Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Ahenni Dawurubɔfo Pa:

Fa no sɛ na woka asomafo no ho wɔ Ngodua Bepɔw no so. Yesu begyinaa mo anim, na bere a ɔrebɛkɔ soro no, ɔkaa sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a, mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asaase ano noho.” (Aso. 1:8) Wowɔ hɔ a, anka dɛn na wobɛyɛ?

Ebia anka ɛbɛyɛ wo sɛ adwuma no sõ dodo. Anka ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Asuafo kakraa bi sei de, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adi adanse “akɔ asaase ano noho”?’ Ebia anka wobɛkae sɛnea Yesu bɔɔ kɔkɔ anadwo ansa na ɔrebewu no sɛ: “Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔatan m’ani a, mo nso wɔbɛtan mo ani; sɛ wɔadi m’asɛm so a, mo nso wobedi mo de so. Na me din nti na wɔbɛyɛ eyinom nyinaa atia mo, efisɛ wonnim Nea ɔsomaa me no.” (Yoh. 15:20, 21) Sɛ wudwinnwen saa nsɛm yi ho a, anka ebia wubebisa bio sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi adi adanse fefeefe bere a nkurɔfo sɔre tia me anaa wɔtan m’ani?’

Ɛnnɛ nso, nsɛmmisa a ɛte saa ba yɛn adwenem. Yehowa Adansefo nso, adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no hwehwɛ sɛ yedi adanse fefeefe kyerɛ “aman nyinaa” kɔpem “asaase ano noho.” (Mat. 28:19, 20) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ adwuma yi, titiriw bere a wɔaka ato hɔ sɛ ɔsɔretia bɛba yɛn so yi?

Kyerɛwtohɔ fɛfɛɛfɛ a ɛwɔ Asomafo Nnwuma mu no ma yehu sɛnea Yehowa boaa asomafo no ne Kristofo a wɔtenaa ase saa bere no ma wɔtumi yɛɛ wɔn som adwuma no. Nhoma a worekenkan yi bɛboa wo ama woahwehwɛ saa kyerɛwtohɔ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a emu nsɛm a tumi wom no bɛka wo koma. Wubehu sɛ, sɛɛ na nsɛm a esisii Onyankopɔn asomfo mu wɔ asomafo no bere so no bebree te sɛ nea ɛresisi Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ no. Wubehu sɛ saa nsɛm a edi nsɛ no bi fa adwuma a yɛreyɛ no ne ɛho ntotoe ho. Sɛ wususuw saa nsɛm yi ho a, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu paa sɛ Yehowa Nyankopɔn gu so rekyerɛ n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asaase so no kwan.

Yɛn anidaso ne yɛn mpaebɔ ne sɛ, Asomafo Nnwuma no a yɛrebɛpɛɛpɛɛ mu yi mmoa wo na nya ahotoso kɛse sɛ, Yehowa nam ne honhom kronkron no so bɛboa wo ama woatumi agyina pintinn. Yɛhwɛ kwan sɛ wei bɛhyɛ wo nkuran ama woatoa so ‘adi Onyankopɔn Ahenni ho adanse frenkyemm’ anaa fefeefe de aboa afoforo ama wɔasi nkwa kwan no so.—Aso. 28:23; 1 Tim. 4:16.

Wo nuanom,

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw