Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 26

“Hom Mu Kor Mpo Rennyew”

“Hom Mu Kor Mpo Rennyew”

Po do hɛn a Paul tse mu no butuwii, naaso ɔdaa gyedzi kɛse edzi, na ɔdaa ɔdɔ edzi kyerɛɛ nkorɔfo

Egyina Asomafo Nnwuma 27:1–28:10 so

1, 2. Nna ebɛn akwantu na ɔda Paul n’enyim, na ebɛn ndzɛmba na ɔbɛyɛ dɛ nna ɔrodwendwen ho?

 PAUL kɔɔ so dwinnwen asɛm a Festo kae no ho, efisɛ na ɛbɛka n’asetena kɛse daakye. Ná Amrado Festo aka sɛ: “Kaesare hɔ na wobɛkɔ.” Ná Paul ada afiase mfe mmienu, enti anyɛ yiye koraa no, na kwantenten a obetu akɔ Roma no bɛma nneɛma mu asesa ama no. (Aso. 25:12) Nanso, na Paul afa po so atutu akwan pii, na akwantu no bi ankɔ yiye koraa. Enti ebetumi aba sɛ, na ɔkwan a Paul de po so hyɛn rebetu akopue Kaesare anim no ho adwennwen ahyɛ no so, na na ɔredwen Kaesare anim a ɔrekɔ no nso ho.

2 Ná Paul ahyia “ɛpo so asiane” mpɛn pii, na watena po so hyɛn mu ama abɔ mprɛnsa nanso onyaa ne ti didii mu, na na wadi ɛpo mfinimfini anadwo ne awia mpo. (2 Kor. 11:25, 26) Bio nso, na saa akwantu yi bɛyɛ soronko wɔ nea na wadi kan atutu de akɔka asɛmpa no bere a na ɔnyɛ ɔdeduani no ho. Ná Paul betu kwan sɛ ɔdeduani atwa kwantenten bɛboro kilomita 3,000 afi Kaesarea akɔ Roma. Ná obetumi atu ɔkwan a ɛte saa akodu dwoodwoo? Sɛ na obetumi akodu dwoodwoo mpo a, na wɔbebu asɛm no agu no so wɔ hɔ anaa? Kae sɛ, na ɔtemmufo a ɔwɔ tumi sen obiara wɔ Satan wiase no mu saa bere no na na ɔrekobu no atɛn.

3. Nna ebɛnadze na Paul esi no bo dɛ ɔbɛyɛ, na ebɛnadze na yerubosusu ho wɔ dɛm tsir yi mu?

3 Nea woakenkan afa Paul ho nyinaa akyi no, wugye di sɛ n’abam bui, na nea na ebetumi ato no nti ɔhawee anaa? Ɛnte saa koraa! Ná onim sɛ obehyia amanehunu, nanso na onnim ɔhaw pɔtee a obehyia. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ ɔma nneɛma a ontumi nyɛ ho hwee ho adwinnwen sɛe anigye a onya wɔ ne som adwuma mu no? (Mat. 6:27, 34) Ná Paul nim sɛ nea Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ ɔde hokwan biara a obenya bɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ afoforo, a wiase atumfoɔ mpo ka ho. (Aso. 9:15) Ná Paul asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ adwuma a na wɔde ama no no ɛmfa ho nsɛnnennen biara a na obehyia. Ɛnyɛ saa na yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ anaa? Ɛnde momma yenni Paul akyi wɔ po so akwantu titiriw yi mu, na yɛnhwɛ mfaso a yebetumi anya afi ne nhwɛso no mu.

“Nna Mframa No Robɔ Hyia Hɛn” (Andw. 27:​1-7a)

4. Ebɛn hɛn na Paul dze fii n’akwantu no ase, na nna woananom na wɔka no ho?

4 Wɔde Paul ne nneduafo foforo hyɛɛ Roma ɔsraani panyin bi a wɔfrɛ no Yulio nsa, na ɔde wɔn foroo aguadifo hyɛn bi a na aba Kaesarea. Ɛpo so hyɛn no fi Adramitio na ɛbae. Ná Adramitio yɛ po so hyɛn gyinabea bi a ɛwɔ Asia Kumaa atɔe fam, na na kurow a wɔfrɛ no Mitilene a ɛwɔ Lesbos supɔw so no ne no di nhwɛanim. Ná ɛhyɛn no de n’ani bɛkyerɛ atifi fam ne afei atɔe fam, na na ebegyinagyina wɔ kwan so ayi nneɛma asan afa bi agu mu. Wɔanyɛ po so hyɛn a ɛtete saa sɛ wɔmfa mfa nnipa, ɛnkanka nneduafo. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Ɛpo So Akwantu Ne Aguadi Akwan” no.) Anigyesɛm ne sɛ, na ɛnyɛ sɛ Paul nko ara ne Kristoni, ɛnna ɔne nsɛmmɔnedifo bi retu kwan. Anyɛ yiye koraa no, na ne mfɛfo gyidifo mmienu a wɔne Aristarko ne Luka ka ne ho. Luka mpo na ɔyɛɛ akwantu no ho kyerɛwtohɔ. Yennim sɛ ebia saa anokwafo mmienu a na wɔka Paul ho no tuaa wɔn akwantu no ho ka anaasɛ esiane sɛ wɔka Paul ho sɛ nnipa a wɔsom no nti, wɔannye wɔn sika.—Aso. 27:1, 2.

5. Woananom na Paul tumii nye hɔn bɔɔ fɛkuw wɔ Sidon, na ebɛnadze na yebotum esua efi mu?

5 Bere a wɔdii da koro wɔ po so na wɔtwaa kwan bɛyɛ kilomita 110 kɔɔ atifi fam no, ɛhyɛn no gyinaa Sidon a ɛwɔ Siria mpoano no. Ɛda adi sɛ Yulio ne Paul anni no sɛ obi a ɔyɛ nsɛmmɔnedifo. Ebia nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Paul yɛ Romani a wɔnnya mmuu no fɔ. (Aso. 22:27, 28; 26:31, 32) Yulio maa Paul kwan ma osi fii ɛhyɛn no mu kohuu ne mfɛfo Kristofo. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ anuanom ani gyei sɛ wɔnyaa hokwan som ɔsomafo a na wɔada afiase bere tenten no hɔho! Bisa wo ho sɛ, bere bɛn saa na metumi afi ɔdɔ mu ada ahɔhoyɛ a ɛte saa adi? Sɛ woda ahɔhoyɛ a ɛte saa adi a, ɛbɛhyɛ wo nso den.—Aso. 27:3.

6-8. Aber a Paul fi Sidon rokɔ Cnidus no, wɔfaa henfa, na ɔbɛyɛ dɛ ebɛn hokwan na Paul nyae a ɔmaa otumii kaa asɛmpa no?

6 Bere a po so hyɛn no sii mu fii Sidon no, ɛtoaa so kɔɔ atifi fam, na etwaa mu wɔ Kilikia a ɛyɛ kurow bi a ɛbɛn Paul kurom Tarso. Ɛwom sɛ Luka kyerɛe sɛ na asiane betumi ato wɔn bere a ɔkaa sɛ “na mframa no rebɔ hyia yɛn” no, nanso wanka sɛ ɛhyɛn no gyinae wɔ mmeae foforo biara. (Aso. 27:4, 5) Ɛmfa ho sɛ na nneɛma nkɔ yiye no, yebetumi de yɛn adwene abu sɛ Paul de hokwan biara a onyae kaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfo nneduafo ne afoforo a na wɔwɔ hyɛn no mu te sɛ ɛhyɛn no mu adwumayɛfo ne asraafo no, na ɔkaa bi kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔwɔ po so hyɛn gyinabea biara a ɛhyɛn no gyinae wɔ hɔ no. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Hokwan biara a yenya no, yɛde ka asɛmpa no kyerɛ afoforo anaa?

7 Bere bi akyi no, ɛhyɛn no gyinaa Mira a ɛyɛ po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Asia Kumaa anaafo fam no. Bere a wɔduu hɔ no, na ɛsɛ sɛ Paul ne afoforo foro ɛhyɛn foforo a na ɛde wɔn bɛkɔ baabi a wɔrekɔ a ɛne Roma no. (Aso. 27:6) Saa bere no, na Egypt na Roma nya hwiit fi, enti na Egypt po so ahyɛn a ɛso hwiit no gyina wɔ Mira. Yulio huu ɛhyɛn bi a ɛte saa, na ɔmaa asraafo ne nneduafo no foroe. Ɛbɛyɛ sɛ na saa hyɛn yi sõ sen nea wɔdii kan foroe no. Ná hwiit pii gu hyɛn no mu a wɔde retu kwan, na na nnipa 276 na wɔwom. Wɔn ne, ɛhyɛn no mu adwumayɛfo, asraafo, nneduafo, ne afoforo a ɛbɛyɛ sɛ na wɔn ani kyerɛ Roma. Ɛda adi pefee sɛ, ɛhyɛn a wɔsesae no maa Paul nyaa nnipa pii a na obetumi adi wɔn adanse, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔde hokwan a onyae no dii adanse.

8 Baabi a edi hɔ a ɛhyɛn no gyinae ne Knido. Ná ɛwɔ ntwea so baabi wɔ Asia Kumaa anaafo fam. Sɛ mframa bi a ano yɛ den ammɔ anhyia ɛhyɛn bi a, na etumi de da koro twa saa kwan no. Nanso Luka bɔɔ amanneɛ sɛ, “yedii nna pii wɔ kwan so; yɛbrɛɛ mu paa, na nkakrankakra yebeduu Knido.” (Aso. 27:7a) Ná wim tebea asesa ama akwantu no ayɛ den paa. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 208 a wɔato din “ Mframa a Ɛbɔ Hyia Ɛhyɛn Wɔ Mediterranea Po So” no.) Wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na nnipa a ɛwɔ hyɛn no mu ho yeraw wɔn bere a mframa ne asorɔkye a ano yɛ den rebɔ hyia hyɛn no.

‘Mframa A N’ano Yɛ Dzen Dze Hɛn No Kyinkyinii’ (Andw. 27:7b-26)

9, 10. Ebɛn haw na ɔtoo hɔn wɔ Crete?

9 Ɛhyɛn no kwankyerɛfo yɛe sɛ wɔbefi Knido na wɔde wɔn ani akyerɛ atɔe fam atoa wɔn akwantu no so, nanso Luka a na ɔwɔ hɔ bi no kaa sɛ, “Esiane sɛ na mframa no rebɔ hyia yɛn nti, na yentumi nkɔ yɛn anim.” (Aso. 27:7b) Bere a ɛhyɛn no tu fii mpoano no, nneɛma sesae prɛko pɛ, na mframa foforo bi a ano yɛ den paa bɔ fii apuei fam baabi bepiaa ɛhyɛn no kɔɔ anaafo fam, na ɛbɛyɛ sɛ epiaa no denneennen. Ɛnkyɛe pii na na Kipro supɔw no agye ɛhyɛn no afi mframa bi a na ɛrebɔ hyia wɔn no ano, na saa bere yi nso, Kreta supɔw no nso gyee wɔn fii mframa a ɛrebɔ no ano. Bere a ɛhyɛn no paa ɔbotan a ɛwɔ Salmone wɔ Kreta apuei fam ho no, tebea no yɛɛ yiye kakra. Ɛbaa no sɛn na ɛyɛɛ yiye? Ɛhyɛn no bedii supɔw no anaafo fam, baabi a na mframa no ano nyɛ den papa no. Ɛno na ɛmaa tebea no yɛɛ yiye. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔwɔ hyɛn no mu koma tɔɔ wɔn yam saa bere no! Nanso, bere tenten a na ɛhyɛn no da so nam po so no, na ɛyɛ dɛn ara wɔbehyia awɔwbere, na ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛtoa akwantu no so. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ na adwennwen atɔ wɔn so.

10 Luka kaa ho asɛm pɛpɛɛpɛ sɛ: “Yɛde animia faa [Kreta] po no anoano beduu baabi a wɔfrɛ hɔ Ɛpo So Hyɛn Gyinabea Pa.” Ɛwom sɛ asaase no gyee mframa a ɛrebɔ hyia hyɛn no de, nanso ne nyinaa akyi mpo, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ hyɛn no kwan. Nanso, awiei koraa no, wɔnyaa baabi ketewaa bi a ɛpo no adidi kɔ asaase no mu. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛda baabi a aka kakra ama ɛpo no ani adan ahwɛ atifi fam, na ɛhɔ na wɔtumi too sɛkyɛ. Bere tenten ahe na wɔdii wɔ hɔ? Luka ka sɛ wɔdii “nna pii” wɔ hɔ, nanso na bere atia wɔn. Ná ɛpo so akwantu yɛ hu paa wɔ September ne October bosome no mu.—Aso. 27:8, 9.

11. Ebɛn afotu na Paul dze maa hɔn a ɔnye hɔn tse hɛn no mu no, naaso ebɛn gyinae na wosii?

11 Ebetumi aba sɛ akwantufo no bi bisaa Paul adwene wɔ nea wɔnyɛ ho, efisɛ na ɔtaa tu kwan wɔ Mediterranea po no so. Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma ɛhyɛn no toa akwantu no so. Sɛ ɛtoa so tu kwan no a, na ‘nneɛma bɛsɛe, na wɔbɛhwere ade paa,’ na na ebinom mpo betumi ahwere wɔn nkwa. Nanso, na ɔhyɛnkafo no ne ɛhyɛn no wura pɛ sɛ wɔtoa akwantu no so. Ebia na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntɛm kodu baabi a wɔbenya ahobammɔ. Wɔka maa Yulio gye toom sɛ ɛsɛ sɛ wɔtoa akwantu no so, na nnipa dodow no ara tee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kodu po so hyɛn gyinabea bi a ɛwɔ wɔn anim a wɔfrɛ no Foinise. Ebetumi aba sɛ na po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ hɔ no yɛ kɛse, na na ɛyɛ baabi a eye paa a wɔbetumi atwa awɔwbere no wɔ hɔ. Enti bere a mframa bi bɔɔ brɛoo fii anaafo fam a na ɛte sɛ nea ɛbɛboa akwantu no, ɛhyɛn no tui.—Aso. 27:10-13.

12. Aber a hɛn no fii Crete no, ebɛn esian na ɔtoo hɔn, na ebɛn mbɔdzen na no mu edwumayɛfo no bɔe dɛ wɔdze besiw ano?

12 Afei, wɔhyiaa ɔhaw kɛse paa. Ɛne sɛ: “mframa kɛse bi” bɔ fii apuei fam baabi. “Supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Kauda” gyee wɔn fii mframa no ano kakra. Efi Ɛpo So Hyɛn Gyinabea Pa no rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 65. Nanso, na mframa no betumi apia ɛhyɛn no ama ɛde n’ani akyerɛ anaafo fam akɔhwe anwea bi a aboa ano gu Afrika mpoano so. Nea ɛbɛyɛ na amma saa no, ɛhyɛn no mu adwumayɛfo yɛɛ ntɛm twee ɔkorow a ɛbɔ ɛhyɛn no to no. Ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wɔbɛtwe ɔkorow no, efisɛ ɛbɛyɛ sɛ na nsu ayɛ no ma. Afei wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekyere ɛhyɛn kɛse no, na wɔde nhama ne nkɔnsɔnkɔnsɔn faa ase kyekyeree ɛhyɛn no ntaboo no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenwaawae. Nhama a na ekura mframatam no mu nso, wɔgow mu maa mframatam no baa fam, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde hyɛn no bɛfa mframa no mu akɔ wɔn anim. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ hu paa! Nea wɔyɛe yi nyinaa anyɛ yiye, efisɛ ‘mframa a ano yɛ den no kɔɔ so totow ɛhyɛn no denneennen.’ Ɛda a ɛto so mmiɛnsa no, wɔyiyii ɛhyɛn no mu nneɛma bi tow gui. Ebia wɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛhyɛn no mu bɛyɛ hare na ɛremmem.—Aso. 27:14-19.

13. Aber a nna ehum no rutu no, nna tsebea no tse dɛn wɔ hɛn a Paul tse mu no mu?

13 Ɛbɛyɛ sɛ na ehu aka wɔn paa. Nanso, na Paul ne wɔn a wɔka ne ho no wɔ akokoduru. Ná Awurade adi kan ama ɔsomafo Paul awerɛhyem sɛ obedi adanse wɔ Roma, na akyiri yi ɔbɔfo bi sii saa bɔhyɛ yi so dua. (Aso. 19:21; 23:11) Nanso, mframa dennen no kɔɔ so bɔ toaa so nnawɔtwe mmienu, awia ne anadwo. Esiane sɛ na nsu no gu so retɔ, na mununkum no ayɛ kusuu asiw awia ne nsoromma no anim nti, na ɔhyɛnkafo no ntumi nhu baabi a ɛhyɛn no nam anaa baabi a ani kyerɛ. Wɔantumi amfa aduan mpo anka wɔn ano. Esiane sɛ na awɔw wom, nsu retɔ, ɛhyɛn mu tena abɔ ebinom yare, na ehu aka wɔn nti, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔn kɔn atumi adɔ aduan?

14, 15. (a) Aber a nna Paul rekasa akyerɛ hɔn a ɔnye hɔn tse hɛn no mu no, ebɛnadze ntsi na ɔkaa kɔkɔbɔ a nna oedzi kan dze ama hɔn no ho asɛm? (b)  Ebɛnadze na yebotum esua efi nsɛm a ɔma enyidado a Paul kae no mu?

14 Paul sɔre gyinae. Ɔkaa kɔkɔbɔ a odii kan de mae no ho asɛm, nanso wanka sɛ, ‘Sɛ́ meka kyerɛɛ mo.’ Mmom nsɛm a na ɛresisi no ma ɛdaa adi sɛ, na anka ɛsɛ sɛ wɔtie ne kɔkɔbɔ no. Afei ɔkaa sɛ: “Munnya akokoduru, efisɛ mo mu baako mpo renyera, gye po so hyɛn no nko ara.” (Aso. 27:21, 22) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no maa wɔn a na wɔretie no no koma tɔɔ wɔn yam! Ɛbɛyɛ sɛ Paul nso ani gyei paa sɛ na Yehowa ama wanya anidaso asɛm a ɛte saa reka akyerɛ afoforo. Ɛho hia sɛ yɛkae sɛ onipa biara nkwa ho hia Yehowa. Obiara ho hia no. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “[Yehowa mpɛ] sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.” (2 Pet. 3:9) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm ka Yehowa anidaso asɛm no kyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi! Nnipa nkwa a ɛsom bo wɔ Yehowa ani so no da asiane mu.

15 Ɛbɛyɛ sɛ na Paul adi kan adi nnipa pii a wɔwɔ ɛhyɛn no mu adanse, na na waka ‘ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛe no ho anidaso’ ho asɛm akyerɛ wɔn. (Aso. 26:6; Kol. 1:5) Afei a na ebetumi aba sɛ ɛhyɛn a wɔte mu no bɛbɔ no, na Paul anya biribi a obetumi agyina so paa aka anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbenya wɔn ti adidi mu no ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Anadwo yi, me Nyankopɔn a meyɛ ne dea . . .  no bɔfo begyinaa me nkyɛn, na ɔkae sɛ: ‘Paul, nsuro. Ɛsɛ sɛ wugyina Kaesare anim. Na hwɛ! Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo te hyɛn yi mu nyinaa akyɛ wo.’” Afei Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti mmarima, munnya akokoduru, na migye di sɛ Onyankopɔn bɛma nea wɔaka akyerɛ me no aba mu pɛpɛɛpɛ. Nanso yɛbɛkɔ akogu supɔw bi mpoano.”—Aso. 27:23-26.

“Hɛn Nyina Dur Asaase Do Dwudwoodwo Mu” (Andw. 27:​27-44)

“Ɔdaa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim.”​—Asomafo Nnwuma 27:35

16, 17. (a) Ebɛn hokwan na Paul nyae dze bɔɔ mpaa, na ebɛnadze na ofii mu bae? (b) Ebɛn kwan do na asɛm a Paul kae dze bɔɔ hɔn kɔkɔ no baa mu?

16 Nnawɔtwe mmienu huhuuhu no akyi no, bere a na mframa apia ɛhyɛn no bɛyɛ kilomita 870 no, ɛhyɛn no mu adwumayɛfo no huu nsakrae bi. Ebia wɔtee dede bi a ɛkyerɛ sɛ asorɔkye rebɔ gu asaase bi a ɛbɛn hɔ so. Wɔtow asɛkyɛ fii ɛhyɛn no akyi guu po no mu sɛnea ɛbɛyɛ a hyɛn no renkyinkyin, na wɔde ɛhyɛn no anim kyerɛɛ asaase so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi de akosi mpoano. Bere a adwumayɛfo no yɛɛ saa no, wɔyɛe sɛ wɔbeguan afi hyɛn no mu, nanso asraafo no amma wɔn kwan. Paul ka kyerɛɛ ɔsraani panyin ne asraafo no sɛ: “Sɛ mmarima yi antena po so hyɛn yi mu a, morentumi nnya nkwa.” Esiane sɛ afei de na ɛhyɛn no nwosow pii nti, Paul ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi, na ɔsan maa wɔn awerɛhyem bio sɛ wɔbenya wɔn ti adidi mu. Afei Paul ‘daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim.’ (Aso. 27:31, 35) Bere a Paul bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase no, ɔyɛɛ nhwɛso pa maa Luka, Aristarko, ne Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Sɛ wobɔ mpae wɔ baguam a, ɛhyɛ afoforo nkuran, na ɛkyekye wɔn werɛ anaa?

17 Bere a Paul bɔɔ mpae wiei no, “wɔn nyinaa nyaa akokoduru, na wɔn nso fii ase didii.” (Aso. 27:36) Wɔtow hwiit a ɛwɔ hyɛn no mu no gui sɛnea ɛbɛyɛ a ɛhyɛn no mu bɛyɛ hare paa na atumi atɛn nsu no ani bere a ɛrekɔ mpoano no. Bere a ade kyee no, ɛhyɛn no mu adwumayɛfo no twitwaa asɛkyɛ no mu, na wɔsansan akyerɛkyerɛkwan hama a ɛwɔ akyi no, na wɔmaa mframatam a ɛwɔ hyɛn no anim no so hwɛɛ mframa no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi adannan ɛhyɛn no de akosi mpoano. Bere a wɔyɛɛ saa no, ɛhyɛn no kotimii. Ebia etimii wɔ anwea a esum hɔ mu anaa atɛkyɛ mu. Afei asorɔkye a ano yɛ den bɔɔ ɛhyɛn no ma akyi fii ase bubui. Ná asraafo no binom pɛ sɛ wɔkunkum nneduafo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara renguan, nanso Yulio amma wei ho kwan. Ɔhyɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnguare anaasɛ wɔmmutubutuw ntaboo so nkɔ mpoano. Nkɔm a na Paul ahyɛ no baa mu, na ɛhyɛn no mu nnipa 276 no nyinaa nyaa wɔn ti didii mu. Nokwasɛm ne sɛ, ‘wɔn nyinaa duu asaase so dwoodwoo.’ Nanso, ɛhe na na wɔakopue yi?—Aso. 27:44.

“Ayamuyie Soronko” (Andw. 28:​1-10)

18-20. Ebɛnadze na nkorɔfo a wɔwɔ Malta supɔw no do yɛe dze daa “ayamuyie soronko” edzi, na ebɛn anwanwadze na Nyankopɔn nam Paul do yɛe?

18 Nea ɛkɔbae ne sɛ, sɛɛ na wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no akopue Malta supɔw a ɛwɔ Sisili anaafo fam no so. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Malta—Ɛhe Na Ɛwɔ?no.) Nnipa a ɛwɔ supɔw no so a wɔka pɔtɔ kasa no daa “ayamye soronko” adi kyerɛɛ wɔn. (Aso. 28:2) Wɔsɔɔ ogya maa ahɔho a wɔaba wɔn mpoano a wɔafɔw twɔnn na wɔn ho rewosow no. Ɛmfa ho sɛ na awɔw wom na nsu nso retɔ no, ogya no maa wɔn ho yɛɛ wɔn hyew. Ɛmaa anwanwasɛm bi nso sii.

19 Paul yɛɛ biribi a na ɛbɛboa wɔn nyinaa. Ɔboaboaa nnua nketenkete bi ano de guu ogya no so. Bere a ɔyɛɛ saa no, ahurutoa bi a n’ano wɔ bɔre fii mu kaa no, na ahurutoa no bobaree Paul nsa ho. Ná Maltafo no susuw sɛ anyame bi na wɔretwe n’aso. a

20 Kurom hɔfo a wɔhui sɛ ɔwɔ aka Paul no, na wɔkaa sɛ ‘ɔbɛhonhon.’ Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, kasa a wɔdii kan de kyerɛw saa asɛm yi yɛ “asɛm a nnuruyɛfo de di dwuma.” Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ saa asɛm no baa ‘oduruyɛfo Luka’ adwenem ntɛm saa. (Aso. 28:6; Kol. 4:14) Sɛnea ɛte biara no, Paul petee ɔwɔ no, na hwee anyɛ no.

21. (a) Nsɛm a Luke kyerɛwee yi mu no, ebɛn nsɛm na ɔwɔ mu a ɔaka no pɛpɛɛpɛ anaa ɔaka no dɛ mbrɛ osi tse ankasa? (b) Ebɛn anwanwadze na Paul yɛe, na iyi kaa hɔn a wɔwɔ Malta no dɛn?

21 Ná ɔdefo bi a wɔfrɛ no Publio te mpɔtam hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔno na ɔyɛ Roma nanmusini titiriw wɔ Malta. Luka kaa ne ho asɛm sɛ “supɔw no so okunini.” Abodin a Luka de frɛɛ Publio no, wɔahu sɛ wɔakyerɛw saa abodin no pɛpɛɛpɛ wɔ tete nneɛma mmienu bi a wɔde Malta kasa akyerɛw ho. Publio gyee Paul ne nnipa a wɔka ne ho no fɛw so, na ɔsom wɔn hɔho nnansa. Nanso, na Publio papa yare. Ɛha nso, Luka kyerɛkyerɛɛ yare no mu pɛpɛɛpɛ. Luka kyerɛwee sɛ, na papa no “da mpa so a ɔyare atiridii ne ayamtu,” na otumi kyerɛɛ yare pɔtee a na ɛhaw no no. Paul bɔɔ mpae de ne nsa guu papa no so, na ɔsaa no yare. Anwanwade a Paul yɛe no kaa kurom hɔfo koma paa, enti wɔde ayarefo foforo brɛɛ no ma ɔsaa wɔn yare, na wɔkyɛɛ Paul ne nnipa a na wɔka ne ho no nneɛma pii a na ɛho behia wɔn.—Aso. 28:7-10.

22. (a) Ehwɛ mbrɛ Luke sii kyerɛɛw kwan a wotui kɔr Rome no ho asɛm no a, ebɛn asɛm na ɔbemfo bi aka dze akamfo no? (b) Ebɛnadze na yebosusu ho wɔ tsir a odzi hɔ no mu?

22 Paul akwantu no fã a yɛasusuw ho yi, emu nsɛm nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ, na ɛyɛ nokware turodoo. Ɔbenfo bi kaa sɛ: “Nsɛm a Luka kyerɛwee no . . . yɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye paa wɔ Bible mu nyinaa no baako. Sɛnea ɛka adwuma a na wɔyɛ wɔ po so hyɛn mu wɔ asomafo no bere so ho asɛm pɛpɛɛpɛ, ne sɛnea ɛkyerɛkyerɛ nneɛma a na ɛkɔ so wɔ Mediterranea apuei fam no yɛ pɛpɛɛpɛ paa” ma ɛbɛyɛ sɛ ɔhwɛɛ nsɛm a obi akyerɛw ato hɔ so na ɛkyerɛwee. Ɛbɛyɛ sɛ Luka kyerɛkyerɛw nsɛm a ɛte saa too hɔ bere a na ɔne ɔsomafo no retu kwan no. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde akwantu no fã a edi hɔ no ma onyaa nneɛma pii a na ɔbɛkyerɛw ho asɛm nso. Sɛ awiei koraa Paul du Roma a, na dɛn na ebesi? Momma yɛnhwɛ.

a Nim a na Maltafo no nim awɔ a wɔte saa no kyerɛ sɛ, na nhurutoa wɔ supɔw no so saa bere no. Ɛnnɛ, nhurutoa nni Malta. Ɛbɛyɛ sɛ nsakrae a aba wɔ hɔ mfe pii a atwam no na ama aba saa. Anaasɛ nnipa a wɔadɔɔso wɔ supɔw no so na ebia ama nhurutoa no ase atɔre wɔ hɔ.