Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 13

‘Akasakasa A No Mu Yɛ Dzen Kɔr Do’

‘Akasakasa A No Mu Yɛ Dzen Kɔr Do’

Twatsiatwa ho nsɛm kopuee akwankyerɛ kuw no enyim

Egyina Asomafo Nnwuma 15:1-12 so

1-3. (a) Ebɛn asɛm na osii Christianfo asafo fofor no mu a nna obotum dze mpaapaamu aba? (b) Aber a yerusua dɛm asɛm yi wɔ Asomafo Ndwuma no mu no, ebɛn mfaso na yebenya?

 NÁ PAUL ne Barnaba de anigye asan aba Antiokia a ɛwɔ Siria no. Ná wɔawie asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no. Wɔn ani gyei sɛ Yehowa ‘abue ɔpon a ɛkɔ gyidi mu ama amanaman no akyerɛ wɔn.’ (Aso. 14:26, 27) Antiokia ankasa nso, na asɛmpa no ahyeta hɔ nyinaa ma Amanaman mufo “pii” abɛka asafo no ho.—Aso. 11:20-26.

2 Ankyɛ koraa na nkɔanim no ho asɛm trɛw duu Yudea. Nanso sɛ́ anka obiara ani begye no, ɛhwanyan twetiatwa ho asɛm no mu mmom. Asɛm no ne sɛ, twaka bɛn na na ɛsɛ sɛ anuanom Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo no nya? Bio nso, na ehia sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no di Mose Mmara no so anaa? Asɛm yi de akasakasa a emu yɛ den bae, na na ɛreyɛ de mpaapaemu aba Kristofo asafo no mu. Ná wɔbɛyɛ dɛn asɔ asɛm yi ano?

3 Bere a yɛresusuw Asomafo Nnwuma no mu asɛm yi ho no, yebesua nneɛma pii a ɛso bɛba yɛn mfaso. Wei bɛboa yɛn na sɛ nnɛ nso nsɛmnsɛm bi a ebetumi de mpaapaemu aba sɔre a yɛahu sɛnea yebedi ho dwuma nyansam.

Gyedɛ Hom Twa “Twatsia” (Andw. 15:1)

4. Nna ebɛn adwen a ɔnntsen na enuanom binom kura mu dzendzenndzen, na ebɛn asɛmbisa na ɔdze ba?

4 Osuani Luka kyerɛwee sɛ: “Nnipa bi fi Yudea sian bae [kyerɛ sɛ, wɔbaa Antiokia], na wofii ase kyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: ‘Sɛ moantwa twetia sɛnea Mose amanne no te a, morentumi nnya nkwa.’” (Aso. 15:1) Sɛ na ‘nnipa a wɔfi Yudea bae’ no yɛ Farisifo ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo oo, sɛ na wɔnyɛ bi oo, Bible nka. Nanso sɛnea ɛte biara no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔda so ara yɛ mmara-mmara te sɛ Farisifo no. Bio nso, ebia wɔkaa mpo sɛ nea wɔrekyerɛkyerɛ no fi asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no. (Aso. 15:23, 24) Mfe 13 a na atwam no, Onyankopɔn maa ɔsomafo Petro kyerɛɛ Amanaman mufo a wɔntwaa twetia no kwan baa Kristofo asafo no mu. Ɛnde adɛn na na anuanom Yudafo no da so kura twetiatwa mu denneennen saa? aAso. 10:24-29, 44-48.

5, 6. (a) Ɔbɛyɛ dɛ nna ebɛnadze ntsi na Jewfo Christianfo no kura twatsiatwa mu dzendzenndzen dɛm? (b) Nna twatsiatwa ho apam no ka Abraham apam no ho anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ ase hɔ asɛm.)

5 Ebia nneɛma pii na ɛma wɔyɛɛ saa. Baako ne sɛ, ɛyɛ Yehowa ankasa na ɔkaa sɛ wɔntwa Israel mmarima twetia, na na ɛno di adanse sɛ ayɔnkofa titiriw bi da ɔne wɔn ntam. Ansa na Yehowa de twetiatwa reka Mmara apam no ho mpo, na wadi kan aka akyerɛ Abraham ne ne fiefo sɛ wɔntwa twetia. b (Lev. 12:2, 3) Ahɔho mpo, sɛ wɔbetumi de wɔn ho ahyɛ nneɛma bi te sɛ Twam afahyɛ mu a, ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔtwa twetia ansa. (Ex. 12:43, 44, 48, 49) Enti sɛnea na Yudafo hu asɛm no ni: Sɛ ɔbarima bi antwa twetia a, ne ho ntew, ne ho yɛ abofono, na na ɔrentumi nsom Onyankopɔn.—Yes. 52:1.

6 Wei nti, sɛ Yudafo Kristofo no betumi agye nkyerɛkyerɛ foforo bi atom a, na ehia sɛ wɔnya gyidi ne ahobrɛase. Ná wɔde apam foforo no asi Mmara apam no ananmu, enti sɛ wɔwo obi sɛ Yudani a, na ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ɔka Nyankopɔn asomfo ho. Ná Yudafo Kristofo no bi tete wɔn kuromfo Yudafo mu, enti na egye akokoduru na wɔatumi adi Kristo ho adanse na wɔagye wɔn nuanom Amanaman mufo a wɔntwaa twetia no atom.—Yer. 31:31-33; Luka 22:20.

7. Nna ebɛn ndzɛmba na ‘nyimpa a wofi Judea bae’ no nnyae nntsee ase?

7 Wei nkyerɛ sɛ na Onyankopɔn asesa n’akwan. Nea ɛma yehu saa ne sɛ, adwene a ɛwɔ Mose Mmara no akyi no, ɛno na wɔde hyehyɛɛ apam foforo no. (Mat. 22:36-40) Ɛho nhwɛso ne asɛm yi a Paul ka faa twetiatwa ho no: “Yudani ne nea ɔte saa wɔ ne mu, na ne twetiatwa nso yɛ komam de a ɛnam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw so.” (Rom. 2:29; Deut. 10:16) ‘Nnipa a wɔfi Yudea bae’ no ante nneɛma ase saa, enti na wɔsusuw sɛ Onyankopɔn ntwaa twetiatwa mmara no mu. Ná wɔbɛte ase akyiri yi anaa?

“Akasakasa Nye Ekyingye” (Andw. 15:2)

8. Ebɛnadze ntsi na wɔdze twatsiatwa ho asɛm no kɔr akwankyerɛ kuw no enyim wɔ Jerusalem?

8 Luka toaa so sɛ: “Akasakasa ne akyinnyegye a emu yɛ den kɔɔ so wɔ [nnipa a ‘wofi Yudea bae no’ ne] Paul ne Barnaba ntam. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ Paul ne Barnaba ne wɔn mu binom nkɔ asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no nkyɛn, na wɔmfa asɛm no nkɔto wɔn anim.” c (Aso. 15:2) “Akasakasa ne akyinnyegye” no kyerɛ sɛ na afanu no nyinaa gye di sɛ nea wɔreka no yɛ nokware. Ná asɛm no boro asafo a ɛwɔ Antiokia no so. Nea ɛbɛyɛ na asomdwoe ne baakoyɛ aba no, asafo no yɛɛ biribi a nyansa wom. Wɔsii gyinae sɛ wɔde asɛm no bɛkɔ akɔto “asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem” a wɔyɛ akwankyerɛ kuw no anim. Nea mpanyimfo a wɔwɔ Antiokia no yɛe yi, dɛn na yebetumi asua afi mu?

Ebinom gye gyinaa mu sɛ: “Ehia sɛ . . . wɔhyɛ [Amanaman mufo no] sɛ wonni Mose Mmara no so”

9, 10. Ebɛn nhwɛdo pa na enuanom a wɔwɔ Antioch nye Paul na Barnabas yɛe a yebotum esua ndɛ?

9 Ade titiriw baako a yehu wɔ asɛm yi mu ne sɛ ehia sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn ahyehyɛde no so. Susuw asɛm yi ho: Ná anuanom a wɔwɔ Antiokia no nim sɛ akwankyerɛ kuw no mufo nyinaa yɛ Yudafo. Nanso na anuanom no wɔ gyidi sɛ wɔbetumi de Kyerɛwnsɛm no asiesie twetiatwa ho asɛm no. Adɛn ntia? Ná asafo no wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa nam ne honhom kronkron ne Yesu Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no so besiesie asɛm no. (Mat. 28:18, 20; Efe. 1:22, 23) Ɛnnɛ nso, sɛ nsɛnnennen bi sɔre a, momma yensuasua anuanom a na wɔwɔ Antiokia no nhwɛso pa no. Momma yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn ahyehyɛde no so na yennya Akwankyerɛ Kuw a wɔde honhom kronkron asra wɔn no mu awerɛhyem.

10 Bio nso, asɛm yi ma yehu sɛ ahobrɛase ne abotare so wɔ mfaso paa. Ɛyɛ honhom kronkron na ɛpaw Paul ne Barnaba sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ amanaman mu, nanso wɔanka sɛ ɛno nti wɔn ankasa de wɔn tumi besiesie twetiatwa ho asɛm no wɔ Antiokia hɔ ara. (Aso. 13:2, 3) Afei nso, akyiri yi Paul kyerɛw sɛ ‘onyaa oyikyerɛ nti’ na ɔkɔɔ Yerusalem. Wei kyerɛ sɛ na Onyankopɔn nsa wɔ asɛm no mu. (Gal. 2:2) Ɛnnɛ nso, sɛ asɛm bi a ebetumi de mpaapaemu aba sɔre a, mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahobrɛase adi na wɔanya abotare. Wɔmfa wɔn nsa nsi wɔn bo nka sɛ wɔn adwene na eye, na mmom wɔhwehwɛ Yehowa adwene. Enti wɔhwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ne akoa nokwafo no ka wɔ asɛm no ho.—Filip. 2:2, 3.

11, 12. Ebɛnadze ntsi na ohia dɛ yɛtweɔn Jehovah?

11 Ɛtɔ da bi a ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Yehowa na bere a ɛsɛ mu no, wama nsɛm bi mu ada hɔ ama yɛn. Kae sɛ, ɛwom sɛ wɔsraa Amanaman muni Kornelio afe 36 Y.B. de, nanso anuanom a na wɔwɔ Paul bere so no twɛn mfe 13 ansa na Yehowa resiesie twetiatwa ho asɛm no awie bɛyɛ afe 49 Y.B. Adɛn nti na ɛkyɛe saa? Ebia na Onyankopɔn pɛ sɛ Yudafo a wɔwɔ koma pa no nya bere siesie wɔn adwene ma nsakrae kɛse a aba no. Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ twetiatwa ho apam a ɔne Abraham yɛe a adi mfe 1,900 no befi obiara adwenem prɛko pɛ saa.—Yoh. 16:12.

12 Hwɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛn soro Agya a ne yam ye na ɔwɔ abotare no kyerɛkyerɛ yɛn, na ɔboa yɛn ma yehu nneɛma sɛnea ohu no no! Eye ma yɛn ankasa. (Yes. 48:17, 18; 64:8) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanni yɛn bo so asɛm anaa yɛansɔre antia nsakrae a ahyehyɛde no bɛyɛ anaasɛ Bible mu ntease foforo bi a wɔde bɛma yɛn. (Ɔsɛnk. 7:8) Sɛ wuhu suban a ɛte saa ketewaa bi mpo wɔ wo mu a, adɛn nti na wommɔ mpae nnwinnwen asuade a ɛwɔ Asomafo Nnwuma ti 15 no ho? d

13. Ebɛnadze na yɛbɛyɛ wɔ hɛn som edwuma mu dze akyerɛ dɛ yerusuasua Jehovah n’abotar no?

13 Sɛ yɛne nnipa bi sua Bible na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbegyae gyidihunu anaa amanne bi a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia a, ɛsɛ sɛ yenya abotare. Ɛba saa a, ebehia sɛ yɛma osuani no bere na Onyankopɔn honhom yɛ ne koma mu adwuma. (1 Kor. 3:6, 7) Afei nso ɛsɛ sɛ yɛbɔ asɛm no ho mpae. Bere a ɛsɛ mu no, Onyankopɔn bɛfa kwan bi so aboa yɛn ama yɛahu nea ɛfata sɛ yɛyɛ.—1 Yoh. 5:14.

Wɔkaa ‘Nsɛm Pii’ Kyerɛɛ Enuanom (Andw. 15:​3-5)

14, 15. Ebɛnadze na asafo a ɔwɔ Antioch no yɛɛe dze dzii Paul nye Barnabas nye akwantufo a wɔka hɔnho no nyi, na ebɛn kwan do na Paul nye Barnabas nye akwantufo no hyɛɛ hɔn mfɛfo agyedzifo no dzen?

14 Luka toaa asɛm no so sɛ: “Asafo no gyaa wɔn kwan kakra. Na mmarima no kɔfaa Foinike ne Samaria, na wɔkaa sɛnea amanaman mufo no asakra wɔn adwene no ho asɛm pii kyerɛɛ anuanom no, na ɛmaa anuanom no nyinaa ani gyei paa.” (Aso. 15:3) Asafo no kogyaa Paul ne Barnaba ne akwantufo a wɔka wɔn ho no kwan de kyerɛe sɛ wɔdɔ wɔn na wɔdi wɔn ni. Ɛkyerɛe nso sɛ wɔdwen wɔn ho na wɔpɛ sɛ Onyankopɔn hyira wɔn. Ɛha nso, anuanom a wɔwɔ Antiokia no yɛɛ biribi kamakama a yebetumi asua. Wo nso, ɛyɛ a wudi wo nuanom Kristofo ni, “ne titiriw no, [mpanyimfo] a wɔbɔ mmɔden wɔ ɔkasa ne nkyerɛkyerɛ mu no”?—1 Tim. 5:17.

15 Akwantu no mu no, anuanom kaa asɛnka mu suahu a wɔnyae wɔ Amanaman mufo mu no ho ‘nsɛm pii’ de hyɛɛ wɔn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Foinike ne Samaria no den. Ebia na wɔn a wɔretie no bi yɛ Yudafo Kristofo a Stefano wu akyi no wɔguan baa hɔ. Ɛnnɛ nso, sɛnea Yehowa rehyira asuafoyɛ adwuma no so no, sɛ anuanom, ɛnkanka anuanom a wɔrehyia sɔhwɛ te ho amanneɛbɔ a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa. Wopɛ sɛ wote suahu a ɛhyɛ den saa? Ɛnde, bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, ne ɔmantam nhyiam nyinaa bi, na kenkan anuanom asetena mu nsɛm a ɛba yɛn nhoma mu wɔ jw.org so no.

16. Ebɛnadze na ɔkyerɛ dɛ nna twatsiatwa ho asɛm no abɛyɛ asɛnkɛse?

16 Anuanom no twaa kilomita bɛyɛ 550 fi Antiokia koduu Yerusalem. Luka kyerɛwee sɛ: “Bere a woduu Yerusalem no, asafo no ne asomafo no ne mpanyimfo no gyee wɔn kama, na wɔkaa nneɛma bebree a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no kyerɛɛ wɔn.” (Aso. 15:4) Nanso, “ebinom a na wɔka Farisifo fekuw no ho a na wɔabɛyɛ gyidifo no sɔre fii wɔn nkongua so, na wɔkae sɛ: ‘Ehia sɛ wotwa wɔn twetia, na wɔhyɛ wɔn sɛ wonni Mose Mmara no so.’” (Aso. 15:5) Wei kyerɛ sɛ na twetiatwa ho asɛm no abɛyɛ asɛnkɛse a ɛsɛ sɛ wɔka ma no si.

“Asomafo No Nye Mpanyimfo No Hyiae” (Andw. 15:​6-12)

17. Nna woananom na wɔka bɔ mu yɛ akwankyerɛ kuw no wɔ Jerusalem, na ebɛnadze ntsi na bi a wɔdze “mpanyimfo” binom kaa ho?

17 Mmebusɛm 13:10 ka sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ afotu no na nyansa yɛ wɔn dea.” Nea ɛne wei hyia no, “asomafo no ne mpanyimfo no hyiae sɛ wɔrebɛhwɛ aka [twetiatwa] asɛm no.” (Aso. 15:6) “Asomafo no ne mpanyimfo no” gyinaa Kristofo nsafo no nyinaa ananmu sisii gyinae, na saa ara na Akwankyerɛ Kuw no yɛ nnɛ. Ɛyɛɛ dɛn na “mpanyimfo” bi bɛkaa asomafo no ho? Kae sɛ na wɔakum ɔsomafo Yakobo, na wɔde ɔsomafo Petro nso too afiase kakra. Obi nnim, ebia na tebea a ɛte saa ara betumi ato asomafo a aka no. Enti sɛ wɔde mmarima a wɔasra wɔn a wɔfata bi ka wɔn ho a, na ɛbɛboa ama wɔanya wɔn a wɔbedi nneɛma anim bere nyinaa.

18, 19. Ebɛn asɛm a tum wɔ mu na Peter kae, na nna ɔsɛ dɛ ɔka etsiefo no dɛn?

18 Luka toaa so sɛ: “Wosusuw asɛm no ho kɔɔ akyiri. Ɛnna Petro sɔree, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mmarima, anuanom, mo ara munim sɛ, mfiase pɛɛ na Onyankopɔn hwɛɛ mo mu yii me sɛ amanaman mufo mfa m’anom asɛm so nte asɛmpa no na wonnye nni. Na Onyankopɔn a onim nea ɛwɔ komam no maa wɔn honhom kronkron de dii adanse, sɛnea ɔyɛ maa yɛn no. Na wamma nsonsonoe biara amma yɛne wɔn ntam, na mmom ɔnam gyidi so dwiraa wɔn koma ho.’” (Aso. 15:7-9) Nhoma bi kaa sɛ, Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wosusuw asɛm no ho kɔɔ akyiri” wɔ nkyekyɛm 7 no betumi akyerɛ sɛ na ‘wɔrehwehwɛ asɛm no mu’ anaa ‘wɔrepɛ mu ahu yiye.’ Yetumi hu sɛ ɛsono sɛnea na anuanom no biara te nka wɔ asɛm no ho, na obiara kyerɛɛ n’adwene.

19 Petro nsɛm a tumi wom no kaee obiara sɛ, na ɔno ankasa wɔ hɔ bi na Onyankopɔn de honhom kronkron sraa Kornelio ne n’abusuafo a na wɔyɛ Amanaman mufo no wɔ afe 36 Y.B. Enti sɛ Yehowa ankasa akyerɛ sɛ afei de, nsonsonoe biara nni Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo ntam a, tumi bɛn na nnipa wɔ sɛ wɔbɛka sɛ wɔrennye ntom? Afei nso, ade a ɛbɛma Yehowa agye Kristoni som atom ne sɛ obegye Kristo adi, na ɛnyɛ Mose Mmara a obedi so.—Gal. 2:16.

20. Nna ebɛn kwan do na hɔn a wɔagye twatsiatwa egyina mu no ‘rosɔ Nyankopɔn ahwɛ’?

20 Petro de n’asɛm no gyinaa adanse mmienu a edi mu so, Onyankopɔn anom asɛm, ne honhom kronkron no. Ɔkaa sɛ: “Ɛnde, adɛn nti na moresɔ Onyankopɔn ahwɛ, na mode kɔndua a yɛne yɛn agyanom antumi ansoa reto asuafo no kɔn ho? Mmom yegye di sɛ, sɛnea wɔnam Awurade Yesu adom so agye yɛn no, saa ara na wɔagye wɔn nso.” (Aso. 15:10, 11) Ná wɔn a wɔagye twetiatwa agyina mu no ‘resɔ Onyankopɔn ahwɛ,’ anaa sɛnea nkyerɛase foforo bi ka no, na ‘wɔretwe Onyankopɔn abotare mu.’ Ná wɔrehyɛ Amanaman mufo no ama wɔadi mmara bi so a Yudafo no ankasa mpo antumi anni so anwie ma ɛno nti ebuu wɔn kumfɔ. (Gal. 3:10) Ɛsɛ sɛ anka Yudafo a Petro ne wɔn rekasa no da Onyankopɔn ase mmom sɛ ɔnam Yesu so ayi n’adom adi akyerɛ wɔn.

21. Ebɛn asɛm na Barnabas na Paul kae wɔ asɛm no ho?

21 Yebetumi aka sɛ Petro nsɛm no kaa atiefo no koma, efisɛ “nnipadɔm no nyinaa yɛɛ komm.” Ɛno akyi no, Barnaba ne Paul kaa “nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree a Onyankopɔn nam wɔn so yɛe wɔ amanaman mu no kyerɛɛ wɔn.” (Aso. 15:12) Afei de, na asomafo no ne mpanyimfo no anya adanse a wɔbegyina so asi twetiatwa ho gyinae a ɛne Onyankopɔn pɛ hyia.

22-24. (a) Ebɛnadze na Akwankyerɛ Kuw a ɔwɔ hɔ ndɛ no yɛ dze suasua akwankyerɛ kuw a nna ɔwɔ asomafo no ber do no? (b) Ebɛn kwan do na mpanyimfo nyina botum akyerɛ dɛ, mbrɛ Jehovah pɛ dɛ wɔyɛ ndzɛmba no, dɛmara na wɔyɛ no?

22 Ɛnnɛ nso, sɛ Akwankyerɛ Kuw no mufo hyia a, wɔhwehwɛ akwankyerɛ fi Onyankopɔn Asɛm no mu, na wɔfi wɔn komam bɔ mpae de hwehwɛ honhom kronkron nso. (Dw. 119:105; Mat. 7:7-11) Wei nti, ansa na wɔbehyia no, wɔma Akwankyerɛ Kuw no muni biara krataa a nsɛm a wɔbesusuw ho no wɔ so. Ɛno boa ma wɔn mu biara di kan susuw nsɛm no ho bɔ ho mpae. (Mmeb. 15:28) Afei sɛ anuanom a wɔasra wɔn yi hyia a, wɔn mu biara tumi kyerɛ n’adwene, na wɔyɛ saa wɔ obu mu. Sɛ wɔresusuw nsɛm ho a, Bible na wɔde di dwuma kɛse.

23 Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo sua wɔn nhwɛso no. Sɛ asɛm bi a emu yɛ den sɔre wɔ mpanyimfo nhyiam ase na wɔantumi ansi ho gyinae a, wɔbetumi de asɛm no akɔ Betel anaa wɔbetumi akohu asafo no ananmusifo te sɛ amansin so ahwɛfo. Ɛtɔ da bi a, Betel nso tumi kyerɛw Akwankyerɛ Kuw no.

24 Nokwasɛm ni, Yehowa hyira wɔn a wɔkyerɛ obu ma akwankyerɛ a efi ahyehyɛde no hɔ no, na ohyira wɔn a wɔda ahobrɛase, nokwaredi, ne abotare adi no. Sɛnea yebehu wɔ ti a edi hɔ no, sɛ yɛyɛ saa a, Onyankopɔn bɛma yɛanya asomdwoe a edi mu, ɔbɛma asafo no akɔ n’anim, na ɔbɛma baakoyɛ atena yɛne yɛn nuanom ntam.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 103 a wɔato din “ Anuanom Atorofo No Nkyerɛkyerɛ” no.

b Abraham apam no da so yɛ adwuma besi nnɛ, nanso na apam a ɛfa twetiatwa ho no nka Abraham apam no ho. Abraham apam no fii ase yɛɛ adwuma afe 1943 A.Y.B., bere a Abraham (a saa bere no na wɔfrɛ no Abram) twaa Eufrate asubɔnten no de n’ani kyerɛɛ Kanaan no. Saa bere no, na Abraham adi mfe 75. Nanso twetiatwa ho apam no de, akyiri yi na Yehowa ne Abraham yɛe wɔ afe 1919 A.Y.B. Saa bere no, na Abraham adi mfe 99.—Gen. 12:1-8; 17:1, 9-14; Gal. 3:17.

c Ná Tito yɛ Kristoni a ofi Greece. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ Paul boafo a ogye no di, na mpo na Paul tumi tu no ma okodi dwuma bi ma no. Wɔn a wɔtuu wɔn sɛ wɔnkɔ akwankyerɛ kuw no hɔ no, ebetumi aba sɛ na Tito ka ho. (Gal. 2:1; Tito 1:4) Sɛnea wɔde Tito dii dwuma no kyerɛ sɛ, na wɔbetumi de honhom kronkron no asra Amanaman muni a ontwaa twetia.—Gal. 2:3.

d Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 105 a wɔato din “ Yehowa Adansefo De Wɔn Gyidi Gyina Bible So” no.