Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 7

Ɔkaa “Jesus Ho Asɛmpa” No

Ɔkaa “Jesus Ho Asɛmpa” No

Philip yɛɛ asɛmpaka edwuma no, na otwaa ɔsa pa too hɔ maa hɛn

Egyina Asomafo Nnwuma 8:4-40 so

1, 2. Aber a atamfo no bɔɔ mbɔdzen dɛ wɔbɛbra asɛmpaka edwuma no wɔ asomafo no aber do no, ɔyɛɛ dɛn na edwuma no nyaa nkɔdo mbom?

 ƆTAA a emu yɛ den bae, na Saul “tuu n’ani sii” asafo no so. Greek asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ sɛ ɔne asafo no dii no atirimɔden so paa. (Aso. 8:3) Asuafo no guanee, na ebia ebinom adwene yɛɛ wɔn sɛ Saul rebetu Kristosom ase. Nanso bere a Kristofo no hwetee no, biribi a obiara nhwɛ kwan sii. Dɛn na esii?

2 Wɔn a wɔbɔ hwetee no kyinii asaase a wɔguan kɔɔ so no so “kaa Onyankopɔn asɛm no ho asɛmpa.” (Aso. 8:4) Anwanwasɛm! Ɔtaa no ammrɛ asɛnka adwuma no ase; ɛboa maa asɛmpaka adwuma no trɛwee mmom! Bere a atamfo yi maa asuafo no bɔ hwetee no, na wɔnnim sɛ Ahenni asɛnka adwuma no mmom na wɔretrɛw mu akɔ akyirikyiri. Sɛnea yebehu no, biribi saa asi wɔ yɛn bere yi so.

“Hɔn A Wɔbɔɔ Petsee No” (Andw. 8:​4-8)

3. (a) Woana nye Philip? (b) Nna ebɛnadze ntsi na wɔnnkaa asɛmpa no wɔ Samaria, naaso ebɛnadze na Jesus kaa dɛ ɔbɔkɔ do wɔ dɛm kurow no mu?

3 “Wɔn a wɔbɔ hwetee no” baako ne Filipo. a (Aso. 8:4; hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 53 a wɔato din “ ‘Ɔsɛmpakafo’ Filipo” no.) Ɔkɔɔ Samaria. Ná wɔnkaa asɛmpa no wɔ hɔ, efisɛ bere bi Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Monnkɔ Samariafo kurow biara mu; Israel fi nguan a wɔayera no mmom na monkɔ wɔn nkyɛn daa.” (Mat. 10:5, 6) Nanso, na Yesu nim sɛ bere bi bɛba a wɔbedi Samariafo adanse frenkyemm, efisɛ ansa na ɔrekɔ soro no, ɔkaa sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asaase ano noho.”—Aso. 1:8.

4. Aber a Philip kaa asɛm no kyerɛɛ Samariafo no, ebɛnadze na wɔyɛe, na ebɛnadze na bi a ɔmaa wotsiee no?

4 Filipo hui sɛ Samaria “awo sɛ wotwa.” (Yoh. 4:35) Asɛm a Filipo ka kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no ma wɔnyaa ahomeka, na na ɛnyɛ nwanwa. Ná Yudafo no ne Samariafo nni hwee yɛ, na na Yudafo no pii mpɛ wɔn asɛm koraa. Nanso Samariafo no hui sɛ asɛmpa no maa nnipa nyinaa nyaa anidaso a nyiyim biara nnim. Ná asɛmpa no mfa mpaapaemu mma te sɛ nea Farisifo no gyidi de ba no. Farisifo no de, na wɔgye di sɛ wɔkyɛn afoforo, na na wɔyiyi nnipa mu. Esiane sɛ Filipo ammu Samariafo no abomfiaa na ɔde nsi ne ahokeka dii wɔn adanse nti, ɛmaa obiara hui sɛ, nnipa mu nyiyim a na ɛrekɔ so no, na ɔnyɛ bi. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ Samariafo pii de “koma koro” tiee Filipo.—Aso. 8:6.

5-7. Ma nhwɛdo a ɔkyerɛ dɛ, sɛ wɔtan Christianfo enyi ma wɔpetse a, ɔma asɛmpa no tserɛw.

5 Sɛnea ɔtaa amma Onyankopɔn nkurɔfo annyae asɛnka adwuma no wɔ asomafo no bere so no, saa ara na ɛnnɛ nso, wɔtan wɔn ani mpo a wɔkɔ so ara yɛ asɛnka adwuma no. Sɛ wɔtan Kristofo ani ma wɔtu fi wɔn kurom anaasɛ wɔde wɔn gu afiase mpo a, mpɛn pii no, ɛboa ma Ahenni asɛm no trɛw kɔ mmeae foforo a wɔakɔ no mmom. Ɛho nhwɛso ne nea ɛkɔɔ so wɔ Wiase Ko II mu no. Yehowa Adansefo dii adanse kɛse wɔ Nasi nneduaban pii mu. Yudani bi a ohyiaa Adansefo no wɔ hɔ kaa sɛ: “Akokoduru a nneduafo a wɔyɛ Yehowa Adansefo daa no adi no ma migye dii sɛ, wɔn gyidi gyina Kyerɛwnsɛm no so, enti me nso mebɛyɛɛ Ɔdanseni.”

6 Ɛtɔ da bi mpo a, anuanom tumi di atamfo a wɔretan wɔn ani no adanse ma biribi pa fi mu ba. Ma yɛmfa Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Franz Desch nyɛ nhwɛso. Bere a wɔde no kɔtoo Gusen nneduaban mu wɔ Austria no, ɔne Nasi sraani panyin bi yɛɛ Bible adesua. Hwɛ anigye a nnipa mmienu yi nyae bere a akyiri yi wɔhyiae wɔ Yehowa Adansefo mantam nhyiam bi ase no! Saa bere no, na wɔn mmienu nyinaa yɛ asɛmpakafo!

7 Biribi a ɛte saa sii bere a ɔtaa maa Kristofo bi guan fii wɔn man mu kɔɔ ɔman foforo so no. Afe 1970 mu hɔ no, bere a wɔtan Adansefo a wɔwɔ Malawi ani ma wɔguan kɔɔ Mozambique no, wɔdii adanse kɛse wɔ hɔ. Bere a akyiri yi ɔtaa baa Mozambique no, asɛnka adwuma no kɔɔ so. Francisco Coana ka sɛ: “Ɛwom, wɔkyeree yɛn mu bi mpɛn pii esiane yɛn asɛnka adwuma no nti. Nanso, bere a nnipa pii gyee Ahenni asɛm no so no, yenyaa ahotoso sɛ Nyankopɔn reboa yɛn, sɛnea ɔboaa tete Kristofo no.”

8. Ebɛn kwan do na amanyɛsɛm na sikasɛm mu nsesa aka asɛnka edwuma no?

8 Wei nkyerɛ sɛ ɔtaa nko ara ne ade a ɛma Kristosom trɛw kɔ aman foforo so. Nnansa yi, amanyɔsɛm ne sikasɛm mu nsakrae nso ama nnipa a wɔfi aman ahorow so na wɔka kasa horow nso ate Ahenni asɛm no. Nnipa a wɔtete mmeae a wɔredi ako ne mmeae a ɛhɔ asetena yɛ den atu akɔtena baabi a asomdwoe wɔ, na wɔafi ase resua Bible wɔ baabi a wɔatu akɔtena no. Nnipa a wɔatu kɔ ɔman foforo so rekɔbɔ wɔn ho aguaa no, wɔtaa ka kasa foforo. Enti ɛho abehia sɛ anuanom sua saafo no kurom kasa na wɔatumi aka Ahenni asɛmpa no akyerɛ wɔn. Woreyɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔwɔ w’asaasesin mu a “wofi aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” no anaa?—Adi. 7:9.

“Hom Mma Me Tum Yi Bi” (Andw. 8:​9-25)

“Bere a Simon hui sɛ asomafo no nsa a wɔde gu obi so na ɛma onya honhom no, ɔyɛe sɛ ɔrema wɔn sika.”​—Asomafo Nnwuma 8:18

9. Woana nye Simon, na ɔbɛyɛ dɛ ebɛnadze na ɔtwee no bɛɛn Philip?

9 Filipo yɛɛ nsɛnkyerɛnne pii wɔ Samaria. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔsaa ayarefo yare, na otuu ahonhommɔne mpo. (Aso. 8:6-8) Obi a n’ani gyee Filipo anwanwade no ho paa ne Simon. Ná ɔyɛ nkonyaayifo bi a nkurɔfo bu no paa, na wɔkaa ne ho asɛm mpo sɛ: “Ɔbarima yi ne Onyankopɔn Tumi.” Bere a Simon huu anwanwade a Filipo yɛe no, afei de na ɔde n’ani ahu Onyankopɔn tumi ankasa, enti ɔbɛyɛɛ gyidini. (Aso. 8:9-13) Nanso, dɛn paa nti na Simon bɛyɛɛ Kristoni?

10. (a) Ebɛnadze na Peter na John yɛe wɔ Samaria? (b) Aber a Simon hun dɛ, sɛ Peter na John dze hɔn nsa gu esuafo afofor do a, ɔma wonya sunsum krɔnkrɔn no, ebɛnadze na ɔyɛe?

10 Bere a asomafo no huu nkɔso a wɔrenya wɔ Samaria no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ hɔ. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Petro De ‘Ahenni Nsafe’ No Yɛɛ Adwuma” no.) Bere a asomafo mmienu no koduu hɔ no, wɔde wɔn nsa guu asuafo foforo no so, na wɔn mu biara nyaa honhom kronkron. b Simon hui no, ne ho dwiriw no, na ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Momma me tumi yi bi, na obiara a a mede me nsa begu no so no anya honhom kronkron.” Ná Simon susuw sɛ obetumi atɔ tumi yi bi, enti ɔyɛe sɛ ɔrema wɔn sika!—Aso. 8:14-19.

11. Ebɛn afotu a no mu yɛ dzen na Peter dze maa Simon, na ebɛnadze na Simon yɛe wɔ ho?

11 Petro ka sii Simon anim sɛ: “Wo ne wo dwetɛ nyinaa nsɛe, efisɛ ɛyɛ wo sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn dom akyɛde. Wunni kyɛfa biara wɔ asɛm yi mu, na wonka ho, efisɛ wo koma nteɛ wɔ Onyankopɔn anim.” Afei Petro ka kyerɛɛ Simon sɛ ɔnsakra na ɔmmɔ mpae nsrɛ bɔnefakyɛ. Petro kaa sɛ: “Srɛ Yehowa sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔmfa bɔne a woasusuw wɔ wo koma mu no [anaa “pɔw bɔne a woabɔ yi,” New Jerusalem Bible] nkyɛ wo.” Ɛda adi sɛ na ɔnyɛ onipa bɔne. Ná ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛtene, nanso saa bere yi de, adwene a ɔde bisaa honhom kronkron no, na ɛnyɛ papa. Enti ɔsrɛɛ asomafo no sɛ: “Monsrɛ Yehowa mma me, na nea moaka yi mu biara amma me so.”—Aso. 8:20-24.

12. Hokwan a obi tɔ wɔ asafo no mu anaa obi ne sika ho a wɔhwɛ dze ma no dzibew no, nna woebu do wɔ Christiansom mu. Yɛyɛ dɛn hu dɛm?

12 Animka a Petro de maa Simon no yɛ kɔkɔbɔ ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa. Ɛma yehu sɛ, ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛtɔ hokwan bi wɔ asafo no mu. Nanso atoro Kristofo mu de, saa ade no kɔ so paa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nhoma bi a wɔyɛɛ no 1878 kaa sɛ, bere biara a wɔbɛtow aba ayi Pope no, wɔn a egyina ma wɔtow wɔn so aba no tua ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtow ama wɔn. Wɔn a wɔyɛ saa no, na wɔn ani mmu wɔn dwɛ, na na wɔnyɛ nsie mpo.—The Encyclopædia Britannica.

13. Sɛ obi tɔ hokwan bi wɔ asafo no mu anaa ɔhwɛ obi ne sika ho ma no hokwan bi a, ɔyɛ bɔn. Ebɛnadze na ɔbɔboa Christianfo na wɔannyɛ dɛm bɔn yi bi?

13 Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔantɔ hokwan bi wɔ asafo no mu anaa wɔanhwɛ obi sika ho amma no hokwan bi wɔ asafo no mu. Wɔn a yesusuw sɛ wɔbetumi ama yɛanya hokwan bi wɔ asafo no mu no, ɛnsɛ sɛ yɛsoa akyɛde gu wɔn so, anaa yɛhoahoa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma yɛn nsa aka hokwan bi. Wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw anuanom de hokwan hyɛ wɔn nsa no nso, ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ obi sika de hokwan bi ma no. Sɛ obi yɛ saa a, ɛyɛ bɔne. Onyankopɔn asomfo de, ɛsɛ sɛ obiara yɛ ne ho “akumaa” na ɔtwɛn ma Yehowa honhom paw wɔn a wɔfata de hokwan hyehyɛ wɔn nsa. (Luka 9:48) Wɔn a wɔhwehwɛ ‘wɔn ankasa anuonyam’ rentumi ntena Onyankopɔn ahyehyɛde mu mma no nyɛ yiye.—Mmeb. 25:27.

“Etse Dza Erekenkan No Ase?” (Andw. 8:​26-40)

14, 15. (a) Woana nye “Ethiopianyi ahemfie panyin” no, na henfa na Philip hun no? (b) Aber a Ethiopianyi no tsee Philip n’asɛm no, ebɛnadze na ɔyɛe, na ebɛnadze na ɔkyerɛ dɛ aber a ɔbɔɔ esubɔ no, nna onyim dza ɔreyɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

14 Afei Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔnkɔfa ɔkwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so. Ankyɛ na Filipo huu nea enti a ɔbɔfo no kaa saa kyerɛɛ no, efisɛ ɔkɔtoo Etiopiani ahemfie panyin bi sɛ “ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no den.” (Hwɛ adaka a wɔato din “ Etiopiani ‘Ahemfi Panyin’ No” no.) Yehowa honhom kronkron maa Filipo kɔɔ ɔbarima no teaseɛnam no ho. Otuu mmirika kɔɔ ho kobisaa Etiopiani no sɛ: “Wote nea worekenkan no ase?” Ɛnna Etiopiani no buae sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate ase?”—Aso. 8:26-31.

15 Etiopiani no maa Filipo bɛtenaa ne teaseɛnam no mu. Na nkɔmmɔ a ɛkɔɔ so de, ɛsɛ w’ani! “Oguan” anaa ‘akoa’ a Yesaia nkɔmhyɛ no ka ho asɛm no, dedaadaw nyinaa na ɛyɛ ahintasɛm. (Yes. 53:1-12) Nanso bere a wɔrekɔ no, Filipo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Etiopiani ahemfie panyin no sɛ na nkɔmhyɛ no fa Yesu Kristo ho. Wɔn a wɔtee asɛmpa no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, wɔantenatena ho, mmom wɔma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara na Etiopiani no nso yɛe. Ná wadi kan agye Yudasom atom dedaw, enti bere a ɔtee Filipo asɛm no, na onim sɛ ɛsɛ sɛ otu ho anammɔn ntɛm. Ɛno nti, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ: “Hwɛ! Nsu na ɛda hɔ yi. Dɛn na esiw me kwan sɛ mɛbɔ asu?” Ntɛm ara na Filipo bɔɔ Etiopiani no asu! c (Hwɛ adaka a wɔato din “ Wɔbɔɔ Wɔn Asu Wɔ ‘Nsu’ Mu” no.) Ɛno akyi no, Yehowa honhom maa Filipo kɔɔ baabi foforo. Ɔkɔɔ Asdod kɔtoaa asɛmpaka adwuma no so wɔ hɔ.—Aso. 8:32-40.

16, 17. Ebɛn kwan do na abɔfo boa asɛnka edwuma no ndɛ?

16 Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso anya hokwan kɛse reyɛ adwuma a Filipo yɛe no bi. Baabi a wɔwɔ biara, wɔnya kwan a, wɔtumi ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo. Sɛ wɔretu kwan mpo a wɔtumi yɛ saa. Mpɛn pii no, wutumi hu sɛ hyia a yehyia nnipa a wɔn ani gye asɛm no ho ne wɔn bɔ nkɔmmɔ no, ɛnyɛ kwa. Ɛnyɛ nwanwa, efisɛ Bible ma emu da hɔ sɛ abɔfo na wɔrekyerɛ asɛnka adwuma no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” bɛte asɛm no. (Adi. 14:6) Yesu ankasa kaa sɛ, abɔfo bɛkyerɛ yɛn kwan ama yɛayɛ asɛnka adwuma no. Yesu kaa wɔ ne mfatoho a ɛfa hwiit ne nwura bɔne ho no mu sɛ, otwa bere no, kyerɛ sɛ, wiase awiei bere no, “atwafo no ne abɔfo.” Ɔka kaa ho sɛ abɔfo yi ‘bɛboaboa biribiara a ɛto hintidua ne wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne ano afi n’Ahenni no mu.’ (Mat. 13:37-41) Saa bere no ara nso, wɔn a Yehowa pɛ sɛ ɔtwe wɔn ba n’ahyehyɛde mu no, abɔfo yi bɛboaboa wɔn ano. Wɔbedi kan aboaboa wɔn a wɔbedi ade wɔ Ahenni no mu no ano, na akyiri yi, wɔaboaboa “nnipakuw kɛse” a wɔka “nguan foforo” no ho nso ano.—Adi. 7:9; Yoh. 6:44, 65; 10:16.

17 Yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ wei rekɔ so, efisɛ wɔn a yehyia wɔn asɛnka mu no bi ka sɛ, ansa na yɛreba wɔn nkyɛn no na wɔrebɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa wɔn. Nhwɛso bi ni: Da bi, na Ahenni adawurubɔfo mmienu ne abofra kumaa bi reyɛ asɛnka adwuma. Eduu awia no, na Adansefo mmienu no pɛ sɛ wɔpɔn, nanso na abofra no se ɔrempɔn gye sɛ wɔakɔ fie a edi hɔ no mu. Enti ɔno nko ara kɔbɔɔ pon no mu! Awuraa bi buee pon no, enti ɛmaa Adansefo mmienu no kɔɔ ne nkyɛn ne no kɔkasae. Asɛm a ɔbea no ka kyerɛɛ wɔn no yɛɛ wɔn nwanwa. Ɔkaa sɛ, ansa na wɔreba hɔ no, na ɔrebɔ mpae sɛ obi mmra ne nkyɛn mmɛboa no mma ɔnte Bible no ase. Ɛhɔ ara na wɔne no fii Bible adesua ase!

“Onyankopɔn, wowɔ hɔ ampa a, mesrɛ wo boa me”

18. Ebɛnadze ntsi na ɔnnsɛ dɛ yɛtoto hɛn asɛnka edwuma no adze?

18 Ɛnnɛ, asɛnka adwuma no adu ne mpɔmpɔnso, na esiane sɛ woka Kristofo asafo no ho nti, woanya hokwan soronko sɛ wo ne abɔfo no abom reyɛ saa adwuma no. Ntoto saa hokwan no ase koraa. Sɛ woyere wo ho kɔ so ka “Yesu ho asɛmpa” no a, wubenya anigye pii.—Aso. 8:35.

a Ɛnyɛ ɔsomafo Filipo na yɛreka ne ho asɛm wɔ ha yi, na mmom Filipo a nhoma yi Ti 5 ka ne ho asɛm no. Bere a wɔpaw “mmarima baason a wɔwɔ din pa” wɔ Yerusalem sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ aduan mma Kristofo akunafo a wɔka Greek kasa ne Hebri kasa no, na ɔka ho bi.—Aso. 6:1-6.

b Saa bere no, na asuafo foforo taa nya honhom kronkron anaa wɔde sra wɔn da a wɔbɔ wɔn asu no. Ɛno ma wɔnyaa anidaso sɛ wɔne Yesu bedi hene na wɔayɛ asɔfo wɔ soro. (2 Kor. 1:21, 22; Adi. 5:9, 10; 20:6) Nanso asuafo foforo yi de, ɛnyɛ da a wɔbɔɔ asu na wɔde honhom no sraa wɔn. Petro ne Yohane de wɔn nsa koguu Kristofo a wɔabɔ asu yi so ansa na wɔrenya honhom kronkron atumi de ayɛ anwanwade.

c Bere a Etiopiani no ma wɔbɔɔ no asu no, na ɔte nea ɔreyɛ no ase; ɛnyɛ sɛ ɔtee medaase-aberaw ara na ɔmaa ne koraa so. Ná ɔyɛ obi a wagye Yudasom atom, na na onim Kyerɛwnsɛm no dedaw, enti Mesia no ho nkɔmhyɛ no nso, na onim. Enti bere a ohuu dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no, na ɛho nhia sɛ ɔtwɛn ansa na wabɔ asu.