Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 19

“Kɔ Do Kasa, Na Mma Nnka W’ano Nnto Mu”

“Kɔ Do Kasa, Na Mma Nnka W’ano Nnto Mu”

Paul yɛɛ edwuma kakra dze hwɛɛ noho, naaso nna no som edwuma na ohia no kɛse

Egyina Asomafo Nnwuma 18:1-22 so

1-3. Ebɛnadze ntsi na ɔsomafo Paul kɔr Corinth, na nna ebɛn adwendwen na ɔda no do?

 NÁ AFE 50 Y.B. rekɔ n’awiei. Saa bere no, na ɔsomafo Paul wɔ Korinto a ɛyɛ aguadi asoɛe kɛse no. Ná Greecefo ne Romafo ne Yudafo pii te hɔ. a Paul ankɔ hɔ sɛ ɔrekodi gua anaasɛ ɔrekɔpɛ adwuma ayɛ. Ade titiriw bi nti na ɔkɔɔ hɔ; ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekodi Onyankopɔn Ahenni ho adanse. Ne nyinaa mu no, na Paul hia baabi a ɔbɛtena, nanso na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adesoa ma obiara. Ná ɔmpɛ sɛ obiara nya adwene sɛ odidi Onyankopɔn asɛm ho. Enti dɛn na na ɔbɛyɛ?

2 Ná Paul wɔ nsaanodwuma bi; ná ɔyɛ ntamadan. Ntamadan ho adwuma nna fam, nanso na ɔpɛ sɛ ɔde ne nsa yɛ adwuma hwɛ ne ho. Ná obenya adwuma ayɛ wɔ kurow a emu yɛ manyamanya yi mu anaa? Ná obenya baabi pa atena? Ná wei nyinaa ho adwennwen da Paul so, nanso ne werɛ amfi ade pɔtee a ɛde no kɔɔ hɔ no; ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔka asɛmpa no.

3 Nea ekowiei ne sɛ, Paul tenaa Korinto kakra, na asɛmpa a ɔkaa wɔ hɔ no sow aba pii. Dɛn na yebetumi asua afi asɛmpa a Paul kɔkaa wɔ Korinto no mu, na sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛadi Onyankopɔn Ahenni ho adanse fefeefe wɔ yɛn asaasesin mu?

“Nna Ntamadan Edwuma Na Wɔyɛ” (Andw. 18:​1-4)

4, 5. (a) Henfa na Paul tsenae wɔ Corinth, na ebɛn honam famu edwuma na ɔyɛe? (b) Ɔyɛɛ dɛn na Paul suaa mbrɛ wɔyɛ ntamadan no?

4 Bere a Paul kɔɔ Korinto no, ohyiaa awarefo ayamyefo bi wɔ hɔ. Wɔn ne Yudani barima bi a wɔfrɛ no Akwila ne ne yere Priskila, anaa Priska. Nea ɛmaa awarefo yi kɔtenaa Korinto ne sɛ, Ɔhempɔn Klaudio hyɛe bere bi sɛ “Yudafo nyinaa mfi Roma.” (Aso. 18:1, 2) Akwila ne Priskila gyee Paul kɔɔ wɔn fie, na wɔsan ne no yɛɛ adwuma nso. Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ: “Esiane sɛ na [Paul ne] wɔn yɛ adwuma koro nti, ɔtenaa wɔn fi ne wɔn yɛɛ adwuma, efisɛ na ntamadan adwuma na wɔyɛ.” (Aso. 18:3) Awarefo ayamyefo yi fie na Paul tena yɛɛ ɔsom adwuma no wɔ Korinto. Ɛbɛyɛ sɛ Paul kyerɛw ne nkrataa a ɛka Bible ho seesei no bi bere a na ɔte Akwila ne Priskila fie no. b

5 Ɛyɛɛ dɛn na Paul a na wɔakyerɛkyerɛ no wɔ “Gamaliel nan ase” no bɛyɛɛ ntamadanyɛfo? (Aso. 22:3, ase hɔ asɛm.) Yudafo a ɛwɔ asomafo no bere so no, sɛ wɔn mma kɔ sukuu kɔ akyiri mpo a, ɛda adi sɛ na wɔmfɛre sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn nsaanodwuma aka ho. Ebia bere a Paul suaa adwuma no, na ɔyɛ abarimaa, efisɛ na ofi Tarso a ɛwɔ Kilikia, na na ntama a wɔfrɛ no cilicium a wɔde yɛ ntamadan no abu so wɔ hɔ. Sɛn na na wɔyɛ ntamadan no? Ebetumi aba sɛ na wɔnwene ntama dennen a wɔde yɛ ntamadan no, na ebetumi nso aba sɛ na wɔtwitwa ntama no pompam. Emu biara yɛ nna fam.

6, 7. (a) Paul buu ntamadan edwuma no dɛn, na ebɛnadze na ɔkyerɛ dɛ nna Aquila na Priscilla so wɔ dɛm adwen no bi? (b) Ndɛ so ebɛnadze na Christianfo yɛ dze suasua Paul, Aquila, na Priscilla?

6 Paul amfa ntamadanyɛ no anyɛ n’adwuma titiriw. Ná ɔyɛ de twitwa ne ho kɛkɛ, efisɛ na ɔpɛ sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo “kwa” a onnye hwee. (2 Kor. 11:7) Akwila ne Priskila nso ɛ, na wɔbu wɔn nsaanodwuma no sɛn? Ná wɔyɛ Kristofo, enti adwene a na Paul kura wɔ honam fam adwuma ho no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛno ara bi na na wɔkura. Ɛno nti bere a Paul fii Korinto wɔ afe 52 Y.B. no, Akwila ne Priskila buu wɔn kɛtɛ mu ne no kɔɔ Efeso, na wɔn fie na na asafo a ɛwɔ hɔ no yɛ wɔn nhyiam. (1 Kor. 16:19) Akyiri yi, wɔsan kɔɔ Roma, na wɔbaa Efeso bio. Awarefo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden yi de Ahenni no dii kan, na wɔyii wɔn yam de nneɛma bi bɔɔ afɔre som afoforo, na “asafo ahorow a ɛwɔ amanaman mu nyinaa” ani sɔɔ wɔn.—Rom. 16:3-5; 2 Tim. 4:19.

7 Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua Paul, Akwila, ne Priskila. Onyankopɔn asomfo de nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no, na wɔsan yere wɔn ho yɛ honam fam adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa “ɛka kɛse nto” obiara so. (1 Tes. 2:9) Bere nyinaa asomfo pii yɛ wei ho nhwɛso pa. Wɔn mu bi yɛ adwuma abosome kakra wɔ afe no mu, ɛnna ebinom nso yɛ adwuma nna kakra wɔ nnawɔtwe no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ adwuma titiriw a esi wɔn ani so no; ɛno ne Ahenni asɛmpaka adwuma no. Yehowa asomfo pii yi wɔn yam gye amansin so ahwɛfo ba wɔn fie sɛnea Akwila ne Priskila yɛe no. Nea wɔyɛ no kyerɛ sɛ ‘wɔn ani gye ahɔhoyɛ ho,’ na wɔdi ho adanse sɛ wɔn ahɔhoyɛ no hyɛ afoforo den paa.—Rom. 12:13.

‘Corinthfo No Pii Hyɛɛ Ase Gyee Dzii’ (Andw. 18:​5-8)

8, 9. Aber a Paul yer noho dzii Jewfo no dase na wɔtaan n’enyi, ebɛnadze na ɔyɛe, na henfa na afei ɔkɛyɛɛ asɛnka edwuma no?

8 Bere a Silas ne Timoteo de akyɛde fi Makedonia bae no, nea Paul yɛe no ma yehu sɛ na obu honam fam adwuma sɛ biribi a ɛbɛboa no ama watumi ayɛ ne som adwuma no kɛkɛ. (2 Kor. 11:9) Wɔbae no, ntɛm ara, Paul “fii ase de ne bere nyinaa kaa asɛm no.” (Aso. 18:5) Nanso bere a Paul de ne bere pii reka asɛm no akyerɛ Yudafo no, wɔtan n’ani. Enti Paul poroporow n’ataade mu de kyerɛe sɛ, nkwagye asɛm a ɛfa Kristo ho a Yudafo no apo no, ɛho asodi biara nna ne so bio, na ɔkae sɛ: “Mo mogya ngu mo ara mo ti so. Me de, minni fɔ. Efi nnɛ rekɔ, amanaman mufo nkyɛn na mɛkɔ.”—Aso. 18:6; Hes. 3:18, 19.

9 Ɛhe na afei Paul bɛyɛ asɛnka adwuma no? Ná ɔbarima bi a wɔfrɛ no Titio Yusto fie bɛn hyiadan no. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Amanaman muni a wabegye Yudasom atom. Yusto maa Paul baa ne fie. Enti Paul anka asɛm no wɔ hyiadan no mu bio, mmom ɔkaa asɛm no wɔ Yusto fie. (Aso. 18:7) Bere a Paul wɔ Korinto no nyinaa ɔtenaa Akwila ne Priskila fie, nanso Yusto fie ne baabi titiriw a ɔyɛɛ n’asɛnka adwuma no.

10. Ebɛnadze na ɔkyerɛ dɛ Paul annyɛ n’adwen dɛ amanamamfo no nkotsee na ɔbɛka asɛm no akyerɛ hɔn?

10 Bere a Paul kaa sɛ afei de, ɔde n’ani bɛkyerɛ amanaman mufo hɔ no, na ɛno kyerɛ sɛ Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom no, sɛ wɔn mu bi yɛ aso tie asɛm no mpo a, na Paul betwa wɔn agya koraa a ɔrenka asɛm no nkyerɛ wɔn anaa? Ɛnte saa koraa. Efisɛ akyiri yi, “Krispo a ɔyɛ hyiadan mu panyin no gyee Awurade dii, ɔne ne fifo nyinaa.” Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔtaa kɔ hyiadan no mu no pii bɛkaa Krispo ho, efisɛ Bible ka sɛ: “Korintofo a wɔtee no mu pii fii ase gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu.” (Aso. 18:8) Enti Titio Yusto fie na na Kristofo asafo a wɔatew no foforo a ɛwɔ Korinto no yɛ wɔn nhyiam. Sɛ Luka reyɛ kyerɛwtohɔ a, na ɔtaa yɛ no nnidiso nnidiso. Sɛ saa na ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no nso a, ɛnde na yebetumi aka sɛ asɛm a Luka kaa sɛ Paul poroporow n’ataade mu no, esii ansa na saa Yudafo anaa nnipa a wɔabegye Yudasom atom no rebɛyɛ Kristofo. Sɛ saa a, ɛnde yebetumi aka sɛ na ɔsomafo no nyɛ katee anaa wanka sɛ nea ogyina ara na ogyina.

11. Ebɛnadze na Jehovah Adasefo yɛ ma ator Christianfo a ɔkyerɛ dɛ worusuasua Paul?

11 Ɛnnɛ nso, Kristoman nsɔrensɔre no ase atim wɔ aman pii so, na wɔanya wɔn asɔre mma so nkɛntɛnso kɛse. Wiase aman pii mu no, Kristoman asɛmpatrɛwfo atumi atwe nnipa pii adi wɔn akyi. Nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no yɛ wɔn ade te sɛ Yudafo a na wɔte Korinto wɔ asomafo no bere so no; wɔama atetesɛm adi wɔn ti. Ne nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo suasua Paul, enti wɔboa saa nnipa no ma wɔnya Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ a edi mu. Sɛ mpo wɔpo yɛn anaasɛ wɔn asɔre mpanyimfo tan yɛn ani a, yɛmpa abaw. Nnipa pii ‘yere wɔn ho sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ na wɔde yɛ saa.’ Ahobrɛasefo pii wɔ hɔ a wɔrehwehwɛ nokware no, enti ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ saafo no na yɛboa wɔn ma wɔbehu Yehowa.—Rom. 10:2.

“Mowɔ Nyimpa Pii Wɔ Kurow Yi Mu” (Andw. 18:​9-17)

12. Ebɛn awerɛhyɛmu na Paul nyae wɔ enyido-adzehu mu?

12 Sɛ na Paul tirim ntene no sɛ ɔbɛtoa ɔsom adwuma no so wɔ Korinto mpo a, anisoadehu bi a onyae maa n’adwene sii no pi. Awurade Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no anadwo bi, na ɔkaa sɛ: “Nsuro, kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, efisɛ meka wo ho, na obiara ntumi mfa ne nsa nka wo nyɛ wo bɔne biara; na mewɔ nnipa pii wɔ kurow yi mu.” (Aso. 18:9, 10) Hwɛ sɛnea saa anisoadehu yi hyɛɛ Paul nkuran! Awurade ankasa maa Paul awerɛhyem sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban na obiara anyɛ no bɔne, na ɔkaa nso sɛ nnipa pii wɔ kurow no mu a wɔwɔ koma pa. Dɛn na anisoadehu no maa Paul yɛe? Yɛkenkan sɛ: “Ɔtenaa hɔ afe ne abosome asia, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn asɛm.”—Aso. 18:11.

13. Aber a Paul rebɛn atsɛmbu egua no, ebɛn asɛm na bi a ɔkaae, naaso nna ebɛnadze ntsi na ɔnnsɛ dɛ osuro dɛ asɛm kor no ara bi bɔto no?

13 Bere a Paul dii bɛyɛ afe wɔ Korinto no, ohuu biribi foforo a edii adanse sɛ Awurade di n’akyi. “Yudafo no yɛɛ baako sɔre tiaa Paul, na wɔde no kɔɔ atemmu agua no anim.” Ná wɔfrɛ atemmu agua yi beʹma. (Aso. 18:12) Ebinom kyerɛ sɛ beʹma no yɛ bama bi a wɔde abo fitaa ne bruu ahyehyɛ na wɔadi mu adwini. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ Korinto gua no mfinimfini baabi. Ná prama kɛse bi da beʹma no anim a dɔm tumi hyia hɔ. Nneɛma a wɔatutu fam ahu kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ na atemmu agua no bɛn hyiadan no pɛɛ, ma enti na ɛbɛn Yusto fie nso. Bere a Paul bɛn beʹma no, ebia ɔkaee da a wɔsiw Stefano abo no. Wɔtaa ka Stefano ho asɛm sɛ Kristoni a odi kan a ne gyidi nti owui, na Paul a saa bere no na wɔfrɛ no Saul no “penee kum a na wɔrekum no no so.” (Aso. 8:1) Asɛm koro no ara bi na na ɛrebɛto Paul anaa? Daabi, efisɛ na wɔahyɛ no bɔ sɛ: “Obiara ntumi . . . nyɛ wo bɔne biara.”—Aso. 18:10.

“Bere a ɔkaa saa no, ɔpam wɔn fii atemmu agua no anim.”​—Asomafo Nnwuma 18:16

14, 15. (a) Ebɛn sombo na Jewfo no dze bɔɔ Paul, na ebɛnadze ntsi na Gallio bɔɔ asɛm no gui? (b) Ebɛn asɛm na ɔtoo Sosthenes, na ebɛn nsesa na bi a ɔyɛe?

14 Bere a Paul duu atemmu agua no anim no, dɛn na esii? Onipa a na ɔte agua mu wɔ hɔ ne Akaia amrado a wɔfrɛ no Galio. Ná ɔyɛ Roma nyansapɛfo Seneca nua panyin. Yudafo no bɔɔ Paul kwaadu sɛ: “Saa ɔbarima yi redan nkurɔfo adwene. Ɔka sɛ wɔmfa ɔkwan foforo a ɛne mmara no nhyia so nsom Onyankopɔn.” (Aso. 18:13) Ná Yudafo no pɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ, Paul abu mmara so sɛ ɔretwe nkurɔfo di n’akyi. Nanso Galio hui sɛ Paul nyɛɛ “mfomso anaa bɔne kɛse bi” a enti obetumi abu no fɔ. (Aso. 18:14) Ná Galio mpɛ sɛ ɔde n’ano to Yudafo nsɛmnsɛm mu, enti bere a Paul nnya nkasae mpo no, Galio bɔɔ asɛm no gui, na ɔpamoo nkurɔfo no! Nkurɔfo no bo fuwii, na wɔde wɔn anibere kɔsoɛɛ Sostene so, efisɛ ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Krispo afi so ama ɔno Sostene abɛyɛ hyiadan no mu panyin. Wɔtow hyɛɛ Sostene so, “na wofii ase hwee no wɔ atemmu agua no anim.”—Aso. 18:17.

15 Adɛn nti na bere a wɔrehwe Sostene no, Galio anka ho hwee? Ebia na Galio te nka sɛ Sostene na odii basabasayɛfo no anim kɔɔ Paul so, enti sɛ wɔrehwe no a, ɛfata. Sɛ asɛm no te saa oo, sɛ ɛnte saa oo, ɛbɛyɛ sɛ biribi pa bi fii mu bae. Mfe bi akyi no, Paul kyerɛw krataa a edi kan kɔmaa Korinto asafo no, na ɔbɔɔ onua Sostene bi din wom. (1 Kor. 1:1, 2) Yennim ara, ebia na ɛyɛ Sostene a wɔhwee no wɔ Korinto no. Sɛ saa a, ɛnde ebia saa awerɛhosɛm no na ɛboaa Sostene ma ɔbɛyɛɛ Kristoni.

16. Asɛm a Ewuradze kaa dɛ, “Kɔ do kasa, na mma nnka w’ano nnto mu, osiandɛ meka woho” no, ebɛn kwan do na ɔsɛ dɛ ɔma yɛyɛ asɛnka edwuma no?

16 Kae sɛ, Yudafo no poo asɛmpa a na Paul reka no ansa na Awurade Yesu rema no awerɛhyem sɛ: “Nsuro, kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, efisɛ meka wo ho.” (Aso. 18:9, 10) Ɛsɛ sɛ yɛma saa nsɛm no tena yɛn adwenem, titiriw bere a nkurɔfo ntie asɛm a yɛka no. Mma wo werɛ mmfi da sɛ Yehowa hu komam, na ɔno na ɔtwe nnipa a wɔwɔ koma pa ba ne nkyɛn. (1 Sam. 16:7; Yoh. 6:44) Ɛsɛ sɛ wei hyɛ yɛn nkuran paa ma yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Afe biara wɔbɔ nnipa mpempem asu; ɛno kyerɛ sɛ yɛkyekyɛ mu a, da biara wɔbɔ nnipa ɔhaha asu. Wɔn a wɔtie Yesu ahyɛde na ‘wɔkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no, awerɛkyekyesɛm a Yesu wɔ ma wɔn ni: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.”—Mat. 28:19, 20.

“Sɛ Jehovah Pɛ A . . . ” (Andw. 18:​18-22)

17, 18. Ebɛnadze na ɔbɛyɛ dɛ nna Paul rodwen ho aber a ɔrokɔ Ephesus no?

17 Yɛrentumi nkyerɛ sɛ, sɛnea Galio yɛɛ n’ade bere a atamfo bɔɔ Paul kwaadu no maa Kristofo asafo foforo a na ɛwɔ Korinto no nyaa asomdwoe anaa wɔannya. Nanso Paul “dii nna kakra kaa ho wɔ hɔ” ansa na ɔne ne nuanom Korintofo no redi nkra. Afe 52 Y.B. wɔ osutɔbere mu no, Paul yɛɛ n’adwene sɛ obesi Kenkrea mpoano na wakɔ Siria. Ná Kenkrea wɔ Korinto apuei, na na kilomita 11 na ɛda nkurow mmienu yi ntam. Nanso ansa na Paul refi Kenkrea no, “oyii ne ti ma ɛkɔɔ fam . . . , efisɛ na wahyɛ bɔ.” c (Aso. 18:18) Afei ɔne Akwila ne Priskila faa Aegean Po so kɔɔ Efeso wɔ Asia Kumaa.

18 Bere a Paul tenaa hyɛn mu a ɔrefi Kenkrea no, ɛbɛyɛ sɛ adwuma a ɔyɛe wɔ Korinto no ho asɛm baa ne tirim. Ɔkaakaee anigyesɛm bebree, na nneɛma pii maa ne koma tɔɔ ne yam. Afe ne fã a ɔde tenaa hɔ no sow aba. Ná wɔatew asafo a edi kan wɔ Korinto, na Yusto fie na na wɔhyia. Wɔn a wɔbegye dii no bi ne Yusto, Krispo ne ne fiefo, ne afoforo bebree. Ná Paul pɛ gyidifo foforo yi asɛm paa, efisɛ ɔno na ɔboaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ Kristofo. Akyiri yi, ɔkyerɛw wɔn kaa wɔn ho asɛm sɛ, wɔyɛ n’adansedi nkrataa a wɔakyerɛw wɔ ne koma so. Saa ara na yɛn nso yɛte nka sɛ yɛbɛn wɔn a yɛanya hokwan aboa wɔn ama wɔabegye nokware no. Sɛ yehu saa nnipa yi a wɔabɛyɛ “adansedi nkrataa” no a, hwɛ sɛnea ɛma yɛn ani gye!—2 Kor. 3:1-3.

19, 20. Aber a Paul dur Ephesus no, ebɛnadze na ɔyɛe, na sɛ yɛpɛ dɛ yɛdze botae bi si hɛn enyi do wɔ Jehovah no som mu a, ebɛnadze na yebotum esua efi no hɔ?

19 Bere a Paul duu Efeso no, ntɛm ara na ofii ne som adwuma ase. “Ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kosusuw nsɛm ho.” (Aso. 18:19) Saa bere no, Paul ankyɛ wɔ Efeso. Wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena hɔ kakra, “nanso wampene.” Bere a ɔne Efesofo no redi nkra no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Yehowa pɛ a, mɛba mo nkyɛn bio.” (Aso. 18:20, 21) Akyinnye biara nni ho sɛ, Paul hui sɛ ehia sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no kɛse wɔ Efeso. Ná ɔsomafo no pɛ sɛ ɔsan kɔ hɔ, nanso ogyaw maa Yehowa. Ɛno nyɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua anaa? Sɛ yɛde botae bi si yɛn ani so wɔ Yehowa som mu a, ɛsɛ sɛ yetu ho anammɔn. Nanso gye sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere nyinaa ma ɔkyerɛ yɛn kwan na yɛyɛ nea ɛne n’apɛde hyia.—Yak. 4:15.

20 Paul gyaw Akwila ne Priskila wɔ Efeso, na ɔfaa po so hyɛn kɔɔ Kaesarea. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔɔ Yerusalem kohyiaa asafo a ɛwɔ hɔ no. (Aso. 18:22, ase hɔ asɛm a ɛda “ɔkɔe” ho no.) Afei Paul kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria, baabi a na ɔtaa soɛ no. Saa bere no, na wawie n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmienu no. Dɛn na na ɛda hɔ retwɛn no wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a etwa to no mu?

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 149 a wɔato din “ Korinto—Ɛda Ɛpo Mmienu Ntam” no.

b Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 150 a wɔato din “ Nkrataa a Onyankopɔn Ma Wɔkyerɛw Kɔhyɛɛ Anuanom Nkuran” no.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 152 a wɔato din “ Paul Bɔhyɛ” no.