɔ bi na esisii. (Aso. 16:8-10; 20:5; 27:1) Luka de ntoboase hwehwɛɛ nsɛm mu, na akyinnye biara nni ho sɛ Paul, Barnaba, Filipo, ne afoforo a wɔn din wɔ kyerɛwtohɔ no mu na wɔkaa nsɛm no pii kyerɛɛ no.

14 Nsɛm bɛn na ɛwɔ Asomafo Nnwuma no mu? Ná Luka adi kan akyerɛw nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe no wɔ Luka Asɛmpa no mu. Nanso Asomafo Nnwuma no de, nea Yesu akyidifo no kae ne nea wɔyɛe na Luka kaa ho asɛm wom. Wei nti nnipa a wɔyɛɛ adwuma soronko na Asomafo Nnwuma no ka wɔn ho asɛm. Ná afoforo mpo bu saafo no sɛ “wonsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara.” (Aso. 4:13) Ne tiaatwa mu no, Asomafo Nnwuma no yɛ kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛnea Kristofo asafo no fii ase ne sɛnea enyaa nkɔso. Nhoma no ma yehu sɛnea Kristofo a wɔdi kan no kaa asɛmpa no, ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ saa ne ahokeka a wɔde yɛɛ saa adwuma no. (Aso. 4:31; 5:42) Ɛsan ma yehu sɛnea honhom kronkron no boaa wɔn maa asɛmpa no trɛwee. (Aso. 8:29, 39, 40; 13:1-3; 16:6; 18:24, 25) Sɛnea Onyankopɔn nam n’Ahenni a Kristo di so no so bɛtew ne din ho no, ɛno ne Bible no asɛmti, na ɛno nso na Asomafo Nnwuma no ka ho asɛm. Ɛno da nkyɛn a, ɛma yehu sɛ ɛmfa ho ɔsɔretia a emu yɛ den a asomafo no hyiae nyinaa akyi no, Ahenni asɛm no tumi trɛw kɔɔ akyirikyiri.—Aso. 8:12; 19:8; 28:30, 31.

15. Sɛ yesuma Egyima buuku yi a, mɩnla mfasʋ yɛ yekenyia wɔ zʋ a?

15 Nokwasɛm ni, sɛ yesua Bible nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no a, ɛbɛma yɛn ani agye na ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den! Sɛ yesusuw akokoduru ne nsi a Kristo akyidifo a wɔtenaa ase tete no de yɛɛ wɔn adwuma no ho a, ɛbɛka yɛn koma. Ɛbɛhyɛ yɛn nkuran maa yɛasuasua yɛn nuanom Kristofo a wɔdi kan no. Ɛno bɛma yɛatumi adi ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ ‘yɛnkɔ nkɔyɛ asuafo’ no so. Yɛayɛ nhoma a worekenkan yi wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛboa wo ma woatumi asua Asomafo Nnwuma no yiye.

Ɔnwʋma Be Mɔɔ Ɩkɔwʋwa Yɛ Ma Yɛkɛdɩ Egyima Buuku Yi Nu Ndwokɔ Tʋ

16. Sianti asã ti mɔɔ bɛyɛlɩ ɔnwʋma eyi nɩ yɛ lɛ mɩnla a?

16 Dɛn nti paa na wɔyɛɛ nhoma yi? Nneɛma mmiɛnsa ntia. (1) Ɛbɛma ahotoso a yɛwɔ sɛ Yehowa nam ne honhom kronkron so reboa Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ayɛ kɛse. (2) Bere a yɛresusuw Kristo akyidifo a wɔdi kan no nhwɛso ho wɔ nhoma yi mu no, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde nsi ayɛ asɛnka adwuma no. (3) Ɛbɛma obu a yɛwɔ ma Yehowa asafo no ne wɔn a wɔdi asɛnka adwuma no ne asafo ahorow no anim no ayɛ kɛse.

17, 18. Kɛ bɛhyɩhyɛ ɔnwʋma eyi nu ndwokɔ beze a, na mɩnla nninyeni yɛ ɩwɔ numɔ mɔɔ sɛ ɛlɛ ɛyɛɛ wʋzawʋ wʋ Bayɩbʋlʋ dɩyɛzumanlɛ a, ɩkɔwʋwa paa a?

17 Sɛn na wɔahyehyɛ nhoma yi? Wubehu sɛ wɔakyekyɛ mu afã nwɔtwe, na emu biara ka Asomafo Nnwuma no fã bi ho asɛm. Wɔanyɛ nhoma yi sɛ ɛnkyerɛkyerɛ Asomafo Nnwuma no mu nkyekyɛm biara mu, mmom asuade a ɛwɔ mu no na nhoma yi ka ho asɛm. Afei nso ɛbɛboa yɛn ama yɛahu akwan a yebetumi afa so de nea yɛasua no ayɛ adwuma. Ansa na eti biara befi ase no, wɔka asɛm bi de bɔ no mua, na wɔma yehu Asomafo Nnwuma no fã a ɛbɛka ho asɛm.

18 Nneɛma foforo pii nso wɔ saa nhoma yi mu a ɛbɛboa yɛn bere a yɛn ankasa resua Bible no. Mfoni ahorow a ɛyɛ fɛ wɔ nhoma yi mu, na ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea nneɛma kɔe wɔ asomafo no bere so, na woatwa ho mfoni. Nsɛm foforo pii wɔ nnaka mu a wubenya so mfaso. Nnaka no bi nso ka Bible mu nnipa bi a yebetumi asua wɔn gyidi ho asɛm. Nnaka foforo nso ma yehu nkurow, amanne, nsɛm a esisii ne nnipa foforo a wɔabɔ wɔn din wɔ Asomafo Nnwuma no mu.

Yɛ w’asaasesin mu adwuma anibere so

19. Mɩnla ndwokɔ yɛ ɩyɛ a ɩsɛ kɛɛ yebizia yɛ nwʋ a?

19 Nhoma yi betumi aboa wo ma woafi wo komam abisa wo ho nsɛm bi. Ɛmfa ho mfe dodow a wode ayɛ Ahenni asɛmpaka adwuma no, ɛwom ara a ɛbɛyɛ papa sɛ wugye bere susuw nneɛma ho hwɛ nea ehia wo wɔ asetena mu ne sɛnea woreyɛ Kristofo som adwuma no. (2 Kor. 13:5) Bisa wo ho sɛ: ‘Nea meyɛ kyerɛ sɛ migye tom sɛ nneɛma regye ntɛmpɛ? (1 Kor. 7:29-31) Mifi me koma nyinaa mu de nsi reyɛ asɛmpaka adwuma no anaa? (1 Tes. 1:5, 6) Nea metumi nyinaa na mereyɛ wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu anaa?’—Kol. 3:23.

20, 21. Mɩnla ti mɔɔ ye egyima yɩ ide ndɛmɩbɛlɛ zɛ a, na mɩnla yɛ ɩsɛ kɛɛ yesi yɛ kɛnɣa kɛɛ yɛkɛyɛ a?

20 Ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem bere nyinaa sɛ adwuma a ɛho hia paa na wɔde ahyɛ yɛn nsa no. Saa adwuma yi ne sɛ yɛbɛka asɛm no na yɛayɛ asuafo. Ade rekye a ade resa nyinaa na adwuma no regye ntɛmpɛ kɛse. Wiase yi awiei rebɛn ntɛmntɛm, na ɛnnɛ paa na nnipa pii nkwa da asiane mu. Wɔn a daakye wɔbetie asɛm a yɛreka no de, yennim. (Aso. 13:48) Nanso ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛboa wɔn ansa na aka akyi.—1 Tim. 4:16.

21 Enti ehia sɛ yesuasua Ahenni asɛmpakafo mmɔdenbɔfo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no. Sɛ wotɔ wo bo ase sua nhoma yi a, ɛbɛboa wo ama wode nsi ne akokoduru aka asɛm no, na wei bɛhyɛ wo den ma woatoa so adi “Onyankopɔn Ahenni ho adanse frenkyemm.”—Aso. 28:23.