Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

Mfoni Ahorow

Mfoni Ahorow

Mfoni Ahorow Ne Kratafa A Ɛwɔ

  • Anim ne akyi Paul, Tabita, Galio, Luka, asɔrefie hwɛfo bi ne asomafo no, Sadukini, Paul a wɔde no rekɔ Kaesarea. Wɔde kar a akasam si so ne gramafon redi adanse wɔ yɛn bere yi mu.

  • 1 Paul a wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, ne Luka; wɔte po so hyɛn a wɔde fa nneɛma mu rekɔ Roma.

  • 2, 3 Onua J. E. Barr ne Onua T. Jaracz, a wɔka Akwankyerɛ Kuw no ho. Wɔrehwɛ asaase mfoni.

  • 11 Yesu de adwuma rehyɛ asomafo anokwafo 11 no ne n’akyidifo foforo nsa wɔ Galilea bepɔw bi so.

  • 14 Yesu reforo akɔ soro. Asomafo no rehwɛ no hãã.

  • 20 Pentekoste da no, asuafo no kasa kyerɛ ahɔho wɔ wɔn kasa mu.

  • 36 Asomafo no gyina Kaiafa anim; ne bo afuw denneennen. Awɛmfo a ɛwɔ asɔrefie hɔ no ayɛ krado; sɛ Sanhedrin no soma sɛ wɔnkɔkyere obi pɛ, na wɔkɔ.

  • 44 Ase hɔ: Wiase Ko II akyi no, East Germany asɛnnibea bi buu Yehowa Adansefo atɛnkyea sɛ wɔyɛ akwansrafo ma Amerikafo.—Neue Berliner Illustrierte, nsɛmma nhoma, October 3, 1950.

  • 46 Wɔabɔ Stefano sobo ama ogyina Sanhedrin no anim. Sadukifo asikafo na wɔwɔ soro hɔ no, na Farisifo a wɔkura atetesɛm mu denneennen nso na wɔwɔ ase hɔ no.

  • 54 Petro de ne nsa agu osuani foforo bi so; Simon gyina hɔ a okura sika bɔtɔ.

  • 75 Petro ne ne yɔnko akwantufo aba Kornelio fie. Kornelio de nguguso soronko bi agu n’abati afa ne nsa benkum ho; ɛkyerɛ sɛ, ɔyɛ ɔsraani panyin a asraafo ɔha hyɛ n’ase.

  • 83 Ɔbɔfo bi rekyerɛ Petro kwan; ɛbɛyɛ sɛ afiase a na Petro da no wɔ Antonia Abantenten no mu.

  • 84 Ase hɔ: Afe 1945; basabasayɛfo kuw bi wɔ baabi a ɛbɛn Montreal, Quebec.—Weekend Magazine, nsɛmma nhoma, July 1956.

  • 91 Wɔapam Paul ne Barnaba afi Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Nsuka foforo a wɔayɛ ama kurow no na ɛwɔ akyi hɔ no; ɛbɛyɛ sɛ asomafo no bere so na wɔyɛe.

  • 94 Paul ne Barnaba amma Listrafo ansom wɔn. Saa bere no, sɛ wɔrebɔ afɔre a, na wɔsiesie wɔn ho paa, na na wɔyɛ dede bɔ nnwom pii wɔ hɔ.

  • 100 Soro hɔ: Silas ne Yuda rehyɛ asafo a ɛwɔ Antiokia Siria no nkuran. (Aso. 15:30-32) Ase hɔ: Ɔmansin sohwɛfo bi rekasa kyerɛ asafo bi wɔ Uganda.

  • 107 Yerusalem asafo no ahyiam wɔ obi fie.

  • 124 Paul ne Timoteo; wɔayɛ wɔn mfoni sɛ wɔte Romafo aguadifo hyɛn mu retu kwan. Abantenten a wɔde kanea si so na ɛwɔ akyirikyiri no.

  • 139 Paul ne Silas; wɔayɛ wɔn mfoni sɛ wɔwɔ ɔpon bi a wɔato mu akyi. Wɔreguan nsɛmmɔnedifo kuw bi a wɔn bo afuw.

  • 155 Galio reka wɔn a wɔbɔɔ Paul kwaadu no anim. Galio hyɛ ataade a ɛfata ne dibea no. Ɔhyɛ ahentaade fitaa bi a afasebiri tɛtrɛtɛ bi sã mu, ɛne mpaboa bi a wɔfrɛ no calcei.

  • 158 Demetrio rekasa akyerɛ adwumayɛfo a wɔyɛ dwetɛ ho adwuma wɔ wɔn adwumam wɔ Efeso. Wɔtontɔn Artemi honi a wɔde dwetɛ ayɛ no sɛ nkae ade.

  • 171 Paul ne n’ayɔnkofo no aforo po so hyɛn. Hyɛn Gyinabea Nkaedum Kɛse no na ɛwɔ akyi hɔ no; wɔsii ansa na asomafo no bere so.

  • 180 Ase hɔ: Bere a wɔbaraa Bible ho nhoma wɔ Canada wɔ afe 1940 akyi hɔ baabi no, Ɔdanseni aberante bi wiaa ne ho de bi kɔmaa ebinom. (Mfoni yi yɛ ɛho ɔyɛkyerɛ.)

  • 182 Paul penee nea mpanyimfo no kae no so. Luka ne Timoteo wɔ akyi hɔ baabi; wɔreyɛ ntoboa no ho adwuma.

  • 190 Paul wɔfase reka asɛm bi akyerɛ Klaudio Lisia wɔ Antonia Abantenten no mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na wɔde Paul too afiase no. Herode asɔrefie no na ɛwɔ akyi hɔ no.

  • 206 Akwantufo bi wɔ po so hyɛn a wɔde fa nneɛma mu. Wɔn koma abubu, na Paul rebɔ mpae ama wɔn.

  • 222 Ɔdeduani Paul a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no; waso Romani sraani bi mu. Ɔrehwɛ Roma kurow no fã bi.