Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 11

‘Enyigye Nye Sunsum Krɔnkrɔn Hyɛɛ Hɔn Ma’

‘Enyigye Nye Sunsum Krɔnkrɔn Hyɛɛ Hɔn Ma’

Dza Paul yɛe aber a ohyiaa nyimpa a hɔn akoma yɛ dzen a wɔmmpɛ nokwar no

Egyina Asomafo Nnwuma 13:1-52 so

1, 2. Ebɛnadze na ɔmaa Barnabas na Saul hɔn akwantu no yɛɛ soronko, na nna ebɛn kwan do na edwuma a wɔrekɛyɛ no bɛma Asomafo Ndwuma 1:8 aba mu?

 NÁ ƐYƐ anigye da ma Antiokia asafo no. Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ nyinaa, Barnaba ne Saul na honhom kronkron yii wɔn sɛ wɔmfa asɛmpa no nkɔ akyirikyiri nsaase so. a (Aso. 13:1, 2) Ampa, na wɔasoma mmarima bi a wɔfata ma wɔakɔ hɔ pɛn. Bere bi a atwam no, na asɛmpatrɛwfo akɔ mmeae a Kristosom agye ntini. (Aso. 8:14; 11:22) Seesei de, na wɔresoma Barnaba ne Saul akɔ mmeae a nnipa dodow no ara ntee asɛmpa no da. Wɔde Yohane a wɔfrɛ no Marko no kaa wɔn ho sɛ wɔn somfo.

2 Bɛyɛ mfe 14 a na atwam no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asaase ano noho.” (Aso. 1:8) Barnaba ne Saul a na wɔresoma wɔn sɛ asɛmpatrɛwfo no, na ɛbɛma Yesu nkɔmhyɛ yi aba mu! b

Woyii Hɔn Dɛ “Wɔnkɛyɛ Edwuma” No (Andw. 13:​1-12)

3. Asomafo no aber do no, nna ebɛnadze ntsi na ɔyɛ dzen dɛ obi botu kwan akɔ ekyirekyir?

3 Ɛnnɛ, kar ne wimhyɛn adaworoma, nnipa tumi de dɔnhwerew baako anaa mmienu tu kwan kɔ akyirikyiri. Ná ɛnte saa wɔ asomafo no bere so. Saa bere no, sɛ obi pɛ sɛ otu kwan a, mpɛn pii no, na ɔnantew fa ɔkwan a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka so. Da koro watumi akɔ ara na bɛyɛ kilomita 30, nanso obedu no na wabubu! c Enti ɛwom sɛ na Barnaba ne Saul de anigye rehwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma no de, nanso wɔhui paa sɛ ebegye mmɔdenbɔ ne ahofama kɛse.—Mat. 16:24.

4. (a) Ebɛnadze na ɔboae ma woyii Barnabas na Saul, na ebɛnadze na hɔn nuanom Christianfo no yɛe wɔ ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn aboa hɔn a wonya hokwan ahorow wɔ Christianfo asafo no mu no?

4 Dɛn nti na honhom kronkron no yii Barnaba ne Saul sɛ “wɔnkɔyɛ adwuma” no? (Aso. 13:2) Bible no nkyerɛ. Nanso yenim sɛ anuanom nam honhom kronkron akwankyerɛ so na ɛpaw saa mmarima yi. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Antiokia no sɔre tiae. Wɔn ani ammere Barnaba ne Saul. Mmom wɔtaa wɔn akyi denneennen, na wɔyɛɛ akɔnkyen bɔɔ mpae maa wɔn, na afei ‘wɔde wɔn nsa guu wɔn so, na wɔgyaa wɔn kwan.’ Nea anuanom no yɛe no, wo de hwɛ sɛnea ɛbɛka Barnaba ne Saul koma! (Aso. 13:3) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔnya hokwan ahorow te sɛ mmarima a wɔyɛ ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu no. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn, na mmom “adwuma a wɔreyɛ no nti,” momma yɛmfa “nidi soronko mma wɔn, na yɛnnɔ wɔn.”—1 Tes. 5:13.

5. Kyerɛ dza enuanom no faa mu ansaana worutum edzi dase wɔ Cyprus supɔw no do.

5 Bere a Barnaba ne Saul nantew koduu Seleukia po so hyɛn gyinabea a ɛbɛn Antiokia no, wɔfaa po so hyɛn twaa kilomita bɛyɛ 200 kɔɔ Kipro supɔw so. d Esiane sɛ na Barnaba fi Kipro nti, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani gyei sɛ ɔbɛkɔ akɔka asɛmpa no wɔ ne kurom hɔ. Bere a mmarima yi duu Salami, kurow a ɛwɔ supɔw no apuei fam no, wɔansɛe bere koraa. Ntɛm ara, “wofii ase kaa Onyankopɔn asɛm no wɔ Yudafo hyia adan mu.” e (Aso. 13:5) Barnaba ne Saul tuu kwan fii Kipro tia kosii tia; ɛbɛyɛ sɛ wɔrekɔ nyinaa na wɔreka asɛmpa no wɔ nkurow akɛse a ɛwowɔ kwan so no mu. Yennim ɔkwan pɔtee a wɔfaa so, nanso ebetumi aba sɛ asɛmpatrɛwfo yi nantew twaa kilomita bɛyɛ 160!

6, 7. (a) Woana nye Sergius Paulus, na ebɛnadze ntsi na Bar-Jesus pɛɛ dɛ osiw no kwan na woenntsie asɛmpa no? (b) Ebɛnadze na Saul yɛe wɔ Bar-Jesus ne kasatia no ho?

6 Ná atoro som agye ntini wɔ tete Kipro supɔw no so. Wei bɛdaa adi bere a Barnaba ne Saul duu Pafo a ɛda mpoano wɔ Kipro supɔw no atɔe fam no. Ɛhɔ na wɔhyiaa “barima bi a wɔfrɛ no Bar-Yesu. Ná ɔyɛ osumanni ne odiyifo torofo. Ná ɔka ɔmantam soafo Sergio Paulos a ɔyɛ onyansafo no ho.” f Asomafo no bere so no, na Roma anuonyamfo pii te sɛ “onyansafo” Sergio Paulos mpo taa hwehwɛ mmoa fi asumanfo anaa nsoromma mu ahwɛfo nkyɛn bere a wɔresi gyinae bi a emu yɛ duru no. Nanso, Sergio Paulos ani gyee Ahenni asɛm no ho, “na na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie denneennen.” Bere a Bar-Yesu a wɔsan frɛ no Elima (asekyerɛ ne “Osumanni”) hui no, n’ani annye ho.—Aso. 13:6-8.

7 Bar-Yesu kasa tiaa Ahenni asɛm no. Ná ɔyɛ Sergio Paulos fotufo, na ɔkwan a na obetumi afa so abɔ ne dibea ho ban ne sɛ “ɔbɛdan ɔmantam soafo no afi gyidi no ho.” (Aso. 13:8) Nanso na Saul renhwɛ mma osumanni yi nsɛe Sergio Paulos adwene. Enti dɛn na Saul yɛe? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Honhom kronkron hyɛɛ Saul a wɔsan frɛ no Paul no ma, na ɔhwɛɛ Elima [Bar-Yesu] dinn. Na ɔkae sɛ: ‘Ɔbarima a nsisi ne bɔne nyinaa ayɛ wo ma, Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo, trenee nyinaa tamfo, enti wunnyae sɛ wokyea Yehowa akwan a ɛteɛ no? Hwɛ! Yehowa nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia hann kosi bere bi.’ Prɛko pɛ, n’ani so yɛɛ no kusuu, na baabiara yɛɛ sum maa no. Na okyin hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan.” g Dɛn na efii anwanwade no mu bae? “Bere a ɔmantam soafo no huu nea asi no, ɔbɛyɛɛ gyidini, efisɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ no maa ne ho dwiriw no.”—Aso. 13:9-12.

Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, yɛde akokoduru ka nokware no ho asɛm sɛnea Paul yɛe no

8. Yɛbɛyɛ dɛn etum esuasua Paul n’akokodur no ndɛ?

8 Paul amma nea Bar-Yesu yɛe no ammɔ no hu. Enti yɛn nso, sɛ atamfo pɛ sɛ wɔsɛe wɔn a wɔtie Ahenni asɛm no gyidi a, ɛnsɛ sɛ yesuro. Ɛno ara ne sɛ yɛbɛma yɛn kasa ‘ayɛ dɛ bere nyinaa na nkyene aba mu.’ (Kol. 4:6) Wei nso nkyerɛ sɛ, sɛ yɛne obi sua ade na sɛ afoforo pɛ sɛ wɔsɛe n’adwene a, yɛmpɛ ntɔkwaw ara nti, na yɛagyae adesua no. Afei nso, atoro som a ɛkɔ so ‘kyea Yehowa akwan a ɛteɛ no,’ sɛnea Bar-Yesu yɛe no, ɛnsɛ sɛ yesuro. Mmom ɛsɛ sɛ yɛpa ho ntama. (Aso. 13:10) Ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka nokware no ma ɛka ahobrɛasefo koma sɛnea Paul yɛe no. Ɛwom sɛ ebia Onyankopɔn remfa anwanwakwan so mmoa yɛn sɛnea ɔyɛ maa Paul no de, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de ne honhom kronkron no bɛtwe wɔn a wɔfata aba nokware no mu.—Yoh. 6:44.

“Asɛm Bi A Hom Dze Bɛhyɛ Nyimpa Nkuran” (Andw. 13:​13-43)

9. Ebɛn nhwɛdo na Paul na Barnabas yɛe a hɔn a wodzi asafo no enyim ndɛ botum esuasua?

9 Bere a mmarima no fi Pafo faa po so hyɛn twaa bɛyɛ kilomita 250 kɔɔ Perga a ɛda mpoano wɔ Asia Kumaa no, ɛda adi sɛ nsakrae bi bae. Asomafo Nnwuma ti 13, nkyekyɛm 13 ka sɛ na “Paul ne wɔn a wɔka ne ho no” na ɛnam. Saa asɛm no ma yehu sɛ efi saa bere no, Paul na odii anuanom no anim wɔ wɔn dwumadi mu. Nanso biribiara nkyerɛ sɛ Barnaba ani beree Paul. Mmom no, mmarima baanu yi boom yɛɛ Onyankopɔn adwuma no. Paul ne Barnaba yɛɛ nhwɛso a wɔn a wɔdi asafo no anim nnɛ betumi asuasua. Kristofo mpere dibea na mmom wɔkae Yesu nsɛm yi: “Mo nyinaa moyɛ anuanom.” Yesu de kaa ho sɛ: “Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”—Mat. 23:8, 12.

10. Kyerɛ mbrɛ nna kwan a ofi Perga kɔ Antioch a ɔwɔ Pisidia no do tse.

10 Bere a wɔduu Perga no, Yohane a wɔfrɛ no Marko no ne Paul ne Barnaba tetew mu san kɔɔ Yerusalem. Nea ɛyɛe a ogyaw wɔn hɔ prɛko pɛ no de, Bible anka. Paul ne Barnaba toaa wɔn akwantu no so, na wɔfi Perga kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia wɔ Galatia mantam mu no. Ná akwantu no nna fam efisɛ na Antiokia a ɛwɔ Pisidia no da bepɔw a ne tenten bɛyɛ mita 1,100 so. Ná akwan a ɛdeda bepɔw no mu no yɛ mmonkyimmɔnka, na na nsɛmmɔnedifo nso ayɛ so ma. Wei nyinaa da nkyɛn a, ɛbɛyɛ sɛ na yare nso rehaw Paul saa bere no. h

11, 12. Aber a Paul rekasa wɔ nhyiamudan mu wɔ Antioch a ɔwɔ Pisidia no, ebɛn asɛm na ɔkae a ɔmaa nkorɔfo no tsiee no no?

11 Bere a Paul ne Barnaba duu Antiokia a ɛwɔ Pisidia no, wɔkɔɔ hyiadan no mu Homeda. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Bere a wɔkenkan Mmara ne Adiyifo no wɔ baguam wiei no, hyiadan mu mpanyimfo no soma kɔɔ wɔn nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mmarima, anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mode bɛhyɛ nnipa yi nkuran a, monka.’” (Aso. 13:15) Ɛnna Paul sɔre kasae.

12 Paul fii ase kasa kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Mmarima, Israelfo ne mo a musuro Onyankopɔn, muntie.” (Aso. 13:16) Ná nnipa a wɔretie Paul no binom yɛ Yudafo na ebinom nso yɛ wɔn a wɔabegye Yudasom atom. Ná atiefo no nnye Yesu ntom sɛ odi dwuma titiriw bi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu, enti dɛn na na Paul bɛka na wɔatie n’asɛm no? Nea edi kan no, Paul kaa Yuda man no abakɔsɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa maa “wɔn so bere a na wɔyɛ ahɔho wɔ Egypt asaase so no,” na bere a Onyankopɔn gyee wɔn no, “onyaa wɔn ho abotare wɔ sare no so” mfe 40. Afei nso Paul kyerɛe sɛ Israelfo tumi gyee Bɔhyɛ Asaase no, na Yehowa ‘de wɔn asaase maa wɔn agyanom sɛ agyapade.’ (Aso. 13:17-19) Ebinom kyerɛ sɛ kyerɛwnsɛm a wɔkenkan kyerɛɛ atiefo no saa Homeda no, ɛbɛyɛ sɛ emu bi na Paul twee adwene sii so. Sɛ saa a, ɛnde ɛno nso kyerɛ sɛ na Paul nim sɛnea ɔbɛdannan ne nsɛm mu na wayɛ “biribiara ama nnipa ahorow nyinaa.”—1 Kor. 9:22.

13. Ebɛnadze na yebotum ayɛ ama nkorɔfo etsie asɛm no?

13 Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka nsɛm a ɛbɛma nkurɔfo atie yɛn. Sɛ yenim ɔsom a obi wom a, yebetumi ahwɛ nneɛma a n’ani begye ho na yɛne no abɔ ho nkɔmmɔ. Afei nso, yebetumi aka Bible mu nsɛm bi a onim dedaw wɔ nkɔmmɔ no mu. Sɛ yɛrekenkan Bible na yɛma onii no kenkan fi ɔno ankasa Bible mu a, ɛboa. Hwehwɛ nsɛm a wobɛka akyerɛ nkurɔfo ma aka wɔn koma.

14. (a) Ebɛn asɛm na Paul kae dze hyɛɛ Jesus ho asɛm no ase, na ebɛn kɔkɔbɔ na ɔdze maa etsiefo no? (b) Ebɛnadze na etsiefo no yɛe wɔ nsɛm a Paul kae no ho?

14 Bio nso, Paul kaa Israel ahene abusua no ho asɛm sɛ emu na wɔyii ‘agyenkwa Yesu’ no, na Osuboni Yohane na osiesiee kwan mu maa no. Afei Paul kyerɛe sɛ wɔkum Yesu, na onyan fii awufo mu. (Aso. 13:20-37) Paul kae sɛ: “Enti anuanom, munhu sɛ, oyi na yɛnam no so reka bɔnefakyɛ ho asɛm akyerɛ mo, . . . wɔnam oyi so abu obiara a ogye di no bem wɔ ho.” Ɛno akyi no, ɔsomafo no bɔɔ atiefo no kɔkɔ sɛ: “Enti monhwɛ yiye na nea wɔaka wɔ Adiyifo no mu no amma mo so. Wɔaka sɛ: ‘Mo animtiaabufo, monhwɛ ma ɛnyɛ mo nwonwa na monyera, efisɛ mereyɛ adwuma bi wɔ mo bere so. Saa adwuma no, sɛ obi ka ho asɛm nyinaa kyerɛ mo mpo a, morennye nni da.’” Nea atiefo no yɛe wɔ Paul kasa no ho no yɛ nwanwa. Bible ka sɛ: “Nkurɔfo no paa wɔn kyɛw sɛ, Homeda a edi hɔ no, wɔmmɛka nsɛm yi nkyerɛ wɔn bio.” Afei nso bere a hyiadan mu nhyiam no baa awiei no, “Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo, a wɔsom Onyankopɔn no pii dii Paul ne Barnaba akyi.”—Aso. 13:38-43.

“Yɛredan Akɔ Amanaman No Nkyɛn” (Andw. 13:​44-52)

15. Paul kasae wiei no, ebɛn asɛm na osii Ahomgyeda a odzi hɔ no?

15 Homeda a edi hɔ no, “kurow no mufo dodow no ara” boaa wɔn ho ano betiee Paul. Wei anyɛ Yudafo no binom dɛ, na “wofii ase kaa abususɛm de bɔɔ nea Paul reka no gui.” Paul ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: “Mo na na ehia sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kan. Nanso esiane sɛ morepia ato nkyɛn, na mummu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredan akɔ amanaman no nkyɛn. Efisɛ Yehowa aka asɛm yi akyerɛ yɛn sɛ: ‘Mayi wo sɛ amanaman no hann, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nkwagye de akodu asaase ano.’”—Aso. 13:44-47; Yes. 49:6.

“Wɔtan Paul ne Barnaba ani . . .  Na anigye ne honhom kronkron kɔɔ so hyɛɛ asuafo no ma.”​—Asomafo Nnwuma 13:50-52

16. Ebɛnadze na Jewfo no yɛe aber a wɔtsee atsɛmbusɛm a asɛmpatserɛwfo Paul na Barnabas kae no, na ebɛnadze na hɔn so yɛe wɔ ɔtan no ho?

16 Amanaman mufo a na wɔretie no dii ahurusi, na “wɔn a wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa no nyinaa dan gyidifo.” (Aso. 13:48) Ankyɛ na Yehowa asɛm no trɛw asaase no nyinaa so. Yudafo no de, wɔankyerɛ ho anisɔ koraa. Asɛmpatrɛwfo Paul ne Barnaba ma wɔhui sɛ, wɔn na wɔdii kan tee Onyankopɔn asɛm no, nanso wɔpoo Mesia no, enti Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Yudafo no tutu guu mmea a wɔwɔ din ne kurow no mu nnipa atitiriw asom, “na wɔtan Paul ne Barnaba ani, na wɔpam wɔn fii wɔn asaase so.” Dɛn na Paul ne Barnaba yɛe? “Wɔporoporow wɔn nan ase mfuturu guu wɔn so, na wɔkɔɔ Ikoniom.” Wei maa Kristosom gui wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia anaa? Ɛnte saa koraa! Asuafo a wɔgyaw wɔn wɔ hɔ no, ‘anigye ne honhom kronkron kɔɔ so hyɛɛ wɔn ma.’—Aso. 13:50-52.

17-19. Ebɛnadze na yebotum ayɛ dze esuasua asɛmpatserɛwfo Paul na Barnabas hɔn nhwɛdo pa no, na ebɛnadze ntsi na sɛ yɛyɛ dɛm a ɔbɛma hɛn enyi agye?

17 Yebetumi asua pii afi nea saa mmarima anokwafo yi yɛe bere a wɔtaa wɔn no mu. Sɛ wiase no mu atitiriw mpo pɛ sɛ yegyae asɛnka adwuma no a, yɛrennyae asɛm no ka da. Kae nso sɛ, bere a Antiokiafo no antie Paul ne Barnaba no, “wɔporoporow wɔn nan ase mfuturu.” Wɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ asodi biara nna wɔn so, na mmom ɛnyɛ abufuw nti na wɔyɛɛ saa. Asɛmpatrɛwfo yi hui sɛ wɔrentumi nhyɛ obi mma ontie asɛm no. Wɔn de ara ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no. Na asɛm no nso de, wɔyeree wɔn ho kae! Wɔkɔtoaa so wɔ Ikoniom.

18 Asuafo a wɔgyaw wɔn Antiokia no nso ɛ? Ɛwom, na kurom hɔfo mpɛ wɔn asɛm, nanso na wɔn anigye nnyina nnipa dodow a wɔbetie asɛmpa no so. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!” (Luka 11:28) Saa pɛpɛɛpɛ na asuafo a wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia no sii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ.

19 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkae daa sɛ yɛwɔ asɛde sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo sɛnea Paul ne Barnaba yɛe no. Sɛ yɛka asɛm no kyerɛ nkurɔfo na wɔtie oo, wɔantie oo, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Sɛ wɔantie a, yebetumi asua biribi afi tete asuafo no hɔ. Sɛ yenya nokware no ho anisɔ na yɛma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan a, sɛ nkurɔfo tan yɛn ani mpo a, yɛn ani betumi agye.—Gal. 5:18, 22.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 86 a wɔato din “ Barnaba—‘Awerɛkyekye Ba’” no.

b Saa bere yi, na wɔatetew nsafo bebree ma akodu Antiokia a ɛwɔ Siria tɔnn; ná Antiokia a ɛwɔ Siria wɔ Yerusalem atifi fam bɛyɛ kilomita 550.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 87 a wɔato din “ Tete Akwantu” no.

d Asomafo no bere so no, sɛ mframa ano nyɛ den pii a, na hyɛn tumi twa bɛyɛ kilomita 160 da koro. Sɛ mframa ano yɛ den a, na entumi ntwa saa kwan no.

e Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 89 a wɔato din “ Yudafo Hyia Adan” no.

f Ná Kipro yɛ supɔw a ɛhyɛ Roma Mmarahyɛ Bagua no ase. Onipa a wɔbeyi no sɛ amrado ama wahwɛ supɔw no so no, na wɔfrɛ no ɔmantam soafo.

g Efi saa bere no na wɔfrɛɛ Saul sɛ Paul. Ebinom kyerɛ sɛ ɔfaa saa Roma din no de hyɛɛ Sergio Paulos anuonyam. Nanso, esiane sɛ bere a Saul fii Kipro mpo na wɔda so ara frɛ no Paul nti, ɛma yehu sɛ ɛnyɛ saa na na asɛm no te. Mmom, na ɔyɛ “ɔsomafo ma amanaman no,” ɛno nti na ɔde edin a wɔde frɛ no wɔ Roma kasa mu no yɛɛ adwuma. Sɛnea na Greekfo bɔ Hebri din Saul no, na ɛte sɛ Greek asɛmfua bi a ɛyɛ asefem; ɛbɛyɛ sɛ ɛno nso ka ho bi nti na ɔde edin Paul yɛɛ adwuma no.—Rom. 11:13.

h Paul kyerɛw krataa kɔmaa Galatifo no mfe bi akyi, na ɔkaa wom sɛ: “Honam mu yare bi nti na bere a edi kan no, minyaa kwan kaa asɛmpa no kyerɛɛ mo.”—Gal. 4:13.