Tɛla kɔ ndwokɔ mɔɔ ɩwɔ zʋ

Tɛla kɔ Ndwokɔ mɔɔ bɛhyɩhyɛ

TILE 10

“Gyehova Yi Odwokɔ Yɩ Hɔlɩ Zʋlɔ Dɛlɛlɩ”

“Gyehova Yi Odwokɔ Yɩ Hɔlɩ Zʋlɔ Dɛlɛlɩ”

Beleli Pita, na odwodwudiyialɛ yɩ munwala mɛda nɩ, odwokɔba egyima yɩ hɔlɩ zʋlɔ dɛlɛlɩ

Egyina Asomafo Nnwuma 12:1-25 so

1-4. Bʋwabɩlɛ mɔɔ numɔ yɛ sɩ ɛhɩnla dɩyɛ yɛ Pita hɔlɩ nu a, na sɛ ɩdɩ mɔwʋ a, ankɩ kɛ ɛkɛdɩ nɣanlɩ keze a?

 ROMA asraafo no kaa dade pon no hwee mu gban! Ná ɛnkyɛe na asraafo mmienu no de Petro bewuraa afiase hɔ. Bere a wɔde no rekɔto afiase dan mu no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn afam asraafo mmienu no ho. Ɛbɛyɛ sɛ Petro daa afiase hɔ nnɔnhwerew pii anaa nna pii mpo. Ne nyinaa, na ɔretwɛn ahwɛ nea ɛbɛto no. Baabi a ɔda no nso de, ɔto n’ani a, nea na ohu ara ne afiase afasu no, nnade a wɔde abram afiase pon no akyi, nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu no, ne asraafo a wɔrewɛn no no.

2 Afei Petro tee nea wɔde bɛyɛ no, na na ani yɛ nyan. Ná Ɔhene Herode Agripa I awe ahinam so sɛ obekum no. a Ná wayɛ nhyehyɛe mpo sɛ Twam Afahyɛ no akyi no, ɔde Petro bɛma nkurɔfo no ama wɔakum no, na ama wɔn ani agye. Ná wei nyɛ ahunahuna kɛkɛ. Ná ɛnkyɛe biara na ɔhene koro yi ara kum Petro yɔnko, ɔsomafo Yakobo.

3 Ná ade rebɛkye ama da a wɔahyɛ sɛ wɔbekum Petro no adu. Enti bere a ɔno nko ara da sum mu wɔ afiase dan no mu no, wohwɛ a, dɛn na na ɛrekɔ so wɔ ne tirim? Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no mfe bi a atwam sɛ wɔbɛkyekyere no na wɔde no akɔ baabi a ɔmpɛ ama wɔakokum no no baa ne tirim anaa? (Yoh. 21:18, 19) Ebia Petro nyaa adwene sɛ saa asɛm no na ɛreba mu.

4 Sɛ wone Petro a, anka wobɛte nka sɛn? Nnipa pii na saa asɛm no too wɔn a, anka wɔn abam bebu, na wɔbɛte nka sɛ anidaso biara nni hɔ. Ɛnde yemmisa sɛ, sɛ obi yɛ Yesu Kristo kyidini amapa a, ebetumi aba sɛ ɔbɛkɔ tebea bi mu a anidaso biara nni hɔ anaa? Nea Petro ne ne nuanom Kristofo no yɛe bere a nkurɔfo tan wɔn ani no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Momma yɛnhwɛ.

“Dedimaa Nɩ Mmɔ Bɛ Anyɩ Ɩwʋlʋlɩ Bezianlɩ Nyamɩnlɩ Ɛzɩzɩbɛ” (Egy. 12:​1-5)

5, 6. (a) Mɩnla ti mɔɔ Bulombunli Hɛlɔdʋ Agɩlɩpa I dwodwuli diyialɩ Kilisiyianɩmaa nɩ a? (b) Mɩnla ti mɔɔ Gyemisi yi owulo yɩ bʋmɩnlɩ asafʋ yɩ paa a?

5 Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 9 no, bere a Amanaman muni Kornelio ne n’abusuafo bɛyɛɛ asuafo no, na ɛyɛ anigyesɛm ma Kristofo asafo no. Nanso Yudafo a wɔnyɛ Kristofo no de, bere a wɔhui sɛ Yudafo Kristofo no pii ne Amanaman mufo no rebom som no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn.

6 Ná Herode yɛ sodifo a n’ani atew, na ohui sɛ ɛyɛ hokwan a ɔde benya Yudafo no anim dom. Enti ofii ase tan Kristofo no ani. Ebetumi aba sɛ na Herode ate sɛ ɔsomafo Yakobo bɛn Yesu Kristo paa. Ɛno nti, “ɔde sekan kum Yohane nua Yakobo.” (Aso. 12:2) Wei maa asafo no werɛ howee paa. Ná Yakobo ka asomafo mmiɛnsa a wɔde wɔn ani huu Yesu ahosakra ne anwanwade foforo a asomafo a wɔaka no anhu no ho. (Mat. 17:1, 2; Mar. 5:37-42) Esiane sɛ na Yakobo ne ne nua Yohane ani so yɛ hyew na wɔde nsi ne ahokeka yɛ ade nti, Yesu frɛɛ wɔn “Aprannaa Mma.” (Mar. 3:17) Enti bere a Yakobo wui no, asafo no hweree ɔsomafo kokodurufo ne ɔdansefo nokwafo a anuanom dɔ no.

7, 8. Mɩnla yɛ asafʋ yɩ yɛlɩ mmɩlɩ mɔ bɛvalɩ Pita bedianlɩ fiyiadɩ nɩ a?

7 Bere a Agripa kum Yakobo no, ɛyɛɛ Yudafo no dɛ. Ɛno ara nso na na Agripa rehwɛ kwan. Wei ma onyaa akokoduru bɔne sɛ obekum Petro nso. Enti sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, ɔma wɔkɔkyeree Petro too afiase. Yehui wɔ Ti 5 sɛ bere a wɔde asomafo no bi koguu afiase no, wɔtumi pue fii hɔ, na ebia na Agripa kae saa asɛm no. Enti sɛnea ɛbɛyɛ na Petro renguan no, Herode ma wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no too asraafo 2 ntam, na ɔmaa asraafo 16 kyekyɛɛ wɔn mu wɛn ɔsomafo no awia ne anadwo. Awɛmfo no nnim na wɔma Petro guan a, na wɔbekum wɔn ahyɛ anan. Dɛn na na Petro nuanom Kristofo no bɛyɛ wɔ asɛnkɛse yi ho?

8 Ná asafo no nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Asomafo Nnwuma 12:5 kenkan sɛ: “Enti, na Petro da afiase, na na asafo no rebɔ Onyankopɔn mpae denneennen ma no.” Yiw, wɔfi wɔn komam bɔɔ mpae denneennen maa wɔn nua a wɔdɔ no no. Yakobo wu no amma wɔn abam ammu, na saa ara nso na wɔanka sɛ mfaso biara nni mpaebɔ so. Mpaebɔ som bo ma Yehowa. Sɛ ɛne n’apɛde hyia a, otie. (Heb. 13:18, 19; Yak. 5:16) Wei yɛ asuade kɛse ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ.

9. Mɩnla yɛ yɛkɔhʋla kozuma wɔ mpayɩ mɔɔ Pita yi mmeliyema wɔlɩ manlɩ yɩ nu a?

9 Wunim anuanom bi a wɔrehyia sɔhwɛ anaa? Ebia na wɔretan wɔn ani, aban abara wɔn som adwuma no, anaa atoyerɛnkyɛm bi asi wɔ baabi a wɔwɔ no. Adɛn nti na wonkae wɔn wɔ wo mpaebɔ mu? Ebia wunim ebinom a wɔn haw no de, ɛnyɛ obiara na enim; ebetumi aba sɛ wɔrehyia abusua mu nsɛnnennen, wɔn aba mu abu, anaa biribi resɔ wɔn gyidi hwɛ. Sɛ wudwen nea wobɛka ho ansa na woabɔ mpae a, ɛbɛma woakae nnipa bi a wubetumi abɔ wɔn din akyerɛ Yehowa, “mpaebɔ Tiefo” no. (Dw. 65:2) Sɛ wokɔ tebea a emu yɛ den mu a, wo nso wubehia wo nuanom mpaebɔ.

Yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom a wɔn gyidi nti wɔwɔ afiase no

“Tʋwá Mɩ” (Egy. 12:​6-11)

10, 11. Kɛ Gyehova yɩ bɔvʋlɔ yɩlɩ Pita wɔ fiyiadɩ kɛnɩ zeli a?

10 Ná Petro suro nea ɛreba no so no anaa? Yɛrentumi nka, nanso anadwo a etwa to a Petro dii wɔ afiase hɔ no, na wada hatee wɔ awɛmfo mmienu no ntam. Ná ɔwɔ gyidi sɛ nea ebesi biara no, Yehowa bɛka ne ho. (Rom. 14:7, 8) Nanso, amma Petro tirim da sɛ na anwanwasɛm bi rebesi. Mpofirim ara na hann bi hyerɛnee afiase dan no mu. Ɔbɔfo bi begyinaa hɔ, nanso awɛmfo no anhu no. Ɔprɛw Petro sɛ ɔnyɛ ntɛm nsɔre. Ɛhɔ ara na nkɔnsɔnkɔnsɔn denneennen a egu ne nsa no ankasa yi guu fam!

“Wokoduu dade pon a ɛkɔ kurow no mu no ano, na ɔpon no ara bue maa wɔn.”​—Asomafo Nnwuma 12:10

11 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Sɔre ntɛm! . . . Siesie wo ho na hyɛ wo mpaboa. . . . Fa w’ataade nguguso hyɛ.” Ntɛm ara Petro yɛɛ saa. Afei ɔbɔfo no kae sɛ: “Di m’akyi,” na Petro dii n’akyi. Wɔfaa awɛmfo no anim, na wɔyɛɛ dinn nantew koduu dade pon kɛse no ano. Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi apue? Sɛ saa asɛmmisa no baa Petro adwenem mpo a, ankyɛ na onyaa ho mmuae. Bere a wɔbɛn dade pon no ano no, “ɔpon no ara bue maa wɔn.” Nea Petro hui ara ne sɛ wɔatwam dade pon no ano adu abɔnten. Ɛnna ɔbɔfo no yerae. Afei, na aka Petro nko ara; ɛhɔ na ohui sɛ sɛɛ na nea asi no yɛ asɛm pa ara, na ɛnyɛ anisoadehu. Ná ɔnyɛ ɔdeduani bio!—Aso. 12:7-11.

12. Sɛ yesunzu ɔhʋanɩ mɔɔ Gyehova luwalɩ zʋlɔ leli Pita nɩ nwʋ a, mɩnla ti mɔɔ ɩkɛyɩkyɩ yɛ ɛɣɛɛlɛ a?

12 Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa wɔ tumi a enni ano a ɔde gye ne nkurɔfo no ho a, ɛnkyekye yɛn werɛ anaa? Ɔhene a ɔde Petro too afiase no, na ɔwɔ tumi kɛse, efisɛ Roma ahemman no na ɛde no dii ade, na saa bere no, na ɛno ne ahemman a ɛyɛ den sen nea aba kɔ nyinaa. Ne nyinaa akyi no, Petro tumi pue fii afiase hɔ kɔe a obiara anyɛ no hwee! Ampa, Yehowa nyɛ anwanwade saa mma n’asomfo nyinaa. Wanyɛ saa amma Yakobo; na akyiri yi, bere a Yesu asɛm a ɛkyerɛ nea ɛbɛto Petro no baa mu no, Yehowa ammɔ Petro ho ban anwanwakwan so. Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nhwɛ kwan sɛ Yehowa begye wɔn anwanwakwan so. Nanso yenim sɛ Yehowa nsakrae. (Mal. 3:6) Ɛrenkyɛ, owu a ayɛ te sɛ afiase a a wɔkyere adasamma kogu no, ɔnam ne Ba no so begye nnipa mpempem pii afi mu. (Yoh. 5:28, 29) Ɛnnɛ sɛ yehyia sɔhwɛ a, bɔhyɛ a ɛtete saa no tumi ma yɛn ahoɔden kɛse de gyina ano.

“Bɔnwʋnlɩ Yɩzayɩ Munli Nɩ Nɩ, Ɩyɛlɩ Bɛ Asibɔnwʋ” (Egy. 12:​12-17)

13-15. (a) Mɩnla yɛ asafʋ yɩ nu maa mɔɔ nɩ beyiyia wɔ Mɛɛlɩ yɩ awudo nɩ yɛlɩ mmɩlɩ mɔ Pita vindenli kɛnɩ nɩ a? (b) Mɩnla yɛ Egyima buuku yi ɩtwɩ̃ adwɩnɩ ɩkɔ zʋlɔ a, naasʋ̃ mɩnla mmʋwalɩyɛ yɛ Pita hɔlɩ zʋlɔ va manlɩ yɩ mmeliyema mmenyia nɩɩ mmaalɛ yɩ a?

13 Petro begyinaa sum mu wɔ abɔnten hɔ; ná onhu baabi a ɔmfa n’ani nkyerɛ. Afei biribi baa ne tirim. Ná Kristoni bea bi a ne din de Maria te bɛn hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na Maria yɛ okunafo a biribi wɔ ne nsam kakra, efisɛ na ɔwɔ fie kɛse a asafo tumi hyiam wɔ hɔ. Ná Maria ba ne Yohane a wɔfrɛ no Marko, na wei ne bere a edi kan a Asomafo Nnwuma no bɔ ne din. Akyiri yi Petro faa no sɛ ne ba. (1 Pet. 5:13) Saa anadwo no, ɛwom sɛ na ade asa de, nanso na asafo no mufo pii ahyiam wɔ Maria fie rebɔ mpae denneennen. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔrebɔ mpae sɛ Yehowa mma wɔnyi Petro mfi afiase. Nanso mmuae a Yehowa de maa wɔn no, na wɔn ani nna!

14 Petro begyinaa fie no aboboano, na ɔbɔɔ abɔnten pon no mu. Abaawa bi a wɔfrɛ no Roda baa pon no ano. Roda yɛ Greek din a ɛkyerɛ “Rose” nhwiren. Bere a ɔtee Petro nne no, ɛyɛɛ no nwanwa! Sɛ anka obebue pon no, abaayewa yi de anigye san n’akyi kɔɔ fie no mu kɔbɔɔ asafo no amanneɛ sɛ Petro gyina abɔnten hɔ. Anuanom no ka kyerɛɛ abaayewa no sɛ wabɔ dam, nanso abaayewa no ka sii so sɛ nea ɔreka no yɛ nokware. Enti ebinom kaa sɛ, ɛnde ɛbɛyɛ ɔbɔfo na wayɛ ne ho sɛ Petro. (Aso. 12:12-15) Saa bere no nyinaa na Petro da so rebɔ pon no mu. Akyiri yi, wɔkobuee no.

15 Bere a wɔbuee pon no, “wohuu no, na wɔn ho dwiriw wɔn”! (Aso. 12:16) Ná anuanom no ani agye a wɔnhu nea wɔnyɛ wɔn ho, nanso Petro ma wɔyɛɛ komm, na ɔkaa nea esii no kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ osuani Yakobo ne anuanom a aka no, na afei ofii hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a Herode asraafo no mmɛto no wɔ hɔ. Petro kɔɔ baabi foforo a wɔnnya no nkyere no kɔtoaa ne som adwuma no so. Asomafo Nnwuma no nka Petro ho asɛm bio kosi ti 15. Ɛhɔ no, na ɔka ho bi na wɔsiesiee twetiatwa asɛm no. Ɛno akyi no, Asomafo Nnwuma no dan adwene kɔ ɔsomafo Paul adwuma ne n’akwantu so. Nanso, yebetumi aka sɛ baabiara a Petro kɔe no, ɔhyɛɛ ne nuanom mmarima ne mmea gyidi den. Bere a ɔrefi anuanom a na wɔahyiam wɔ Maria fie no nkyɛn no, yebetumi aka sɛ na wɔn ani agye paa.

16. Mɩnla ti mɔɔ yɛkɔhʋla kehila ɔhʋanɩ kɛɛ yekenyia anyɩnlɩlelɛ sʋ̃maa wɔ eɣile be a?

16 Ɛtɔ mmere bi a Yehowa tumi ma n’asomfo biribi a wɔn ani nna so ma wɔn ani gye boro so. Saa pɛpɛɛpɛ na Petro nuanom Kristofo no tee nka saa anadwo no. Ɛnnɛ nso Yehowa tumi hyira yɛn bere a yɛn ani nna, na wei ma yɛn ani gye boro so. (Mmeb. 10:22) Daakye, nneɛma a Yehowa ahyɛ ho bɔ nyinaa, ɔbɛma aba mu wɔ wiase baabiara. Nneɛma a ɛbɛba saa bere no de, ɛsɛ w’ani! Enti sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya anigye pii daakye.

“Nyamɩnlɩ Yɩ Bɔvʋlɔ Wɔlɩ Yɩ” (Egy. 12:​18-25)

17, 18. Mɩnla yɛ ɩmanlɩ mmenii nɩ hanlɩ ɔzɔ ndwokɔ yɩ valɩ Hɛlɔdʋ nwʋ a?

17 Petro fii afiase hɔ no, ɛyɛɛ Herode nwanwa, nanso anyɛ no dɛ. Herode ma wɔhwehwɛɛ Petro denneennen, na wɔbisabisaa awɛmfo no nea esii. Afei wɔde wɔn kɔe sɛ ‘wɔnkɔtwe wɔn aso,’ na ebetumi aba sɛ wɔkum wɔn mpo. (Aso. 12:19) Ná Herode Agripa nyɛ obi a ɔwɔ ayamhyehye anaa ahummɔbɔ. Otirimɔdenfo yi faa ne ho dii anaa?

18 Ebia Agripa ani wui sɛ wantumi ankum Petro, nanso ankyɛ na onyaa biribi a ɔde bɛtew n’anim. Bere bi, Herode atamfo bi bae sɛ wɔrebɛhwehwɛ n’anim dom apɛ asomdwoe, na ohui sɛ ɛyɛ hokwan a ɔde bɛkasa wɔ bagua kɛse bi anim. Luka bɔɔ amanneɛ sɛ, saa da no “Herode hyɛɛ ahentaade.” Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛwee sɛ, wɔde dwetɛ na ɛyɛɛ Herode ataade no, enti sɛ hann tɔ so a, ɛte yerɛyerɛw. Afei ɔhene a ɔyɛ ahantan yi kasae. Nkurɔfo a wɔahyiam no hoahoaa no sɛ: “Eyi de, ɛyɛ onyame bi nne, na ɛnyɛ onipa nne!”—Aso. 12:20-22.

19, 20. (a) Mɩnla ti mɔɔ Gyehova hwɩnlɩ Hɛlɔdʋ yɩ azʋ̃ yɩ a? (b) Sɛ yekila kezimɔ Hɛlɔdʋ Agɩlɩpa wuli wɔ amʋnɔ nu kɛnɩ nɩ a, mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ ɩma yɛ ahʋnlɩnɩ tɔ ye kunlu a?

19 Onyankopɔn na ɔfata anuonyam a ɛte saa, na na n’ani tua nea ɛrekɔ so no! Anka Herode betumi ayɛ ho biribi na asɛm anto no. Anka obetumi aka wɔn anim anaa wakyerɛ sɛ n’ani nnye nea wɔreyɛ no ho. Mmom no, ɔmaa abebusɛm yi bɛfaa ne ho: “Ahantan di ɔsɛe anim.” (Mmeb. 16:18) Enti “ɛhɔ ara na Yehowa bɔfo bɔɔ” ɔhene a ɔyɛ ahantan no, na owuu animguase wu. Herode ‘dɔɔ mmoawa, na owui.’ (Aso. 12:23) Josephus nso kaa sɛ, wɔbɔɔ Agripa mpofirim. Ɔde kaa ho sɛ, ɔhene no hui sɛ nsɛm a nkurɔfo no de hoahoaa no a ogye toom no nti na na ɔrewu. Josephus kyerɛwee sɛ Agripa daa hɔ nnanum ansa na ɔrewu. b

20 Ɛtɔ da bi a na ɛreyɛ akɔyɛ sɛ nnipabɔnefo tumi di bɔne pii fa wɔn ho di. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yoh. 5:19) Ne nyinaa akyi no, sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo hu sɛ abɔnefo di bɔne fa wɔn ho di a, etumi haw wɔn. Wei nyinaa nti na sɛ yɛkenkan nsɛm bi te sɛ nea ɛtoo Herode no a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam no. Yehu sɛ Yehowa de ne ho gye nsɛm a ɛte saa mu, na wei kae n’asomfo nyinaa sɛ ɔdɔ atɛntrenee. (Dw. 33:5) Ɛrenkyɛ, ɔbɛhwɛ ama atɛntrenee ahyɛ asaase so ma.

21. Mma mɔɔ ɩwɔ Egyima buuku yi ti 12 yi nu paa yɛ lɛ mɩnla, na mɩnla ti mɔɔ mɛyɩ kyɩkyɩ yɛ ɛɣɛɛlɛ nnɛ a?

21 Asɛm a ɛhyɛ nkuran yi na wɔde wiee amanneɛbɔ no: “Yehowa asɛm kɔɔ so trɛwee, na nnipa pii gye dii.” (Aso. 12:24) Amanneɛbɔ yi kyerɛ sɛ asɛnka adwuma no nyaa nkɔso saa bere no, na ɛma yehu sɛ ɛnnɛ nso, Yehowa rehyira asɛnka adwuma no so. Yetumi hu pefee sɛ Asomafo Nnwuma ti 12 no nyɛ asomafo mmienu a wɔkum baako na baako nyaa ne ho tetewee ho asɛm kɛkɛ. Ɛkyerɛ yɛn nea Yehowa yɛ de sii Satan kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentumi nsɛe Kristofo asafo no ne asɛnka adwuma a na wɔayere wɔn ho reyɛ no. Nea Satan yɛe no ankosi hwee, na nea atamfo bɛyɛ biara nso renkosi hwee. (Yes. 54:17) Wɔn a wɔwɔ Yehowa ne Yesu Kristo afã no de, dwuma a wɔredi no besi yiye. Ɛnsɛ sɛ ɛno ma yɛn awerɛhyem anaa? Ɛnnɛ, hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛreka “Yehowa asɛm” akyerɛ nnipa bebree!

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 79 a wɔato din “ Ɔhene Herode Agripa I” no.

b Oduruyɛfo bi kyerɛwee sɛ ebetumi aba sɛ mmoawa a Josephus ne Luka kaa ho asɛm no yɛ asunson a wɔsiw ɔhene no nsono mu kwan ma owui. Sɛ asunson a ɛte saa ba obi yam a, otumi fe wɔn fa n’anom anaa wɔpuepue fi ne nipadua mu bere a wawu no. Nhoma bi ka sɛ: “Ɔkwan a oduruyɛfo Luka faa so kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu no ma yehu sɛ na [Herode] wu no bɛyɛ ahometew paa.”