Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 3

‘Sunsum Krɔnkrɔn Bɛhyɛɛ Hɔn Amaama’

‘Sunsum Krɔnkrɔn Bɛhyɛɛ Hɔn Amaama’

Nsɛm a osisii aber a wohuee sunsum krɔnkrɔn no guu hɔn do wɔ Pentecost da no

Egyina Asomafo Nnwuma 2:1-47 so

1. Sɛ Pentecost Afahyɛ no dur a, ebɛn ndzɛmba na ɔyɛ a ɔkɔ do?

 ANIGYE ahyɛ Yerusalem mmɔnten so mã. a Lewifo no reto Hallel Nnwom. (Saa dwom no mu nsɛm wɔ Dwom 113 kosi 118) Ebetumi aba sɛ, sɛnea dwom no te no, ebinom to a na afoforo agye so. Dwom no rekɔ so nyinaa, na wusiw fi afɔremuka a ɛwɔ asɔrefie hɔ no mu rekɔ soro. Nnipa bebree redi akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔnten so. Wɔatwa kwan tenten aba Yerusalem. Ebi fi Elam, Mesopotamia, Kapadokia, Ponto, Egypt, ne Roma. b Dɛn na na ɛrekɔ so? Nkurɔfo ahyiam rebedi Pentekoste afahyɛ no; wɔsan frɛ no ‘aba a edi kan da.’ (Num. 28:26) Ná wɔdi saa afahyɛ yi afe biara bere a wɔatwa atoko awie na wɔrebetwa hwiit no. Ná ɛyɛ anigye da.

2. Ebɛn anwanwasɛm na osii Pentecost afe 33 H.B.?

2 Anwanwasɛm bi sii afe 33 Y.B. Ná ɛyɛ March kosi June mu hɔ baabi. Ná abɔ bɛyɛ anɔpa nnɔnkron. Nea esii no, na nkurɔfo werɛ remfi da. Prɛko pɛ, “dede bi fi soro bae, te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen.” (Aso. 2:2) Ofie a na Yesu asuafo bɛyɛ 120 ahyiam no, dede no gyigyee hɔ nyinaa. Afei biribi sii a na ɛyɛ nwanwa. Wɔhuu sɛ tɛkrɛma bebree a ɛte sɛ ogya abesisi asuafo no mu biara so. c Ɛbaa saa no, ‘honhom kronkron hyɛɛ wɔn mama’ na wɔfii ase kaa kasa foforo! Bere a asuafo no fii fie hɔ no, ahɔho a wɔhyiaa wɔn wɔ Yerusalem mmɔnten so no ho dwiriw wɔn, efisɛ na asuafo no tumi ne wɔn kasa! Asɛm no ne sɛ, “wɔn mu biara tee sɛ wɔreka ɔno ara ne kasa.”—Aso. 2:1-6.

3. (a) Ebɛnadze ntsi na yebotum aka dɛ Pentecost afe 33 H.B. yɛ ber tsitsir wɔ nokwar som abakɔsɛm mu? (b) “Ahendzi ne nsaafee” a wɔdze maa Peter no, ebɛnadze na ɔdze dza odzi kan no yɛe?

3 Asɛm a esii Pentekoste da no yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu. Efisɛ saa bere no na wɔde wɔn a wɔasra wɔn no kyekyee honhom fam Israel man no anaa wɔbɛyɛɛ Kristofo asafo. (Gal. 6:16) Nanso asɛm no anso hɔ ara. Ná wɔde “Ahenni nsafe” anaa nsafoa mmiɛnsa bi ama Petro sɛ ɔmfa mmue hokwan soronko bi mma nnipa ahorow ahorow. Bere a Petro kasa kyerɛɛ nnipakuw no saa da no, ɔde nea edi kan no dii dwuma. (Mat. 16:18, 19) Safoa a edi kan yi buee kwan maa Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom no maa wɔgyee asɛmpa no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron bɛsra wɔn. d Ná wei bɛma wɔanya hokwan abɛka honhom fam Israel man no ho, na wɔatumi akɔyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ Mesia Ahenni no mu. (Adi. 5:9, 10) Bere rekɔ so no na Samariafo ne Amanaman mufo nso benya hokwan a ɛte saa. Nea ɛkɔɔ so Pentekoste afe 33 Y.B. no, dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi mu?

“Nna Hɔn Nyina Ehyia Mu Fakor” (Andw. 2:​1-4)

4. Edwuma a asafo a wɔtseew no afe 33 H.B. yɛe no, ebɛnadze ntsi na yebotum aka dɛ Christianfo asafo a ɔwɔ hɔ ndɛ no rotoa do?

4 Bere a wɔrefi Kristofo asafo no ase no, na asuafo bɛyɛ 120 a wɔde honhom kronkron asra wɔn na wɔwom. Ná “wɔn nyinaa ahyiam faako” wɔ abansoro dan bi mu. (Aso. 2:1) Da no ara, wɔbɔɔ nnipa mpempem asu bɛkaa asafo no ho. Nkɔanim a wɔnyae saa bere no annyae, efisɛ asafo no akɔ so atrɛw de abesi nnɛ! Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ a mmarima ne mmea a wɔsuro Onyankopɔn na wɔwom no, wɔnam wɔn so reka ‘Ahenni no ho asɛmpa no wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse’ ansa na wiase yi awiei aba.—Mat. 24:14.

5. Hɔn a nna wɔwɔ Christianfo asafo no mu wɔ asomafo no aber do no nyaa nhyira bi, na ɔno ara bi na yerinya no ndɛ. Ɔyɛ ebɛn nhyira a?

5 Afei nso, na Kristofo asafo no bɛboa ama wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” a wɔbɛba akyiri yi no, obiara atumi ahyɛ ne yɔnko nkuran aboa no. (Yoh. 10:16) Bere a Paul kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no, ɔkyerɛe sɛ n’ani sɔ mmoa a asafo no mufo nya fi wɔn nuanom hɔ no. Ɔkaa sɛ: “Me ho pere me sɛ mehu mo, na mama mo honhom mu akyɛde bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim wɔ gyidi no mu; anaa me ne mo nyinaa, obiara de ne gyidi bɛhyɛ ne yɔnko nkuran.”—Rom. 1:11, 12.

6, 7. Jesus n’ahyɛdze a ɔnye dɛ yɛnka asɛm no wɔ aman nyina mu no, ebɛnadze na Christianfo asafo no reyɛ dze edzi do ndɛ?

6 Adwuma a Kristofo asafo no yɛe wɔ asomafo no bere so no, ɛno ara na ɛrekɔ nnɛ. Nea Yesu de hyɛɛ n’asuafo no nsa sɛ wɔnyɛ no, na ɛnyɛ mmerɛw nanso na ɛyɛ anigye. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mat. 28:19, 20.

7 Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo asafo no na Onyankopɔn nam so reyɛ saa adwuma yi. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ nnipa a yɛnte wɔn kasa, nanso Yehowa Adansefo ayɛ nhoma ahorow a yɛde sua Bible ne nneɛma foforo wɔ kasa bɛboro 1,000 mu. Sɛ wowɔ Kristofo asafo no mu na wokɔ asɛnka yɛ asuafoyɛ adwuma no bi a, ɛnde ɛsɛ sɛ woma w’ani gye. Nnipa kakraa bi a wɔwɔ asaase so a wɔredi Yehowa din no ho adanse nnɛ no, woka ho, na ɛyɛ hokwan kɛse paa!

8. Ebɛn kwan do na Christianfo asafo no boa hɛn?

8 Seesei yɛte mmere a emu yɛ den mu. Nanso Yehowa Nyankopɔn ama yɛn anuanom wɔ wiase nyinaa a wɔbetumi aboa yɛn ama yɛde anigye asom no. Paul kyerɛw Hebrifo Kristofo no sɛ: “Momma obiara nnwen ne yɔnko ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan ne yɔnko ama wada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa. Na mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam, sɛnea ebinom nhyiam no. Mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw, bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Heb. 10:24, 25) Kristofo asafo no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Sɛ yɛwɔ asafo no mu a, yetumi hyɛ afoforo den na wɔn nso hyɛ yɛn den. Enti wo ne wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea mmɔ daa. Ntoto Kristofo nhyiam mu da!

‘Hɔn Mu Biara Tsee Ɔno Ara Ne Kasaa’ (Andw. 2:​5-13)

“Yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn nnwuma akɛse no ho asɛm wɔ yɛn kasa mu.”​—Asomafo Nnwuma 2:11

9, 10. Ebɛnadze na binom ayɛ ama woeetum nye nyimpa a wɔka kasa fofor abɔ nkɔmbɔ?

9 Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Pentekoste afe 33 Y.B. no, wɔn ani gyei. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn a wɔahyia no mu dodow no ara te Greek anaa Hebri kasa. Nanso ‘wɔn mu biara tee sɛ [asuafo no] reka ɔno ara ne kasa.’ (Aso. 2:6) Yebetumi aka sɛ bere a wɔtee asɛmpa no wɔ wɔn ankasa kasa mu no, ɛkaa wɔn koma. Yenim sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ntumi nka kasa foforo anwanwakwan so. Nanso wɔn mu bebree atu wɔn ho asi hɔ reka Ahenni asɛmpa no kyerɛ nnipa a wɔfi mmaa nyinaa. Ɔkwan bɛn so? Ebinom sua kasa foforo sɛnea wɔbetumi akɔboa asafo bi a ɛbɛn wɔn, na ebinom mpo tu kɔ aman foforo so. Sɛ nkurɔfo te sɛ anuanom yi rebɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ wɔn kasa mu a, wɔn ani gye.

10 Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Christine ne Adansefo foforo baason suaa Gujarati kasa no. Bere bi okyiaa ababaa bi a ɔne no wɔ adwumam wɔ Gujarati kasa mu. Ababaa no ani gyei, na obisaa Christine nea enti a ɔrehaw ne ho asua Gujarati kasa denneennen no. Christine de saa akwannya no dii no adanse. Ababaa no ka kyerɛɛ Christine sɛ: “Mitumi hu sɛ asɛm a mode nam no hia paa.”

11. Yɛbɛyɛ dɛn aka Ahendzi ho asɛmpa no akyerɛ hɔn a wɔnntse hɛn kasaa?

11 Ɛyɛ nokware, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebetumi asua kasa foforo. Nanso yebetumi aka Ahenni ho asɛm no bi akyerɛ nnipa a wɔka kasa foforo. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɔkwan baako a wubetumi afa so ne sɛ wode JW Language® app no besua sɛnea wɔkyia kɛkɛ wɔ kasa bi a nkurɔfo taa ka wɔ baabi a mote no. Wubetumi nso asua nsɛm kakra a wobɛka ama wɔn a wɔka saa kasa no ani agye asɛmpa no ho. Wopɛ nso a, fa wɔn kɔ jw.org, na fa video ne nhoma ahorow a ɛwɔ wɔn kasa mu kyerɛ wɔn. Sɛ yɛfa saa akwan yi so di adanse a, ɛbɛma yɛn ani agye te sɛ yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no. Bere a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo no wɔ ‘wɔn ara wɔn kasa mu’ no, sɛnea nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade no maa wɔn ani gyei paa.

‘Peter Soɛree Gyinaa Hɔ’ (Andw. 2:​14-37)

12. (a) Ebɛn asɛm na nkɔnhyɛnyi Joel kae a ɔfa anwanwandze a osii wɔ Pentecost afe 33 H.B. no ho? (b) Ebɛnadze ntsi na yebotum aka dɛ nna esuafo no rohwɛ kwan dɛ Joel no nkɔnhyɛ no bɛba mu wɔ hɔn aber do?

12 ‘Petro sɔre gyinaa hɔ’ kasa kyerɛɛ nnipa a wɔfi mmeaemmeae abehyiam no. (Aso. 2:14) Ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn a wɔretie no nyinaa sɛ, Onyankopɔn na wama wɔn tumi a wɔde ka kasa foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a Yoel nkɔmhyɛ no bɛbam. Asɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ: “Mehwie me honhom agu ɔhonam ahorow nyinaa so.” (Yoel 2:28) Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mɛsrɛ Agya no, na ɔbɛma mo ɔboafo foforo.” Yesu kyerɛɛ mu sɛ saa ɔboafo no ne ‘honhom no.’—Yoh. 14:16, 17.

13, 14. Ebɛn kwan do na Peter kaa n’asɛm no ma ɔkaa hɔn a nna woritsie no no akoma, na yɛbɛyɛ dɛn esuasua no?

13 Bere a Petro rewie n’asɛm no, osii no pi kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Ma Israel fi nyinaa nhu paa sɛ, Yesu yi a mobɔɔ no asɛndua mu no, Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Kristo.” (Aso. 2:36) Ɛyɛ nokware sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu kum no no, na wɔn a Petro rekasa kyerɛ wɔn no mu dodow no ara nni hɔ. Nanso na ɔman mũ no nyinaa di fɔ wɔ nea esii no ho. Yɛnhyɛ no nsow sɛ Petro fi obu mu kaa asɛm a ɛbɛka ne nuanom Yudafo no koma. Ná Petro botae ne sɛ ɔbɛma wɔanu wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ obebu wɔn fɔ. Asɛm a Petro kae no hyɛɛ wɔn a wɔretie no abufuw anaa? Daabida. Mmom “ɛwowɔɔ wɔn komam,” na wɔbisae sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ?” Ebetumi aba sɛ obu a Petro de kasae no ka ho bi na asɛm no kaa nnipa pii koma ma wɔsakrae.—Aso. 2:37.

14 Sɛnea Petro kasa ma ɛkaa nkurɔfo koma no, yebetumi asua biribi afi mu. Sɛ yɛredi nkurɔfo adanse na sɛ wɔka asɛm a enni Bible mu mpo a, ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛpɛ biribi a yɛne wɔn adwene hyia wɔ ho na yɛbɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ yɛne obi rekasa na yɛhyɛ ase fi nsɛm a yɛne no yɛ adwene so a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi afa kwan bi so ne no asusuw Onyankopɔn Asɛm ho. Sɛ yɛfa saa kwan yi so kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no a, yebetumi anya wɔn a wɔwɔ koma pa ma wɔatie asɛm no.

“Hom Mma Wɔmbɔ Hom Mu Biara Esu” (Andw. 2:​38-47)

15. (a) Ebɛn asɛm na Peter kae, na ebɛnadze na etsiefo no yɛe wɔ ho? (b) Ebɛnadze na ɔmaa nyimpa mpempem a wɔtsee asɛmpa no wɔ Pentecost da no fataa dɛ wɔbɔ hɔn esu dɛm da no ara?

15 Saa Pentekoste da no, Petro ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom a na wɔayɛ aso retie no no sɛ: “Monsakra, na momma wɔmmɔ mo mu biara asu.” (Aso. 2:38) Wei ma wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu; ebetumi aba sɛ wɔbɔɔ wɔn asu wɔ atare a ɛwɔ Yerusalem anaa mpɔtam hɔ mu. e Ɛbaa wɔn mu ara na wɔbɔɔ asu anaa? Bible mu asɛm yi kyerɛ sɛ obi resua Bible anaasɛ ɔyɛ abofra a n’awofo yɛ Kristofo a, ɛsɛ sɛ otutu mmirika kɔbɔ asu anaa? Ɛnte saa koraa. Kae sɛ na Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom a wɔbɔɔ wɔn asu Pentekoste afe 33 Y.B. no asua Onyankopɔn Asɛm. Afei, ɔman a na wɔwom no, na wɔahyira wɔn nyinaa so ama Yehowa dedaw. Ɛno da nkyɛn a, na wɔn mu bi atwa kwantenten aba saa afe afe afahyɛ yi ase, enti na wei kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Bere a wɔtee nokwasɛm a ɛfa Yesu Kristo ho ne sɛnea Onyankopɔn de no di dwuma no, wɔgye toom na wɔsii wɔn bo sɛ wɔbɛtoa so asom Onyankopɔn. Nanso efi saa bere no rekɔ de, na wɔabɛyɛ Kristo akyidifo a wɔabɔ asu.

16. Christianfo a nna wɔwɔ asomafo no aber do no, ebɛnadze na wɔyɛe a ɔkyerɛ dɛ nna wɔwɔ ahofama?

16 Biribiara kyerɛ sɛ Yehowa hyiraa wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo no. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Wɔn a wɔbɛyɛɛ gyidifo no nyinaa hyiaa mu, na wɔde wɔn nneɛma nyinaa boom, na wɔtontɔn wɔn ahode ne wɔn agyapade, na nea wonya fii mu no, wɔkyekyɛ maa obiara nyaa nea ohia.” f (Aso. 2:44, 45) Nokware Kristofo nyinaa betumi asuasua wɔn dɔ ne wɔn ahofama no.

17. Ebɛn ndzɛmba na ohia dɛ obi yɛ ama ɔaafata dɛ wɔbɔ no esu?

17 Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ ansa na obi betumi ahyira ne ho so abɔ asu abɛyɛ Kristoni no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛsɛ sɛ onya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ. (Yoh. 17:3) Bio nso, ehia sɛ onya gyidi, ɔsakra fi ne kan abrabɔ ho, na ɔkyerɛ sɛ wanu ne ho ankasa. (Aso. 3:19) Afei ɛsɛ sɛ ɔsesa n’akwan na ofi ase yɛ nnwuma a Onyankopɔn pene so. (Rom. 12:2; Efe. 4:23, 24) Sɛ owie weinom nyinaa a, ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so ma Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu, na ɔma wɔbɔ no asu.—Mat. 16:24; 1 Pet. 3:21.

18. Ebɛn hokwan na ɔwɔ hɔ ma Christ n’esuafo a wɔabɔ hɔn esu no?

18 Woyɛ Yesu Kristo suani a woahyira wo ho so abɔ asu anaa? Ɛnde, ma w’ani nnye sɛ woanya hokwan a ɛte saa. Yehowa betumi de wo ayɛ adwuma kɛse ama woadi adanse frenkyemm te sɛ asuafo a na wɔwɔ asomafo no bere so no a honhom kronkron hyɛɛ wɔn mã no!

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 23 a wɔato din “ Yerusalem—Yudasom No Ti” no.

b Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 24 a wɔato din “ Roma—Ahemman Bi Ahenkurow,” ne nea ɛwɔ kratafa 25 a wɔato din “ Yudafo a Wɔwɔ Mesopotamia Ne Egypt,” ne nea ɛwɔ kratafa 26 a wɔato din “ Kristofo a Wɔwɔ Ponto” no.

c Ná “tɛkrɛma” no nyɛ ogya ankasa, na mmom na “ɛte sɛ ogya.” Enti sɛ obi de n’ani hwɛ a, na ohu no sɛ ogya wɔ osuani biara so.

d Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 27 a wɔato din “ Henanom Ne Wɔn a Wɔsakra Bɛyɛɛ Yudafo No?

e Biribi a ɛte saa sii bere a Yehowa Adansefo hyiae August 7, 1993 wɔ amanaman ntam nhyiam bi ase wɔ Kiev, Ukraine no. Wɔbɔɔ nnipa 7,402 asu wɔ atare nsia mu. Edii nnɔnhwerew mmienu ne simma dunum ansa na wɔrebɔ wɔn asu awie.

f Wɔanyɛ nhyehyɛe yi sɛ ɛntena hɔ afebɔɔ. Mmom wɔyɛe sɛ wɔde bɛboa ahɔho a wɔabɛyɛ Kristofo a wɔda so wɔ Yerusalem resua wɔn gyidi ho nsɛm pii no. Wei nkyerɛ sɛ, wɔhyɛɛ wɔn nyinaa sɛ obiara mfa nea ɔwɔ mmra na wɔnka mmom nkyɛ. Mmom wɔn ankasa na wɔyii wɔn yam de nea wɔwɔ bɛboae.—Aso. 5:1-4.