Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 9

“Nyankopɔn Nnyiyi Nyimpa Mu”

“Nyankopɔn Nnyiyi Nyimpa Mu”

Christianfo no hyɛɛ ase kaa asɛmpa no kyerɛɛ Amanamamfo a wonntwaa hɔn twatsia no

Egyina Asomafo Nnwuma 10:1–11:30 so

1-3. Ebɛn enyido-adzehu na Peter nyae, na ebɛnadze ntsi na ohia dɛ yɛtse ase?

 NÁ AKA kakra ama awɔwbere adu wɔ afe 36 Y.B. Ná Petro rebɔ mpae awiabere wɔ ɔdan bi atifi. Ná fie no bɛn mpoano wɔ Yopa, na na wadi nna kakra wɔ fie hɔ. Ɛhɔ a ɔtenae no ma yehu sɛ ɔkwan bi so no, na ɔnyɛ nnipa mu nyiyim, efisɛ na ofie no wura ne Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru, na na Yudafo dodow no ara renkɔ ɔbarima a ɔte saa fie da. a Ne nyinaa mu no, na Petro rebesua biribi titiriw bi a ɛbɛma wahu paa sɛ Yehowa nyiyi nnipa mu.

2 Bere a Petro rebɔ mpae no, ade tɔɔ ne so. Nea ohui wɔ anisoadehu mu no, na ɛbɛhaw Yudani biara. Ohuu dadesɛn bi a ɛresian fi soro te sɛ ntama kɛse bi a wɔkurakura anoano, na na mmoa a Mose Mmara ka sɛ wɔn ho ntew ahyɛ mu ma. Afei ɛnne bi ka kyerɛɛ Petro sɛ onkum nni, na obuae sɛ: “Minnii biribiara a ɛho agu fĩ na ɛho ntew biara da.” Ɛnne no kaa no mprɛnsa kyerɛɛ no sɛ: “Nneɛma a Onyankopɔn atew ho no, nka sɛ ɛho agu fĩ.” (Aso. 10:14-16) Petro yɛɛ basaa, na na ɔnte anisoadehu no ase, nanso ankyɛ na ɔtee ase.

3 Dɛn na na Petro anisoadehu no kyerɛ? Ehia sɛ yɛte anisoadehu no ase, efisɛ adwene a Yehowa wɔ wɔ nnipa ho no, anisoadehu no ma yehu biribi a ɛho hia fa ho. Sɛ yɛn a yɛyɛ nokware Kristofo no betumi adi Onyankopɔn Ahenni ho adanse fefeefe a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nnipa ho no bi. Sɛ yesusuw nsɛm a esisii saa bere no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛate Petro anisoadehu no ase.

‘Ɔdze Nkotoserɛ Kɔr Nyankopɔn Enyim Daa’ (Andw. 10:​1-8)

4, 5. Woana nye Cornelius, na ebɛn asɛm na osii aber a nna ɔrobɔ mpaa no?

4 Ná Petro nnim sɛ bere a ade rebɛkye ama wanya anisoadehu no, na Onyankopɔn ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Kornelio nso anya anisoadehu wɔ Kaesarea. Efi baabi a Petro wɔ rekɔ hɔ no, na ɛyɛ bɛyɛ kilomita 50. Ná Kornelio yɛ Roma asraafo ɔha so panyin a “ɔmfa ne som nni agoru.” b Ná ɔhwɛ n’abusua so yiye, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ na “ɔne ne fifo nyinaa suro Onyankopɔn.” Ná Kornelio nyɛ obi a wabegye Yudasom atom, mmom, na ɔyɛ Amanaman muni a ontwaa twetia. Nanso, na oyi ne yam boa Yudafo a ahia wɔn, na na ɔtaa yɛ wɔn adɔe. Ná ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ koma pa, “na na ɔde nkotosrɛ kɔ Onyankopɔn anim daa.”—Aso. 10:2.

5 Bere a Kornelio rebɔ mpae bɛyɛ awia nnɔn mmiɛnsa no, onyaa anisoadehu, na ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mpaebɔ ne w’adɔe adu Onyankopɔn anim, na ɔkae ne nyinaa.” (Aso. 10:4) Kornelio soma ma wɔkɔfrɛɛ ɔsomafo Petro bae sɛnea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no no. Ná Kornelio a ɔyɛ Amanaman muni a ontwaa twetia no rebenya hokwan bi a onnyaa bi da. Ná ɔrebenya hokwan atie asɛm a ɛbɛma wanya daa nkwa.

6, 7. (a) Ka suahu bi a ɔkyerɛ dɛ, sɛ obi fi n’akoma mu bɔ mpaa dɛ ɔpɛ dɛ ohu Nyankopɔn yie a, otsie. (b) Ebɛnadze na suahu a ɔtsetse dɛm ma yehu?

6 Ɛnnɛ, sɛ obi fi ne komam bɔ mpae sɛ ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn yiye a, otie anaa? Susuw nhwɛso yi ho hwɛ. Ɔdanseni bi maa ɔbea bi a ɔwɔ Albania Ɔwɛn-Aban. Ná ɛkyerɛ sɛnea wɔtete mmofra. c Ɔbea no ka kyerɛɛ Ɔdanseni a ɔbaa ne fie no sɛ: “Wunim, ansa na woreba ha no, na merebɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa me mma mintumi ntete me mma mmea mmienu no. Onyankopɔn na asoma wo! Me koma so ade ara ni. Nea mihia ara na wode ama me no!” Ɔbea no ne ne mma mmea no nyinaa fii ase suaa Bible no, na akyiri yi ne kunu bɛkaa wɔn ho.

7 Wei yɛ asɛm ne asɛm a ehyiae anaa? Ɛnte saa koraa! Yɛtaa te nsɛm a ɛte saa wɔ wiase afanan nyinaa, enti yɛrentumi nka sɛ asɛm na ɛne asɛm hyiae kɛkɛ. Ɛnde dɛn na yebetumi aka? Nea edi kan no, yebetumi aka sɛ, sɛ obi fi ne komam bɔ Yehowa mpae hwehwɛ no a, otie no. (1 Ahe. 8:41-43; Dw. 65:2) Nea ɛtɔ so mmienu, abɔfo boa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no.—Adi. 14:6, 7.

“Peter Yɛɛ Basaa” (Andw. 10:​9-23a)

8, 9. Ebɛn asɛm na sunsum no kaa kyerɛɛ Peter, na ebɛnadze na ɔyɛe?

8 Bere a mmarima a Kornelio somaa wɔn no beduu fie hɔ no, na Petro da so ara wɔ ɔdan no atifi. Ná Petro nte anisoadehu no ase, enti na ama ‘wayɛ basaa.’ (Aso. 10:17) Sɛ na Petro aka no mprɛnsa sɛ aduan a Mose Mmara no aka sɛ ɛho ntew no ɔrenni a, na obetie mmarima no na ɔne wɔn akɔ Amanaman muni fie anaa? Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so maa Petro huu nea Ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Honhom no ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Hwɛ! Mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. Enti sɔre, si fam na wo ne wɔn nkɔ, mma w’adwene mu nnyɛ wo naa koraa, efisɛ me na mesomaa wɔn.” (Aso. 10:19, 20) Ɛda adi sɛ nea Petro hui wɔ anisoadehu mu no boaa no ma odii akwankyerɛ a honhom kronkron de maa no no so.

9 Bere a Petro hui sɛ Onyankopɔn na wama Kornelio asoma saa Amanaman mufo no, ɔma wɔbaa fie no mu, “na ɔsom wɔn hɔho.” (Aso. 10:23a) Wei nyinaa kyerɛ sɛ, nsakrae a na Onyankopɔn reyɛ ama n’apɛde aba mu no, na ɔsomafo no asesa n’adwene afi ase de reyɛ adwuma.

10. Ebɛn kwan na Jehovah fa do kyerɛ no nkorɔfo kwan, na ebɛn nsɛm na ɔsɛ dɛ yebisa hɛnho?

10 Ɛnnɛ nso, Yehowa de akwankyerɛ ma ne nkurɔfo nkakrankakra. (Mmeb. 4:18) Ɔnam ne honhom kronkron so de akwankyerɛ ma “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. (Mat. 24:45) Ɛtɔ mmere bi a, wɔtumi ma yenya Bible mu ntease foforo anaa wɔyɛ nsakrae wɔ ɔkwan a asafo no fa so yɛ nneɛma mu. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ nsakrae a ɛte saa ba a, dɛn na meyɛ wɔ ho? Mebrɛ me ho ase gye Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ tom anaa?’

Peter ‘Kaa Dɛ Wɔmbɔ Hɔn Esu’ (Andw. 10:23b-48)

11, 12. Aber a Peter dur Caesarea no, ebɛnadze na ɔyɛe, na ebɛn esuadze na onyae?

11 Bere a Petro nyaa anisoadehu no, n’adekyee na ɔne nnipa nkron siim fi Yopa kɔɔ Kaesarea. Nnipa a wɔne no kɔe ni: Mmarima mmiɛnsa a Kornelio somaa wɔn no, ne “anuanom [Yudafo] baasia.” (Aso. 11:12) Ná Kornelio aboaboa “n’abusuafo ne ne nnamfo paa” ano retwɛn Petro. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn a wɔahyiam no nyinaa yɛ Amanaman mufo. (Aso. 10:24) Petro duu hɔ no, ɔyɛɛ biribi a wansusuw da sɛ obetumi ayɛ: Owuraa Amanaman muni a ontwaa twetia fie! Petro kaa sɛ: “Mo ara munim paa sɛ mmara mma kwan sɛ Yudani ne ɔman foforo muni bɛbɔ anaasɛ ɔbɛbɛn no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka kyerɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho ntew.” (Aso. 10:28) Afei de, na Petro abehu sɛ anisoadehu a onyae no mfa nnuan a obi betumi adi nko ara ho. Mmom, na ‘ɛnsɛ sɛ ɔka kyerɛ onipa biara, Amanaman muni mpo, sɛ ne ho agu fĩ.’

“Ná Kornelio nso afrɛfrɛ n’abusuafo ne ne nnamfo paa abehyia retwɛn wɔn.”​—Asomafo Nnwuma 10:24

12 Ná obiara a ɔwɔ hɔ pɛ sɛ otie nea Petro wɔ ka. Kornelio kaa sɛ: “Yɛn nyinaa ahyiam Onyankopɔn anim sɛ yɛrebetie nea Yehowa aka akyerɛ wo sɛ bɛka no nyinaa.” (Aso. 10:33) Sɛ obi a ɔpɛ sɛ osua Bible ka saa asɛm yi kyerɛ wo a, hwɛ sɛnea w’ani begye afa! Petro de asɛm a tumi wom yi fii ne kasa no ase: “Afei na mahu paa sɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.” (Aso. 10:34, 35) Ná Petro abehu sɛ, sɛnea Onyankopɔn hu nnipa no, ennyina abusua ne ɔman a wɔfi mu anaa nneɛma foforo a aniwa hu so. Petro toaa so dii adanse faa Yesu som adwuma, ne wu, ne ne wusɔre ho.

13, 14. (a) Aber a Cornelius nye Amanamamfo afofor bɛyɛɛ agyedzifo wɔ afe 36 H.B. no, ebɛn adze tsitsir na osii? (b) Ebɛnadze ntsi na ɔnnsɛ dɛ yɛhwɛ mbrɛ obi si tse na yebu no atsɛn?

13 Afei biribi a na wɔnhuu bi da sii: ‘Bere a Petro gu so rekasa no,’ honhom kronkron baa “amanaman mufo” no so. (Aso. 10:44, 45) Wei nko ara ne bere a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wɔhwiee honhom kronkron guu ebinom so ansa na wɔrebɔ wɔn asu. Petro hui sɛ, wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Amanaman mufo no anya Onyankopɔn anim dom, enti “ɔkae sɛ wɔmmɔ wɔn asu.” (Aso. 10:48) Bere a Amanaman mufo yi bɛyɛɛ gyidifo wɔ afe 36 Y.B. no, adom soronko a na Yudafo wɔ no baa awiei. (Dan. 9:24-27) Nea esii yi kyerɛ sɛ, “Ahenni nsafe” mmiɛnsa no, saa bere no na Petro dii anim de nea etwa to no yɛɛ adwuma. (Mat. 16:19) Wɔde saa safe anaa safoa yi buee hokwan maa Amanaman mufo a wɔntwaa twetia no bɛyɛɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn.

14 Ɛnnɛ, bere a yɛreka Ahenni asɛmpa no, yetumi hu sɛ, “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.” (Rom. 2:11) Ɔpɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa.” (1 Tim. 2:4) Enti ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea obi te bu no atɛn da. Yɛn asɛde ne sɛ yebedi Onyankopɔn Ahenni ho adanse frenkyemm. Ɛno kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea obi te, abusua a ofi mu, ɔman a ofi mu, anaa ɔsom a ɔwom ansa na yɛaka asɛm no akyerɛ no. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no kyerɛ nnipa nyinaa.

“Wɔnye No Anntwe Bio, Na Wɔhyɛɛ Nyankopɔn Enyimnyam” (Andw. 11:​1-18)

15, 16. Ebɛnadze ntsi na Jewfo Christianfo binom nye Peter gyee kyim no, na ebɛn kwan do na Peter kyerɛkyerɛɛ dza ɔyɛe no mu?

15 Ebia na Petro ho pere no sɛ ɔbɛkɔ akɔka nea asi, enti ɔde n’ani kyerɛɛ Yerusalem. Nanso ɛbɛyɛ sɛ oduu hɔ no, na nkurɔfo ate dedaw sɛ Amanaman mufo a wɔntwaa twetia no “agye Onyankopɔn asɛm no.” Petro duu hɔ no, ankyɛ na “wɔn a wɔka sɛ nkurɔfo ntwa twetia no fii ase kasa tiaa no.” Ná ɛhaw wɔn sɛ Petro akɔ “nnipa a wontwaa wɔn twetia fi ne wɔn akodidi.” (Aso. 11:1-3) Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no, ɛnyɛ nea na wɔreka ne sɛ Amanaman mufo rentumi mmɛyɛ Kristo akyidifo. Mmom no, nea na wɔagye agyina mu reka paa ne sɛ, ɛsɛ sɛ Amanaman mufo no di Mose Mmara no so na wɔtwa twetia ansa na wɔn som asɔ Yehowa ani. Wei ma yehu paa sɛ, na ɛyɛ den ma Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no binom sɛ wɔbegyae Mose Mmara no akyidi.

16 Sɛn na Petro kyerɛkyerɛɛ nea ɔyɛe no mu? Sɛnea Asomafo Nnwuma 11:4-16 kyerɛ no, Petro maa adanse ahorow nnan de kyerɛe sɛ, nea ɔyɛe no, Onyankopɔn na ɔma ɔyɛe: (1) onyaa anisoadehu (Nkyekyɛm 4-10); (2) honhom maa no ahyɛde (Nkyekyɛm 11, 12); (3) ɔbɔfo kɔɔ Kornelio nkyɛn (Nkyekyɛm 13, 14); ne (4) honhom kronkron baa Amanaman mufo no so. (Nkyekyɛm 15, 16) Petro de asɛmmisa a tumi wom yi wiee ne kasa no: “Enti, akyɛde a Onyankopɔn de ma kwa a ɔde maa yɛn a yɛagye Awurade Yesu Kristo adi no, sɛ ɔde akyɛde koro no ara bi ama wɔn a, mene hena a metumi asiw Onyankopɔn kwan?”—Aso. 11:17.

17, 18. (a) Ebɛn kwan do na dase a Peter dzii no peem Jewfo Christianfo no? (b) Ebɛnadze ntsi na ɔnnyɛ mberɛw dɛ yɛbɛma koryɛ atsena asafo no mu, na ebɛn nsɛm na ɔsɛ dɛ yebisa hɛnho?

17 Adanse a Petro dii no pem Yudafo Kristofo no. Ná wɔbeyi nnipa mu nyiyim biara afi wɔn mu na wɔagye Amanaman mufo a wɔabɔ wɔn asu foforo no atom sɛ wɔn nuanom Kristofo anaa? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Bere a [asomafo no ne Yudafo Kristofo nkae no tee] eyinom no, wɔne no antwe bio, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Wɔkae sɛ: ‘Ɛnde na Onyankopɔn abue kwan ama amanaman mufo nso sɛ wɔnsakra wɔn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkwa.’” (Aso. 11:18) Adwempa a wɔnyae no boa maa baakoyɛ tenaa asafo no mu.

18 Ɛnnɛ nso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛma baakoyɛ atena asafo no mu, efisɛ Yehowa asomfo yɛ nnipa a “wofi aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu.” (Adi. 7:9) Enti asafo pii wɔ hɔ a, wokɔ mu a wuhu sɛ ɛsono baabi a wɔn mu biara fi, kasa a wɔka, ne wɔn amammerɛ. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Mayi adwene a ɛntene biara a mewɔ wɔ afoforo ho no afi me komam? Nneɛma a ama wiase no mu akyekyɛ te sɛ amanyɔsɛm, amammerɛ, meyɛ tuntum-woyɛ kɔkɔɔ, ne mifi ha-mifi ha no, ɛno na ɛkyerɛ me sɛnea me ne me nuanom Kristofo bɛtena anaa?’ Kae nea ɛtoo Petro (Kefa) no. Bere a Amanaman mufo bɛyɛɛ Kristofo no akyi mfe bi no, nnipa ho suro nti, Petro ‘twee ne ho’ fii Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no ho. (Gal. 2:11-14) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere nyinaa na yɛamma nnipa mu nyiyim amma yɛn akwan mu.

“Nyimpa Pii Bɛyɛɛ Agyedzifo” (Andw. 11:​19-26a)

19. Woananom na Jewfo Christianfo a nna wɔwɔ Antioch no kaa asɛm no kyerɛɛ hɔn, na ebɛnadze na ofii mu bae?

19 Yesu akyidifo no fii ase dii Amanaman mufo a wɔntwaa twetia no adanse anaa? Hyɛ nea esii Antiokia a ɛwɔ Siria no nsow. d Ná Yudafo pii wɔ kurow no mu, nanso na ntawntawdi nni Yudafo ne Amanaman mufo no ntam. Enti na Antiokia yɛ beae a ɛfata a wɔbetumi aka asɛm no akyerɛ Amanaman mufo no. Ɛhɔ na Yudafo Kristofo binom kaa asɛmpa no kyerɛɛ “wɔn a wɔka Greek kasa no.” (Aso. 11:20) Ɛnyɛ Yudafo a wɔka Greek kasa no nko ara na wɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, na mmom wɔkaa asɛm no kyerɛɛ Amanaman mufo a wɔntwaa twetia no nso. Yehowa hyiraa adwuma no so, na “nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo.”—Aso. 11:21.

20, 21. Ebɛnadze na Barnabas yɛe a ɔkyerɛ dɛ ɔwɔ ahobrɛadze, na ebɛnadze na hɛn so yebotum ayɛ dze akyerɛ dɛ yɛbrɛ hɛnho adze aber a yɛreyɛ asɛnka edwuma no?

20 Nea ɛbɛyɛ na wɔaka asɛm no akyerɛ nnipa komapafo a wɔwɔ Antiokia no, asafo a na ɛwɔ Yerusalem no somaa Barnaba kɔɔ hɔ. Nnipa pii kyerɛɛ asɛm no ho anigye, enti ɛbɛyɛɛ den maa onipa baako sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn. Hena na na obetumi akɔboa no? Ɛnyɛ obiara sɛ Saul a na ɔrebɛyɛ ɔsomafo ama amanaman no. (Aso. 9:15; Rom. 1:5) Ná Barnaba bebu Saul sɛ obi a ɔne no rebesi akan anaa? Ɛnte saa koraa! Mmom no, Barnaba kyerɛe sɛ ɔwɔ ahobrɛase. Ɔno ankasa kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saul, na ɔne no baa Antiokia sɛ ɔmmɛboa no. Wɔn mmienu no dii afe wɔ hɔ de boaa asuafo a na wɔwɔ asafo no mu no.—Aso. 11:22-26a.

21 Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ asɛnka adwuma no mu? Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yebegye atom sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ. Obiara wɔ nea ɔbɔ mu mmɔden. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebinom tumi di obiara a wɔhyia no abɔnten so anaa afie afie mu no adanse, nanso wɔntumi nyɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua. Sɛ wopɛ sɛ wutu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no afã bi mu a, adɛn nti na womma obi mmoa wo? Sɛ woyɛ saa a, wobɛsow aba pii na woanya anigye kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu.—1 Kor. 9:26.

Wɔdze Ndzɛmba ‘Kɔboaa Enuanom’ (Andw. 11:26b-30)

22, 23. Ebɛn kwan do na enuanom a wɔwɔ Antioch no daa onuadɔ edzi, na ebɛn kwan do na Nyankopɔn no nkorɔfo a wɔwɔ hɔ ndɛ so yɛ dɛm?

22 Antiokia na “wɔnam Onyankopɔn akwankyerɛ so dii kan frɛɛ asuafo no Kristofo.” (Aso. 11:26b) Edin a Onyankopɔn penee so yi fata wɔn, efisɛ na wɔdi Kristo nhwɛso akyi. Bere a amanaman mufo bɛyɛɛ Kristofo no, Kristofo a wɔyɛ Yudafo ne Amanaman mufo a wɔabɛyɛ agyidifo no nyinaa tenae sɛ anuanom anaa? Wo de, hwɛ nea ɛbae bere a ɔkɔm kɛse bi sii bɛyɛ afe 46 Y.B. no. e Tete no, sɛ ɔkɔm ba a, ahiafo a wɔnni aduan anaa sikadahɔ na na wɔn ho taa ka mu. Ɔkɔm no bae no, ɛbɛyɛ sɛ na Kristofo a wɔyɛ Yudafo a wɔte Yudea no dodow no ara yɛ ahiafo. Ɛno nti, na wɔhia aduan ne nneɛma afoforo. Bere a Kristofo a wɔwɔ Antiokia a na wɔn mu binom yɛ Amanaman mufo tee no, wɔde nneɛma ‘kɔboaa anuanom’ a wɔwɔ Yudea no. (Aso. 11:29) Onuadɔ bɛn ara ni!

23 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yɛ saa ara. Sɛ yɛte sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ ɔman foforo so anaa yɛn mpɔtam akɔ ahokyere mu a, yeyi yɛn yam boa wɔn. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si, te sɛ mframa gyampantrudu, asaasewosow, anaa ɛpo a etwiw fa asaase so, na anuanom ho ka a, Baa Boayikuw a ɛhwɛ hɔ no yɛ ntɛm paw Boayikuw a Ɛde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ akɔyɛ anuanom a wɔn ho aka mu no mmoa. Saa mmoa a yɛde kɔma anuanom yi nyinaa kyerɛ sɛ yɛwɔ onuadɔ ankasa.—Yoh. 13:34, 35; 1 Yoh. 3:17.

24. Ebɛnadze na yɛbɛyɛ dze akyerɛ dɛ enyido-adzehu a Jehovah maa Peter nyae no, hɛn so yɛtse ase?

24 Anisoadehu a Petro nyae wɔ asomafo no bere so, bere a na ɔwɔ ɔdan atifi wɔ Yopa no ho hia nokware Kristofo, efisɛ yɛsom Onyankopɔn a ɔnyɛ nnipa mu nyiyim. Ɛyɛ ne pɛ sɛ yebedi n’Ahenni no ho adanse frenkyemm. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no kyerɛ obiara ɛmfa ho abusua ne ɔman a ofi mu anaa dibea a okura. Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ obiara a ɔpɛ sɛ otie.—Rom. 10:11-13.

Sɛ yɛn nuanom kɔ ahokyere mu a, yeyi yɛn yam boa wɔn

a Ná Yudafo binom mmu wɔn a wɔhyɛ mmoa nhoma aduru, efisɛ na wɔn adwuma no ma wɔsuso mmoa nhoma, mmoa funu, ne nneɛma a ɛyɛ tan mu. Wɔn a wɔyɛ saa adwuma no, na nkurɔfo bu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔkɔ asɔrefie, na na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwuma no wɔ kurom. Anyɛ yiye koraa, na ɛsɛ sɛ ɔkwan a ɛda baabi a wɔyɛ adwuma no ne kurow no ntam no yɛ mita 20. Ebia ɛno ka ho bi na na Simon fie bɛn “mpoano” no.—Aso. 10:6.

b Hwɛ adaka a wɔato din “ Kornelio—Roma Asraafodɔm So Panyin” no.

c Asɛm a wɔato din “Afotu Pa a Wɔde Tete Mmofra” no, ɛbaa November 1, 2006, Ɔwɛn-Aban no mu; ɛwɔ kratafa 4 kosi 7.

d Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 73 a wɔato din “ Antiokia a Ɛwɔ Siria” no.

e Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kaa sɛ, saa “ɔkɔm kɛse” yi sii wɔ Ɔhempɔn Klaudio nniso ase (efi afe 41 Y.B. kosi afe 54 Y.B.).