Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 2

“Hom Bɛyɛ M’adasefo”

“Hom Bɛyɛ M’adasefo”

Mbrɛ Jesus siesiee n’asomafo no ma wodzii asɛnka edwuma no enyim

Egyina Asomafo Nnwuma 1:1-26 so

1-3. Ansaana Jesus regya n’esuafo no hɔ akɔ sor no, ebɛnadze na ɔkɔr do? Ebɛn nsɛmbisa na iyi dze ba?

 NSƐM a esisii nnawɔtwe kakra a atwam no ama asomafo no ani agye ara ma wɔnyae a, anka ɛrentwam da. Ná Yesu wusɔre no ama awerɛhow a wɔredi no adan anigye. Ná Yesu taa yi ne ho adi kyerɛ n’akyidifo no, na na ɔkyerɛkyerɛ wɔn hyɛ wɔn nkuran. Ɔyɛɛ saa bɛyɛ adaduanan. Nanso saa da yi twam a, na wɔrenhu no bio.

2 Bere a asomafo no ne Yesu wɔ Ngo Bepɔw no so no, wɔyɛɛ aso tiee biribiara a Yesu kae. Ɛbɛyɛ sɛ owiei no, wɔn yam a anka ɔkaa nsɛm no bi kaa ho. Afei ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn, na ɔmaa ne ho so kɔɔ soro! Yesu rekɔ soro no nyinaa, na n’akyidifo no ama wɔn ti so rehwɛ no. Afei mununkum bɛkataa ne so, na wɔanhu no bio. Ná ɔkɔ, nanso na wɔda so ara rehwɛ wim.—Luka 24:50; Aso. 1:9, 10.

3 Efi saa bere no, Yesu asomafo no asetena sesae koraa. Seesei a wɔn Wura Yesu Kristo kɔ soro yi, dɛn na wɔbɛyɛ? Ná ɛnyɛ hu, efisɛ na wɔn Wura no atete wɔn yiye ama adwuma a ofii ase no. Nanso yemmisa sɛ, ɔkwan bɛn so na osiesiee wɔn maa adwuma titiriw yi, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi nea esii no mu? Ti a edi kan wɔ Asomafo Nnwuma no mu bɛma yɛanya nsɛm yi ho mmuae; ɛbɛhyɛ yɛn den paa.

“Dase Beberee A Odzi Mu” (Andw. 1:​1-5)

4. Ebɛn asɛm na Luke dze hyɛɛ Asomafo Ndwuma nwoma no ase?

4 Luka bɔɔ Teofilo din de fii ne nhoma no ase. Saa ɔbarima yi ara na Luka kyerɛw n’Asɛmpa no kɔmaa no. a Nea ɛma yehu sɛ na Asomafo Nnwuma no yɛ Luka Asɛmpa no ntoaso ne sɛ, Luka refi Asomafo Nnwuma no ase no, ɔbɔɔ asɛm a ɔde wiee n’Asɛmpa no mua, na ɔde nsɛm foforo kaa ho.

5, 6. (a) Ebɛnadze na ɔbɔboa Jesus n’ekyirdzifo ama hɔn gyedzi aayɛ dzen? (b) Ebɛnadze na ɔkyerɛ dɛ Christianfo a wɔwɔ hɔ ndɛ no gyedzi gyina “dase beberee a odzi mu” do?

5 Dɛn na ɛbɛma Yesu akyidifo gyidi ayɛ den? Asomafo Nnwuma 1:3 ka Yesu ho asɛm sɛ: “Ɔnam adanse bebree a edi mu so de ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔte ase.” Bible mu nyinaa no, ‘oduruyɛfo’ Luka nko ara na ɔde asɛm a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘adanse a edi mu’ no yɛɛ adwuma. (Kol. 4:14) Ná ɛyɛ asɛm a nnuruyɛfo taa de yɛ adwuma, na ɛkyerɛ adanse a edi mũ na ɛyɛ nokware. Yesu maa nkurɔfo nyaa adanse a ɛte saa. Oyii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo no mpɛn pii; ɛtɔ da bi a, oyi ne ho adi kyerɛ onipa baako anaa nnipa mmienu; ɛtɔ da bi nso a, oyi ne ho adi kyerɛ asomafo no nyinaa. Da bi mpo de, oyii ne ho adi kyerɛɛ gyidifo bɛboro 500. (1 Kor. 15:3-6) Ná wei yɛ adanse a edi mũ paa!

6 Gyidi a nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ kura no nso gyina “adanse bebree a edi mu” so. Adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu tenaa asaase so, na yɛn bɔne nti owui, ɛnna wɔnyanee no anaa? Adanse wɔ hɔ boro so! Wɔn a wɔde wɔn ani huu Yesu no ama yɛn adanse a yehia nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛ yesua saa kyerɛwtohɔ no na yɛbɔ ho mpae a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den. Kae sɛ, sɛ yenya adanse a edi mũ a, ɛbɛma yɛn gyidi anya nnyinaso, na ɛrenyɛ gyidi hunu. Sɛ yebenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ yenya gyidi a edi mũ.—Yoh. 3:16.

7. Ebɛn nhwɛdo na Jesus yɛɛ maa n’ekyirdzifo wɔ asɛnka nye nkyerɛkyerɛ mu?

7 Bio nso, Yesu ‘kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm.’ Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nkɔmhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ Mesia no behu amane na wawu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu. (Luka 24:13-32, 46, 47) Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ ne dibea sɛ Mesia no mu no, ɔtwee adwene sii Onyankopɔn Ahenni no so, efisɛ ɔno na na ɔbɛyɛ ɛso Hene. Bere biara a Yesu bɛyɛ asɛnka adwuma no, na ɔka Ahenni no ho asɛm, na ɛno ara na n’akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ka ho asɛm.—Mat. 24:14; Luka 4:43.

‘Wɔdze Bɔkɔ Asaase Ano Noho’ (Andw. 1:​6-12)

8, 9. (a) Nna ebɛn adwen ebien a ɔnntsen na Jesus n’asomafo no wɔ? (b) Ebɛnadze na Jesus yɛe dze tseen asomafo no adwen, na ebɛnadze na ndɛ Christianfo sua fi mu?

8 Bere a asomafo no ne Yesu hyiae wɔ Ngo Bepɔw no so no, na ɛno ne da a etwa to a wɔne Yesu rehyia wɔ asaase so. Wɔde anigye bisaa no sɛ: “Awurade, saa bere yi na woresan de ahenni no ama Israel anaa?” (Aso. 1:6) Saa asɛmmisa yi ma yehu nneɛma mmienu bi a na ɛwɔ asomafo no adwene mu a na ɛntene. Nea edi kan no, na wɔsusuw sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni no besi hɔ ama Israel man. Nea ɛtɔ so mmienu no, na wɔhwɛ kwan sɛ Ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no befi ase adi tumi “saa bere yi,” kyerɛ sɛ, amonom hɔ ara. Dɛn na Yesu yɛ de tenee wɔn adwene?

9 Ná Yesu nim sɛ adwene a ɛntene a edi kan a asomafo no kura no, ɛrenkyɛ koraa biribi besi ama wɔasesa wɔn adwene. Nea ɛwom ne sɛ, nnafua du akyi no, na n’akyidifo no behu sɛ wɔawo ɔman foforo anaa wɔahyehyɛ ɔman foforo a ɛne honhom fam Israel. Sɛ ɛba saa a, wei bɛkyerɛ sɛ, Israelfo renyɛ Onyankopɔn man a wayi wɔn bio. Adwene a ɛtɔ so mmienu no de, Yesu kaee wɔn sɛ: “Enhia sɛ muhu mmere anaa nna a Agya no de ne tumi ahyehyɛ ato hɔ no.” (Aso. 1:7) Yehowa na ɔhyɛ bere. Ansa na Yesu rewu no, ɔno ankasa kaa sɛ, Ɔba no mpo nnim “da no ne dɔn” a awiei no bɛba, gye “Agya no nko ara.” (Mat. 24:36) Ɛnnɛ nso, sɛ Kristofo dwinnwen da a wiase yi awiei bɛba no ho dodo a, na wɔrehaw wɔn ho. Efisɛ ɛnyɛ wɔn de ne sɛ wɔbehu da a awiei no bɛba.

10. Nna ebɛn suban pa na asomafo no wɔ, na ebɛnadze ntsi na ɔsɛ dɛ yesua?

10 Ɛwom, na Yesu asomafo no kura adwene a ɛntene, nanso ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ na wɔnni gyidi, efisɛ gyidi de, na wɔwɔ bi paa. Wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa Yesu tenee wɔn so. Ɛno da nkyɛn a, adwene a wɔkura a wɔde bisaa saa asɛm no, na ɛntene, nanso asɛmmisa no ma yehu sɛ na wɔwɔ suban pa bi. Ná Yesu aka akyerɛ n’akyidifo no mpɛn pii sɛ: “Monkɔ so nwɛn.” (Mat. 24:42; 25:13; 26:41) Ná wɔde wɔn ani ato fam rehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rebegye wɔn. Wei yɛ suban bi a ɛsɛ sɛ yenya no nnɛ. Nsɛm a ɛresisi wɔ “awiei mmere no mu” no kyerɛ sɛ ɛnnɛ paa na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn.—2 Tim. 3:1-5.

11, 12. (a) Ebɛn edwuma na Jesus dze maa n’ekyirdzifo no? (b) Aber a Jesus reka asɛnka edwuma no ho asɛm no, ɔkaa sunsum krɔnkrɔn no so ho asɛm. Ebɛnadze ntsi na ehwɛ a ɔkaa dɛm?

11 Yesu kaee asomafo no nea ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn paa. Ɔkaa sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a, mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asaase ano noho.” (Aso. 1:8) Ná wɔbedi kan aka Yesu wusɔre no ho asɛm wɔ Yerusalem, baabi a nkurɔfo kum no no. Afei nso, na wɔbɛtrɛw asɛm no mu akɔ Yudea ne Samaria, na wɔatoa so akɔ asaase ano nohoa.

12 Ansa na Yesu resoma n’asuafo no sɛ wɔnkɔyɛ asɛnka adwuma no, ɔma wɔhuu sɛ ɔbɛma honhom kronkron na aboa wɔn. Wohwɛ a adɛn nti na Yesu kaa saa? Asɛm “honhom kronkron” no pue bɛboro mpɛn 40 wɔ Asomafo Nnwuma no mu, na emu baako na yɛreka ho asɛm yi. Sɛ yɛrekenkan Asomafo Nnwuma no a, ade baako a yehu no pefee ne sɛ, sɛ honhom kronkron no ammoa yɛn a, yɛrentumi nyɛ Yehowa apɛde da. Enti wutumi hu sɛ, ɛho hia paa sɛ yɛtaa bɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom no! (Luka 11:13) Ɛnnɛ paa na yehia no kɛse.

13. Ndɛ, asaasesin a Nyankopɔn no nkorɔfo yɛ asɛnka edwuma wɔ mu no, ɔkɔ ara kodu hen, na ebɛnadze ntsi na ɔsɛ dɛ yɛyer hɛnho yɛ dɛm edwuma no?

13 Asomafo no bere so no, sɛ wɔka “asaase ano noho” a, na ɛyɛ aman kakraa bi pɛ. Nanso ɛnnɛ, yɛreka asɛmpa no wɔ wiase baabiara. Ɛwom, adwuma yi nyɛ adwuma ketewa, nanso sɛnea yehui wɔ ti a edi kan mu no, Yehowa Adansefo afi wɔn koma nyinaa mu agye saa adwuma no ato wɔn mmati, efisɛ wɔnim sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa ahorow nyinaa te n’Ahenni ho asɛmpa no. (1 Tim. 2:3, 4) Saa adwuma a egye nkwa yi, wode wo ho nyinaa ahyɛ mu anaa? Worennya adwuma a ɛyɛ anigye na ɛma akomatɔyam saa wɔ baabiara! Yehowa bɛma wo ahoɔden a wode bɛyɛ. Asomafo Nnwuma no bɛma woahu ɔkwampa a wobɛfa so ayɛ adwuma no ne suban a wuhia na woatu mpɔn wom.

14, 15. (a) Ebɛn asɛm na abɔfo no kae wɔ Christ ne mbae ho, na nna wɔrepɛ akyerɛ dɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no so.) (b) Ebɛnadze ntsi na yebotum aka dɛ ‘mbrɛ Christ kɔree no, dɛmara na ne mbae’ no yɛe?

14 Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ ti yi mfiase no, Yesu maa ne ho so kɔɔ soro na wɔanhu no bio. Ɛwom na ɔkɔ, nanso na asomafo 11 no da so ara rehwɛ wim. Abɔfo mmienu bi puee hɔ, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Galilea mmarima, adɛn nti na mugyinagyina ha rehwɛ soro yi? Yesu a wɔama no so afi mo nkyɛn kɔ soro yi, sɛnea muhui sɛ ɔrekɔ soro no, saa ara na ɔbɛba.” (Aso. 1:11) Ná abɔfo no rekyerɛ sɛ Yesu de nipadua koro no ara bɛsan aba, sɛnea asɔrefo bi kyerɛkyerɛ no anaa? Daabi, ɛnte saa. Yɛyɛ dɛn hu saa?

15 Abɔfo no anka sɛ Yesu de nipadua koro no ara bɛsan aba, na mmom wɔkae sɛ ɔbɛba ‘sɛnea wɔhui sɛ ɔrekɔ soro no.’ b Ɔkwan bɛn so na ɔkɔe? Asɛm no ne sɛ, bere a abɔfo no rekasa no, na Yesu kɔ dedaw. Asomafo no nko ara na wɔhui sɛ Yesu afi asaase so rekɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro. Saa ara na na Kristo bɛsan aba, na saa pɛpɛɛpɛ na esii. Ɛnnɛ, wɔn a wɔte Kyerɛwnsɛm no ase nko ara na wɔahu sɛ Yesu aba a ɔredi hene. (Luka 17:20) Ehia sɛ yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ waba na yɛma afoforo nso hu, na wɔatumi ayɛ wɔn ade ntɛm.

‘Kyerɛ Obi A Eyi No’ (Andw. 1:​13-26)

16-18. (a) Sɛ yɛhwɛ Asomafo Ndwuma 1:​13, 14 a, ebɛnadze na yesua fa Christianfo nhyiamu ho? (b) Ebɛnadze na Jesus ne maame Mary yɛe a yebotum esua? (d) Ebɛnadze ntsi na Christianfo nhyiamu ho hia ndɛ?

16 Ɛnyɛ nwanwa sɛ asomafo no “san de anigye kɛse baa Yerusalem.” (Luka 24:52) Nanso akwankyerɛ ne ahyɛde a Kristo de maa wɔn no, na wɔbɛyɛ wɔn ade sɛn wɔ ho? Sɛ yɛhwɛ Asomafo Nnwuma 1:13, 14 a, yehu sɛ wɔhyiae wɔ ‘abansoro dan mu,’ na ɛsan ma yehu nneɛma bi wɔ nhyiam a ɛtete saa ho. Saa bere no, sɛ wɔsi fie wɔ Palestina a, na wɔtaa si dan no bi si fie no so. Saa dan no na ne stɛps wɔ abɔnten. Ebetumi aba sɛ Marko maame fie a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma 12:12 no so na na “abansoro dan” yi wɔ anaa? Yennim, nanso nea yebetumi aka ara ne sɛ na ɛyɛ baabi a ɛfata a Kristo akyidifo no betumi ahyiam. Henanom na wɔhyiae wɔ hɔ, na dɛn na wɔyɛe?

17 Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ asomafo no anaa mmarima nko ara na wɔhyiae wɔ hɔ. Ná “mmea bi” nso wɔ hɔ, na na Yesu maame Maria ka ho. Wei ne bere a etwa to a Bible hyɛɛ da bɔɔ Maria din. Yebetumi aka sɛ wammɛhwehwɛ anuonyam wɔ hɔ, na mmom ɔde ahobrɛase bae sɛ ɔne ne nuanom a wɔyɛ agyidifo no rebɛsom. Nea ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam ne sɛ, ne mma nnan a bere a Yesu te ase no na wɔnyɛ gyidifo no, na wɔka ne ho saa bere no. (Mat. 13:55; Yoh. 7:5) Bere a wɔn nua panyin Yesu wui a wɔnyanee no no akyi na wɔsesaa wɔn adwene bɛyɛɛ n’akyidifo.—1 Kor. 15:7.

18 Afei hyɛ nea enti a asuafo no hyiae no nsow: “Eyinom nyinaa de adwenkoro bɔɔ mpae daa.” (Aso. 1:14) Kristofo nim sɛ ehia sɛ bere nyinaa wɔhyiam som. Yehyiam hyɛ yɛn ho nkuran, yenya akwankyerɛ ne afotu, na nea ɛsen ne nyinaa no, yehyiam som Yehowa a ɔyɛ yɛn Agya no. Sɛ yehyiam saa a, nnwom a yɛto ne mpae a yɛbɔ no, n’ani sɔ na yɛn nso ɛboa yɛn. Enti mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam asom na yɛahyehyɛ yɛn ho nkuran da!—Heb. 10:24, 25.

19-21. (a) Sɛ yɛhwɛ dwuma tsitsir a Peter dzii wɔ asafo no mu no a, ebɛnadze na yesua fi mu? (b) Nna ebɛnadze ntsi na ɔsɛ dɛ obi si Judas n’ananmu, na mbrɛ wodzii dɛm asɛm no ho dwuma no, ebɛnadze na yebotum esua efi mu?

19 Ná ahiasɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo no di ho dwuma, na ɔsomafo Petro na odii anim. (Nkyekyɛm 15-26) Petro kaa sɛ onnim ne Wura no; ɔkaa saa mprɛnsa. Nanso sɛ yɛhwɛ sɛnea ɛno akyi Yehowa de no yɛɛ adwuma no a, wunhu sɛ ɛhyɛ nkuran paa? (Mar. 14:72) Mfomso wɔ yɛn nyinaa ho, na nsɛm a ɛte saa kae yɛn sɛ Yehowa ‘ye,’ na wɔn a wɔnu wɔn ho ankasa no, ‘oyi ne yam de wɔn bɔne kyɛ’ wɔn.—Dw. 86:5.

20 Petro hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔnya obi a obesi ɔsomafo Yuda a oyii Yesu mae no ananmu. Nanso hena na na obesi n’ananmu? Petro kae sɛ, ɔsomafo foforo a wɔbeyi no no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a na odi Yesu akyi bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma no. Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ohuu Yesu wusɔre. (Aso. 1:21, 22) Ná wei ne Yesu ankasa asɛm a waka yi hyia: “Mo a mudi m’akyi yi bɛtena nhengua 12 so abu Israel mmusuakuw 12 no atɛn.” (Mat. 19:28) Yetumi hu sɛ na Yehowa abɔ ne tirim sɛ asomafo 12 a wɔdii Yesu akyi wɔ n’asɛnka adwuma mu wɔ asaase so no, wɔn na wɔbɛyɛ Yerusalem Foforo no “fapem 12.” (Adi. 21:2, 14) Enti nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛka sɛ “ne hwɛfo adwuma no, ma obi foforo nyɛ” no, Onyankopɔn maa Petro hui sɛ ɛyɛ Yuda na na ɛreka ne ho asɛm.—Dw. 109:8.

21 Ɔkwan bɛn na wɔfaa so yii ɔsomafo foforo no? Nea wɔyɛe ne sɛ, wɔbɔɔ ntonto, sɛnea na tete no wɔtaa yɛ no. (Mmeb. 16:33) Nanso wei akyi no, Bible anka wɔ baabiara bio sɛ wɔde ntonto yii obi. Ɛbɛyɛ sɛ efi bere a wɔhwiee honhom kronkron guu wɔn so no, afei de na ɛho nhia sɛ wɔde ntonto yɛ adwuma bio. Nanso momma yɛnhwɛ nea enti a wɔde ntonto dii dwuma wɔ ha. Asomafo no bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, wo na wunim nnipa nyinaa koma mu. Kyerɛ mmarima baanu yi mu nea woayi no.” (Aso. 1:23, 24) Enti, na wɔpɛ sɛ Yehowa ankasa yi obi, na oyii Matia. Asuafo 70 a Yesu somaa wɔn bere bi sɛ wɔnkɔka asɛm no, na Matia ka ho. Enti Matia bɛkaa “Dumien no” ho. cAso. 6:2.

22, 23. Ndɛ so, ebɛnadze ntsi na ɔsɛ dɛ yɛbrɛ hɛnho adze na yɛyɛ setsie ma hɔn a wodzi asafo no enyim no?

22 Asɛm a esii yi ma yehu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔanowɔano, na wɔnya nhyehyɛe pa a wɔde bɛsom no. Efi saa bere no ara besi nnɛ, wɔyi mmarima ma wɔsom sɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu. Sɛ mpanyimfo no rehwɛ sɛ obi fata sɛ ɔsom sɛ ɔhwɛfo wɔ asafo no mu a, wɔto wɔn bo ase hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu hwɛ sɛ nea Bible no hwehwɛ fi ne hɔ no, ɛno ara na ɔreyɛ anaa. Afei nso, wɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa wɔn. Wei nti, asafo no hu saa mmarima no sɛ honhom kronkron na ayi wɔn. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase na yɛayɛ osetie ama wɔn. Wei bɛma baakoyɛ atena asafo no mu.—Heb. 13:17.

Yɛbrɛ yɛn ho ase tie mpanyimfo a wɔayi wɔn no

23 Bere a Yesu asuafo no huu sɛ wɔanyan no no, ɛhyɛɛ wɔn den. Afei nso, nsakrae ahorow a ɛkɔɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ wɔn adwuma a ɛda wɔn anim no yiye no, ɛno nso hyɛɛ wɔn den. Enti afei de na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ adwuma titiriw a na ɛda wɔn anim no. Ɛyɛ adwuma titiriw bɛn? Ti a edi hɔ no bɛma yɛahu.

a Luka frɛɛ ɔbarima yi “onuonyamfo Teofilo” wɔ n’Asɛmpa no mu. Wei ma ebinom ka sɛ na onuonyamfo Teofilo yɛ onipa titiriw bi a saa bere no na ɔnyɛ gyidini. (Luka 1:3) Nanso Asomafo Nnwuma no mu de, nea Luka kae ara ne “m’adamfo pa Teofilo.” Nhomanimfo bi ka sɛ Luka Asɛmpa a Teofilo kenkanee no na ɛma ɔbɛyɛɛ gyidini. Wɔka sɛ bere a Luka rekyerɛw Asomafo Nnwuma no, na Teofilo abɛyɛ gyidini dedaw, ɛno nti na wanka ne ho asɛm sɛ “onuonyamfo” no, efisɛ na ɔrekyerɛw no sɛ ne nua Kristoni.

b Greek asɛmfua a Bible de dii dwuma wɔ ha ne troʹpos. Ɛkyerɛ ɔkwan a Yesu bɛsan aba; ɛnyɛ asɛmfua mor·pheʹ a ɛkyerɛ nipadua a ɔde bɛba no na Bible de dii dwuma.

c Akyiri yi wɔyii Paul sɛ ɔnyɛ ‘ɔsomafo mma amanaman no,’ nanso wɔankan no anka 12 no ho da. (Rom. 11:13; 1 Kor. 15:4-8) Nea enti a wannya saa hokwan soronko yi ne sɛ, bere a Yesu reyɛ asɛnka adwuma wɔ asaase so no, na ɔnka n’akyidifo no ho.