Kɔ no mu nsɛm no do

Kɔ no mu nsɛm a wɔahyehyɛ no do

TSIR 5

“Nyankopɔn Nye Tumdzifo A Ɔsɛ Dɛ Yetsie No”

“Nyankopɔn Nye Tumdzifo A Ɔsɛ Dɛ Yetsie No”

Asomafo no etwa ɔsa pa bi ato hɔ ama nokwar Christianfo nyinara

Egyina Asomafo Nnwuma 5:12–6:7 so

1-3. (a) Ebɛnadze ntsi na wɔdze asomafo no baa Sanhedrin bagua no enyim, na nna ebɛnadze na ɔsɛ dɛ asomafo si ho gyinae? (b) Mbrɛ asomafo no yɛɛ hɔn adze no, ebɛnadze ntsi na ɔsɛ dɛ yɛma no ho hia hɛn paa?

 NÁ Sanhedrin atemmufo no koko repae! Wɔde Yesu asomafo no begyinaa asɛnni bagua kɛse no anim. Adɛn ntia? Ɔsɔfo panyin a na ɔda Sanhedrin no ano no, na wɔfrɛ no Yosef Kaiafa. Ɔde abufuw kaa sɛ: “Yɛhyɛɛ mo denneennen sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu bio.” Ne kasa no mu no, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛbɔ Yesu din mpo. Ɔtoaa so sɛ: “Hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem ma, na moasi mo bo sɛ mode onipa yi mogya bɛba yɛn so.” (Aso. 5:28) Nea na ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn ara ne sɛ: Sɛ wɔannyae asɛm no ka a, asɛm ato wɔn!

2 Ná asomafo no bɛyɛ dɛn? Yesu na na ɔde asɛnka adwuma no ahyɛ wɔn nsa; tumi a Yesu wɔ nso, Onyankopɔn na ɔde maa no. (Mat. 28:18-20) Ná asomafo no bɛma nnipa ho suro ahyɛ wɔn so ama wɔaka wɔn ano atom anaa? Anaa na wɔbenya akokoduru agyina pintinn aka asɛm no? Enti na ɛsɛ sɛ wɔsi gyinae sɛ wɔbetie Onyankopɔn anaa wɔbetie nipa. Ɔsomafo Petro ansɛe bere koraa; ɔde akokoduru kasa maa asomafo no nyinaa. Wamfa n’asɛm no anwonwan.

3 Sɛnea asomafo no yɛɛ wɔn ade bere a Sanhedrin no hunahunaa wɔn no ho hia yɛn paa sɛ nokware Kristofo. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, yɛn nso, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛka asɛm no. Bere a yegu so reyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa yi, ɛnyɛ dɛn ara a nkurɔfo bɛtan yɛn ani. (Mat. 10:22) Saa atamfo yi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ayɛ den sɛ yɛbɛka asɛmpa no anaa wɔyɛ nea wɔbetumi nyinaa sɛ wɔbɛbara yɛn adwuma no. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Gyinae a asomafo no sii ne nea ɛyɛe a wɔkopuee Sanhedrin bagua no anim no, sɛ yesusuw ho a, ɛbɛboa yɛn paa. a

“Jehovah No Bɔfoe Buebuee Efiadze Mbobow No” (Andw. 5:​12-21a)

4, 5. Ebɛnadze ntsi na ‘ahoɔyaw hyɛɛ’ Caiaphas nye Sadduceefo no ma?

4 Kae sɛ, bere a edi kan a Sanhedrin no kaa sɛ Petro ne Yohane nnyae asɛm no ka no, wɔbuaa wɔn sɛ: “Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.” (Aso. 4:20) Ɛno akyi no, Petro ne Yohane ne asomafo a wɔaka no kɔɔ so kaa asɛm no wɔ asɔrefie hɔ. Asomafo no yɛɛ anwanwade akɛse. Wɔsaa yare, na wɔtuu ahonhommɔne. Wɔyɛɛ saa wɔ “Solomon Abrannaa” no so. Ná Solomon abrannaa no wɔ asɔrefie no apuei fam, na ɛhɔ na na Yudafo pii hyia. Nea ɛte ne sɛ, ayarefo a na wɔwɔ hɔ no, sɛ Petro sunsuma mpo tɔ wɔn so a, na wɔanya ayaresa! Wɔn a asomafo no saa wɔn yare no mu bebree wɔ hɔ a, wɔtiee asɛmpa no guu asopa mu. Nea efii mu bae ne sɛ, “wɔn a wɔagye Awurade adi no bebree bɛkaa wɔn ho, mmea ne mmarima pii.”—Aso. 5:12-15.

5 Sadukifo nyamesom kuw no, na Kaiafa ka ho. ‘Ahoɔyaw hyɛɛ’ Kaiafa ne Sadukifo no mã, na wɔde asomafo no guu afiase. (Aso. 5:17, 18) Dɛn nti na na Sadukifo no bo afuw? Nea na ɛwom ara ne sɛ, asomafo no kyerɛkyerɛe sɛ wɔanyan Yesu, nanso na Sadukifo no nnye owusɔre nni. Afei nso, na asomafo no reka sɛ, sɛ obi benya nkwa a, gye sɛ ogye Yesu di. Nanso na Sadukifo no suro sɛ, sɛ nkurɔfo gye Yesu tom sɛ wɔn Kannifo a, Roma aban no bɛba abɛtwe wɔn aso. (Yoh. 11:48) Wei nyinaa nti na na Sadukifo no pɛ sɛ wɔyɛ nea wɔbetumi biara ma asomafo no ka wɔn ano tom no!

6. Ɔtaa a Jehovah n’asomfo hyia ndɛ no, woananom paa na wɔhyɛ ekyir, na ebɛnadze ntsi na ɔnnsɛ dɛ iyi yɛ hɛn nwanwa?

6 Ɛnnɛ nso, ɔtaa a Yehowa asomfo hyia no, wɔn a wɔhyɛ akyi paa ne nyamesom mpanyimfo no. Wɔde tumi a wɔwɔ no piapia aban ne nsɛm ho amanneɛbɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma yɛagyae asɛnka adwuma no. Ɛsɛ sɛ wei yɛ yɛn nwanwa anaa? Daabida. Asɛm a yɛka no pa atoro som ho ntama. Sɛ nnipa bue wɔn komam gye Bible mu nokwasɛm tom a, ɛma wɔde wɔn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ ne amanne ahorow ho. (Yoh. 8:32) Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ asɛm a yɛka no taa ma nyamesom mpanyimfo no bo fuw na ahoɔyaw hyɛ wɔn mã.

7, 8. Ahyɛdze a ɔbɔfo no dze maa asomafo no, ɔbɛyɛ dɛ ɔkaa hɔn dɛn, na ebɛn nsɛm na ɔfata dɛ yebisa hɛnho?

7 Bere a asomafo no wɔ afiase a wɔretwɛn ma wɔadi wɔn asɛm no, ebia nea ɛbaa wɔn tirim ne sɛ wɔn gyidi nti, atamfo rebekum wɔn. (Mat. 24:9) Nanso saa anadwo no, biribi a wɔnhwɛ kwan koraa sii. “Yehowa bɔfo buebuee afiase apon no.” b (Aso. 5:19) Afei ɔbɔfo no de akwankyerɛ pɔtee bi maa wɔn. Ɔkaa sɛ: ‘Munkogyina asɔrefie hɔ, na monkɔ so nka nkwa nsɛm no.’ (Aso. 5:20) Yebetumi aka sɛ, ahyɛde yi maa asomafo no awerɛhyem sɛ nea ɛfata sɛ wɔyɛ ara na wɔreyɛ no. Ɛno da nkyɛn a, ɛbɛyɛ sɛ asɛm a ɔbɔfo no kae no hyɛɛ wɔn den, na ɛboaa wɔn ma wɔnyaa akokoduru sɛ ɛmfa ho nea ebesi biara, wɔbɛkɔ so aka asɛm no. Asomafo no gyidi yɛɛ den, na wɔde akokoduru ‘kɔɔ asɔrefie hɔ ahemanakye, na wɔfii ase kyerɛkyerɛe.’—Aso. 5:21.

8 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Sɛ me na biribi saa too me a, anka menya gyidi ne akokoduru a ɛte saa de atoa so aka asɛm no?’ Sɛ yɛkae sɛ abɔfo boa yɛn, na wɔkyerɛ yɛn kwan ma yedi “Onyankopɔn Ahenni ho adanse frenkyemm” a, ɛbɛhyɛ yɛn den.—Aso. 28:23; Adi. 14:6, 7.

“Nyankopɔn Nye Tumdzifo A Ɔsɛ Dɛ Yetsie No, Na Ɔnnyɛ Nyimpa” (Andw. 5:21b-33)

“Enti wɔde wɔn begyinaa Sanhedrin no anim.”​—Asomafo Nnwuma 5:27

9-11. Aber a Sanhedrin no kaa dɛ asomafo no nngyaa asɛnka edwuma no, ebɛnadze na wɔyɛe, na ebɛn kwan do na iyi yɛ nhwɛdo ma nokwar Christianfo?

9 Afei de, na Kaiafa ne Sanhedrin atemmufo a aka no ayɛ krado sɛ wɔrebɛkyerɛ asomafo no nyansa paa. Ná atemmufo no nnim nea asi wɔ afiase hɔ, enti wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔfa asomafo a wɔde wɔn guu afiase no mmra. Bere a mmarima no duu hɔ no, wɔhui sɛ wɔatoto afiase no nyinaa mu denneennen, na na “awɛmfo no gyinagyina apon no ano,” nanso na asomafo no nni afiase hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ mmarima no ho dwiriw wɔn paa! (Aso. 5:23) Ankyɛ, nea asɔrefie hwɛfo no tee ara ne sɛ, asomafo no asan kɔ asɔrefie hɔ redi Yesu Kristo ho adanse. Saa adwuma yi ara nti na wɔde wɔn koguu afiase oo! Ɔhwɛfo no tee no, wantwentwɛn ne nan ase koraa, ɔne ne mmarima no kɔɔ asɔrefie hɔ kɔkyeree asomafo no de wɔn baa Sanhedrin no anim.

10 Sɛnea yehui wɔ ti yi mfiase no, nyamesom mpanyimfo yi de abufuw ka kyerɛɛ asomafo no sɛ wɔnnyae asɛnka adwuma no. Dɛn na asomafo no yɛe? Petro gyinaa asomafo no ananmu de akokoduru buae sɛ: “Onyankopɔn ne sodifo a ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa.” (Aso. 5:29) Nea asomafo no yɛe no yɛ sa pa a wɔtwa too hɔ maa nokware Kristofo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛwom, Onyankopɔn aka sɛ yentie aban atumfoɔ no, nanso sɛ wɔpɛ sɛ wɔhyɛ yɛn ma yebu Onyankopɔn mmara so de a, yentie wɔn, mmom yetie Onyankopɔn. Enti sɛ nnɛ, “atumfo a wɔkorɔn no” bara adansedi adwuma no mpo a, yɛn de, yɛrentumi nnyae asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no. (Rom. 13:1) Mmom yɛbɛhwehwɛ akwan horow a yɛbɛfa so adi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse frenkyemm a aban mpanyimfo yi nhu akyi.

11 Ɛnyɛ nwanwa sɛ atemmufo no bo fuw denneennen bere a asomafo no de akokoduru yii wɔn ano no. Ná wɔasi wɔn bo sɛ ‘wɔbekum’ asomafo no. (Aso. 5:33) Enti, na adansefo akokodurufo yi nim sɛ owu da hɔ retwɛn wɔn. Nanso na mmoa a wɔn ani nna so koraa nam kwan so reba!

“Hom Runntum Nngu No” (Andw. 5:​34-42)

12, 13. (a) Ebɛn afotu na Gamaliel dze maa ne mfɛfo mbranyimfo no, na ebɛnadze na wɔyɛe? (b) Ndɛ so, ebɛn kwan do na Jehovah botum edzi aboa n’asomfo, na sɛ ‘tsenenee ntsi yehu amandze mpo’ a, ebɛn ndzɛmba na obotum akyekye hɛn werɛ?

12 Afei ɔbarima bi a wɔfrɛ no Gamaliel kasae. Ná ɔyɛ “obi a ɔkyerɛ Mmara, na na nkurɔfo no nyinaa bu no.” c Ɛbɛyɛ sɛ na saa ɔbarima yi mfɛfo mmaranimfo no bu no paa, efisɛ bere a “ɔkae sɛ wɔmfa mmarima no mpue kakra” no, wɔtiee no. (Aso. 5:34) Ɔmaa nhwɛso bi sɛ: Bere bi nnipa bi bae, na wɔtwee nkurɔfo pii dii wɔn akyi, nanso bere a saa akannifo no wui no, wɔn akyidifo no hwetee. Enti Gamaliel ka kyerɛɛ abaguafo no sɛ, wɔnnya asomafo no ho abotare, efisɛ na wɔn Kannifo Yesu wui nkyɛe. Gamaliel toaa so kaa sɛ: “Monnhaw saa mmarima yi. Mmom, munnyaa wɔn. Efisɛ sɛ nkyerɛkyerɛ yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ebegu. Na sɛ efi Onyankopɔn a, ɛnde morentumi ngu no. Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ sɛ nea mo ne Onyankopɔn ankasa na ɛreko.” (Aso. 5:38, 39) Saa asɛm a ɔkae no, ɛtɔɔ atemmufo no asom, enti wɔfaa n’afotu no. Nanso wɔma wɔhwee asomafo no hyɛɛ wɔn sɛ “wonnyae Yesu din ho asɛm ka.”—Aso. 5:40.

13 Ɛnnɛ nso, Yehowa betumi de wiase no mu atitiriw te sɛ Gamaliel adi dwuma de aboa N’asomfo. (Mmeb. 21:1) Yehowa nam ne honhom no so betumi aka atumfoɔ, atemmufo, ne mmarahyɛfo koma ma wɔayɛ biribi a ɛne n’apɛde hyia. (Neh. 2:4-8) Sɛ ɔma kwan ma ‘trenee nti yehu amane mpo’ a, nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a ebetumi ama yɛn awerɛhyem. (1 Pet. 3:14) Nea edi kan no, Onyankopɔn betumi ama yɛn ahoɔden de agyina ano. (1 Kor. 10:13) Nea ɛtɔ so mmienu, atamfo ‘rentumi ntu’ Onyankopɔn nnwuma ngu.—Yes. 54:17.

14, 15. (a) Aber a wɔhwee asomafo no, ebɛnadze na wɔyɛe, na ebɛnadze ntsi na wɔyɛɛ dɛm? (b) Ma nhwɛdo fa kyerɛ mbrɛ Jehovah n’asomfo dze enyigye gyina ɔtaa ano.

14 Bere a wɔhwee asomafo no, wohwɛ a wɔn abam bui anaa? Ɛnte saa koraa! Wɔde “anigye pue fii Sanhedrin no anim kɔe.” (Aso. 5:41) Dɛn nti na na wɔn ‘ani agye?’ Ɛnyɛ hwe a wɔhwee wɔn no na ɛmaa wɔn ani gyei. Nea enti a wɔn ani gyei ne sɛ, wɔhui sɛ Yehowa a wɔredi no nokware ne Yesu a wɔresuasua no nti na wɔretan wɔn ani.—Mat. 5:11, 12.

15 Yɛn nso, asɛmpa no nti yehu amane a, yɛde anigye gyina ano te sɛ yɛn nuanom a wɔtenaa ase asomafo no bere so no. (1 Pet. 4:12-14) Ɛnyɛ ahunahuna, ɔtaa anaa afiasenna na ɛyɛ yɛn dɛ. Mmom sɛ yedi Yehowa nokware a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Wo de, susuw Henryk Dornik a aban ahorow tan n’ani no ho hwɛ. August 1944 no, atumfoɔ no maa wɔde ɔne ne nua koguu nneduaban mu. Atamfo no kaa sɛ: “Ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛma wɔayɛ biribi a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ. Wɔnim sɛ wɔn som nti wɔbetumi awu, nanso ɛno mmom ma wɔn ani gye.” Onua Dornik kae sɛ: “Ɛwom, na mempɛ sɛ miwu, nanso bere a na wɔretan m’ani no, mitumi nyaa akokoduru dii Yehowa nokware, na mamma nea wɔyɛe no ammu amfa me so. Wei maa m’ani gyei.”—Yak. 1:2-4.

Yɛn nso yɛkɔ “afi afi” kɔka asɛm no te sɛ asomafo no

16. Ebɛnadze na asomafo no yɛe a ɔkyerɛ dɛ nna woesi hɔn bo dɛ wobedzi dase kofee, na sɛ yɛreyɛ asɛnka edwuma no a, ebɛnadze na yɛyɛ dze suasua asomafo no?

16 Asomafo no antwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔfii asɛnka adwuma no ase bio. Wɔammɔ hu, na mmom “wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Kristo Yesu ho asɛmpa no wɔ asɔrefi hɔ ne afi afi mu da biara.” d (Aso. 5:42) Ná asɛmpakafo yi asi wɔn bo sɛ wɔde nsi bedi adanse frenkyemm. Yɛnhyɛ no nsow sɛ wɔkɔkaa asɛm no wɔ nkurɔfo afie sɛnea Yesu Kristo kyerɛɛ sɛ wɔnyɛ no. (Mat. 10:7, 11-14) Akyinnye biara nni ho sɛ, saa kwan yi a wɔfaa so kaa asɛmpa no, ɛno na ɛmaa wɔn nkyerɛkyerɛ no trɛw kɔɔ Yerusalem baabiara. Ɛnnɛ, obiara nim sɛ ɔkwan a asomafo no faa so yɛɛ asɛnka adwuma no, saa kwan no ara na Yehowa Adansefo nam so reyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ yɛkɔ fie biara mu wɔ yɛn asaasesin mu a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, yɛn nso yɛpɛ sɛ yedi adanse frenkyemm ma obiara te asɛmpa no. Asɛnka adwuma a yɛyɛ no afie afie mu no, Yehowa ahyira so anaa? Yiw, wahyira so! Nnipa ɔpepem pii agye Ahenni asɛm no atom wɔ awiei mmere yi mu, na wɔn mu bebree wɔ hɔ a, nea ɛyɛe a wɔtee asɛmpa no ne sɛ, Ɔdansefo bi baa wɔn fie.

Mbarimba A Wɔfata A Wɔdze “Edwuma A No Ho Hia” Bɛhyɛ Hɔn Nsa (Andw. 6:​1-6)

17-19. Asɛm bi sii a nna obotum dze mpaapaamu aba. Ɔyɛ ebɛn asɛm? Ebɛnadze na asomafo no yɛe dze siesiee asɛm no?

17 Biribi sii a na ebetumi asɛe asafo foforo a wɔatew no asomdwoe. Ná ɛyɛ dɛn? Esiane sɛ na asuafo a wɔabɔ wɔn asu no pɛ sɛ wɔsua nneɛma pii ansa na wɔasan akɔ wɔn kurom nti, wɔn mu pii tenaa Yerusalem kakra. Wei nti, asuafo a wɔte Yerusalem no yii wɔn yam de nnuan ne nneɛma foforo bɛboaa ahɔho no. (Aso. 2:44-46; 4:34-37) Nanso asɛm bi a na ebetumi akɔfa ɔhaw aba sɔree. Da biara a ‘wɔbɛkyɛ’ aduan no, ‘na wɔbu wɔn ani gu’ akunafo a wɔka Greek kasa no so. (Aso. 6:1) Nanso akunafo a wɔka Hebri kasa no de, wɔammu wɔn ani angu wɔn so. Enti wohwɛ mu  a, wɔne akunafo a wɔka Greek kasa no anni no yiye, na na animhwɛ bi wom. Na wei betumi akɔfa mpaapaemu aba asafo foforo no mu.

18 Ná asafo no trɛw ara ɛretrɛw. Ná asomafo na na wɔreyɛ adwuma sɛ akwankyerɛ kuw. Wɔbehui sɛ, ɛmfata sɛ wɔgyaw ‘Onyankopɔn asɛm to hɔ kɔkyekyɛ aduan.’ (Aso. 6:2) Enti wɔmaa asuafo no hwehwɛɛ mmarima nson a “honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma” a asomafo no betumi de ama wɔahwɛ “adwuma a ɛho hia yi so.” (Aso. 6:3) Nea enti a na wɔhia mmarima a wɔfata ne sɛ, na adwuma no nyɛ aduan kyekyɛ nkutoo, na mmom na wɔbɛhwɛ sika so, wɔbɛtotɔ nneɛma na wɔayɛ kyerɛwtohɔ papa. Mmarima a wɔyii wɔn no, na wɔn nyinaa wɔ Greek din, na ebia wei maa akunafo a wɔredi yaw no gyee wɔn toom. Bere a asomafo no susuw asɛm no ho bɔɔ ho mpae no, wɔde “adwuma a ɛho hia yi” hyɛɛ mmarima nson yi nsa. e

19 Bere a wɔpaw mmarima nson yi sɛ wɔnkyekyɛ aduan no, na ɛkyerɛ sɛ wɔrenyɛ asɛmpaka adwuma no bi anaa? Ɛnte saa koraa! Mmarima a wɔpaw wɔn no, na Stefano ka ho. Bible ma yehu sɛ akyiri yi, ɔde nsi kaa asɛmpa no, na na ɔwɔ akokoduru. (Aso. 6:8-10) Ná Filipo nso ka ho, na ɔno nso Bible frɛɛ no “ɔsɛmpakafo.” (Aso. 21:8) Adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no akyi no, biribiara kyerɛ sɛ mmarima nson yi de nsi kɔɔ so kaa Ahenni no ho asɛm.

20. Ebɛn kwan do na Nyankopɔn n’asomfo a wɔwɔ hɔ ndɛ no dzi asomafo no hɔn nhwɛdo ekyir?

20 Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ di asomafo no nhwɛso akyi. Ansa na wɔbɛkamfo mmarima bi de asafo mu asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔwɔ nyansa na wɔda no adi sɛ honhom kronkron wɔ wɔn so. Sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no toto obi ho na sɛ ɔfata a, wɔpaw no sɛ ɔpanyin anaa ɔsomfo wɔ asafo no mu. Akwankyerɛ Kuw no na ɛde wei nyinaa ho akwankyerɛ ma. f (1 Tim. 3:1-9, 12, 13) Sɛ obi fata a, yebetumi aka sɛ honhom kronkron na apaw no. Mmarima yi de nsi yɛ nnwuma a ɛho hia pii. Sɛ nhwɛso no, asafo mu mpanyimfo yɛ nhyehyɛe de boa Kristofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔhia mmoa. (Yak. 1:27) Mpanyimfo no bi wɔ hɔ nso a, wɔhwɛ sisi Ahenni Asa, ebinom hwɛ nhyiam so, na ebi nso ka Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no ho. Asafo mu asomfo yɛ nnwuma bebree de boa mpanyimfo no wɔ asafo no mu, na wei boa ma mpanyimfo nya bere de kɔsrasra anuanom hyɛ wɔn den na wɔnya bere nso kyerɛkyerɛ. Bere a mpanyimfo ne asafo mu asomfo yi reyɛ dwumadi ahorow a ɛhyɛ wɔn nsa no, wɔhwɛ sɛ wɔremmu wɔn ani ngu Ahenni ho asɛmpaka adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no so.—1 Kor. 9:16.

“Nyankopɔn N’Asɛm Kɔr Do Tserɛwee” (Andw. 6:7)

21, 22. Ebɛnadze na ɔkyerɛ dɛ Jehovah hyiraa asafo fofor no?

21 Ɔtaa a nkurɔfo de baa asafo a wɔatew no foforo yi so no, Yehowa boaa wɔn ma wɔtumi gyinaa ano. Afei asɛm a anka ɛrekɔfa mpaapaemu aba asafo no mu nso, ɔboaa wɔn ma wɔdii so. Yehowa hyiraa asafo yi, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛwee, na asuafo no kɔɔ so yɛɛ bebree wɔ Yerusalem; na asɔfo no mu pii bɛyɛɛ gyidifo.” (Aso. 6:7) Nkɔso pii a asafo no nyae a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma mu no, emu baako pɛ ni. (Aso. 9:31; 12:24; 16:5; 19:20; 28:31) Ɛnnɛ, sɛ yɛte amanneɛbɔ bi sɛ Ahenni asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ wiase mmeae bi a, ɛnhyɛ yɛn nkuran anaa?

22 Sɛ yɛsan kɔ asomafo no bere so a, yehu sɛ na nyamesom mpanyimfo no nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔrebegow wɔn nsam. Ná ɔtaa a ano yɛ den paa repenpɛn so. Ankyɛ na Stefano nyaa ne de, na sɛnea yebehu wɔ ti a edi hɔ no mu no, ɔtaa a ɛbaa no so no, na ani yɛ nyan.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 39 a wɔato din “ Sanhedrin—Yudafo Asɛnnibea Kunini” no.

b Sɛ wohwɛ Asomafo Nnwuma no mu a, wubehu sɛ ɛhyɛ da ka abɔfo ho asɛm bɛyɛ mpɛn 20. Saa asɛm a ɛwɔ ha yi ne nea edi kan. Ɛwom, Asomafo Nnwuma 1:10 kaa abɔfo ho asɛm de, nanso anhyɛ da anyi anim. Ɛkaa sɛ wɔyɛ ‘mmarima bi a wɔhyehyɛ ntaade fitaa.’

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 41 a wɔato din “ Gamaliel—Ɔbarima a Na Rabifo No Bu No.”

d Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 42 a wɔato din “ ‘Afie Mu’ Asɛnka” no.

e Nea wɔgyina so paw mpanyimfo no, ɛno ara na wɔhwɛ de paw mmarima yi, efisɛ na “adwuma a ɛho hia yi” yɛ asɛde a emu yɛ duru. Nanso bere pɔtee a wɔfii ase paw mmarima sɛ mpanyimfo anaa ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu de, Bible nkyerɛ.

f Asomafo no bere so no, wɔde hyɛɛ mmarima bi nsa sɛ wɔmpaw mpanyimfo wɔ nsafo no mu. (Aso. 14:23; 1 Tim. 5:22; Tito 1:5) Ɛnnɛ, Akwankyerɛ Kuw no paw amansin so ahwɛfo, na wɔn nso apaw asafo mu mpanyimfo ne asomfo.