Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 8

Asafo No “Nyaa Asomdwee”

Asafo No “Nyaa Asomdwee”

Otsirmɔdzenfo Saul a nna ɔtan Christianfo no hɔn enyi no bɛyɛɛ ɔsɛmpakafo a ɔdze nsi na ahokeka ka asɛm no

Egyina Asomafo Nnwuma 9:1-43 so

1, 2. Nna ebɛnadze na Saul abɔ ne tsirmu dɛ ɔrekɛyɛ wɔ Damascus?

 NÁ AKWANTUFO bi a wɔn ani abere rebɛn Damasko, na na wɔabɔ pɔw sɛ wɔrekodi bɔne wɔ hɔ. Adwene a na wɔkura ne sɛ wɔrekɔkyere Yesu asuafo no wɔ wɔn afie na wɔakyekyere wɔn agu wɔn anim ase, na wɔde wɔn akogyina Sanhedrin no anim wɔ Yerusalem ma wɔatwe wɔn aso.

2 Nea na odi kuw yi anim ne Saul, na na odi mogya ho fɔ dedaw. a Ɛnkyɛe pii na ne mfɛfo Yudafo anuɔdenfo siw Yesu suani nokwafo Stefano abo kum no. Awudi no rekɔ so no, na Saul gyina hɔ bi, na na ɔpene so. (Aso. 7:57–8:1) Afei Saul fii ase tan Yesu asuafo a ɛwɔ Yerusalem no ani denneennen. Nanso wamfa anso hɔ ara. Ɔtaa a na ɛretrɛw kɔ nkurow afoforo so no, Saul na na odi mu tintimman. Ná wawe ahinam so sɛ ɔbɛtɔre abusuyɛfo kuw a wɔfrɛ no “Ɔkwan No” ase.—Aso. 9:1, 2; hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 61 a wɔato din “ Tumi a Ɛbɔɔ Saul Kyidɔm Ma Ɔkɔɔ Damasko” no.

3, 4. (a) Ebɛn asɛm too Saul? (b) Ebɛn nsɛmbisa na yebosusu ho?

3 Hann bi betwaa Saul ho hyiae mpofirim. Ne mfɛfo akwantufo no huu hann no, nanso ehu ma wɔtɔree mum. Saul ani furae na otwa hwee fam. Ná onhu biribiara nanso ɔtee nne bi fii soro sɛ: “Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani?” Saul de ahodwiriw bisae sɛ: “Ɛyɛ wo hena, Owura?” Ɛbɛyɛ sɛ mmuae a Saul nyae no maa ehu kaa no paa, efisɛ nne no kaa sɛ: “Ɛyɛ me Yesu a woretan m’ani no.”—Aso. 9:3-5; 22:9.

4 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Yesu dii kan ka kyerɛɛ Saul no mu? Sɛ yesusuw ɔkwan a Saul faa so bɛyɛɛ Kristoni no ho a, mfaso bɛn na yebenya? Bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni no, asafo no nyaa asomdwoe. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea asafo no de asomdwoe a wɔnyae no dii dwuma no mu?

“Ebɛnadze Ntsi Na Eretan M’enyi Yi?” (Andw. 9:​1-5)

5, 6. Ebɛnadze na yesua fi nsɛm a Jesus kaa kyerɛɛ Saul no mu?

5 Bere a Saul nam kwan so rekɔ Damasko a Yesu gyinaa no no, Yesu ammisa no sɛ: “Adɛn nti na woretan m’asuafo ani?” Sɛnea yɛahu dedaw no, ɔkaa sɛ: “Adɛn nti na woretan m’ani?” (Aso. 9:4) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Yesu akyidifo hyia sɔhwɛ biara a, Yesu te nka ma wɔn te sɛ nea ɔno ara na sɔhwɛ no ato no.—Mat. 25:34-40, 45.

6 Sɛ Kristo mu gyidi a wowɔ nti, nkurɔfo retan w’ani a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa ne Yesu nyinaa nim nea worefa mu. (Mat. 10:22, 28-31) Ebia Yehowa renyi ɔhaw a worehyia no mfi hɔ seesei ara. Nanso kae sɛ bere a Saul boa ma wɔkum Stefano no, na Yesu ani tua, na bere a Saul twee asuafo anokwafo fii wɔn afie mu kɔɔ Yerusalem no nso, Yesu hui. (Aso. 8:3) Saa bere no, Yesu amfa ne ho annye mu, nanso Yehowa nam Kristo so maa Stefano ne asuafo a aka no ahoɔden a wɔhia na ama wɔatumi akɔ so asom no nokwaredi mu.

7. Ebɛnadze na ɔsɛ dɛ eyɛ na sɛ nkorɔfo tan w’enyi a, etum akɔ do edzi Jehovah nokwar?

7 Sɛ woyɛ nea edidi so yi, na sɛ nkurɔfo tan w’ani a, wo nso wubetumi akɔ so adi Yehowa nokware: (1) Si wo bo sɛ, nea ɛbɛto wo biara wubedi Yehowa nokware. (2) Hwehwɛ Yehowa mmoa. (Filip. 4:6, 7) (3) Nyɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ biribi atua wɔn a wɔretan w’ani no ka; gyaw ma Yehowa. (Rom. 12:17-21) (4) Nya awerɛhyem sɛ, Yehowa bɛma wo ahoɔden de agyina sɔhwɛ no ano kosi sɛ ɔno ankasa beyi afi wo so.—Filip. 4:12, 13.

‘Mo Nua Saul, Ewuradze Na Ɔasoma Me’ (Andw. 9:​6-17)

8, 9. Ebɛn kwan do na ɔbɛyɛ dɛ Ananias tsee nka wɔ edwuma a wɔdze maa no no ho?

8 Bere a Saul bisaa sɛ “Ɛyɛ wo hena, Owura?” a Yesu maa no mmuae no, Yesu san ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre na kɔ kurow no mu, na wɔbɛka nea ɛsɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.” (Aso. 9:6) Esiane sɛ na Saul ani afura nti, mmarima a wɔne no nam no dii n’anim kɔɔ baabi a na ɔbɛtena wɔ Damasko no. Saul koduu hɔ no, ɔbɔɔ mpae yɛɛ akɔnkyen nnansa. Saa bere no, na Yesu aka Saul ho asɛm akyerɛ osuani bi a ɔwɔ Damasko kurow no mu a yɛfrɛ no Anania. Ná Anania yɛ ɔbarima a “Yudafo” a wɔtete Damasko “nyinaa bɔ no din pa.”—Aso. 22:12.

9 Wohwɛ a na Anania bɛte nka sɛn? Yesu Kristo a wɔanyan no a ɔyɛ asafo no Ti no ne ɔno Anania kasae. Anso hɔ ara. Adwuma titiriw a na Yesu repɛ obi de ahyɛ ne nsa no, ɔno Anania na ɔde hyɛɛ ne nsa. Akwannya kɛse paa ara ni! Nanso, na adwuma no nna fam! Bere a Yesu ka kyerɛɛ Anania sɛ ɔne Saul nkɔkasa no, Anania kae sɛ: “Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afi nnipa pii hɔ. Mate sɛ ɔde bɔne bebree adi w’akronkronfo a wɔwɔ Yerusalem no. Seesei wanya tumi afi asɔfo mpanyin no nkyɛn sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din no nyinaa.”—Aso. 9:13, 14.

10. Sɛ yɛhwɛ mbrɛ Jesus nye Ananias dzii no a, ebɛnadze na yesua fi mu?

10 Yesu anka Anania anim sɛ ɔkaa sɛnea ɔte nka. Nanso Yesu maa no akwankyerɛ a emu da hɔ. Afei nso Yesu dii Anania ni, efisɛ ɔkaa nea enti a ɔpɛ sɛ ɔyɛ adwuma soronko yi. Yesu kaa Saul ho asɛm sɛ: “Ɔbarima yi yɛ anwenne a wɔayi ama me sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma nkyɛn. Na mɛkyerɛ no amanehunu bebree a me din nti ɛsɛ sɛ ɛto no no pefee.” (Aso. 9:15, 16) Anania tiee Yesu ntɛm ara. Ɔkɔhwehwɛɛ Saul a ɔtan nkurɔfo ani no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nua Saul, Awurade Yesu a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo bere a na wonam kwan so reba no, ɔno na wasoma me, sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu ade na honhom kronkron ahyɛ wo ma.”—Aso. 9:17.

11, 12. Ebɛnadze na yesua fi Jesus, Ananias, na Saul hɔn asɛm no mu?

11 Yehu nneɛma pii wɔ Yesu, Anania, ne Saul asɛm no mu. Ade baako ne sɛ, sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔno ankasa bɛkyerɛ asɛnka adwuma no kwan no, saa ara na ɔreyɛ. (Mat. 28:20) Ɛwom sɛ ɛnnɛ Yesu ne yɛn nkasa tee de, nanso ɔnam akoa nokwafo no a ɔde no asi n’asomfo so no so ma yɛn asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ. (Mat. 24:45-47) Akwankyerɛ Kuw no de akwankyerɛ ma, sɛnea ɛbɛyɛ a adawurubɔfo ne akwampaefo betumi ahwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsua Kristo ho nsɛm pii no. Sɛnea yehui wɔ Ti 7 no, saa nnipa yi pii wɔ hɔ a, Yehowa Adansefo bɛkɔ wɔn nkyɛn no, na wɔabɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa wɔn.—Aso. 9:11.

12 Anania brɛɛ ne ho ase gyee adwuma a Yesu de maa no no toom, na onyaa nhyira. Wo nso, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ w’asaasesin mu adwuma mpo a, wutie ahyɛde a ɛse yenni adanse frenkyemm no anaa? Ebinom wɔ hɔ a ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛkɔ afie afie akɔka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔnnim wɔn baabiara. Ebinom nso haw ne sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ nnipa wɔ wɔn nnwuma mu, mmɔnten so, anaa telefon so. Anania tumi dii ehu a na ɔwɔ no so na onyaa hokwan boaa Saul ma onyaa honhom kronkron. b Nea ɛmaa Anania tumi yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no ne sɛ, ɔde ne ho too Yesu so, na ohuu Saul sɛ obi a daakye obetumi abɛyɛ ne nua Kristoni. Yɛn nso, sɛ yesuasua Anania na yenya Yesu mu ahotoso sɛ ɔno na ɔrekyerɛ asɛnka adwuma no kwan, na yenya tema ma afoforo, na yebu nnipa a wɔn asɛm yɛ den no mpo sɛ wɔbetumi abɛyɛ yɛn nuanom a, ebeyi ehu biara a yɛwɔ no afi yɛn mu.—Mat. 9:36.

“Ɔhyɛɛ Ase Kaa Jesus Ho Asɛm” (Andw. 9:​18-30)

13, 14. Sɛ irusua Bible no naaso nnyae mmbɔɔ esu a, ebɛnadze na ibotum esua efi dza Saul yɛe no mu?

13 Saul de nea osuae no yɛɛ adwuma ntɛm. Bere a wɔsaa no yare no, ɔma wɔbɔɔ no asu, na ofii ase ne asuafo a wɔwɔ Damasko no bɔe paa. Nanso anso hɔ ara. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ntɛm ara na ofii ase kaa Yesu ho asɛm wɔ hyia adan mu sɛ, ɔno ne Onyankopɔn Ba no.”—Aso. 9:20.

14 Sɛ woresua Bible nanso wunnya mmɔɔ asu a, wubesuasua Saul na woayɛ nea woresua no ho biribi ntɛm anaa? Ɛyɛ nokware sɛ Saul de n’ani huu anwanwade a Kristo yɛe no, na ɛno ka ho bi na ɔyɛɛ n’ade ntɛm. Nanso ɛnyɛ ɔno nko ara na ohuu Yesu anwanwade. Bere bi, Farisifo bi hui sɛ Yesu asa obi a ne nsa awu yare. Afei nso, bere a Yesu nyanee Lasaro no, Yudafo pii hui. Ne nyinaa akyi no, wɔn mu pii annye no anni, na ebinom mpo sɔre tiaa no. (Mar. 3:1-6; Yoh. 12:9, 10) Nanso Saul de, onyaa adwensakra. Ɛyɛɛ dɛn na Saul de nea osuae no yɛɛ adwuma, na afoforo de wɔanyɛ ho hwee? Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, na Saul suro Onyankopɔn sen nnipa, na mmɔborɔhunu a Kristo daa no adi kyerɛɛ no no nso, n’ani sɔe kɛse. (Filip. 3:8) Sɛ wo nso wusuasua Saul a, worentwentwɛn wo nan ase sɛ wubefi asɛnka ase na woafata ama asubɔ.

15, 16. Ebɛnadze na Saul yɛe wɔ nhyiamudan no mu, na ebɛn kwan do na dza ɔyɛe no kaa Jewfo a nna wɔwɔ Damascus no?

15 Bere a Saul fii ase kaa Yesu ho asɛm wɔ hyia adan mu no, wohwɛ a nnipadɔm no soo mu sɛn? Wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔn mu bi bo fuwii mpo! Wɔbisaa sɛ: “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na ɔteetee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem no?” (Aso. 9:21) Bere a Saul rekyerɛ nea ama wanya adwensakra no, “ɔkyerɛkyerɛe maa emu daa hɔ sɛ Yesu ne Kristo no.” (Aso. 9:22) Nanso ɛnyɛ obiara na ɔte asɛm ase saa. Obi wɔ hɔ a, wo ne no reka asɛm na woma no wiase mu adanse nyinaa mpo a, amammerɛ ne atetesɛm a agye n’adwene, ne ahantan nti, wanya aka sɛ ɔrennye nni no, ɔrennye nni. Ne nyinaa mu no, Saul ampa abaw.

16 Mfe mmiɛnsa akyi mpo, na Yudafo a wɔwɔ Damasko no da so ara sɔre tia Saul. Ewiee ase no, wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbekum no. (Aso. 9:23; 2 Kor. 11:32, 33; Gal. 1:13-18) Bere a asɛm no bɛdaa adi no, Saul yɛɛ biribi a nyansa wom. Ɔma wɔde no sii kɛntɛn mu faa ɔkwan bi a ɛda kurow no fasu mu gyaagyaa no ma osii fam guan fii kurow no mu. Luka kaa wɔn a wɔboaa Saul ma oguanee saa anadwo no ho asɛm sɛ “n’asuafo,” kyerɛ sɛ, Saul asuafo. (Aso. 9:25) Saa asɛm no kyerɛ sɛ, ebetumi aba sɛ wɔn a Saul kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn wɔ Damasko no bi sesaa wɔn adwene, na wɔbɛyɛɛ Kristo akyidifo.

17. (a) Sɛ yɛka Bible mu nokwasɛm kyerɛ nkorɔfo a, ɔyɛ a ebɛnadze na wɔyɛ? (b) Ebɛnadze na ɔsɛ dɛ yɛkɔ do yɛ, na ebɛnadze ntsi a?

17 Bere a wufii ase ne w’abusuafo, wo nnamfonom ne afoforo bɔɔ nea woresua no ho nkɔmmɔ no, ebia na wohwɛ kwan sɛ wɔn nyinaa begye adanse a efi Bible mu no atom. Ebia ebinom gye toom, nanso wɔn mu pii anyɛ saa. Ebia w’ankasa wo fiefo mpo tan w’ani. (Mat. 10:32-38) Nanso sɛ wusua sɛnea wo ne nkurɔfo besusuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho, na wobɔ wo bra sɛ Kristoni a, ebia akyiri yi wɔn a wɔn ani nnye asɛm no ho no bɛsesa wɔn adwene.—Aso. 17:2; 1 Pet. 2:12; 3:1, 2, 7.

18, 19. (a) Aber a Barnabas dzii Saul ho dase no, ebɛn asɛm na osii? (b) Ebɛnadze na yebotum ayɛ dze esuasua Barnabas na Saul?

18 Bere a Saul kɔɔ Yerusalem no, na ɛyɛ den sɛ asuafo no begye adi sɛ wabɛyɛ osuani ampa, na na ntease wom. Nanso bere a Barnaba dii Paul ho adanse no, asomafo no gyee no toom, na ɔtenaa wɔn nkyɛn kakra. (Aso. 9:26-28) Saul hwɛɛ ne ho yiye, nanso n’ani anwu asɛmpa no ho. (Rom. 1:16) Ɔde akokoduru kaa asɛm no wɔ Yerusalem. Yerusalem hɔ ara na bere bi otuu n’ani sii Yesu Kristo asuafo so tan wɔn ani denneennen no. Bere a Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no huu nea Saul reyɛ no, ɛhyɛɛ wɔn abufuw paa, efisɛ ɔno a na wɔn ani da ne so sɛ obedi wɔn anim ama wɔatu Kristosom ase no, na watwa ne ho akɔka Kristofo no ho. Enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbekum no. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Bere a anuanom no huu eyi no, wɔde [Saul] baa Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.” (Aso. 9:30) Saul dii Yesu akwankyerɛ a ɔnam asafo no so de maa no no so, na ɛso baa mfaso maa Saul ne asafo no nyinaa.

19 Hyɛ no nsow sɛ Saul ansrɛ Barnaba ansa na ɔreboa no. Akyinnye biara nni ho sɛ ayamye a Barnaba yii no adi yi ka ho bi na ayɔnkofa kɛse bɛdaa Yehowa asomfo mmɔdenbɔfo mmienu yi ntam. Wo nso, ɛyɛ a wuyi wo yam boa wɔn a wɔbaa asafo no mu nkyɛe no, na wo ne wɔn kɔ asɛnka boa wɔn ma wɔnya nkɔso wɔ ɔsom no mu sɛnea Barnaba yɛe no anaa? Woyɛ saa a, wubenya nhyira pii. Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo foforo a, wugye mmoa a afoforo de ma wo no tom te sɛ nea Saul yɛe no anaa? Sɛ wo ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw bom yɛ asɛnka adwuma no a, wubetu mpɔn na wubenya anigye pii. Afei nso, wubenya nnamfo a wubetumi ne wɔn abɔ daa.

‘Nyimpa Beberee Bɛgyee Dzii’ (Andw. 9:​31-43)

20, 21. Ebɛn kwan do na Nyankopɔn n’asomfo a wɔtsenaa ase tsetse nye hɔn a wɔwɔ hɔ ndɛ no dze ‘asomdwee mber’ no ayɛ edwuma yie?

20 Bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni na ofii Yerusalem dwoodwoo no, “asafo a ɛwɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwoe.” (Aso. 9:31) Dɛn na asuafo no yɛe wɔ saa “bere a eye” yi mu? (2 Tim. 4:2) Kyerɛwnsɛm no ka sɛ “wɔyɛɛ den.” Asomafo no ne anuanom mpanyimfo foforo hyɛɛ asuafo no gyidi den, na wɔdii nneɛma anim wɔ asafo no mu ma anuanom no de “Yehowa suro ne honhom kronkron no awerɛkyekye nantewee.” Ɛho nhwɛso ne sɛ, Petro de saa bere no hyɛɛ asuafo a wɔwɔ Lida a ɛwɔ Saron Asaasetraa so no nkuran. Adwuma a ɔyɛe no boaa nnipa pii a wɔtete mpɔtam hɔ ma “wɔdan baa Awurade nkyɛn.” (Aso. 9:32-35) Asuafo no amma honam fam botae a esisi wɔn ani so annye wɔn adwene. Mmom wɔyeree wɔn ho kaa asɛmpa no, na wɔyii wɔn yam boaa wɔn ho. Wei maa asafo no ‘kɔɔ so yɛɛ bebree.’

21 Bɛyɛ afe 1990 no, Yehowa Adansefo a ɛwɔ aman pii so nso “nyaa asomdwoe.” Aban ahorow a na wɔahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so mfe pii no amammu baa awiei prɛko pɛ. Enti aman a na wɔabara asɛnka adwuma no fã bi anaa wɔabara koraa wɔ so no, Adansefo no san fii asɛnka adwuma no ase bio. Adansefo mpempem pii de saa hokwan no pue kɔkaa asɛm no kyerɛɛ ɔmanfo, na ɛsow aba pii.

22. Ebɛyɛ dɛn etum dze fahodzi a ewɔ no edzi dwuma yie?

22 Ahofadi a wowɔ no, wode reyɛ adwuma yiye? Sɛ ɔman a wote mu no, mowɔ ɔsom mu ahofadi a, Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma woapia Yehowa som ato nkyɛn na wode wo bere nyinaa apɛ honam fam nneɛma. (Mat. 13:22) Mma biribiara nntwetwe w’adwene. Sɛ wowɔ ahofadi seesei a, fa di dwuma yiye. Bu no sɛ hokwan a wubetumi de adi adanse fefeefe na woahyɛ asafo no den. Kae sɛ, nneɛma betumi asesa mpofirim wɔ w’asetenam.

23, 24. (a) Ebɛnadze na yesua fi Tabitha n’asɛm no mu? (b) Ebɛnadze na ɔsɛ dɛ yesi hɛn bo dɛ yɛbɛyɛ?

23 Susuw nea ɛtoo osuani bi a wɔfrɛ no Tabita anaa Dorka no ho hwɛ. Ná ɔte Yopa a ɛbɛn Lida. Onuawa nokwafo yi de ne bere ne n’ahode dii dwuma yiye. “Ná nnwuma pa ayɛ no ma, na na ɔyɛ nkurɔfo adɔe bebree.” Nanso ɔyare wui mpofirim. c Ne wu no maa asuafo a wɔwɔ Yopa no dii awerɛhow kɛse, titiriw akunafo a na wayi ne yam aboa wɔn no. Bere a Petro duu baabi a wɔresiesie Tabita amu akosie no no, ɔyɛɛ anwanwade bi a na Yesu Kristo asuafo no mu biara nyɛɛ bi da. Petro bɔɔ mpae, na onyanee Tabita fii awufo mu! Wo de, fa w’adwene bu sɛ Petro asan afrɛ akunafo ne asuafo a aka no aba dan no mu, na ɔde Tabita a wasan aba nkwa mu rema wɔn bio! Wɔn ani gye a egyei de, yɛnka! Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi hyɛɛ wɔn den paa maa ɔtaa a na ɛda wɔn anim no! Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ “asɛm yi trɛwee wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.”—Aso. 9:36-42.

Dɛn na wobɛyɛ de asuasua Tabita?

24 Nneɛma titiriw mmienu na yesua fi Tabita asɛm a ɛka koma yi mu. (1) Yɛn nkwa nna yɛ tiaa. Enti hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yenya din pa wɔ Onyankopɔn anim bere yɛwɔ ahoɔden a yebetumi de ayɛ saa! (Ɔsɛnk. 7:1) (2) Owusɔre anidaso no bɛbam kwan biara so. Yehowa huu nneɛma pa pii a Tabita yii ne yam yɛ maa afoforo no, na ɔmaa no ɛho akatua. Yɛn nso, sɛ yewu ansa na Armagedon aba mpo a, ɔbɛkae yɛn adwumaden na wanyan yɛn aba nkwa mu bio. (Heb. 6:10) Enti sɛ yɛwɔ “asomdwoe” mu oo, yenni asomdwoe mu oo, sɛ yɛwɔ “bere a eye” mu oo, yenni bere a eye mu oo, momma yɛnyere yɛn ho nkɔ so nni Kristo ho adanse fefeefe.—2 Tim. 4:2.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 62 a wɔato din “ Farisini Saul” no.

b Mpɛn pii no, asomafo no nko ara na na wɔde wɔn nsa gu nkurɔfo so ma wɔnya honhom kronkron akyɛde no. Nanso saa bere yi de, amma no saa, efisɛ Anania na Yesu maa no tumi ma ɔde honhom kronkron akyɛde no maa Saul. Bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni no, ɛkyɛe ansa na ɔrehyia asomafo 12 no. Nanso, yebetumi aka sɛ saa bere no nyinaa na ɔreyɛ asɛnka adwuma no. Enti yetumi hu sɛ Yesu maa Saul tumi a ɛbɛboa no ma watumi ayɛ asɛmpaka adwuma no.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 67 a wɔato din “ Dorka—‘Ná Nnwuma Pa Ayɛ No Ma’” no.