Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 4

Wɔyɛ ‘Nyimpa A Wonnsuaa Nwoma; Wɔnnyɛ Nyimpa Tsitsir Biara’

Wɔyɛ ‘Nyimpa A Wonnsuaa Nwoma; Wɔnnyɛ Nyimpa Tsitsir Biara’

Asomafo no nyaa akokodur, na Jehovah hyiraa hɔn

Egyina Asomafo Nnwuma 3:1–5:11 so

1, 2. Ebɛn anwanwadze na Peter na John yɛe wɔ asɔrfi n’abow no ano?

 NÁ OWIA no da nnipadɔm no so. Ná “dɔn a wɔbɔ mpae” no reyɛ adu. a Enti, na Yudafo nyamesomfo ne Kristo asuafo no ani kyerɛ asɔrefie hɔ. (Aso. 2:46; 3:1) Ná Petro ne Yohane di nnipadɔm no mu, na wɔn nyinaa ani kyerɛ asɔrefie hɔ ponkɛse a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛɛfɛ no. Bere a nnipa ayɛ hɔ manyamanya na ɛhɔ nyinaa ayɛ gyegyeegye no, na ɔbarima bi a wɔwoo no obubuafo nso te hɔ resrɛsrɛ ade.—Aso. 3:2; 4:22.

2 Bere a Petro ne Yohane rebɛn hɔ no, ɔbarima a na ɔresrɛsrɛ ade no maa ne nne so bio srɛɛ sika. Afei asomafo no gyinae, na ɔbarima no nyaa adwene sɛ obenya biribi. Na Petro kae sɛ: “Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ de, minni bi. Nea mewɔ na mede rema wo yi. Nasaretni Yesu Kristo din mu, nantew!” Ná obubuafo no nnyinaa ne nan so da. Enti wo de, hwɛ sɛnea nnipadɔm yi ho bedwiriw wɔn bere a Petro soo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ no! (Aso. 3:6, 7) Twa ho mfoni hwɛ sɛ ɔbarima no rehwɛ ne nan a ayɛ yiye no, na afei wafi ase retutu ne nan mmaako mmaako. Ɛnyɛ nwanwa sɛ ohuruhuruw de anigye yii Onyankopɔn ayɛ!

3. Nna ebɛn nhyira a ɔsen biara na ɔbarimba a wɔsaa no yarba no nye nyimpadɔm no nyinara botum enya?

3 Afei nnipadɔm no bɔɔ twi kɔɔ Petro ne Yohane nkyɛn wɔ Solomon abrannaa no so. Saa abrannaa yi so na bere bi Yesu gyina kyerɛkyerɛe, na anwanwade a Petro yɛɛ no saa da no, ɛha ara nso na ɔmaa nnipa no huu nea ɛkyerɛ. (Yoh. 10:23) Ɔmaa nnipadɔm no ne ɔbarima a wɔasa no yare no nhyira a ɛsen sika ne dwetɛ koraa. Saa nhyira yi sen apɔwmuden mpo. Ɛno ne hokwan a nnipa benya asakra ma wɔapopa wɔn bɔne na wɔabɛyɛ Yehowa “nkwa Safohene” Yesu Kristo akyidifo.—Aso. 3:15.

4. (a) Aber a wɔsaa ɔbarimba bi yarba no, nna ebɛn asɛm na nkyɛ ɔrekɛfa aba? (b) Ebɛn nsɛmbisa ebien na yebenya ho mbuae?

4 Anokwa, na ɛda no yɛ da titiriw! Wɔsaa obubuafo bi yare ma otumi nantewee. Nnipa mpempem pii nso nyaa ayaresa foforo. Wɔnyaa hokwan a wɔbetumi asua Onyankopɔn asɛm na wɔanantew ɔkwampa so wɔ n’anim. (Kol. 1:9, 10) Bio nso, nsɛm a esisii saa da no maa atumfoɔ no de wɔn ani sii Kristo asuafo anokwafo no so, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔagyae Ahenni asɛmpaka adwuma a Yesu de hyɛɛ wɔn nsa no. (Aso. 1:8) Ná wɔbu Petro ne Yohane sɛ ‘nnipa a wɔnsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara.’ Enti yɛhwɛ sɛnea wɔdii nnipadɔm no adanse ne suban a wɔdaa no adi a, dɛn na yebetumi asua afi mu? b (Aso. 4:13) Afei sɛ yɛhwɛ ɔkwan a wɔne asuafo a aka no faa so yɛɛ wɔn ade bere a ebinom sɔre tiaa wɔn adwuma no a, dɛn na yesua fi mu?

Ɔnnyɛ “Hɛnankasa Hɛn Tum” (Andw. 3:​11-26)

5. Sɛ yɛhwɛ mbrɛ Peter nye nyimpakuw no kasae no a, ebɛnadze na yebotum esua efi mu?

5 Bere a na Petro ne Yohane gyina nnipakuw no anim no, na ɛnkyɛe koraa na nkurɔfo teɛteɛɛm sɛ wɔmmɔ Yesu asɛndua mu, na na asomafo yi nim sɛ ebia na wɔn a wɔretie wɔn no bi ka ho. (Mar. 15:8-15; Aso. 3:13-15) Hwɛ akokoduru a Petro daa no adi bere a ɔkaa no pen sɛ wɔde Yesu din na ɛsaa obubuafo no yare no. Petro de asɛm no too nea ɛda. Ɔmaa nnipa no hui pefee sɛ wɔka ho na wɔkum Kristo. Nanso na Petro nni wɔn ho menasepɔw biara, efisɛ na ‘nim a wɔnnim nti na wɔyɛe.’ (Aso. 3:17) Ɔne wɔn kasae sɛ ne nuanom, na ɔkaa Ahenni no ho asɛm a ɔhwɛ a ɛbɛka wɔn koma. Ɔma wɔhuu sɛ wɔsakra gye Kristo di a, Yehowa bɛma wɔn “ahotɔ mmere.” (Aso. 3:19) Yɛn nso yehia akokoduru na yɛatumi aka Onyankopɔn atemmu a ɛreba no ho asɛm. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantu nsɛm bumbum anaa yɛankasa antia afoforo. Mmom, ɛsɛ sɛ yebu wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no sɛ nnipa a wɔbetumi abɛyɛ yɛn nuanom daakye, na ɛsɛ sɛ yesuasua Petro na yɛka Ahenni no ho nsɛm a ɛbɛka wɔn koma.

6. Ebɛnadze na Peter na John yɛe a ɔkyerɛ dɛ nna wɔbrɛ hɔnho adze?

6 Na asomafo no yɛ nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase. Anwanwade a wɔyɛe no, wɔannye ho anuonyam amfa. Petro ka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Adɛn nti na morehwɛ yɛn haa te sɛ nea gyama yɛn ankasa tumi anaa yɛn nyamesom pa so na yɛnam ma ɔnantewee?” (Aso. 3:12) Ná Petro ne asomafo a aka no nim sɛ ade pa biara a wɔatumi ayɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no, efi Onyankopɔn tumi, na ɛnyɛ wɔn ankasa ahoɔden. Ahobrɛase a wɔwɔ nti, wɔde nea wɔtumi yɛe nyinaa ho ayeyi maa Yehowa ne Yesu.

7, 8. (a) Ebɛnadze na yebotum ayɛ dze aboa nkorɔfo? (b) Ebɛnadze na ɔkyerɛ dɛ nkɔnhyɛ a ɔnye dɛ “wobesiesie ndzɛmba nyina” no reba mu ndɛ?

7 Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase bere a yɛreka Ahenni no ho asɛm no. Ɛnnɛ Onyankopɔn honhom mma Kristofo nsa yare anwanwakwan so. Nanso, yebetumi aboa nnipa ama wɔanya Onyankopɔn ne Kristo mu gyidi na ama wɔn nsa aka nhyira a Petro de maa nnipakuw no bi. Nhyira no ne hokwan a ɛbɛma Yehowa de wɔn bɔne akyɛ wɔn na wɔn ho atɔ wɔn. Afe biara nnipa mpempem gye saa hokwan no tom bɛyɛ Kristo asuafo a wɔabɔ asu.

8 Petro kaa bere a yɛte mu yi ho asɛm sɛ “mmere a wobesiesie nneɛma nyinaa.” Asɛm a “Onyankopɔn nam ne tete adiyifo kronkron no anom so kae no,” ɛbaa mu bere a Onyankopɔn Ahenni no fii ase wɔ soro afe 1914 no. (Aso. 3:21; Dw. 110:1-3; Dan. 4:16, 17) Ankyɛ na Kristo fii ase totoo nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a nokware som bɛsan afa ne ntama pa afura. Wei ama nnipa ɔpepem pii aba honhom fam paradise bi mu abɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no manfo. Wɔayi suban dedaw a aporɔw no agu, na wɔahyɛ “suban foforo a Onyankopɔn bɔɔ no sɛnea ɔpɛ no.” (Efe. 4:22-24) Sɛnea asomafo no nam Onyankopɔn honhom so saa obubuafo no yare no, saa ara na honhom no boa adwuma kɛse yi; emfi nnipa ahoɔden. Ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu yiye kyerɛ afoforo, sɛnea Petro yɛe no. Biribiara a yetumi yɛ de boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo no mfi yɛn ahoɔden, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn tumi.

‘Yerunntum Nngyaa Asɛm No Ka’ (Andw. 4:​1-22)

9-11. (a) Aber a Jewfo etumfo no tsee Peter na John hɔn asɛm no, ebɛnadze na wɔyɛe? (b) Ebɛnadze na asomafo no sii hɔn bo dɛ wɔbɛyɛ?

9 Petro kasa no ne anigye a obubuafo a wɔasa no yare no de huruhuruw teɛteɛɛm no maa ɛhɔ yɛɛ bagyabagya. Bere a ɔbarima a ɔhwɛ asɔrefie hɔ no ne ɔsɔfo panyin no tee no, wɔkɔɔ hɔ ntɛm ara sɛ wɔrekɔhwɛ nea asi. Ɛbɛyɛ sɛ na mmarima yi yɛ Sadukifo. Ná saa kuw yi mufo yɛ atumfoɔ a wɔwɔ sika, na na wɔpɛ sɛ Yudafo ne Romafo tena asomdwoe mu. Kuw yi mufo poo mmara a wɔnkyerɛwee a na Farisifo no agye agyina mu no, na wɔdii owusɔre nkyerɛkyerɛ no ho fɛw. c Bere a wɔkɔtoo Petro ne Yohane sɛ wɔde akokoduru rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ sɛ wɔanyan Yesu no, wɔn bo fuwii.

10 Atamfo yi de abufuw twee Petro ne Yohane koguu afiase, na ade kyee no, wɔde wɔn kɔɔ Yudafo asɛnni bagua kɛse no anim. Ná saa atumfoɔ anuonyampɛfo yi bu Petro ne Yohane sɛ ‘nnipa a wɔnsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara,’ na wɔnni hokwan sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ. Ná wɔnkɔɔ nyamesom sukuu titiriw biara, nanso wɔde akokoduru ne ahotoso kasae maa asɛnni baguafo no ho dwiriw wɔn. Dɛn na ɛmaa Petro ne Yohane tumi kasae saa? Ade baako ne sɛ “na wɔka Yesu ho.” (Aso. 4:13) Ná wɔn Wura no kyerɛkyerɛ sɛ obi a ɔwɔ tumi; ná ɔnte sɛ akyerɛwfo no.—Mat. 7:28, 29.

11 Asɛnni bagua no hyɛɛ asomafo no sɛ wɔnnyae asɛnka adwuma no. Saa bere no, sɛ asɛnnifo yi hyɛ mmara a, na tumi wom paa. Nnawɔtwe kakra a na atwam no, saa bagua yi ara dii Yesu asɛm, na wɔbuu no fɔ sɛ “ɛsɛ sɛ owu.” (Mat. 26:59-66) Nanso wei ammɔ Petro ne Yohane hu. Mmom wɔgyinaa atumfoɔ nhomanimfo a wɔyɛ asikafo yi anim de akokoduru kaa no obu mu sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ara mummua. Na yɛn de, nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”—Aso. 4:19, 20.

12. Ebɛnadze na ɔbɔboa hɛn ma yeenya akokodur nye ahotodo?

12 Wowɔ saa akokoduru no bi anaa? Sɛ wunya hokwan sɛ wubedi asikafo, nhomanimfo, anaa atitiriw a wɔwɔ wo mpɔtam no adanse a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Anaa ɔsom a wowom no nti, sɛ w’abusuafo, wo sukuufo, anaa w’adwumamfo di wo ho fɛw a, dɛn na ɛyɛ a woyɛ? Wobɔ hu anaa? Sɛ saa a, twa wo koma to wo yam. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔkyerɛɛ asomafo no sɛnea wɔbetumi de akokoduru ne obu aka wɔn gyidi ho asɛm. (Mat. 10:11-18) Bere a wɔnyanee Yesu no, ɔhyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ ɔne wɔn wɔ hɔ “nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.” (Mat. 28:20) Yesu nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so tete yɛn na yɛatumi adi yɛn gyidi ho adanse. (Mat. 24:45-47; 1 Pet. 3:15) Sɛ yɛkɔ nhyiam ahorow bi te sɛ Kristofo Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua no ase a, yenya ntetee no bi wɔ hɔ. Afei, yenya bi fi nhoma ne video ahorow a yɛde sua Bible mu. Ebi ne nsɛm a yɛato din “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” a ɛwɔ jw.org wɛbsaet no so no. Wobɔ mmɔden kɔ asafo nhyiam a ɛte saa? Nhoma ahorow no nso, ɛyɛ a wunya bere kenkan? Na video ahorow no nso ɛ, wunya bere hwɛ? Sɛ wutumi yɛ saa a, wubenya akokoduru paa na ɛbɛma wo gyidi asi pi. Ɛba saa a, sɛnea asomafo no sii wɔn bo sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu a wɔahu na wɔate no wɔrennyae ho asɛm ka da no, wo nso saa na wobɛyɛ.

Nokware a ɛwɔ Bible mu a woasua no, si wo bo sɛ worennyae ho asɛm ka da

‘Wɔmaa Hɔn Ndze Do Kyerɛɛ Nyankopɔn’ (Andw. 4:​23-31)

13, 14. Sɛ atamfo tu hɔn enyi si hɛn do a, ebɛnadze na ɔsɛ dɛ yɛyɛ, na ebɛnadze ntsi a?

13 Bere a wɔyii Petro ne Yohane fii afiase no, wɔantwentwɛn so koraa na wɔne asafo no hyiae. Wɔn nyinaa ‘maa wɔn nne so kyerɛɛ Onyankopɔn’ bɔɔ mpae srɛɛ no sɛ ɔmma wɔn akokoduru a wɔde bɛkɔ so aka asɛm no. (Aso. 4:24) Ná Petro nim paa sɛ, ɔpɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde na sɛ ɔde ne ho to n’ahoɔden so a, ɛrenkosi hwee. Bere bi, na Yesu aka akyerɛ Petro sɛ obegyina nnipa mu aka sɛ onnim no, nanso esiane sɛ na Petro gye ne ho di nti, ɔkaa sɛ: “Sɛ nea ɛbɛba wo so no bɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me de, ɛrento me hintidua da!” Ankyɛ koraa na nnipa ho suro nti, Yesu a ɔyɛ Petro adamfo ne ne kyerɛkyerɛfo no, Petro kaa wɔ nnipa mu sɛ onnim no. Nanso Petro suaa biribi fii mfomso a odii no mu.—Mat. 26:33, 34, 69-75.

14 Wuntumi mfa w’ankasa w’ahoɔden nyɛ adansedi adwuma a Kristo de ama wo no. Sɛ atamfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma woagyae wo som anaa asɛnka adwuma no a, sua Petro ne Yohane. Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo ahoɔden. Ma asafo no mmoa wo. Ka wo haw kyerɛ mpanyimfo ne anuanom a wɔn ho akokwaw. Mpae a wo nuanom bɛbɔ ama wo no betumi ahyɛ wo den.—Efe. 6:18; Yak. 5:16.

15. Hɔn a ber bi wogyaa asɛnka edwuma no, ebɛnadze ntsi na wobotum aka hɔn akoma ato hɔn yamu?

15 Sɛ bere bi, biribi ma wugyaee asɛnka adwuma no a, ka wo koma to wo yam. Kae sɛ Yesu wui no, asomafo no nyinaa gyaee asɛnka adwuma no, nanso ankyɛ na wɔsan nyaa ahoɔden de toaa adwuma no so. (Mat. 26:56; 28:10, 16-20) Enti mma mfomso a woayɛ atwam mmmu w’abam; mmom sua biribi fi mu fa hyɛ afoforo den.

16, 17. Mpaa a Christ n’ekyirdzifo no bɔe wɔ Jerusalem no, ebɛnadze na yebotum esua efi mu?

16 Sɛ atumfoɔ tan yɛn ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae? Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow, asuafo no ansrɛ Yehowa sɛ onyi ɔtaa mfi wɔn so. Wɔkaee Yesu asɛm yi: “Sɛ wɔatan m’ani a, mo nso wɔbɛtan mo ani.” (Yoh. 15:20) Enti asuafo anokwafo yi srɛɛ Yehowa sɛ ‘ontie’ atamfo ahunahuna no na ɔnhyɛ wɔn den. (Aso. 4:29) Asuafo no hui sɛ ɔtaa a aba wɔn so no rema nkɔmhyɛ aba mu, na Onyankopɔn apɛde nso de, ɛno na ehia. Ná Yesu akyerɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde “nyɛ hɔ wɔ asaase so,” na na wɔnim sɛ ɛmfa ho nea atumfoɔ no bɛka biara no, saa asɛm no bɛba mu.—Mat. 6:9, 10.

17 Ná asuafo no pɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde, enti wɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru kɛse nka w’asɛm.” Dɛn na Yehowa yɛe amonom hɔ ara? “Baabi a wohyiaam no wosowee, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no.” (Aso. 4:29-31) Enti biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Onyankopɔn apɛde kwan. (Yes. 55:11) Nea ɛbɛto yɛn biara anaa sɛ atamfo wɔ tumi sɛ dɛn, na sɛ yɛma yɛn nne so bɔ Onyankopɔn mpae a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛma yɛn ahoɔden ma yɛakɔ so de akokoduru aka n’asɛm no.

Nyankopɔn Na Yebu Akontaa Kyerɛ No, “Na Ɔnnyɛ Nyimpa” (Andw. 4:32–5:11)

18. Ebɛnadze na asafo a ɔwɔ Jerusalem no mufo yɛe dze boa hɔn nuanom?

18 Asafo foforo a ɛwɔ Yerusalem no, ankyɛ na wɔnyaa nkɔanim ara maa wɔn dodow koduu 5,000 ne akyiri. d Ɛmfa ho sɛ na ɛsono baabi a asuafo no mu biara fi no, wɔn nyinaa nyaa “koma ne ɔkra koro.” Ɛno kyerɛ sɛ, na wɔn nyinaa adwene ne wɔn nsusuwii hyia. (Aso. 4:32; 1 Kor. 1:10) Bere a asuafo no bɔɔ Yehowa mpae wiei no, wɔamma no anso hɔ ara. Obiara hyɛɛ ne yɔnko gyidi den, na wɔboaa wɔn a ahia wɔn no. (1 Yoh. 3:16-18) Ɛho nhwɛso bi ni: Osuani Yosef a asomafo no too ne din Barnaba no tɔn n’asaase, na oyii ne yam de ɛho sika nyinaa bae sɛ wɔmfa mmoa wɔn a na wɔfi akyirikyiri aba Yerusalem no, na wɔatumi atena hɔ kakra asua wɔn gyidi ho nsɛm pii.

19. Ebɛnadze ntsi na Jehovah kum Ananias nye Sapphira?

19 Ɔbarima bi a ɔde Anania ne ne yere Safira nso tɔn wɔn agyapade de yii ntoboa. Wɔmaa ɛbɛyɛɛ sɛ wɔde sika no nyinaa na aba, nanso ‘wɔyii nea wɔnyae no bi siei.’ (Aso. 5:2) Yehowa bɔɔ awarefo yi kum wɔn. Ɛnyɛ sɛ na sika no sua nti na ɔyɛɛ saa, na mmom na wɔnni adwempa, na wɔyɛ nnaadaafo. ‘Onyankopɔn na wɔdii atoro kyerɛɛ no, na ɛnyɛ nnipa.’ (Aso. 5:4) Anania ne Safira yɛɛ wɔn ade sɛ nyaatwomfo a Yesu buu wɔn atɛn no. Nea na ehia wɔn kɛse ne sɛ wɔbenya nnipa anim dom, na ɛnyɛ Onyankopɔn anim dom.—Mat. 6:1-3.

20. Sɛ yeriyi ntoboa ama Jehovah a, ebɛnadze na ɔsɛ dɛ yɛma ɔtsena hɛn adwen mu?

20 Sɛnea asuafo anokwafo a na wɔwɔ Yerusalem wɔ asomafo no bere so no yii wɔn yam yɛe no, ɛnnɛ, Adansefo ɔpepem pii yi ntoboa de boa wiase nyinaa asɛnka adwuma no. Ɛnyɛ nhyɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn sika bɛboa adwuma yi, efisɛ Yehowa mpɛ sɛ yɛde amemenemfe bɛsom no anaa ɔbɛhyɛ yɛn ma yɛasom no. (2 Kor. 9:7) Sɛ yeyi ntoboa a, ɛnyɛ ne kɛse na ehia Yehowa. Mmom nea enti a yɛreyi ntoboa no na ehia no. (Mar. 12:41-44) Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade sɛ Anania ne Safira ama nyaatwom anaa anuonyampɛ aba yɛn som mu. Mmom ɛsɛ sɛ yesuasua Petro, Yohane, ne Barnaba na yɛma ɔdɔ kann a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ka yɛn ma yɛsom Yehowa.—Mat. 22:37-40.

a Ná wɔbɔ mpae anɔpa ne anwummere bere a wɔbɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ no. Ná anwummere afɔrebɔ no ba so “dɔn a ɛto so akron,” anaa bɛyɛ awia nnɔn mmiɛnsa.

b Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 30 a wɔato din, “ Ɔpofoni Petro Bɛyɛɛ Ɔsomafo a Ɔyɛ Nnam” ne nea ɛwɔ kratafa 33 a wɔato din, “ Yohane—Osuani a Na Yesu Dɔ No” no.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 34 a wɔato din “ Ɔsɔfo Panyin Ne Asɔfo Mpanyin No.

d Afe 33 Y.B. no, na Farisifo a wɔwɔ Yerusalem no dodow bɛyɛ 6,000 pɛ, na Sadukifo no mpo de, na wɔnnu saa. Ebia wei nyinaa nti na na akuw mmienu yi suro sɛ Yesu ho nkyerɛkyerɛ no begye ntini no.