Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 24

“Nya Akokodur!”

“Nya Akokodur!”

Paul nyaa ne tsir dzidzii mu wɔ pɔw a wɔbɔe dɛ woboku no no ho, na okeyii n’ano wɔ Felix n’enyim

Egyina Asomafo Nnwuma 23:11–24:27 so

1, 2. Ebɛnadze ntsi na wɔannyɛ Paul nwanwa dɛ wɔtaan n’enyi wɔ Jerusalem?

 BERE a wɔgyee Paul fii basabasayɛfo bi a na wɔn bo afuw nsam wɔ Yerusalem no, wɔsan de no too afiase bio. Ná ɛnyɛ Paul nwanwa sɛ wɔretan n’ani wɔ Yerusalem. Ná wɔaka akyerɛ no sɛ wɔde no “bɛto afiase, na amanehunu da hɔ retwɛn” no wɔ saa kurow no mu. (Aso. 20:22, 23) Ɛwom sɛ na Paul nnim asɛm pɔtee a ɛbɛto no de, nanso na onim sɛ Yesu din nti ɔbɛkɔ so ahu amane.—Aso. 9:16.

2 Ná adiyifo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu mpo abɔ Paul kɔkɔ sɛ wɔbɛkyekyere no na wɔde no ‘ahyɛ amanaman mufo nsa.’ (Aso. 21:4, 10, 11) Ná ɛnkyɛe na nnipadɔm a wɔyɛ Yudafo yɛe sɛ wɔbekum Paul. Ɛno akyi bere tiaa bi no, na ɛte sɛ nea Sanhedrin no mufo a na wɔregye Paul ho akyinnye no ‘bɛtetew ne mu.’ Afei, na Roma asraafo de ɔsomafo no ato afiase, na na ɛrenkyɛ koraa na wɔasan adi n’asɛm mpɛn pii abɔ no kwaadu bebree. (Aso. 21:31; 23:10) Nokwarem no, na ɔsomafo Paul hia nkuranhyɛ!

3. Henfa na yenya nkuranhyɛsɛm a ɔboa hɛn ma yɛkɔ do yɛ asɛnka edwuma no?

3 Awiei bere yi mu no, yenim sɛ “wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifo nyinaa, nkurɔfo bɛtan wɔn ani.” (2 Tim. 3:12) Yɛn nso, yehia nkuranhyɛ bere ne bere mu na ama yɛatumi akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yɛn nkuranhyɛsɛm wɔ bere a ɛsɛ mu. Wɔnam nhoma ahorow so ne asafo nhyiam ahorow so na ɛyɛ saa, na yɛn ani sɔ paa! (Mat. 24:45) Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ, wɔn a asɛmpa a yɛreka no nti wɔtan yɛn ani no, wɔrenni nkonim da. Wɔrentumi ntɔre n’asomfo ase, na saa ara nso na wɔrentumi mma yennyae asɛnka adwuma a yɛyɛ no. (Yes. 54:17; Yer. 1:19) Na ɔsomafo Paul nso ɛ? Onyaa nkuranhyɛ bi a na ɛbɛma wakɔ so adi adanse fefeefe ɛmfa ho sɛ na ɔrehyia ɔsɔretia no anaa? Sɛ onyaa nkuranhyɛ a, na ɛyɛ nkuranhyɛ bɛn, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

Wɔsɛɛ ‘Pɔw A Wɔbɔe’ No (Andw. 23:​11-34)

4, 5. Asɛm a ɔhyɛ nkuran bɛn na wɔkaa kyerɛɛ Paul, na nna ebɛnadze ntsi na ɔyɛ ne ber mu dze?

4 Bere a wɔgyee ɔsomafo Paul fii Sanhedrin no nsam no, anadwo a edi hɔ no, onyaa nkuranhyɛ a na ohia paa. Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ka sɛ: “Awurade begyinaa ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: ‘Nya akokoduru! Na sɛnea woadi me ho adanse frenkyemm wɔ Yerusalem no, saa ara na ɛsɛ sɛ wudi adanse wɔ Roma nso.’” (Aso. 23:11) Nsɛm a ɛhyɛ nkuran a Yesu ka kyerɛɛ Paul no ma onyaa awerɛhyem sɛ wɔbegye no. Ná onim sɛ obenya ne ti adidi mu na wakodu Roma, na wanya hokwan adi Yesu ho adanse wɔ hɔ.

“Wɔn mu mmarima bɛboro 40 akɔtetɛw no.”​—Asomafo Nnwuma 23:21

5 Nkuranhyɛsɛm a wɔde maa Paul no bae wɔ ne bere mu. Ade kyee ara pɛ na Yudafo mmarima bɛboro 40 “bɔɔ pɔw, na wɔkaa ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom kosi sɛ wobekum Paul.” Saa ‘pɔw a wɔbɔe ne ntam a wɔkae’ sɛ wɔbekum ɔsomafo no, ɛma yehu sɛnea na saa Yudafo no asi wɔn bo sɛ wɔbekum no. Ná wɔgye di sɛ sɛ wɔantumi ankum no a, nnome, anaa asɛmmɔne bi bɛto wɔn. (Aso. 23:12-15) Pɔw bɔne a wɔbɔe a na asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no pene so no ne sɛ, na wɔbɛsan de Paul aba Sanhedrin no anim abebisabisa no nsɛm bio te sɛ nea na wɔpɛ sɛ wɔhu ne nsɛm no mu yiye. Nanso, na wɔn a wɔabɔ Paul ho pɔw no bɛtetɛw kwan so atow ahyɛ no so akum no.

6. Ɔyɛɛ dɛn na pɔw a wɔbɔe dɛ woboku Paul no sɛɛe, na ebɛnadze na mbabun a wɔwɔ hɔ ndɛ botum esua efi dɛm asɛm yi mu?

6 Nanso, Paul wɔfase tee pɔw a wɔbɔe no, na ɔkɔbɔɔ Paul amanneɛ. Paul nso maa aberante no kɔbɔɔ Roma ɔsahene Klaudio Lisia amanneɛ. (Aso. 23:16-22) Paul wɔfase no, Bible mmɔ ne din, nanso mmabun a wɔsuasua no no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa dɔ wɔn. Saa mmabun yi da akokoduru adi, wɔma Onyankopɔn nkurɔfo yiyedi ho hia wɔn sen wɔn ankasa de, na wɔde nokwaredi yɛ nea wɔbetumi nyinaa ma Ahenni adwuma no nya nkɔso.

7, 8. Ebɛn nhyehyɛɛ na Claudius Lysias yɛe dze bɔɔ Paul no ho ban?

7 Klaudio Lisia tee pɔw a na wɔabɔ sɛ wɔbekum Paul no ho asɛm. Ná ɔwɔ mmarima 1,000 hyɛ n’ase, enti ɔtee asɛm no ara pɛ na ɔkaa sɛ wɔmmoaboa asraafo 470 ano na wɔmfa Paul mfi Yerusalem nkodu Kaesarea dwoodwoo saa anadwo no ara. Ná ebi yɛ asraafo a wɔkurakura mpeaw, asraafo a wɔtete apɔnkɔ so, ne asraafo a wɔnam fam. Ɔkaa sɛ, wɔdu hɔ a, wɔmfa no nhyɛ Amrado Felike nsa. a Ná Kaesarea yɛ Romafo ahenkurow a ɛwɔ Yudea, na na Yudafo dodow bi te hɔ, nanso Amanaman mufo titiriw na na wɔte hɔ. Ná biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ hɔ. Ná ɛhɔ nte sɛ Yerusalem a nnipa pii de abufuw sɔre tia ɔsom afoforo mufo na wɔyɛ basabasa wɔ hɔ no. Roma asraafo asoɛe kɛse a ɛwɔ Yudea no nso, Kaesarea na na ɛwɔ.

8 Lisia dii Romafo mmara so kyerɛw krataa de kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu kyerɛɛ Felike. Lisia kaa sɛ, na Yudafo no ‘rebekum’ Paul. Nanso bere a ɔno Lisia tee sɛ Paul yɛ Romani no, okogyee no fii wɔn nsam. Lisia kaa sɛ, wanhu sɛ Paul ayɛ biribiara a ‘wɔbetumi agyina so akum no anaa wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn de no ato afiase.’ Nanso esiane pɔw bi a na ebinom abɔ wɔ Paul ho nti na na ɔde no rebrɛ amrado Felike, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nso betumi atie wɔn a wɔrebɔ no sobo no asɛm, na wabu atɛn wɔ asɛm no ho.—Aso. 23:25-30.

9. (a) Ebɛn kwan do na nkorɔfo tsiatsiaa fahodzi a nna Paul wɔ dɛ Romenyi no do? (b) Ebɛn tsebea na sɛ yɛkɔ mu a, yebotum dze hokwan a yɛwɔ dɛ ɔmamba no ayɛ edwuma?

9 Nsɛm a Lisia kyerɛwee wɔ ne krataa no mu no, na ɛyɛ nokware anaa? Ɛnyɛ ne nyinaa na na ɛyɛ nokware. Ɛte sɛ nea na ɔreyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɔ amrado no ani. Ná ɛnyɛ sɛ Paul yɛ Romani nti na okogyee no. Afei nso, Lisia anka wɔ ne krataa no mu sɛ ɔma wɔde ‘nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu guu’ Paul, na ɛno akyi no, ɔkaa sɛ “wɔmmɔ no mmaa nkosi sɛ ɔbɛka nea wayɛ.” (Aso. 21:30-34; 22:24-29) Nea Lisia yɛe yi, na ɛyɛ Paul fahodi a ɔwɔ sɛ Romani no na ɔretiatia so. Ɛnnɛ, Satan de wɔn a nyamesom agye wɔn ti na wɔsɔre tia yɛn no di dwuma ma nkurɔfo tan yɛn ani paa, na wɔtumi tiatia yɛn fahodi so. Nanso, sɛnea Paul yɛe no, mpɛn pii no, Onyankopɔn nkurɔfo betumi de hokwan a wɔwɔ sɛ ɔmamma no adi dwuma na wɔafa mmara kwan so ahwehwɛ ahobammɔ.

“Merebɛkyerɛkyerɛ M’asɛm Mu” (Andw. 23:35–24:21)

10. Ebɛn sombo akɛse na wɔdze bɔɔ Paul?

10 Bere a asraafo no duu Kaesarea no, wɔde Paul kɔmaa amrado no, na ɔhyɛe sɛ “wɔnwɛn no wɔ Herode ahemfi hɔ” nkosi sɛ wɔn a na wɔabɔ no sobo no befi Yerusalem aba. (Aso. 23:35) Nnanum akyi no, Ɔsɔfo Panyin Anania, mmaranimfo bi a ne din de Tertulo, ne mpanyimfo bi bae. Tertulo dii kan yii Felike ayɛ wɔ nea na ɔreyɛ ama Yudafo no ho, na ɛda adi sɛ na ɔreka asɛm a ɛbɛma Felike tirim ayɛ no dɛ na wanya n’anim dom. b Afei Tertulo kɔɔ asɛm a ɛde wɔn baa hɔ no so, na ɔbɔɔ Paul kwaadu sɛ ɔyɛ “ɔmammɔfo, na otutu gu Yudafo nyinaa asom ma wɔtew atua wɔ asaase nyinaa so, na matew-me-ho kuw a wɔfrɛ wɔn Nasaretfo no, ɔno na odi wɔn anim. Ɔsan yɛe sɛ obegu asɔrefi no ho fĩ, enti yɛkyeree no.” Ɛnna Yudafo a wɔaka no nso “de wɔn ano too mu bi, na wɔkae sɛ nsɛm yi yɛ nokware.” (Aso. 24:5, 6, 9) Atua a obi ma nkurɔfo tew, kuw a emufo ho yɛ hu a obi di mu akoten, ne asɔrefie a obi gu ho fĩ nyinaa yɛ sobo a emu yɛ duru a na ebetumi ama wɔabu obi kumfɔ.

11, 12. Sombo a wɔdze bɔɔ Paul no, ebɛn asɛm na ɔkae dze bɔe gui?

11 Afei wɔmaa Paul kwan sɛ ɔnkasa. Ɔsomafo no fii ase sɛ: “Merebɛkyerɛkyerɛ m’asɛm mu.” Ɔkaa sɛ, kwaadu a wɔde abɔ no nyinaa, nokware biara nnim. Ná onguu asɔrefie no ho fĩ, na saa ara nso na na ɔmmaa nkurɔfo ntew atua biara. Ɔkaa sɛ, ofii Yerusalem no, na adi “mfe pii,” na na waba hɔ sɛ ɔde “adɔe” rebrɛ wɔn, kyerɛ sɛ, na ɔde ntoboa rebrɛ Kristofo a na ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔm ne ɔtaa ama wɔredi hia no. Paul kaa sɛ ansa na ɔrekɔ asɔrefie hɔ no, na ‘wadwira ne ho,’ na na wabɔ mmɔden paa sɛ ‘ɔde ahonim pa bɛbɔ ne bra wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.’—Aso. 24:10-13, 16-18.

12 Paul gye toom sɛ “nea wɔfrɛ no matew-me-ho kuw no,” ɛno ara ne ɔkwan a na ɔnam so som n’agyanom Nyankopɔn. Nanso, ɔkaa sɛ “nea Mmara no ka a wɔakyerɛw wɔ Adiyifo no mu nyinaa,” ogye di. Ɔka kaa ho sɛ, ɔne wɔn a wɔrebɔ no sobo no nyinaa wɔ anidaso baako, ɛne sɛ: “atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo bɛsɔre afi awufo mu.” Afei, Paul kaa sɛ wɔn a wɔrebɔ no sobo no mfa wɔn adanse mmra, na ɔtoaa so sɛ: “Wopɛ nso a, mmarima a ɛwɔ ha yi, ma wɔn ara nka bɔne a wohui bere a na migyina Sanhedrin no anim no. Bere a migyina wɔn mu no, asɛm baako yi ara na meteɛɛm kae: ‘Owusɔre a awufo benya no, ɛno nti na ɛnnɛ wɔrebu me atɛn wɔ mo anim yi!’”—Aso. 24:14, 15, 20, 21.

13-15. Paul dze akokodur dzii dase wɔ wiadze etumfo no enyim, ebɛnadze ntsi na iyi yɛ nhwɛdo pa a yebotum esuasua?

13 Paul yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. Sɛ nkurɔfo twa asɛm to yɛn so, na wɔka sɛ yɛyɛ nnipa a yepiapia nkurɔfo ma wɔyɛ basabasa, yɛyɛ atuatewfo, anaasɛ yɛyɛ “matew-me-ho kuw bi a emufo ho yɛ hu” a, yebetumi asuasua Paul. Paul anka adɛfɛdɛfɛsɛm ankyerɛ amrado no amfa ampɛ n’anim dom sɛnea Tertulo yɛe no. Paul ankasa abufuw so, na ɔdaa obu adi. Ɔhwɛɛ ne kasa yiye, na ɔkaa ne nsɛm ma emu daa hɔ fann. Paul kaa sɛ, “Yudafo bi a wofi Asia mantam no mu” a wɔbɔɔ no sobo sɛ wagu asɔrefie no ho fĩ no, na wɔnni hɔ bi, na mmara mu no, na ɛsɛ sɛ ɔne wɔn hyia anim-ne-anim na otie sobo a wɔde rebɔ no no.—Aso. 24:18, 19.

14 Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow paa ne sɛ, Paul kaa ne gyidi ho asɛm pefee. Owusɔre ho asɛm a ɛkɔfaa hooyɛ bae bere a na ogyina Sanhedrin no anim no, ɔsomafo no de akokoduru san kaa sɛ ogye di. (Aso. 23:6-10) Bere a na Paul reyi n’ano no, ɔka sii so sɛ, daakye wɔbenyan awufo aba nkwa mu bio. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Efisɛ na Paul redi Yesu ne ne wusɔre ho adanse. Saa asɛm no, na wɔn a wɔsɔre tia no no nnye ntom. (Aso. 26:6-8, 22, 23) Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ owusɔre ho asɛm na ɛkɔfaa akasakasa no bae, ne titiriw no, Yesu mu gyidi a na Paul wɔ ne gye a na ogye di sɛ Yesu asɔre afi awufo mu no.

15 Sɛnea Paul yɛe no, yɛn nso yebetumi adi adanse akokoduru so na yɛama asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no ahyɛ yɛn den. Yesu kaa sɛ: “Me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.” Ɛsɛ sɛ yɛma nea yɛbɛka yɛ yɛn dadwen anaa? Daabi, efisɛ Yesu maa yɛn awerɛhyem yi sɛ: “Sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho; na mmom nea wɔde bɛma mo saa bere no, ɛno ara na monka, efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom honhom kronkron.”—Mar. 13:9-13.

“Hu Kaa Felix” (Andw. 24:​22-27)

16, 17. (a) Ebɛn kwan do na Felix faa do dzii Paul n’asɛm? (b) Ɔbɛyɛ dɛ ebɛnadze ntsi na hu kaa Felix, naaso ebɛnadze ntsi na ɔmaa Paul baa n’enyim mpɛn pii dɛm?

16 Ná ɛnyɛ saa bere yi ne nea edi kan a Amrado Felike ate Kristofo gyidi ho asɛm. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Esiane sɛ na Felike nim Ɔkwan yi [a ɛyɛ edin a na wɔde frɛ Kristo asuafo no ansa na wɔrebɛfrɛ wɔn Kristofo] ho asɛm yiye nti, otuu nkurɔfo no asɛm no hyɛɛ da, na ɔkae sɛ: ‘Bere biara a ɔsahene Lisia bɛba no, mebua mo asɛm yi.’ Na ɔhyɛɛ ɔsraani panyin no sɛ ɔmfa ɔbarima no nsie, wɔnhwɛ na wɔanteetee no, na sɛ ne nkurɔfo bi ba sɛ wɔrebɛyɛ biribi ama no a, wɔmma wɔn kwan.”—Aso. 24:22, 23.

17 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a na ɔyɛ Yudani no soma ma wɔkɔfrɛɛ Paul bae, na “wotiee nea ɔka faa Kristo Yesu mu gyidi ho no.” (Aso. 24:24) Nanso, bere a Paul kaa “trenee ne ahohyɛso ne atemmu a ɛbɛba ho asɛm no, ehu kaa Felike.” Ebia nsɛm a Paul kae no haw Felike ahonim esiane nneɛma bɔne a na wayɛ wɔ n’asetena mu nti. Enti, ɔmaa Paul fii hɔ kɔe, na ɔkae sɛ: “Wo de, kɔ ansa, na minya bere a, mɛsan asoma abɛfrɛ wo.” Ɛno akyi no, Felike maa Paul baa n’anim mpɛn pii. Ɛnyɛ nokware no na na ɔrepɛ ahu, na mmom, na ɔhwɛ kwan sɛ Paul bɛma no braeb na ama wagyaa no.—Aso. 24:25, 26.

18. Ebɛnadze ntsi na Paul kaa “tsenenee nye ahohyɛdo nye atsɛmbu a ɔbɛba” no ho asɛm kyerɛɛ Felix nye ne yer?

18 Adɛn nti na Paul kaa “trenee ne ahohyɛso ne atemmu a ɛbɛba” ho asɛm kyerɛɛ Felike ne ne yere? Kae sɛ, na Felike ne ne yere pɛ sɛ wɔhu nea obi yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔwɔ “Kristo Yesu mu gyidi.” Ná Paul nim sɛ wɔn bra asɛe, wɔn tirim yɛ den, na wɔyɛ asisifo, enti nea ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yesu akyidifo nyinaa yɛ no, ɔmaa wɔhui pefee. Asɛm a Paul kae no ma ɛdaa adi sɛ, nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ sɛ obi yɛ na wayɛ ɔtreneeni no, ɛnyɛ ɛno koraa na na Felike ne ne yere reyɛ. Ná wei bɛma wɔahu sɛ nnipa nyinaa bebu nea wɔdwen, nea wɔka, ne nea wɔyɛ ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Afei nso, na ɛbɛma wɔahu sɛ atɛn a Onyankopɔn bebu wɔn no, ɛho hia koraa sen atɛn a na ɔno Felike bebu Paul no. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ “ehu kaa Felike” saa no!

19, 20. (a) Sɛ obi n’enyi gye asɛmpa a yɛka kyerɛ no no ho, naaso ɔmmpɛ dɛ ɔbɛma nokwar no asesa n’abrabɔ a, ebɛnadze na ɔsɛ dɛ yɛyɛ? (b) Yesi dɛn hu dɛ nna Felix nnyɛ Paul ne nyɛnko?

19 Yebetumi ahyia nnipa bi a wɔte sɛ Felike wɔ asɛnka mu. Mfiase no, ebia wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ nea wɔn ani gye nokware no ho, nanso wɔmpɛ sɛ wɔbɛma nokware no asesa wɔn abrabɔ. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ nnipa a wɔte saa ho. Nanso sɛnea Paul yɛe no, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔasɔ Onyankopɔn ani no, yɛn nso yebetumi apɛ kwan bi so aka ho asɛm akyerɛ wɔn. Ebia nokware no bɛka wɔn koma. Nanso, sɛ ɛbɛda adi sɛ wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbegyae wɔn nneyɛe bɔne no a, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkɔhwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhu nokware no ankasa.

20 Asɛm a edi hɔ yi ma yehu nea na ɛwɔ Felike komam ankasa. Ɛka sɛ: “Mfe abien akyi no, Porkio Festo bedii Felike ade; na esiane sɛ na Felike pɛ sɛ onya Yudafo no anim anuonyam nti, ogyaw Paul wɔ afiase.” (Aso. 24:27) Ɛda adi sɛ na Paul nyɛ Felike adamfo koraa. Ná Felike nim sɛ wɔn a wɔnam “Ɔkwan No” so no nyɛ atuatewfo, na saa ara nso na na wɔnyɛ nnipa a wɔtu aban gu. (Aso. 19:23) Ná onim nso sɛ, na Paul mmuu Roma mmara biara so. Nanso, Felike maa Paul kɔɔ so daa afiase sɛnea ɛbɛma wanya “Yudafo no anim anuonyam.”

21. Aber a Porcius Festus bɛyɛɛ ambrado no, ebɛnadze na ɔtoo Paul, na ɔbɛyɛ dɛ ebɛnadze na ɔkɔr do hyɛɛ Paul dzen?

21 Sɛnea nkyekyɛm a etwa to wɔ Asomafo Nnwuma ti 24 ma yehu no, bere a Porkio Festo bedii Felike ade sɛ amrado no, na Paul da so da afiase. Enti, wɔfii ase dii Paul asɛm mpɛn pii, na wɔde no kɔɔ atumfoɔ pii anim. Nokwarem no, wɔde ɔsomafo kokodurufo yi kɔɔ “ahemfo ne amradofo anim.” (Luka 21:12) Akyiri yi, yebehu sɛ sodifo a ɔwɔ tumi sen obiara wɔ Paul bere so no, Paul dii no adanse. Paul gyidi anhinhim da wɔ nea ohyiae nyinaa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ asɛm a Yesu kae yi kɔɔ so hyɛɛ Paul den. Yesu kaa sɛ: “Nya akokoduru!”

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 193 a wɔato din “ Felike—Yudea Amrado” no.

b Tertulo daa Felike ase sɛ wama “asomdwoe kɛse” aba ɔman no mu. Nanso nokwasɛm ne sɛ, efi amrado a wɔabɛsen kɔ nyinaa bere so kosi bere a wɔtew Roma so atua no, Felike bere so na na asomdwoe nni Yudea koraa. Nea na ɛnyɛ nokware koraa nso ne ka a ɔkaa sɛ Yudafo no de “aseda kɛse” gye nsakrae a na Felike ayɛ tom no. Nokwasɛm ne sɛ, na Yudafo dodow no ara bu Felike animtiaa efisɛ na wama Yudafo no asetena ayɛ yayaayaw, na bere a Yudafo no tew atua no, ɔne wɔn dii no nwenweenwene.—Aso. 24:2, 3.