Bɔtera na kɔ bɔ olili so na so

Bɔ tra na kɔ bɔ bahyehyɛ naso

BUE 6 • ASOMAFOƐ NE NNWUMAA 15:36–18:22

“Ma Yɛnsan Nkɔ Anuanom Nkyɛn”

“Ma Yɛnsan Nkɔ Anuanom Nkyɛn”

ASOMAFOƐ NE NNWUMAA 15:36

Adwuma a ɛho hia bɛn na amansin so ahwɛfo yɛ wɔ Kristofo asafo no mu? Sɛ wɔma yɛn dwumadi wɔ asafo no mu na yeyi yɛn yam gye tom a, nhyira bɛn na yebenya? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye, na adɛn nti na ehia sɛ yɛma nea yɛreka no fa yɛn atiefo ho? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nsɛm yi ne nsɛm foforo ho mmuae no, momma yɛmfa yɛn adwene nkɔ ɔsomafo Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmienu no so.