Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 21

“Minndzi Fɔ Wɔ Nyimpa Biara Bɔgya Ho”

“Minndzi Fɔ Wɔ Nyimpa Biara Bɔgya Ho”

Paul dze nsi nye ahokeka yɛɛ ɔsom edwuma no na otuu mpanyimfo no fo

Egyina Asomafo Nnwuma 20:1-38 so

1-3. (a) Kyerɛ mbrɛ ɔyɛe a Eutychus wui. (b) Ebɛnadze na Paul yɛe, na ebɛnadze na ɔma yehu fa noho?

 NÁ Paul wɔ abansoro dan bi mu wɔ Troa, na na nnipa ayɛ hɔ mã. Ná ɔrebegyaw wɔn hɔ akɔ, enti saa anadwo no, ɔne wɔn kasa kyɛe. Ná adu anadwo dasum, na na wɔasosɔ nkanea a wɔde ngo gu mu pii wɔ dan no mu ama hɔ ayɛ hyew. Ɛbɛyɛ sɛ na ama wusiw agyina dan no mu mpo. Ná aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mpomma bi ano wɔ dan no mu. Paul gu so rekasa no, Eutiko faa mu dae, na ofi abansoro a ɛtoa so mmiɛnsa no so bɛhwee fam!

2 Ná Luka yɛ oduruyɛfo, enti wɔn a wɔde mmirika kɔɔ abɔnten hɔ ntɛm kɔhwɛɛ aberante no, ebia na ɔka ho. Ɛnyɛ afei na na obi bebisa sɛnea Eutiko ho te, efisɛ “wɔmaa no so no, na wawu.” (Aso. 20:9) Nanso biribi bi sii. Paul kobutuw aberante no so, na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnyae gyegyeegye no, na onwui.” Anwanwasɛm! Ná Paul anyan Eutiko!—Aso. 20:10.

3 Asɛm a esii no ma yehu sɛ, Onyankopɔn tumi de ne honhom kronkron no yɛ nneɛma akɛse. Ɛnyɛ Paul na ɔmaa Eutiko wui. Nanso, na Paul mpɛ sɛ aberante no wu bɛsɛe nea ɛrekɔ so no anaa ɛbɛto obi hintidua ama ne gyidi asɛe. Nyan a Paul nyanee Eutiko no maa asafo no nyaa awerɛkyekye ne ahoɔden a wɔde bɛyɛ wɔn som adwuma no. Ɛda adi sɛ na afoforo nkwa ho hia Paul. Wei kae yɛn asɛm a ɔkae yi: “Minni fɔ wɔ onipa biara mogya ho.” (Aso. 20:26) Momma yɛnhwɛ ade a yebetumi asua afi nea Paul yɛe no mu.

“Osii Kwan Do Kɔr Macedonia” (Andw. 20:​1, 2)

4. Ebɛn amandzehu kɛse na Paul faa mu?

4 Sɛnea yehui wɔ Ti 20 no, Paul faa amanehunu kɛse bi mu. Asɛnka adwuma a ɔyɛe wɔ Efeso no maa kurow no dan butuwii. Wɔn a wɔyɛ dwetɛ ho adwuma a na wɔnya wɔn ano aduan fi Artemi som mu no nso de wɔn ho gyee basabasayɛ no mu! Asomafo Nnwuma 20:1amanneɛ sɛ: “Bere a basabasa no ano brɛɛ ase no, Paul soma kɔfrɛɛ asuafo no. Afei ɔhyɛɛ wɔn nkuran, na ɔne wɔn dii nkra, na osii kwan so kɔɔ Makedonia.”

5, 6. (a) Ber tsentsen ahen na Paul dzii wɔ Macedonia, na ebɛnadze na ɔyɛe boaa enuanom a wɔwɔ hɔ no? (b) Nna Paul tse nka dɛn wɔ no nuanom Christianfo no ho?

5 Paul rekɔ Makedonia no, osii po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Troa no, na odii bere kakra wɔ hɔ. Ná Paul ani da so sɛ Tito a ɔsomaa no kɔɔ Korinto no bɛba abɛka ne ho wɔ hɔ. (2 Kor. 2:12, 13) Nanso bere a Paul hui sɛ Tito rentumi mma no, ɔkɔɔ Makedonia kodii bɛyɛ afe wɔ hɔ, na “ɔkaa nsɛm bebree de hyɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nkuran.” a (Aso. 20:2) Tito bɛkaa Paul ho wɔ Makedonia, na ɔkaa anuanom a wɔwɔ Korinto no ho asɛm kyerɛɛ Paul sɛ, wɔde ne krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no mu nsɛm reyɛ adwuma. (2 Kor. 7:5-7) Wei maa Paul kyerɛw krataa foforo kɔmaa wɔn, na ɛno na ɛnnɛ yɛfrɛ no 2 Korintofo no.

6 Hyɛ no nsow sɛ, Luka kaa sɛ Paul ‘hyɛɛ anuanom a wɔwɔ Efeso ne Makedonia no nkuran’ wɔ ne nsrahwɛ no mu. Wei ma yehu sɛ, na Paul dɔ ne nuanom Kristofo paa. Ná Paul nte sɛ Farisifo a na wɔbu afoforo animtiaa no. Ɔno de, na obu Onyankopɔn nguan no sɛ ne mfɛfo adwumayɛfo. (Yoh. 7:47-49; 1 Kor. 3:9) Ɛba sɛ Paul rema wɔn afotu a emu yɛ den mpo a, na ommu wɔn animtiaa.—2 Kor. 2:4.

7. Ebɛnadze na ahwɛfo a wɔwɔ Christianfo asafo no mu ndɛ botum ayɛ dze esuasua Paul?

7 Ɛnnɛ, asafo mu mpanyimfo ne amansin so ahwɛfo bɔ mmɔden suasua Paul. Sɛ ehia sɛ wɔkasa kyerɛ obi anibere so mpo a, adwene a wɔde yɛ saa ne sɛ wɔbɛhyɛ onipa a ohia kasakyerɛ no den. Ahwɛfo wɔ tema ma afoforo, enti wɔmmu wɔn fɔ, mmom wɔhyɛ wɔn nkuran. Ɔmansin sohwɛfo bi a wasom akyɛ kaa sɛ: “Yɛn nuanom dodow no ara pɛ sɛ wɔyɛ nea ɛtene, nanso wɔn abam tumi bu, na ehu ka wɔn. Ɛtɔ da mpo a, wɔnhu nea wɔnyɛ.” Ahwɛfo betumi ahyɛ wɔn nuanom Kristofo yi nkuran.—Heb. 12:12, 13.

‘Wɔbɔɔ No Ho Pɔw’ (Andw. 20:​3, 4)

8, 9. (a) Ebɛnadze ntsi na Paul ennya annkɔ Syria? (b) Ebɛnadze na bi a ɔmaa Jewfo no taan Paul?

8 Bere a Paul fii Makedonia no, ɔkɔɔ Korinto. b Odii abosome mmiɛnsa wɔ hɔ, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Kenkrea akɔfa po so hyɛn akɔ Siria. Sɛ ofi hɔ a na ɔbɛkɔ Yerusalem de anuanom ntoboa a wɔde rekɔboa ahiafo no akɔ. c (Aso. 24:17; Rom. 15:25, 26) Nanso biribi nti, na ɛsɛ sɛ Paul yɛ nsakrae wɔ n’akwantu no mu. Asomafo Nnwuma 20:3 bɔ amanneɛ sɛ: “Yudafo no bɔɔ ne ho pɔw”!

9 Ɛnyɛ nwanwa sɛ Yudafo no benyaa Paul ho tan, efisɛ na wɔbu no sɛ ɔwaefo. Bere bi a abɛsen kɔ no, na waka asɛmpa no wɔ Korinto ama Krispo a ɔyɛ hyiadan mu panyin no abɛyɛ gyidini. (Aso. 18:7, 8; 1 Kor. 1:14) Bere foforo nso, Yudafo a wɔwɔ Korinto no bɛbɔɔ Paul kwaadu wɔ Akaia amrado Galio anim. Nanso Galio bɔɔ asɛm no gui, na ɔkaa sɛ enni nnyinaso biara. Nea ɔyɛe no hyɛɛ Paul atamfo no abufuw. (Aso. 18:12-17) Yudafo a wɔwɔ Korinto no, sɛ na wɔnim oo, sɛ wɔde wɔn adwene na ebui oo, na wɔhu sɛ ɛrenkyɛ Paul bɛkɔ akɔfa po so hyɛn wɔ Kenkrea, enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbɛkɔ akɔtɛw no wɔ hɔ baabi. Dɛn na na Paul bɛyɛ?

10. Cenchreae a Paul annkɔ no kyerɛ dɛ nna ɔyɛ ohufo anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Sɛnea ɛbɛyɛ a Paul bɛbɔ ne ho ban na watumi de ntoboa a wɔde ahyɛ ne nsa no nso akodu nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrenkɔ Kenkrea na mmom ɔbɛsan n’akyi akɔfa Makedonia. Nanso sɛ wamfa po so na ɔfa fam a, na ɛno nso wɔ ne haw, efisɛ saa bere no na akorɔmfo-werɛmfo wɔ kwan so bebree. Ahɔhodan a ɛwowɔ kwan so no mpo, na ɛhɔ yɛ hu. Ne nyinaa akyi no, Paul yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa saa tebea no mu sen sɛ ɔbɛkɔ akohyia nea ɛretwɛn no wɔ Kenkrea no. Nea eye wɔ asɛm no ho ne sɛ, na ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔnam. Nnipa a na wɔka Paul ho wɔ saa asɛmpatrɛw akwantu yi mu ne Aristarko, Gaio, Sekundo, Sopata, Timoteo, Trofimo, ne Tikiko.—Aso. 20:3, 4.

11. Ndɛ, ebɛnadze na Christianfo yɛ dze bɔ hɔnho ban, na ebɛn nhwɛdo na Jesus yɛe wɔ iyi ho?

11 Ɛnnɛ nso Kristofo yɛ nea wɔbetumi de bɔ wɔn ho ban wɔ asɛnka mu sɛnea Paul yɛe no. Mmeae bi wɔ hɔ a, sɛ wɔreyɛ asɛnka adwuma no a, wɔkɔ no akuw akuw anaa mmienu mmienu sen sɛ ɔbaakofo bɛnantew. Na sɛ wɔtan wɔn ani nso ɛ? Kristofo nim sɛ ɛno de, wɔrentumi nkwati. (Yoh. 15:20; 2 Tim. 3:12) Nanso wɔmfrɛfrɛ ɔhaw mma wɔn ho. Yesu yɛɛ wei ho nhwɛso pa. Bere bi a atamfo tasee abo sɛ wɔrebɛtotow aboro no wɔ Yerusalem no, “Yesu de ne ho siei, na ofii asɔrefi hɔ kɔe.” (Yoh. 8:59) Akyiri yi a Yudafo no bɔɔ pɔw sɛ wɔbekum Yesu no, wannantew “baguam bio wɔ Yudafo no mu, mmom ofii hɔ kɔɔ baabi a ɛbɛn sare so.” (Yoh. 11:54) Yesu yɛɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ biara de bɔɔ ne ho ban; ɔreyɛ saa no, ɔhwɛ hui sɛ nea ɔreyɛ no ne Onyankopɔn apɛde hyia. Ɛnnɛ nso, Kristofo yɛ saa ara.—Mat. 10:16.

“Wonyaa Awerɛkyekyer Kɛse” (Andw. 20:​5-12)

12, 13. (a) Eutychus no wusoɛr no kaa asafo no dɛn? (b) Ebɛn Bible mu enyidado na ndɛ ɔkyekye hɔn a hɔn adɔfo ewu no werɛ?

12 Paul ne ne mfɛfo akwantufo no kɔfaa Makedonia, na ɛbɛyɛ sɛ ebinom de wɔn ani kyerɛɛ baabi foforo. Akyiri yi, ɛbɛyɛ sɛ wɔn nyinaa san behyiaam wɔ Troa. d Bible ka sɛ: “Nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa.” e (Aso. 20:6) Ɛhɔ na Paul nyanee aberante Eutiko sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm wɔ ti yi mfiase no. Hwɛ sɛnea anuanom ani gyei bere a wɔhui sɛ wɔanyan wɔn yɔnko Eutiko aba nkwa mu bio no! Sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no, “wonyaa awerɛkyekye kɛse.”—Aso. 20:12.

13 Ɛwom, ɛnnɛ saa anwanwade no bi nsi. Nanso sɛ obi hwere ne dɔfo a, owusɔre ho anidaso a Bible de ma no, etumi ma onya “awerɛkyekye kɛse.” (Yoh. 5:28, 29) Wo de, dwen ho hwɛ: Bɔne a wɔde woo Eutiko nti, akyiri yi ɔsan wui. (Rom. 6:23) Nanso wɔn a wɔbenyan wɔn wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu de, wɔbetumi atena ase daa! Nea ɛka ho bio ne sɛ, wɔn a wɔbenyan wɔn ama wɔne Yesu akodi hene wɔ soro no de, wɔnya nkwa a owu nnim. (1 Kor. 15:51-53) Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔasra wɔn, ne wɔn a wɔyɛ “nguan foforo” no nyinaa wɔ nneɛma pii a ɛma “wonya awerɛkyekye kɛse.”—Yoh. 10:16.

“Baguamu Nye Efiefi Mu” (Andw. 20:​13-24)

14. Aber a Paul nye Ephesusfo mpanyimfo no hyiae wɔ Miletus no, ebɛn asɛm na ɔkaa kyerɛɛ hɔn?

14 Paul ne ne mfɛfo no toaa wɔn akwantu no so fi Troa kɔɔ Aso, na afei wɔkɔɔ Mitilene, Kio, Samo, ne Mileto. Ná Paul ho pere no sɛ ɔbɛkɔ akodu Yerusalem ansa na Pentekoste Afahyɛ no adu. Ebia ɛno nti na bere a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔfaa po so hyɛn a na ɛremfa Efeso no. Nanso, na Paul pɛ sɛ ɔne Efeso mpanyimfo no kasa, enti ɔtoo wɔn nkra sɛ wɔmmehyia no wɔ Mileto. (Aso. 20:13-17) Bere a wɔbae no, Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Efi da a edi kan a mebaa Asia mantam mu no, mo ara munim sɛnea mebɔɔ me bra wɔ mo mu, sɛnea mede ahobrɛase kɛse ne nisu som Awurade, ne sɛnea pɔw a Yudafo no bɔe nti, mefaa sɔhwɛ pii mu no. Nneɛma a mfaso wɔ so biara, meka kyerɛɛ mo; mamfa ansie mo. Na mekyerɛkyerɛɛ mo baguam ne afi afi mu. Na midii adanse frenkyemm kyerɛɛ Yudafo ne Greecefo sɛ, wɔnsakra wɔn adwene na wɔmmra Onyankopɔn nkyɛn, na wonnye yɛn Awurade Yesu nni.”—Aso. 20:18-21.

15. Mfaso a ɔwɔ efie na fie asɛnka edwuma no do no, bi nye dɛn?

15 Akwan pii wɔ hɔ a yɛfa so ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo nnɛ. Yɛbɔ mmɔden suasua Paul, na yɛkɔ baabiara a yɛbɛto nnipa te sɛ baabi a yɛfa kar, mmɔnten so, ne gua so. Nanso ɔkwan titiriw a Yehowa Adansefo fa so di adanse ne afie afie asɛnka adwuma no. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, afie afie asɛnka adwuma no ma nkurɔfo nya hokwan te Ahenni asɛm no mpɛn pii; ɛno ma ɛda adi sɛ Onyankopɔn nnyɛ nyiyim. Bio nso, wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no, ɛma yetumi boa wɔn ma wɔbehu Onyankopɔn. Afei nso, afie afie asɛnka adwuma no hyɛ wɔn a wɔnya mu kyɛfa no gyidi den, na ɛma wɔtumi de animia gyina ɔhaw ano. Nokwasɛm ne sɛ, ade baako a ɛma nokware Kristofo da nsow nnɛ ne nsi ne ahokeka a wɔde di adanse wɔ “baguam ne afi afi mu.”

16, 17. Ebɛnadze na Paul yɛe dze kyerɛɛ dɛ ɔammbɔ hu, na ebɛnadze na Christianfo yɛ ndɛ dze suasua no?

16 Paul kyerɛɛ mu kyerɛɛ Efeso mpanyimfo no sɛ, Yerusalem a ɔrekɔ no, onnim nea ebetumi ato no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nanso, me ara me nkwa ho nhia me pii. Nea ehia me ne sɛ mewie mmirika a meretu no, na mawie ɔsom adwuma a minya fii Awurade Yesu hɔ no. Ɛne sɛ medi Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse frenkyemm.” (Aso. 20:24) Paul amma biribiara ammɔ no hu. Wamma yare anaa tan a nkurɔfo tan n’ani no ansiw ne som adwuma no kwan.

17 Ɛnnɛ nso, Kristofo hyia ɔhaw pii. Wokɔ mmeae bi a, aban abara wɔn som adwuma no, ɛnna ebinom nso, nkurɔfo tan wɔn ani. Afoforo nso de animia reko yare, na ebinom nso refa amanehunu pii mu. Kristofo mmabun nso, wɔn mfɛfo sukuufo hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nneɛma bɔne. Tebea biara a Yehowa Adansefo bɛkɔ mu no, wɔgyina pintinn sɛnea Paul yɛe no. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbedi “asɛmpa no ho adanse frenkyemm” anaa fefeefe.

“Hom Mma Hom Enyi Mbra Homho Nye Nguankuw No Nyina Do” (Andw. 20:​25-38)

18. Ebɛnadze na Paul yɛe a wɔamma oenndzi bɔgya ho fɔ, na nna ebɛnadze na Ephesus mpanyimfo no bɛyɛ dze esuasua no?

18 Afei, Paul de ɔno ara ne nhwɛso yɛɛ afotu maa Efeso mpanyimfo no. Odii kan ka kyerɛɛ wɔn sɛ anhwɛ a wɔrenhu no bio. Ɛno akyi no, ɔkaa sɛ: “Minni fɔ wɔ onipa biara mogya ho, efisɛ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa, meka kyerɛɛ mo; mamfa ansie mo.” Dɛn na na Efeso mpanyimfo no betumi ayɛ de asuasua Paul na wɔanni mogya ho fɔ? Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani mmra mo ho ne nguankuw no nyinaa so, efisɛ honhom kronkron no apaw mo ahwɛfo wɔ wɔn mu, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara ne Ba mogya tɔe no so yiye.” (Aso. 20:26-28) Paul bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ “mpataku bɔne” bɛba nguankuw no mu na “wɔbɛkasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” Ɛnde na dɛn na mpanyimfo no bɛyɛ? Paul tuu wɔn fo sɛ: “Monwɛn, na monkae sɛ mfe abiɛsa ni, awia ne anadwo, mede nisu tuu mo mu biara fo; mannyae da.”—Aso. 20:29-31.

19. Jesus no wu ekyir bɛyɛ mfe 60 no, ebɛnadze na osii a nna ɔkyerɛ dɛ nkorɔfo awaa efi nokwar Christiansom ho? Mfe pii ekyir no, ebɛnadze na ofii mu bae?

19 Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 60 no, na “mpataku bɔne” ayi wɔn ti dedaw. Bɛyɛ afe 98 Y.B. no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Seesei mpo, wɔn a wɔsɔre tia Kristo bebree aba. . . . Wofi yɛn mu na ɛkɔe, nanso na wɔnka yɛn ho. Sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae.” (1 Yoh. 2:18, 19) Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 200 no, na ahwɛfo anaa mpanyimfo a wɔawae afi nokware Kristosom ho no abenya adwene sɛ wɔn ho hia sen asafo no mufo a aka no, enti wɔtew Kristoman asɔfokuw ahorow no. Afei Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 300 no, Roma Ɔhempɔn Constantine gyee saa atoro “Kristosom” yi toom sɛ ɔman som. Yebetumi aka sɛ nyamesom akannifo no ‘kasa kyinkyim nsɛm,’ efisɛ wɔgyee abosonsom amanne toom na wɔma ɛyɛe te sɛ “Kristosom” amanne. Nnɛ ne nnɛ yi nyinaa, nsɔrensɔre a ɛwɔ hɔ no da so di saa atoro nkyerɛkyerɛ ne amanne no akyi.

20, 21. Ebɛnadze na Paul yɛe dze kyerɛɛ dɛ nna oku noho ma afofor, na ebɛnadze na Christianfo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ ndɛ no bɛyɛ dze esuasua no?

20 Yɛhwɛ Paul na yɛhwɛ ahwɛfo a wɔbaa akyiri yi a na wɔdidi nguankuw no ho a, yehu nsonsonoe kɛse. Paul yɛɛ adwuma hwɛɛ ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenyɛ adesoa mma asafo no. Oyii ne yam som ne nuanom a wampɛ wɔn ho mfaso. Paul ka kyerɛɛ Efeso mpanyimfo no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn ho som wɔn nuanom Kristofo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ moyɛ adwumaden de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no. Na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae yi: ‘Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.’”—Aso. 20:35.

21 Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso kum wɔn ho som wɔn nuanom te sɛ Paul. Wɔn a ɛhyɛ wɔn nsa sɛ ‘wɔbɛhwɛ Onyankopɔn asafo no so’ no yi wɔn yam yɛ asɛde a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. Wɔnte sɛ Kristoman asɔfo a wɔdidi wɔn nguankuw ho no. Ahantan ne anibere de, yɛmfa ntena Kristofo asafo no mu, efisɛ wɔn a wɔhwehwɛ ‘wɔn ara anuonyam’ no, ɛrensi wɔn yiye. (Mmeb. 25:27) Nea ahantan de ba ara ne animguase.—Mmeb. 11:2.

“Wɔn nyinaa sui yiye.”​—Asomafo Nnwuma 20:37

22. Ebɛnadze na ɔmaa Ephesus mpanyimfo no pɛɛ Paul n’asɛm dɛm no?

22 Ná Paul dɔ anuanom paa, na ɛno nti, na anuanom nso pɛ n’asɛm. Bere a afei eduu sɛ ɔne wɔn rebedi nkra no, “wɔn nyinaa sui yiye, na wɔbam Paul, na wofew n’ano.” (Aso. 20:37, 38) Kristofo ani sɔ anuanom a wɔyi wɔn yam boa Onyankopɔn nguan no sɛnea Paul yɛe no, na wɔdɔ wɔn. Wohwɛ nhwɛso fɛfɛɛfɛ a Paul yɛe a yɛaka ho asɛm yi a, wunnye ntom sɛ bere a ɔkaa sɛ “minni fɔ wɔ onipa biara mogya ho” no, nokware turodoo na na ɔreka anaa?—Aso. 20:26.

a Hwɛ adaka a wɔato din “ Paul Nkrataa a Efi Makedonia” no.

b Ebetumi aba sɛ bere a Paul wɔ Korinto no na ɔkyerɛw Romafo nhoma no.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 169 a wɔato din “ Paul De Ntoboa Kɔmaa Anuanom” no.

d Sɛnea Luka kaa sɛ “yɛn” wɔ Asomafo Nnwuma 20:5, 6 no kyerɛ sɛ, ebia ɔne Paul hyiae bio wɔ Filipi, baabi a bere bi Paul gyaw no no.—Aso. 16:10-17, 40.

e Bere a wɔfi Filipi rekɔ Troa no, wɔdii nnanum. Ebetumi aba sɛ mframa anni ammoa wɔn nti na wɔkyɛe no, efisɛ bere bi wɔde nnanu pɛ na etwaa saa kwan no.—Aso. 16:11.