Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 28

Yɛaka Asɛm No Ekodu ‘Asaase Ano Noho’

Yɛaka Asɛm No Ekodu ‘Asaase Ano Noho’

Jehovah Adasefo rotoa edwuma bi a Jesus Christ n’ekyirdzifo no hyɛɛ ase wɔ Jesus nye asomafo no aber do no do

1. Ebɛnadze na ɔkɔr do wɔ tsetse Christianfo no asetsena mu a ndɛ so ɔrokɔ do wɔ Jehovah adasefo asetsena mu?

 WƆDE nsi dii adanse. Wɔn koma kaa wɔn ma wɔgyee mmoa ne akwankyerɛ a honhom kronkron de maa wɔn no toom. Nkurɔfo tan wɔn ani, nanso wɔannyae asɛm no ka. Onyankopɔn nso hyiraa wɔn pii. Weinom nyinaa kɔɔ so wɔ tete Kristofo no asetena mu, na ɛnnɛ nso, ɛrekɔ so wɔ Yehowa Adansefo asetena mu.

2, 3. Ebɛnadze na ɔda nsew wɔ Asomafo Ndwuma nwoma no ho?

2 Nsɛm a ɛka koma na ɛhyɛ gyidi den a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ahyɛ wo nkuran! Ɛyɛ nhoma a ɛda nsow, efisɛ ɛno nko ara ne nhoma a ɛka nea tete Kristofo no yɛe a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee ho asɛm.

3 Asomafo Nnwuma no bobɔ nnipa 95 a wɔfi aman 32, nkurow 54, ne nsupɔw 9 so din. Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ nwanwa a ɛfa wɔn a wɔnyɛ nnipa titiriw biara, nyamesomfo a wɔyɛ ahomaso, amanyɔfo a wɔyɛ ahantan, ne wɔn a wɔtan Kristofo ani denneennen ho. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, wo nuanom mmarima ne mmea a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so a wɔhyiaa ɔhaw a nnipa nyinaa hyia wɔ asetena mu no bi, na wɔsan nso de nsi kaa asɛmpa no, wɔn ho nsɛm na ɛwom.

4. Nyimpa bi tse dɛ ɔsomafo Paul, Tabitha nye adasefo anokwafo afofor a wɔtsenaa ase tsetse no, ebɛnadze ntsi na yɛpɛ hɔn asɛm dɛm?

4 Ɛwom sɛ efi ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Paul a na wɔyɛ nsi, ɔdɔfo oduruyɛfo Luka, Barnaba a na ne yam ye, Stefano a na ɔwɔ akokoduru, Tabita a na ɔyɛ ɔyamyefo, Lidia a na ɔpɛ ahɔhoyɛ, ne adansefo anokwafo foforo pii bere so besi nnɛ no, bɛyɛ mfe 2,000 atwam de, nanso, yɛpɛ wɔn asɛm paa. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛn nso yɛreyɛ asuafoyɛ adwuma a wɔyɛe no ara bi. (Mat. 28:19, 20) Hwɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛreyɛ saa adwuma no bi!

“. . . de akɔ asaase ano noho.” —Asomafo Nnwuma 1:8

5. Henfa na Jesus n’ekyirdzifo a wɔtsenaa ase tsetse no hyɛɛ hɔn edwuma no ase?

5 Susuw adwuma a Yesu de maa n’akyidifo no ho hwɛ. Ɔkaa sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a, mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asaase ano noho.” (Aso. 1:8) Nea edi kan no, honhom kronkron maa asuafo no tumi a wɔde bedi adanse “wɔ Yerusalem.” (Aso. 1:1–8:3) Ɛno akyi no, honhom no kyerɛɛ wɔn kwan ma wɔdii adanse wɔ “Yudea ne Samaria nyinaa.” (Aso. 8:4–13:3) Afei, wɔfii ase de asɛmpa no kɔɔ “asaase ano noho.”Aso. 13:4–28:31.

6, 7. Ebɛnadze na ndɛ yɛwɔ a yɛdze yɛ asɛnka edwuma no a hɛn nuanom a wɔtsenaa ase wɔ asomafo no ber do no ennya bi?

6 Wo nuanom Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, na wɔnni Bible mũ no nyinaa a wɔde bɛyɛ asɛnka adwuma no. Wɔn nsa anka Mateo Asɛmpa no kosii bɛyɛ afe 41 Y.B. mu. Paul kyerɛw ne nkrataa no bi ansa na wɔrekyerɛw Asomafo Nnwuma no awie bɛyɛ afe 61 Y.B. mu. Nanso na tete Kristofo no nni Kyerɛw Kronkron mua no nyinaa, na saa ara nso na na wɔnni nhoma ahorow a wɔde bɛma nkurɔfo a na wɔka asɛm no kyerɛ wɔn no. Ansa na Yudafo a wɔyɛ Kristofo no rebɛyɛ Yesu asuafo no, na wɔkenkan Hebri Kyerɛwnsɛm no wɔ hyiadan mu ma wɔtie bi. (2 Kor. 3:14-16) Wɔn mpo, na ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho sua ade yiye, efisɛ na ebehia sɛ wɔkae Kyerɛwnsɛm no, na wɔatumi aka mu asɛm akyerɛ nkurɔfo.

7 Ɛnnɛ, yɛn mu dodow no ara wɔ yɛn ankasa Bible ne Bible ho nhoma pii. Yɛreka asɛmpa no wɔ nsaase bɛboro 240 so wɔ kasa pii mu de reyɛ asuafo.

Sunsum Krɔnkrɔn No Maa Hɔn Tum

8, 9. (a) Ebɛnadze na sunsum krɔnkrɔn no boaa Jesus n’esuafo no ma wɔyɛe? (b) Ebɛnadze na Nyankopɔn no sunsum no roboa akowaa nokwafo no ma wɔayɛ?

8 Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnni adanse no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a, mubenya tumi.” Awiei koraa no, na Onyankopɔn honhom anaa ne tumi a ɔde yɛ ade no bɛkyerɛ Yesu akyidifo no kwan ma wɔadi adanse wɔ asaase so nyinaa. Petro ne Paul nam honhom kronkron so saa yare, wɔtuu ahonhommɔne, na wɔnyanee awufo mpo! Nanso, tumi a honhom kronkron ma wɔnyae no, wɔde dii dwuma titiriw bi. Ɛboaa asomafo no ne asuafo foforo ma wɔtumi boaa nkurɔfo ma wɔnyaa nokware nimdeɛ a ɛbɛma wɔn daa nkwa.—Yoh. 17:3.

9 Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Yesu asuafo no kaa “kasa horow, sɛnea honhom no ma wotumi kae no.” Enti, wɔdii “Onyankopɔn nnwuma akɛse no” ho adanse. (Aso. 2:1-4, 11) Ɛnnɛ, yɛnka kasa horow wɔ anwanwakwan so. Nanso, Onyankopɔn honhom kronkron reboa akoa nokwafo no ama wɔayɛ Bible ho nhoma wɔ kasa pii mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔtintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ɔpepem pii bosome biara. Afei nso, wokɔ yɛn wɛbsaet hɔ a, wubenya Bible ho nhoma ne video bebree wɔ kasa bɛboro 1,000 mu. Weinom nyinaa boa yɛn ma yɛka “Onyankopɔn nnwuma akɛse no” ho asɛm kyerɛ nnipa a wɔfi aman, mmusuakuw, ne kasa nyinaa mu.—Adi. 7:9.

10. Ofi 1989 reba no, ebɛnadze na wɔayɛ wɔ Bible nkyerɛasee ho?

10 Efi afe 1989 no, akoa nokwafo no ama Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no a wɔbɛkyerɛ ase akɔ kasa pii mu no ho ahia wɔn paa. Wɔakyerɛ Bible yi ase kɔ kasa bɛboro 200 mu dedaw, na wɔatintim ɔpepem pii, na wɔgu so retintim pii nso. Onyankopɔn ne ne honhom mmoa nko ara so na wɔnam betumi ayɛ saa adwuma yi.

11. Ebɛnadze na yebotum aka afa nwoma ahorow a Jehovah Adasefo kyerɛ ase no ho?

11 Kristofo mpempem a wɔwɔ aman bɛboro 150 so na wɔatu wɔn ho ama rekyerɛ Yehowa Adansefo nhoma ahorow ase kɔ kasa horow mu. Ɛnsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwanwa efisɛ ahyehyɛde foforo biara nni asaase so a honhom kronkron kyerɛ no kwan ma edi “adanse frenkyemm” anaa fefeefe saa ma Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro Ahenni a ɛredi tumi no, ne Mesia a ɔyɛ ahenni no so Hene no!—Aso. 28:23.

12. Ebɛnadze na Paul na Christianfo afofor no yɛe a ɔmaa wotumii yɛɛ asɛnka edwuma no?

12 Bere a Paul dii Yudafo ne Amanaman mufo a wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no adanse no, ‘wɔn a wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa no dan gyidifo.’ (Aso. 13:48) Bere a Luka de Asomafo Nnwuma no reba awiei no, na Paul ‘de akokoduru reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm, na biribiara ansiw no kwan.’ (Aso. 28:31) Ɛhe na na ɔsomafo no redi adanse? Ná ɔredi adanse wɔ Roma a ɛyɛ ɔman a saa bere no, na edi wiase so tumi no ahenkurow no! Yesu asuafo a wɔdi kan no, sɛ wɔnam kasa ahorow a wɔmae so na edii adanse oo, sɛ wɔfaa akwan foforo so oo, honhom kronkron na ɛboaa wɔn na ɛkyerɛɛ wɔn kwan ma wɔtumi yɛɛ adwuma no.

Wɔkɔr Do Kaa Asɛmpa No Ɔmmfa Ho Dɛ Nkorɔfo Taan Hɔn Enyi No

13. Sɛ wɔretan hɛn enyi a, ebɛnadze ntsi na ɔsɛ dɛ yɛbɔ mpaa?

13 Yesu asuafo a wɔdi kan no, bere a nkurɔfo tan wɔn ani no, wɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn akokoduru. Dɛn na efii mu bae? Honhom kronkron hyɛɛ wɔn ma, na ɛmaa wɔn tumi ma wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm. (Aso. 4:18-31) Yɛn nso yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa ne ahoɔden de kɔ so di adanse ɛmfa ho sɛ nkurɔfo tan yɛn ani. (Yak. 1:2-8) Esiane sɛ Onyankopɔn hyira yɛn na ne honhom no boa yɛn nti, yɛkɔ so ka Ahenni no ho asɛm. Biribiara ntumi mma yennyae adansedi adwuma no, sɛ́ ɛyɛ ɔsɔretia anaa ɔtaa a emu yɛ den no. Sɛ wɔretan yɛn ani a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron, nyansa, ne akokoduru a yɛde bɛka asɛmpa no.—Luka 11:13.

14, 15. (a) Ebɛnadze na ɔkɛfaa “amandzehu a ɔbae wɔ Stephen no wu ekyir” no bae? (b) Hɛn mber mu so, ɔyɛɛ dɛn na nyimpa pii a wɔwɔ Siberia no bohun nokwar no?

14 Stefano de akokoduru dii adanse ansa na n’atamfo rekum no. (Aso. 6:5; 7:54-60) ‘Ɔtan denneennen’ a ɛbae saa bere no mu no, asuafo no nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nsaase nyinaa so ma ɛkaa asomafo no nko ara. Nanso ɛno amma wɔannyae adansedi adwuma no. Filipo kɔɔ Samaria ‘kɔkaa Kristo ho asɛm,’ na ɛsow aba pii. (Aso. 8:1-8, 14, 15, 25) Bio nso, Bible ka sɛ: “Asuafo a amanehunu a ɛbae wɔ Stefano wu akyi nti wɔbɔ hwetee no, wɔkɔe ara kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia. Nanso Yudafo nko ara na wɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Nso wɔn mu bi a wɔfi Kipro ne Kirene baa Antiokia, na wɔfii ase ne wɔn a wɔka Greek kasa no kasae, na wɔkaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn.” (Aso. 11:19, 20) Saa bere no, ɔtan no maa Ahenni no ho asɛm no trɛwee.

15 Yɛn bere yi so nso, asɛm a ɛte saa sii wɔ kan Soviet Union. Wɔtwaa Yehowa Adansefo mpempem pii asu kɔɔ Siberia, titiriw, efi afe 1950 kosi afe 1959 ntam hɔ. Esiane sɛ wɔbɔɔ wɔn hwetee ma wɔkɔɔ mmeae ahorow pii nti, asɛmpa no kɔɔ so trɛwee wɔ saa asaase kɛse no so. Anka ɛbɛyɛ den paa sɛ Adansefo a wɔdɔɔso saa betumi anya sika a wɔde betu kwan atwa kwantenten bɛyɛ kilomita 10,000 akɔka asɛmpa no wɔ hɔ! Nanso, aban no ankasa de wɔn twaa saa kwantenten no. Onua baako kaa sɛ, “Nea ɛkɔbae ne sɛ, atumfoɔ no ankasa boaa nnipa a wɔwɔ koma pa mpempem pii a wɔwɔ Siberia no ma wɔbehuu nokware no.”

Jehovah Hyiraa Hɔn Pii

16, 17. Ebɛn asɛm na ɔwɔ Asomafo Ndwuma no mu a ɔma yehu dɛ Jehovah hyiraa adasedzi edwuma no do?

16 Akyinnye biara nni ho sɛ na Yehowa nhyira wɔ tete Kristofo no so. Paul ne afoforo duae na wɔguguu so nsu, “nanso Onyankopɔn na ɔma ɛkɔɔ so nyinii.” (1 Kor. 3:5, 6) Nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma no mu ma yehu sɛ, Yehowa nhyira nti, adansedi adwuma no kɔɔ so. Sɛ nhwɛso no, “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛwee, na asuafo no kɔɔ so yɛɛ bebree wɔ Yerusalem.” (Aso. 6:7) Bere a adansedi adwuma no retrɛw no, “asafo a ɛwɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den; na bere a asafo no de Yehowa suro ne honhom kronkron no awerɛkyekye nantewee no, wɔkɔɔ so yɛɛ bebree.”—Aso. 9:31.

17 Antiokia a ɛwɔ Siria no, Yudafo ne wɔn a wɔka Greek kasa tee nokware no ho asɛm fii adansefo a wɔwɔ akokoduru hɔ. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ, “Bio nso, na Yehowa nsa ka wɔn ho, na nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo, na wɔdan baa Awurade nkyɛn.” (Aso. 11:21) Yɛkenkan nkɔso foforo a ɛbaa saa kurow no ara mu ho asɛm sɛ: “Yehowa asɛm kɔɔ so trɛwee, na nnipa pii gye dii.” (Aso. 12:24) Adansedi adwuma a Paul ne afoforo yɛɛ no fefeefe wɔ Amanaman mufo mu no maa “Yehowa asɛm nam ahoɔden so kɔɔ so trɛwee, na ase timii.”—Aso. 19:20.

18, 19. (a) Yesi dɛn hu dɛ “Jehovah ne nsa” wɔ hɛn do? (b) Ma nhwɛdo bi a ɔma yehu dɛ Jehovah boa no nkorɔfo.

18 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nso, “Yehowa nsa” wɔ yɛn so. Ɛno nti na nnipa pii rebɛyɛ gyidifo na wɔrebɔ asu de kyerɛ sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no. Bio nso, ɛyɛ Onyankopɔn mmoa ne ne nhyira nko ara na ɛma yetumi gyina ɔsɔretia a emu yɛ den anaa ɛtɔ mmere bi a ɔtan a ano yɛ den ano, na ɛma yetumi yɛ asɛnka adwuma no sɛnea Paul ne tete Kristofo foforo yɛe no. (Aso. 14:19-21) Yehowa Nyankopɔn bɛboa yɛn daa. Bere nyinaa, “n’abasa a ɛwɔ hɔ daa no” boa yɛn wɔ yɛn sɔhwɛ nyinaa mu. (Deut. 33:27) Momma yɛnkae nso sɛ esiane Yehowa din kɛse no nti, ɔrennyaw ne nkurɔfo da.—1 Sam. 12:22; Dw. 94:14.

19 Nhwɛso bi ni: Esiane sɛ Onua Harald Abt kɔɔ so dii adanse nti, Nasifo no de no kɔɔ Sachsenhausen nneduaban mu wɔ Wiase Ko II no mu. May 1942 mu no, sum ase polisifo kɔɔ ne yere Elsa fie, wɔkɔfaa wɔn babea kumaa, na wɔkyeree Elsa. Wɔde no kɔɔ nneduaban ahorow mu. Onuawa Abt kaa sɛ, “Mfe pii a midii wɔ German nneduaban mu no ma minyaa asuade titiriw bi. Asuade no ne sɛnea Yehowa honhom tumi hyɛ wo den bere a wowɔ sɔhwɛ a emu yɛ den paa mu no! Ansa na wɔrekyere me no, na makenkan onuawa bi krataa a ɛkyerɛ sɛ, sɛ wuhyia ɔtaa a emu yɛ den a, Yehowa honhom ma wunya abotɔyam. Ná misusuw sɛ ɔrehããhãã n’ani. Nanso bere a m’ankasa mihyiaa sɔhwɛ no, mihui sɛ nea ɔkae no yɛ nokware. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Sɛ ebi ntoo wo a, wunhu sɛnea ɛte ankasa. Nanso mede m’ani huu sɛnea ɛte ankasa.”

Kɔ Do Dzi Dase Kofee!

20. Ebɛnadze na Paul yɛe aber a nna ɔda efiadze wɔ fie no, na ebɛn kwan do na iyi botum afa do ahyɛ hɛn nuanom binom nkuran?

20 Nsi a Paul de ‘kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm’ no, ɛno na wɔkaa ho asɛm de wiee Asomafo Nnwuma no. (Aso. 28:31) Esiane sɛ na wɔde no ato afiase wɔ fie nti, na ontumi nkodi adanse wɔ afie afie wɔ Roma. Nanso, ɔkɔɔ so dii obiara a ɔbaa ne nkyɛn no adanse. Ɛnnɛ, yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛdɔ wɔn no mu binom aka dan mu, ebia wɔaka mpa mu, anaasɛ wɔ aman bi so no, wɔte baabi a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa esiane mpanyinyɛ, yare, anaa ahoɔden a wɔnni nti. Nanso, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbedi adanse no ano mmrɛɛ ase. Yɛbɔ mpae ma wɔn, na yebetumi asrɛ yɛn soro Agya no sɛ ɔmma wɔnnya nkurɔfo a wɔn ani gye ho sɛ wɔbesua ɔno ne n’atirimpɔw a ɛyɛ anigye no ho ade.

21. Ebɛnadze ntsi na ɔsɛ dɛ yɛdze ahokeka dzi dase?

21 Yɛn mu dodow no ara tumi yɛ afie afie asɛnka adwuma no ne asuafoyɛ adwuma no afã foforo. Enti, momma yɛn mu biara nyɛ nea yebetumi biara mfa nni asɛyɛde a yɛwɔ sɛ Ahenni no ho adawurubɔfo no ho dwuma, na yenni adanse nkɔ “asaase ano noho.” Ɛsɛ sɛ yɛde ahokeka yɛ adwuma no, efisɛ “sɛnkyerɛnne” a ɛkyerɛ sɛ Kristo aba no ada adi pefee. (Mat. 24:3-14) Yenni bere koraa. Seesei yɛwɔ ‘pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu.’—1 Kor. 15:58.

22. Aber a yɛrotweɔn Jehovah ne da no, ebɛnadze na ɔsɛ dɛ yesi hɛn bo dɛ yɛbɛyɛ?

22 Bere a yɛretwɛn ‘Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu a ɛreba no,’ momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so de akokoduru ne nokwaredi adi adanse. (Yoel 2:31) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya nnipa pii a wɔte sɛ Beroiafo a “wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no.” (Aso. 17:10, 11) Enti, momma yenni adanse nkosi bere a ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔreka akyerɛ yɛn sɛ: “Mo, akoa pa nokwafo!” (Mat. 25:23) Sɛ yɛyere yɛn ho paa yɛ yɛn fam de wɔ asuafoyɛ adwuma no mu nnɛ na yɛkɔ so di Yehowa nokware a, akyinnye biara nni ho sɛ yebedi ahurusi daa sɛ yenyaa hokwan kɛse “dii” Onyankopɔn Ahenni ho “adanse frenkyemm” anaa fefeefe!