Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 23

“Hom Ntsie Me Ma Minyi M’ano”

“Hom Ntsie Me Ma Minyi M’ano”

Paul gyinaa basabasayɛfo a nna hɔn bo efuw nye Sanhedrin no enyim kyerɛkyerɛɛ nokwar no mu

Egyina Asomafo Nnwuma 21:18–23:10 so

1, 2. Ebɛnadze na ɔmaa ɔsomafo Paul kɔr Jerusalem, na ebɛn nsɛm na ɔtoo no wɔ hɔ?

 NÁ Paul akopue Yerusalem bio! Ná ɔnam kurow no akwan nketewa a na ɛso ayɛ bagyabagya no so. Mfe pii mu no, na Yerusalem yɛ baabi a Yehowa som di akoten paa wɔ hɔ. Ná kurow no mufo taa de anuonyam a kurow no wɔ hoahoa wɔn ho. Ná Paul nim sɛ Kristofo pii a wɔwɔ kurow no mu da so ara kura tete nneɛma no mu, enti nsakrae a na Yehowa de reba no, na wɔretwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde bɛyɛ adwuma. Ɛno nti bere a Paul da so wɔ Efeso no, ohui sɛ na kurow no mufo hia honam fam ne honhom fam mmoa, na ɛno kaa no ma osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ saa kurow kɛse no mu bio. (Aso. 19:21) Ɛmfa ho sɛ na asiane betumi ato no no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ sɛnea ɛte biara, ɔbɛsan akɔ kurow no mu.

2 Asɛm bɛn na na ɛbɛto Paul wɔ Yerusalem? Ná ɔhaw no baako befi Kristo akyidifo binom a na Paul ho nsɛm a wɔatete no haw wɔn no hɔ. Ná ɔhaw no kɛse paa befi wɔn a na wɔtan Kristo no hɔ. Ná wɔbɛka atosɛm agu Paul so, ahwe no, na wɔde owu ahunahuna no. Ná gyegyeegye a ɛbɛkɔ so no bɛma Paul nso anya hokwan ayi ne ho ano. Ahobrɛase, akokoduru, ne gyidi a ɔde gyinaa nsɛm a ɛtotoo no ano no yɛ nhwɛso pa ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Momma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

“Wɔhyɛɛ Ase Hyɛɛ Nyankopɔn Enyimnyam” (Andw. 21:​18-20a)

3-5. (a) Ebɛn nhyiamu na Paul kɔree wɔ Jerusalem, na ebɛnadze na wɔkaa ho asɛm? (b) Ebɛnadze na yebotum esua efi nhyiamu a Paul nye mpanyimfo a nna wɔwɔ Jerusalem no yɛe no mu?

3 Ɛda a Paul duu Yerusalem no, n’adekyee na ɔne wɔn a wɔka ne ho no kohuu asafo no mu mpanyimfo. Wɔammɔ asomafo a na wɔda so te ase no mu biara din wɔ asɛm no mu; ebia saa bere no, na wɔn nyinaa ahwete kɔ wiase no afã foforo rekɔsom wɔ hɔ. Nanso, na Yesu nua Yakobo da so wɔ hɔ. (Gal. 2:9) Ɛbɛyɛ sɛ bere a na Paul ne “mpanyimfo no nyinaa wɔ hɔ” no, Yakobo na ɔyɛɛ guamtenani wɔ nhyiam no ase.—Aso. 21:18.

4 Paul kyiaa mpanyimfo no, “na ofii ase kaa nea Onyankopɔn nam ne som adwuma no so yɛe wɔ amanaman no mu ho nsɛm nyinaa” kyerɛɛ wɔn. (Aso. 21:19) Ɛbɛyɛ sɛ asɛm no hyɛɛ anuanom nkuran paa. Saa ara na ɛnnɛ nso sɛ yɛte sɛ nkɔso a aba ɔsom adwuma no mu wɔ aman foforo so a, ɛma yɛn ani gye paa.—Mmeb. 25:25.

5 Eduu baabi no, ɛda adi sɛ Paul kaa ntoboa a na ɔde fi Europe aba no ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ nea anuanom a na wɔwɔ akyirikyiri no yɛ de kyerɛe sɛ wɔdwen wɔn nuanom ho no kaa wɔn a na wɔretie Paul no koma paa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, bere a Paul kaa ntoboa no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no, kyerɛwsɛm no ka sɛ mpanyimfo no fii ase “hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam!” (Aso. 21:20a) Ɛnnɛ nso,nnipa pii wɔ hɔ a, atoyerɛnkyɛm to wɔn anaa nyarewa bi a ɛyɛ hu yɛ wɔn na wɔnya mmoa ne nkuranhyɛ wɔ ne bere mu fi wɔn nuanom Kristofo hɔ a, ɛka wɔn koma paa.

Nna Nyimpa Pii Da Ho Ara “Yer Hɔnho Dzi Mbra No Do” (Andw. 21:20b, 21)

6. Ebɛn haw na Paul tsee ho asɛm?

6 Afei, mpanyimfo no ka kyerɛɛ Paul sɛ ɔhaw bi wɔ Yudea a ɛfa ɔno Paul ankasa ho. Wɔkaa sɛ: “Onua, wo ara woahu sɛ Yudafo mpempem pii abɛyɛ gyidifo, na wɔn nyinaa yere wɔn ho di Mmara no so. Nanso wɔate sɛ nkurɔfo rekeka sɛ, worekyerɛkyerɛ Yudafo a wɔwɔ amanaman mu nyinaa sɛ wɔnsɔre ntia Mose Mmara. Wɔate sɛ worekeka nso sɛ wonntwa wɔn mma twetia, na wonnni amammerɛ so.” aAso. 21:20b, 21.

7, 8. (a) Nna ebɛn adwen a ɔnntsen na Christianfo pii a wɔwɔ Judea no wɔ? (b) Adwen a ɔnntsen a nna Jewfo a wɔabɛyɛ Christianfo no wɔ no, nna ebɛnadze ntsi na ɔnnkyerɛ dɛ wɔyɛ awaafo?

7 Bere a na wɔayi Mose Mmara no afi hɔ bɛboro mfe 20 no, adɛn nti na na Kristofo pii da so ara kura mu? (Kol. 2:14) Afe 49 Y.B. mu no, na asomafo no ne mpanyimfo a ahyiam wɔ Yerusalem no ama wɔde krataa bi akɔma nsafo no, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ krataa no mu sɛ, enhia sɛ amanaman mufo a wɔabɛyɛ gyidifo no twa twetia na wɔdi Mose Mmara no so. (Aso. 15:23-29) Nanso, Yudafo a wɔabɛyɛ gyidifo a na wɔn mu pii nnye nni sɛ Mose Mmara no nyɛ adwuma bio no, wɔammɔ wɔn din wɔ saa krataa no mu.

8 Adwene a ɛntene a na Yudafo a wɔabɛyɛ gyidifo no wɔ no, na ɛkyerɛ sɛ wɔmfata sɛ wɔfrɛ wɔn Kristofo anaa? Daabi. Ɛnyɛ sɛ bere bi na wɔsom abosonsomfo anyame, ɛnna wɔasan rekɔsom saa anyame no bio. Mose Mmara a na ɛho hia Yudafo no saa no, Yehowa na ɔde maa wɔn. Mmara no, na asɛm biara nni ho. Mmom, na Mose Mmara no fa apam dedaw no ho, na na Kristofo no aba apam foforo ase. Saa bere no, na Mmara apam no nyɛ adwuma bio wɔ nokware som mu. Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo a wɔda so di Mose Mmara no so no, na wɔnte nneɛma ase, na na wɔnni Kristofo asafo no mu ahotoso. Ná ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene ma ɛne nokware a Yehowa reda no adi nkakrankakra no hyia. bYer. 31:31-34; Luka 22:20.

“Nsɛm A Wɔretsetse Fa Woho No Nnyɛ Nokwar” (Andw. 21:​22-26)

9. Ebɛnadze na Paul kyerɛkyerɛe faa Moses Mbra no ho?

9 Atesɛm a ɛne sɛ na Paul rekyerɛkyerɛ Yudafo a wɔwɔ amanaman mu sɛ “wonntwa wɔn mma twetia, na wonnni amammerɛ so” no nso ɛ? Ná Paul yɛ ɔsomafo ma Amanaman mufo, enti gyinae a na asomafo no ne mpanyimfo a ɛwɔ Yerusalem asi sɛ ɛnsɛ sɛ Amanaman mufo di Mose Mmara no so no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Amanaman mufo no. Paul san maa emu daa hɔ sɛ, wɔn a wɔagye agyinam sɛ ɛsɛ sɛ Amanaman mufo a wɔabɛyɛ gyidifo no twa twetia de kyerɛ sɛ wɔdi Mose Mmara no so no, na wɔn asɛm mfa kwan mu. (Gal. 5:1-7) Yudafo a na wɔwɔ nkurow a Paul kɔɔ mu no nso, ɔkaa asɛmpa no bi kyerɛɛ wɔn. Yudafo a wɔtiee no no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ, Yesu wu no ama Mose Mmara no atwam, enti afei gyidi so na wɔgyina bu obi ɔtreneeni, na ɛnyɛ Mmara nnwuma a ɔyɛ so.—Rom. 2:28, 29; 3:21-26.

10. Nna ebɛn adwen a ɔfata na Paul wɔ wɔ Moses Mbra no nye twatsiatwa ho?

10 Ne nyinaa mu no, wɔn a na ɛnhaw wɔn sɛ wɔbedi Yudafo amanne bi te sɛ adwuma a wɔrenyɛ no Homeda anaasɛ nnuan bi a wɔnni so no, Paul tee wɔn ase, na wankasa antia wɔn. (Rom. 14:1-6) Wanhyehyɛ twetiatwa ho mmara biara nso. Nokwarem no, Paul ma wɔtwaa Timoteo twetia sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo no rentwe wɔn ho mfi ne ho, efisɛ na wɔnim sɛ ne papa yɛ Greeceni. (Aso. 16:3) Sɛ́ obi betwa twetia anaa ɔrentwa no, na ɛyɛ ɔno ara na ɛsɛ sɛ osi ho gyinae. Paul ka kyerɛɛ Galatifo no sɛ: “Wotwa obi twetia oo, wɔantwa no twetia oo, ɛnka hwee; nea ehia ne gyidi a egyina ɔdɔ so.” (Gal. 5:6) Nanso, sɛ obi twa twetia sɛnea ɛbɛyɛ a obedi Mmara no so, anaa ɔka sɛ obi anyɛ saa a, ɔrennya Yehowa anim dom a, na ɛyɛ mfomso. Obi yɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ onni gyidi.

11. Ebɛn afotu na mpanyimfo no dze maa Paul, naaso nna ebɛnadze na Paul rennyɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no so.)

11 Enti, ɛwom sɛ na nokware biara nni asɛm a nkurɔfo rekeka fa Paul ho no mu de, nanso na ɛhaw Yudafo a na wɔabɛyɛ gyidifo no. Ɛno nti, mpanyimfo no maa Paul akwankyerɛ sɛ: “Yɛwɔ mmarima baanan a wɔahyɛ bɔ. Fa saa mmarima yi kɔ, na wo ne wɔn nkodwira mo ho na tua ka ma wɔn, na wonyi wɔn ti. Ɛbɛma obiara ahu sɛ nea wɔretete fa wo ho no nyɛ nokware. Na mmom wonam pɛpɛɛpɛ, na wo ara nso wudi Mmara no so.” cAso. 21:23, 24.

12. Afotu a mpanyimfo a wɔwɔ Jerusalem no dze maa Paul no, ebɛnadze na ɔyɛe dze kyerɛɛ dɛ ɔpen do na ɔnye hɔn yɛ adwen?

12 Anka Paul betumi aka sɛ nsɛm a nkurɔfo rekeka fa ne ho no nnhaw adwene te sɛ Mose Mmara no a Yudafo a wɔabɛyɛ gyidifo no agye agyinam no. Nanso, Paul penee so sɛ bere tenten a ɔremmu Onyankopɔn nnyinasosɛm so no, ɔbɛyɛ nea mpanyimfo no aka no. Ná wadi kan akyerɛw sɛ: “Wɔn a wɔwɔ mmara ase no, meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔwɔ mmara ase maa wɔn, ɛwom sɛ m’ankasa minni mmara ase de, sɛnea ɛbɛyɛ a menya wɔn a wɔwɔ mmara ase no.” (1 Kor. 9:20) Paul ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no yɛɛ adwene saa bere yi, na ɔbɛyɛɛ sɛ obi a “ɔwɔ mmara ase.” Nea ɔyɛe no yɛ nhwɛso pa ma yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no. Ɛsɛ sɛ yetie mpanyimfo no, na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ.—Heb. 13:17.

Bere a Paul hui sɛ mpanyimfo no mmuu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biara so no, ɔne wɔn yɛɛ adwene. Wo nso ɛ?

“Ɔmmfata Dɛ Ɔtsena Ase!” (Andw. 21:27–22:30)

13. (a) Ebɛnadze ntsi na Jewfo bi yɛɛ gyegyeegye wɔ asɔrfi hɔ? (b) Ebɛn kwan na wɔfaa do gyee Paul?

13 Nneɛma ankɔ yiye wɔ asɔrefie hɔ. Bere a mmarima nnan no bɔhyɛ nna no reba awiei no, Yudafo a wɔfi Asia no huu Paul, na wɔtwaa atoro too no so sɛ ɔde Amanaman mufo aba asɔrefie hɔ, na wɔmaa nkurɔfo bɛbɔɔ dɔmpem wɔ hɔ bɛyɛɛ basabasa. Sɛ Roma ɔsahene no annye Paul a, anka nkurɔfo no boroo no kum no. Ewiee ase no, Roma ɔsahene no ma wɔkyeree Paul too mu. Edii mfe nnan ne akyiri ansa na wɔregyaa Paul ama wafa ne ho adi. Nanso, na ɔhaw a Paul rehyia no to nnya ntwae. Bere a ɔsahene no bisaa Yudafo no nea enti a wɔatow ahyɛ Paul so no, wɔteɛteɛɛm kaa nsɛm guu no so. Gyegyeegye no nti, ɔsahene no antumi ante nea na wɔreka no ase. Tebea no mu yɛɛ den paa ma enti na ɛsɛ sɛ wɔma Paul so fi hɔ kɔ. Bere a Paul ne Roma asraafo no reyɛ adu asraafo no asoɛe hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsahene no sɛ: “Mesrɛ wo, ma me kwan ma menkasa nkyerɛ ɔmanfo no.” (Aso. 21:39) Ɔsahene no maa Paul kwan, na ɔde akokoduru kyerɛkyerɛɛ ne gyidi mu.

14, 15. (a) Ebɛn asɛm na Paul kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Jewfo no? (b) Ebɛnadze na Rome ɔsahen no yɛe mbrɛ ɔbɛyɛ a obohu siantsir a nna Jewfo no bo efuw Paul no?

14 Paul fii ase sɛ: “Muntie me mma minyi m’ano.” (Aso. 22:1) Paul kasa kyerɛɛ nnipakuw no wɔ Hebri kasa mu, na ɛno ma wɔyɛɛ komm. Ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a na wabɛyɛ Kristo kyidini no mu pefee. Bere a Paul rekasa no, ɔkaa nsɛm bi a sɛ Yudafo no pɛ a na wɔbetumi akɔhwehwɛ mu. Paul kaa sɛ, Gamaliel a na wagye din no na ɛkyerɛkyerɛɛ no. Afei nso, ɔtan Kristo akyidifo ani. Nea ɔkae no, ɛbɛyɛ sɛ na ebinom a wɔwɔ hɔ no nim. Ɔtoaa so sɛ, bere a na ɔnam kwan so rekɔ Damasko no, Kristo a na wɔanyan no afi awufo mu no kasa kyerɛɛ no wɔ anisoadehu mu. Wɔn a na wɔka Paul ho no huu hann bi, na wɔtee nne bi, nanso wɔante nea na ɛreka no ase. (Aso. 9:7; 22:9; w90 6/1 11 nky. 10) Anisoadehu no nti, na Paul nhu ade, enti wɔn a wɔka ne ho no susoo ne mu de no kɔ Damasko. Woduu hɔ no, ɔbarima bi a ne din de Anania nam anwanwakwan so maa Paul san huu ade. Yudafo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no, na wɔnim Anania.

15 Paul kɔɔ so kaa sɛ, bere a ɔsan baa Yerusalem no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ asɔrefie hɔ. Ɔkaa saa no, ɛhaw Yudafo no yiye, na wɔde abufuw teɛteɛɛm sɛ: “Kum saa ɔbarima yi fi asaase so, na ɔmfata sɛ ɔtena ase!” (Aso. 22:22) Nea ɛbɛyɛ na wɔagye Paul no, ɔsahene no ma wɔde no kɔɔ asraafo asoɛe hɔ. Esiane sɛ na ɔsahene no pɛ sɛ ohu nea enti a Yudafo no bo afuw Paul nti, ɔkaa sɛ wɔmmɔ Paul mmaa nkosi sɛ ɔbɛka nea wayɛ. Nanso, Paul faa mmara kwan so twitwa gyee ne ho; ɔkaa sɛ ɔyɛ Romani. Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso de mmara a ɛwɔ hɔ a ɛmma wɔntiatia nnipa fahodi so no adi dwuma de abɔ wɔn ho ban de akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Roma Mmara ne Romafo,” ne “ Nsɛm a Wɔde Kɔ Asɛnnibea Wɔ Yɛn Bere Yi So” no.) Bere a ɔsahene no tee sɛ Paul yɛ Romani no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ ɔkwan foforo a ɔbɛfa so ahu nea asi. Enti ade kyee no, ɔmaa Sanhedrin a ɛyɛ Yudafo asɛnnibea kunini no mufo yɛɛ nhyiam soronko bi, na ɔde Paul kogyinaa wɔn anim.

“Meyɛ Phariseenyi” (Andw. 23:​1-10)

16, 17. (a) Ka asɛm a osii aber a Paul kasaa kyerɛɛ Sanhedrin no. (b) Aber a wɔbɔɔ Paul no, ebɛnadze na ɔyɛe a ɔkyerɛ dɛ nna ɔwɔ ahobrɛadze?

16 Bere a Paul refi ase ayi n’ano wɔ Sanhedrin no anim no, ɔkaa sɛ: “Mmarima, anuanom, mede ahonim pa abɔ me bra wɔ Onyankopɔn anim abesi nnɛ da yi.” (Aso. 23:1) Nkurɔfo no amma wanka n’asɛm annu baabiara. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɛnna ɔsɔfo panyin Anania ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina ne nkyɛn no sɛ wɔmmɔ n’ano so.” (Aso. 23:2) Ná wei yɛ atɛnnidi kɛse paa! Ɛsan maa obiara huu sɛ, na ɔsɔfo panyin no nni Paul ho adwempa, efisɛ onnya nkaa n’asɛm no mpo, na wɔrebɔ no sobo sɛ ɔyɛ ɔtorofo! Ɛno nti na Paul nso kaa sɛ: “Onyankopɔn rebɛbɔ wo, wo ɔfasu a wɔaka ho fitaa. Woatena ase de Mmara no rebebu me atɛn, ɛnna bere koro no ara worebu Mmara no so aka sɛ wɔmmɔ me?”—Aso. 23:3.

17 Wɔn a na wɔgyina hɔ no mu bi ho dwiriw wɔn. Sɛ́ anka wɔn ho bedwiriw wɔn sɛ wɔama wɔabɔ Paul no, nea Paul kae no mmom na ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn! Enti wɔkaa sɛ: “Onyankopɔn sɔfo panyin na woreyeyaw no no?” Bere a Paul rema wɔn mmuae no, ɔyɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase, na na obu Mose Mmara no. Paul kaa sɛ: “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ, ‘Nka obi a odi wo man so ho asɛmmɔne.’” d (Aso. 23:4, 5; Ex. 22:28) Afei, Paul faa ɔkwan foforo so kaa n’asɛm. Bere a ohui sɛ Farisifo ne Sadukifo na wɔwɔ Sanhedrin no mu no, ɔkaa sɛ: “Mmarima, anuanom, meyɛ Farisini, Farisifo ba. Owusɔre a awufo benya no, ɛho anidaso nti na wɔrebu me atɛn yi.”—Aso. 23:6.

Sɛ yɛne wɔn a ɛsono wɔn som rekasa a, yɛhwehwɛ biribi a yɛne wɔn adwene hyia wɔ ho sɛnea Paul yɛe no

18. Ebɛnadze ntsi na Paul frɛɛ noho dɛ ɔyɛ Phariseenyi no, na ebɛn mber dɛm na yebotum nye afofor esusu nsɛm ho wɔ dɛm kwan no do?

18 Dɛn nti na Paul frɛɛ ne ho Farisini? Efisɛ na ɔyɛ “Farisifo ba,” kyerɛ sɛ, na ofi abusua bi a emufo yɛ Farisifo kuw no mufo mu. Enti, na nnipa pii da so bu no saa. e Nanso, dɛn na ɛmaa Paul tumi kaa sɛ ɔne Farisifo no yɛ adwene wɔ owusɔre ho gyidi a wɔwɔ no ho? Wɔbɔ amanneɛ sɛ na Farisifo no gye di sɛ, sɛ onipa wu a ne kra nwu, na treneefo akra bɛsan akɔtena nipadua foforo mu ma wɔasan atena ase bio. Ná Paul nnye saa nkyerɛkyerɛ no nni. Nea Yesu kyerɛkyerɛ faa owusɔre ho no na na Paul gye di. (Yoh. 5:25-29) Nanso, na Paul ne Farisifo no yɛ adwene sɛ, anidaso wɔ hɔ sɛ obi wu a ɔbɛtena ase bio, na na wɔnte sɛ Sadukifo a na wɔnnye nni sɛ obi wu a ɔbɛtena ase bio no. Sɛ yɛne Katolekfo anaa Protestantfo resusuw nsɛm ho a, yebetumi afa saa kwan yi so. Yebetumi aka sɛ yegye Onyankopɔn di sɛnea wɔn nso gye no di no. Ɛwom sɛ ebia wɔgye Baasakoro di, ɛnna yɛn nso yegye Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no di de, nanso yɛne wɔn nyinaa gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.

19. Ebɛnadze ntsi na Sanhedrin no hɔn nhyiamu no annkɔ yie?

19 Asɛm a Paul kae no maa Sanhedrin no mu kyɛe. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɛhɔ yɛɛ gyegyeegye, na akyerɛwfo a wɔyɛ Farisifo no bi sɔree, na wɔkasakasae denneennen sɛ: ‘Yenhu mfomso biara wɔ onipa yi ho, nanso sɛ honhom anaa ɔbɔfo bi kasa kyerɛɛ no a, ɛnde—.’” (Aso. 23:9) Sadukifo a na wɔnnye nni sɛ abɔfo wɔ hɔ no ani annye ka a wɔkae sɛ ebetumi aba sɛ ɔbɔfo bi akasa akyerɛ Paul no ho koraa! (Hwɛ adaka a wɔato din “ Sadukifo Ne Farisifo” no.) Akasakasa no mu yɛɛ den paa ma Roma ɔsahene no san kogyee ɔsomafo no. (Aso. 23:10) Nanso, na Paul nkwa da so da asiane mu. Dɛn na ɛtoo ɔsomafo no? Yebesua ho ade pii wɔ ti a edi hɔ no mu.

a Ɛbɛyɛ sɛ na nsafo pii hyiam wɔ ankorankoro afie mu sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no pii betumi asua Yehowa ho ade.

b Mfe kakra akyi no, ɔsomafo Paul kyerɛw Hebrifo no krataa, na ɔde adanse mae wɔ krataa no mu de kyerɛe sɛ apam foforo no yɛ papa sen apam dedaw no. Krataa no mu no, ɔmaa adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ apam foforo no abesi apam dedaw no ananmu. Nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom a Paul de mae no, na ebetumi aboa Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no. Ná ɛbɛma wɔatumi de nkyerɛkyerɛmu a ɛfata ama Yudafo a wɔkyerɛ sɛ Mose Mmara no da so ara yɛ adwuma no. Afei nso, Kristofo binom a na wɔka no denneennen sɛ ɛsɛ sɛ wɔdi Mose Mmara no so no, ɛhyɛɛ wɔn gyidi den.—Heb. 8:7-13.

c Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ na mmarima no ahyɛ bɔ sɛ wɔbɛyɛ Nasirifo. (Num. 6:1-21) Ɛwom, Mose Mmara a na ɛma obi hyɛ saa bɔ no, na atwam. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ Paul nyaa adwene sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ mmarima no bedi ɛbɔ a wɔahyɛ Yehowa no so. Enti sɛ ɔne wɔn kɔ na otua wɔn ho ka a, na ɛnyɛ mfomso. Yennim ɛbɔ pɔtee a mmarima no hyɛe de, nanso na Nasirifo de mmoa bɔ afɔre de pata ma wɔn bɔne. Ɛno nso de, na Paul rensosɔ so, efisɛ na onim sɛ saa afɔre no rentumi mpopa mmarima no bɔne. Kristo afɔre a edi mu no nti, sɛ obi bɔ afɔre a ɛtete saa no mu biara a, na ɛrentumi mpata mma ne bɔne. Yennim nea Paul yɛe ankasa de, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ na ɔrenyɛ biribiara a ɛbɛsɛe n’ahonim.

d Ebinom aka sɛ na Paul ani nhu ade yiye nti na wantumi anhu ɔsɔfo panyin no. Anaasɛ ebia na ofii Yerusalem akyɛ ma enti na onnim nea na ɔyɛ ɔsɔfo panyin saa bere no. Anaasɛ ebia na nnipa no dɔɔso ma enti Paul antumi anhu onipa a ɔkae sɛ wɔmmɔ no no.

e Wɔ afe 49 Y.B. mu, asomafo no ne mpanyimfo no hyiaam susuw ho sɛ ebia ɛsɛ sɛ Amanaman mufo di Mose Mmara no so anaa ɛnsɛ sɛ wɔdi so. Wɔkaa Kristofo a na wɔwɔ hɔ no binom ho asɛm sɛ wɔn a “wɔka Farisifo fekuw no ho a na wɔabɛyɛ gyidifo.” (Aso. 15:5) Ɛda adi sɛ ɔkwan bi so no, na wɔda so ara frɛ gyidifo a na wɔfi Farisifo mu no Farisifo.