Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 17

“Ɔnye Hɔn Susuu Kyerɛwnsɛm No Mu Nsɛm Ho”

“Ɔnye Hɔn Susuu Kyerɛwnsɛm No Mu Nsɛm Ho”

Dza ɔma nkyerɛkyerɛ tu mpon; nhwɛdo pa a Beroeafo no yɛe

Egyina Asomafo Nnwuma 17:1-15 so

1, 2. Nna woananom na worutu kwan efi Philippi akɔ Thessalonica no, na ebɛnadze na ɔbɛyɛ dɛ nna wɔrodwendwen ho?

 NÁ Roma adwumayɛfo bi apae kwan ato mmepɔw mu a nnipa taa fa so. Ná wɔde abo a emu yɛ duru asɛm kwan no so, enti sɛ obi nam so a, na ɔte nteaseɛnam a ɛnam abo no so kiridi-kiridi-kiridi. Afei, na ɔte sɛ akwantufo te sɛ asraafo, aguadifo, ne adwumayɛfo foforo rekasakasa, na na ɔte mfurum sũ nso. Ná akwantufo mmiɛnsa, Paul, Silas, ne Timoteo, fi Filipi nam kwan no so rekɔ Tesalonika, na na wɔbetwa kilomita bɛboro 130 ansa na wɔadu hɔ. Ná akwantu no ankasa yɛ den, na wɔ Paul ne Silas fam mpo de, na ɛnna fam koraa, efisɛ na akuru a wɔnyae bere a wɔbɔɔ wɔn mmaa wɔ Filipi no nwui.—Aso. 16:22, 23.

2 Dɛn na ɛboaa saa mmarima yi ma kwan no anyɛ tenten pii amma wɔn? Wɔbɔɔ nkɔmmɔ. Ná wɔda so ara kae anigyesɛm a esii Filipi bere a nea ɔhwɛ afiase hɔ no ne n’abusuafo bɛyɛɛ gyidifo no. Saa asɛm no hyɛɛ akwantufo yi den ma wɔsii nketekrakye sɛ wɔbɛkɔ so aka Onyankopɔn asɛm akyerɛ nkurɔfo. Ná Tesalonika kurow no da mpoano, na bere a wɔrebɛn ho no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔredwen sɛnea Yudafo a wɔwɔ kurow no mu begye wɔn afa. Ɛhɔ nso wɔbɛto ahyɛ wɔn so ahwe wɔn sɛnea nkurɔfo yɛɛ wɔn wɔ Filipi no anaa?

3. Mbrɛ Paul nyaa akokodur dze kaa asɛm no, ebɛnadze na yebotum esua efi mu ndɛ?

3 Akyiri yi Paul kaa sɛnea na ɔte nka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no. Ɔkyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Mfiase no, yehuu amane, na wotwaa yɛn adapaa wɔ Filipi. Nanso, yɛn Nyankopɔn ma yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo wɔ ɔsɔretia pii mu.” (1 Tes. 2:2) Paul nsɛm yi betumi akyerɛ sɛ nea esii Filipi no nti, na ne tirim ntene no sɛ ɔbɛkɔ Tesalonika. Sɛnea Paul tee nka no, wo nso woate nka saa pɛn? Ɛtɔ da a ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka asɛmpa no anaa? Paul de ne ho too Yehowa so, na ɔhyɛɛ no den ma onyaa akokoduru. Sɛ wusua nea Paul yɛe no ho ade a, ebetumi ama wo nso woanya akokoduru.—1 Kor. 4:16.

“Ɔnye Hɔn Susuu Kyerɛwnsɛm No Mu Nsɛm Ho” (Andw. 17:​1-3)

4. Ebɛnadze ntsi na yebotum aka dɛ Paul dzii boor ndaawɔtwe ebiasa wɔ Thessalonica?

4 Kyerɛwtohɔ no ka sɛ bere a Paul wɔ Tesalonika no, ɔde Homeda mmiɛnsa kaa asɛm no wɔ hyiadan mu. Wei kyerɛ sɛ odii nnawɔtwe mmiɛnsa pɛ wɔ kurow no mu anaa? Ɛnkyerɛ saa. Bere a Paul duu kurow no mu no, yennim bere a edi kan a ɔkɔɔ hyiadan no mu. Bio nso, Paul nkrataa no ma yehu sɛ bere a ɔne ne mfɛfo no wɔ Tesalonika no, wɔyɛɛ adwuma de hwɛɛ wɔn ho. (1 Tes. 2:9; 2 Tes. 3:7, 8) Afei nso bere a Paul wɔ hɔ no, anuanom de nneɛma bi fi Filipi brɛɛ no mprenu. (Filip. 4:16) Enti yebetumi aka sɛ odi boroo nnawɔtwe mmiɛnsa wɔ Tesalonika.

5. Ebɛn kwan na Paul faa do kaa asɛm no ma ɔkaa nyimpa a wɔwɔ hɔ no akoma?

5 Paul nyaa akokoduru, na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu no. Sɛnea na ɔtaa yɛ no, ɔne “wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanse ahorow kyerɛe sɛ na ehia sɛ Kristo no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Ɔkae sɛ: ‘Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi, ɔno ne Kristo no.’” (Aso. 17:2, 3) Hyɛ no nsow sɛ, Paul anka biribi a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ kɛkɛ na mmom ɔkaa nsɛm a na wɔbetumi adwinnwen ho. Ná onim sɛ wɔn a wɔkɔ hyiadan no mu no yɛ nnipa a wɔnim Kyerɛwnsɛm no mu na wɔmfa nni agorɔ. Ntease na na wɔnni. Ɛno nti Paul ne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho, ɔkyerɛkyerɛɛ mu, na ɔde dii adanse sɛ Nasareni Yesu no ara ne Mesia anaa Kristo a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no.

6. Ebɛn kwan na Jesus faa do nye nkorɔfo susuu Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho, na ebɛnadze na ofii mu bae?

6 Yesu de ne nkyerɛkyerɛ gyinaa Kyerɛwnsɛm no so, na wei na Paul suasuae. Enti bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ onipa Ba no hu amane na owu ma wɔnyan no bio. (Mat. 16:21) Yesu wusɔre akyi no, ɔkɔɔ n’asuafo no nkyɛn. Ɛno nko ara kɛkɛ mpo kyerɛe sɛ nea ɔkae no yɛ nokware. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara ne adanse a Yesu de maa wɔn. Bere bi a ɔne asuafo no bi kasae no, kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ne ho nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nyinaa, ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn; ɔhyɛɛ ase fii nea Mose ne Adiyifo no nyinaa kyerɛwee so.” Dɛn na efii mu bae? Asuafo no kaa sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa wɔ ɔkwan so, na ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye akyerɛ yɛn no, anka yɛn koma anaa?”—Luka 24:13, 27, 32.

7. Ebɛnadze ntsi na no ho hia dɛ yɛdze hɛn nkyerɛkyerɛ gyina Kyerɛwnsɛm no do?

7 Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. (Heb. 4:12) Enti Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm so sɛnea Yesu, Paul, ne asomafo a aka no yɛe no. Yɛn nso, yebue Bible no kyerɛ wɔn a yɛkɔto wɔn no, yɛne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho, yɛkyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn, na yɛde di yɛn nkyerɛkyerɛ no ho adanse. Nea ɛwom ne sɛ, asɛm a yɛka no nyɛ yɛn dea. Sɛ yɛde Bible yɛ adwuma kɛse wɔ asɛnka mu a, ɛma nnipa hu sɛ asɛm a yɛka no yɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ, ɛnyɛ yɛn ankasa yɛn dea. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ asɛm a yɛka no gyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn; ɛrenni huammɔ da. Ɛno mma wo ahotoso mma wonka asɛm no akokoduru so sɛnea Paul yɛe no anaa?

‘Binom Bɛyɛɛ Agyedzifo’ (Andw. 17:​4-9)

8-10. (a) Ebɛnadze na nyimpa a wɔwɔ Thessalonica no yɛe wɔ asɛmpa no ho? (b) Ebɛnadze ntsi na Jewfo binom enyi beer Paul? (d) Ebɛnadze na Jewfo a wɔmmpɛ Christianfo hɔn asɛm no yɛe?

8 Ná Paul ahu dedaw sɛ Yesu asɛm yi yɛ nokware: “Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔatan m’ani a, mo nso wɔbɛtan mo ani; sɛ wɔadi m’asɛm so a, mo nso wobedi mo de so.” (Yoh. 15:20) Bere a Paul kɔɔ Tesalonika no, saa ara na ɛhɔfo yɛe wɔ asɛm no ho. Ebinom de anigye tiei, na ebinom nso poe. Luka kyerɛw faa wɔn a wɔtiei no ho sɛ: “[Yudafo] binom bɛyɛɛ gyidifo [anaa, Kristofo] na wɔde wɔn ho bataa Paul ne Silas ho. Na Greecefo dɔm kɛse bi a wɔsom Onyankopɔn, ne mmea atitiriw bi a wɔdɔɔso pii nso yɛɛ saa ara.” (Aso. 17:4) Akyinnye biara nni ho sɛ asuafo foforo yi ani gyei sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ wɔn ma wɔtee ase.

9 Ebinom ani gyee Paul asɛm no ho, nanso na ɛyɛ afoforo ahi. Yudafo a wɔwɔ Tesalonika no ani beree Paul sɛ otumi nyaa “Greecefo dɔm kɛse” ma wɔbɛyɛɛ asuafo. Ná saa Yudafo no abɔ mmɔden akyerɛkyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu akyerɛ Amanaman mufo a wɔyɛ Greecefo no, na na adwene no ne sɛ wɔbɛma wɔagye Yudasom atom. Enti na wɔbu saa Greecefo no sɛ wɔn nnipa. Nanso na akɔyɛ sɛ prɛko pɛ Paul aba hɔ rebewia Greecefo no akɔka Kristofo no ho, na wannya baabiara nso ankɔ sɛ hyiadan no mu! Wei hyɛɛ Yudafo no abufuw paa.

‘Wɔkɔhwɛe sɛ wɔbenya Paul ne Silas de wɔn abrɛ wɔn a wɔreyɛ basabasa no.’​—Asomafo Nnwuma 17:5

10 Luka kaa nea esii ɛno akyi no kyerɛɛ yɛn. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ahoɔyaw nti, Yudafo no boaboaa mmarima bi ano, nsɛmmɔnedifo a wɔnenam gua so kwa. Na wɔkaa wɔn ho boom yɛɛ basabasa, na wɔmaa kurow no mu yɛɛ bagyabagya. Wɔbɔ wuraa Yason fi kɔhwɛe sɛ wobenya Paul ne Silas, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɛbrɛ basabasayɛfo no. Bere a wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom binom kɔmaa kurow no mu atumfo, na wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Mmarima a wɔadan wiase abutuw no aba ha nso, na Yason agye wɔn aba ne fi. Saa mmarima yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛde, na wɔka sɛ ɔhene foforo bi wɔ hɔ a ɔne Yesu.’” (Aso. 17:5-7) Nea basabasayɛfo yi yɛe no, ɔhaw bɛn na na ebetumi akɔfa abrɛ Paul ne ne mfɛfo no?

11. Ebɛn sombo na wɔdze bɔɔ Paul na no nuanom Ahendzi asɛmpakafo no, na ebɛn mbra na ɔbɛyɛ dɛ nna ɔwɔ hɔn a wɔrobɔ no sombo no hɔn adwen mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

11 Sɛ nnipakuw bi fi ase yɛ basabasa a, ɛyɛ hu paa. Wɔyɛ wɔn ade te sɛ asubɔnten a ayiri abu afa so; ɛyɛ den sɛ wobɛpata wɔn. Nnipa a wɔte saa na Yudafo no de wɔn yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbeyi Paul ne Silas afi hɔ. Bere a Yudafo no maa kurow no mu “yɛɛ bagyabagya” no, wɔkaa nsɛm bi a ɛbɛma atumfoɔ no agye atom sɛ kwaadu a wɔde abɔ Paul ne Silas no mu yɛ duru. Kwaadu a edi kan a wɔde bɔɔ Paul ne ne nuanom Ahenni asɛmpakafo no ne sɛ, “wɔadan wiase abutuw,” nanso ɛnyɛ Paul ne ne mfɛfo no na wɔmaa Tesalonika hɔ yɛɛ bagyabagya! Kwaadu a ɛtɔ so mmienu no koraa na na emu yɛ den. Yudafo no kaa sɛ, asɛmpatrɛwfo no reka sɛ Ɔhene foforo bi a wɔfrɛ no Yesu wɔ hɔ. Enti nea na wɔreka akosi ara ne sɛ, asɛmpatrɛwfo no asɔre atia ɔhempɔn no mmara. a

12. Sombo a wɔdze bɔɔ Christianfo a nna wɔwɔ Thessalonica no, ebɛnadze na ɔkyerɛ dɛ nkyɛ obotum dze hɔn ato esian kɛse mu?

12 Kae sɛ, nyamesom mpanyimfo bi bɔɔ Yesu kwaadu saa ara. Wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Yɛahu sɛ saa ɔbarima yi sɔre tia aban . . . na ɔka sɛ ɔno ne ɔhene Kristo.” (Luka 23:2) Ebia na Pilato suro sɛ, ɔhempɔn no benya adwene sɛ Yesu a wɔkyerɛ sɛ ɔtutu ɔman ase no, ɔsosɔ no so, enti ɔma wɔkum Yesu. Enti, na kwaadu a wɔde abɔ Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no betumi de wɔn nso ato asiane kɛse mu. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ obi behu asiane a na wɔbetumi akɔ mu no, efisɛ ‘sɛ obi ka asɛm ketewaa bi mpo ma ɛkɔyɛ sɛ ɔresɔre atia Ɔhempɔn no a, na ebetumi ama onii no ahwere ne nkwa.’” Ɛnde, na atamfo yi bedi nkonim anaa?

13, 14. (a) Ebɛnadze ntsi na basabasayɛfo no hɔn mbɔdzembɔ no ennkesi hwee? (b) Ebɛnadze na Paul yɛe a ɔkyerɛ dɛ nna n’enyi da hɔ tse dɛ Christ, na yɛbɛyɛ dɛn etum esuasua no?

13 Basabasayɛfo no antumi ansiw asɛnka adwuma no kwan wɔ Tesalonika. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, na wɔnhu baabi a Paul ne Silas wɔ. Bio nso, ɛbɛyɛ sɛ na kurow no mu atumfoɔ no nnye kwaadu a wɔde abɔ wɔn no nni. Wɔde Yason ne anuanom bi baa wɔn anim, na bere a wɔma wɔtuaa biribi de “dii agyinam” no, wɔgyaa wɔn. (Aso. 17:8, 9) Paul de anifere twee ne ho sɛnea obetumi akɔtoa asɛnka adwuma no so wɔ baabi foforo. Saa a ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔde Yesu afotu yi yɛɛ adwuma: “Momma mo ani nna hɔ sɛ awɔ, na monyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm te sɛ mmuruburuw.” (Mat. 10:16) Asɛm yi ma yehu sɛ na Paul wɔ akokoduru, nanso na ɔsan yɛ ahwɛyiye. Dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ de asuasua ne nhwɛso no?

14 Ɛnnɛ, Kristoman asɔfo bɔ nkurɔfo paa ma wɔtow hyɛ Yehowa Adansefo so. Wɔka sɛ, Adansefo no yɛ amammɔfo a wɔtutu aban ase. Adwene a asɔfo no de yɛ saa ne sɛ wɔbɛma atumfoɔ no atan Yehowa nkurɔfo ani. Anibere na epiapiaa atamfo ma wɔtan Kristofo no ani wɔ asomafo no bere so, na ɛno ara na epiapia atamfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso. Ne nyinaa mu no, nokware Kristofo mfrɛfrɛ asɛm mma wɔn ho. Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛne atamfo a wɔnte asɛm ase yi mpepere so. Mmom no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ baabi foforo akɔtoa yɛn adwuma no so asomdwoe mu, na sɛ emu dwo a yɛasan aba.

Nna Wɔwɔ ‘Adwempa’ (Andw. 17:​10-15)

15. Aber a Beroeafo no tsee asɛmpa no, ebɛnadze na wɔyɛe?

15 Anuanom maa Paul ne Silas twaa bɛyɛ kilomita 65 kɔɔ Beroia sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara renyɛ wɔn. Bere a wɔduu hɔ no, Paul kɔɔ hyiadan mu kɔkasa kyerɛɛ nnipa a wɔahyiam wɔ hɔ no. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei sɛ wɔnyaa nkurɔfo ma wɔtiee wɔn! Luka kyerɛwee sɛ na Yudafo a wɔwɔ Beroia no “wɔ adwempa sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara, na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.” (Aso. 17:10, 11) Saa nsɛm no kyerɛ sɛ Tesalonikafo a wɔgyee nokware no de, na wɔnni adwempa anaa? Ɛnte saa koraa. Akyiri yi, Paul kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Ɛno nso nti na yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom mugyee no sɛnea ɛte ankasa, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, na ɛno nso na ɛyɛ adwuma wɔ mo a moyɛ gyidifo mu no.” (1 Tes. 2:13) Ɛnde adɛn nti na Luka kaa sɛ Yudafo a wɔwɔ Beroia no wɔ adwempa?

16. Ebɛnadze ntsi na ɔfata dɛ Luke kaa Beroeafo no ho asɛm dɛ wɔwɔ “adwempa” no?

16 Ɛwom sɛ asɛm a Beroiafo no tee no, na ɛyɛ foforo de, nanso wɔankasa antia, na wɔanka sɛ wɔnnye Paul nni nti wɔrentie. Ɛno nso nkyerɛ sɛ wɔtee asɛm no ara na wɔfaa no saa ara. Nea edi kan no, wɔtoo wɔn bo ase tiee nea Paul ka kyerɛɛ wɔn no. Ɛno akyi no, wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu de totoo nea Paul kyerɛɛ wɔn no ho. Bio nso, ɛnyɛ Homeda nko ara na na wɔsua Onyankopɔn Asɛm no yiye, na mmom da biara na wɔyɛ saa. “Wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no,” na wɔgyee bere hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi asi no pi wɔ wɔn adwenem sɛ nea wɔabehu no ne nokware no. Nea ɛka ho bio no, na wɔbrɛ wɔn ho ase, enti “wɔn mu pii bɛyɛɛ gyidifo.” (Aso. 17:12) Edi sɛ Luka kaa wɔn ho asɛm sɛ wɔwɔ “adwempa”!

17. Ebɛnadze na ɔmaa Beroeafo no hɔn nhwɛdo no daa nsew dɛm, na sɛ yɛbaa nokwar no mu akyɛr mpo a, ebɛnadze na yebotum ayɛ dze esuasua hɔn?

17 Beroiafo no anna anso dae da sɛ adwempa a wɔnyae wɔ asɛmpa no ho no, wɔbɛkora so wɔ Onyankopɔn Asɛm mu ma ayɛ nhwɛso pa a obiara betumi asua. Nea na Paul ani da so sɛ wɔbɛyɛ no, ɛno ara na wɔyɛe, na ɛno nso na na Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ. Saa ara na yɛn nso, yɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnto wɔn bo nhwehwɛ Bible mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn gyidi begyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn. Wei kyerɛ sɛ yenya bɛyɛ gyidifo a, ɛho nhia bio sɛ yenya adwempa a Beroiafo nyae no bi anaa? Daabi, ɛnkyerɛ saa. Saa bere no koraa na ehia sɛ yɛyere yɛn ho sua Yehowa ho ade na yɛyɛ ntɛm de ne nkyerɛkyerɛ bɔ yɛn bra. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrema Yehowa anwene yɛn na watete yɛn ama yɛayɛ n’apɛde. (Yes. 64:8) Ɛma yɛn soro Agya no ani sɔ yɛn kɛse na ɔkɔ so de yɛn yɛ adwuma.

18, 19. (a) Ebɛnadze ntsi na Paul fii Beroea, naaso ebɛn nhwɛdo pa na ɔyɛe a ɔkyerɛ dɛ tsebea no emmbu ammbɔ no do? (b) Afei nna woananom na Paul rekɛka asɛm no akyerɛ hɔn, na henfa na nna wɔwɔ?

18 Paul ankyɛ wɔ Beroia. Yɛkenkan sɛ: “Yudafo a wofi Tesalonika no tee sɛ Paul reka Onyankopɔn asɛm wɔ Beroia nso, enti wɔbaa hɔ betutu guu ɔmanfo no asom ma wɔyɛɛ basabasa. Ntɛm ara na anuanom no gyaa Paul kwan ma ɔkɔɔ mpoano. Silas ne Timoteo de, wɔkɔɔ so tenaa hɔ. Nanso, wɔn a wokogyaa Paul kwan no de no kɔe ara koduu Atene. Na Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmra ne nkyɛn ntɛm. Ɛno akyi no, wɔsan kɔe.” (Aso. 17:13-15) Ná atamfo a wɔmpɛ asɛmpa no asi wɔn bo paa! Wɔmaa Paul guan fii Tesalonika, nanso wɔamma anso hɔ ara. Wɔtoaa no kɔɔ Beroia kotutu guu nkurɔfo asom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ basabasa wɔ hɔ nso. Nanso ne nyinaa ankosi hwee. Ná Paul nim sɛ n’asaasesin no sõ, enti ofii hɔ kɔkaa asɛm no wɔ baabi foforo. Yɛn nso, momma yɛnyere yɛn ho na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsiw asɛnka adwuma no kwan no anni nkonim!

19 Esiane sɛ na Paul adi Yudafo no adanse frenkyemm wɔ Tesalonika ne Beroia nti, na wahu mfaso a ɛwɔ so sɛ ɔde akokoduru di adanse na ɔne nkurɔfo susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho. Yɛn nso yɛahu mfaso a ɛwɔ so. Afei, na Paul rebefi hɔ akɔka asɛm no akyerɛ nnipa foforo koraa. Wɔn ne Amanaman mufo a wɔwɔ Atene no. Ná ebesi no sɛn wɔ saa kurow no mu? Yebehu wɔ ti a edi hɔ no mu.

a Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ saa bere no, na Kaesare ahyɛ mmara bi sɛ obi ntumi nka sɛ “ɔhene foforo bi anaa ahenni bi reba. Na sɛ wɔka sɛ saa ɔhene anaa ahenni no rebetu ɔhempɔn no anaa ɛrebebu no atɛn a, ɛnde na asɛe asɛm no koraa.” Ɛbɛyɛ sɛ ɔsomafo Paul atamfo no danee asɛm a na ɔrekyerɛkyerɛ no ma ɛyɛɛ sɛ wasɔre atia saa mmara no. Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 137 a wɔato din “ Kaesarefo a Asomafo Nnwuma No Ka Wɔn Ho Asɛm” no.