Bɔtera na kɔ bɔ olili so na so

Bɔ tra na kɔ bɔ bahyehyɛ naso

YE TI 16

“Bra Makedonia”

“Bra Makedonia”

Adwuma bɔ bɛfa bewurale bɛ sa ne, bele bɛtole nu, na mmerɛ bɔ ne bɛtane bɛnye ne, bɛfale anigye begyinane nu, na ɛhe maa mmeni pẽe nyane nhyiraa

Egyina Asomafo Nnwuma 16:6-40 so

1-3. (a) Atẽe beni aso yeɛ honhom krongron ne hyirele Pɔɔlo ne bɛbɔ bɛboka ye so ne atẽe ɔ? (b) Edwirɛ beni yeɛ yekosusu yenwo ɔ?

 MMEA bi pue fii Makedonia kurow Filipi mu. Ankyɛ na wɔkoduu asubɔnten ketewaa bi a wɔfrɛ no Gangites ho. Wɔtenaa nsu no ano sɛnea wɔtaa yɛ no, na wɔbɔɔ Israel Nyankopɔn no mpae. Ná Yehowa rehwɛ wɔn.—2 Be. 16:9; Dw. 65:2.

2 Saa bere no, yɛtwa kilomita 800 kɔ apuei fam nso a, na mmarima bi apue afi Listra kurow a ɛwɔ Galatia anaafo fam no mu. Nna bi akyi no, wɔkopuee Roma kwantempɔn bi so. Ná ɛyɛ kwan a wɔde abo asɛm so, na na ɛfa atɔe fam kɔ Asia mantam a nnipa ahyɛ hɔ mã no mu. Saa mmarima no ne Paul, Silas, ne Timoteo, na na wɔpɛ sɛ wɔfa saa kwan no so kɔ Efeso ne nkurow foforo so kɔka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa mpempem pii a wɔntee asɛm no. Nanso wɔnnya nsiim koraa no, honhom kronkron no faa kwan bi so siw wɔn kwan. Bible no nka ɔkwan pɔtee a honhom no faa so siw wɔn kwan, nanso amma wɔanka asɛm no wɔ Asia. Adɛn ntia? Ná Yesu pɛ sɛ ɔfa Onyankopɔn honhom so kyerɛ Paul ne ne mfɛfo no kwan fa Asia Kumaa kotwa Aegean Po no kɔ saa asubɔnten ketewa a wɔfrɛ no Gangites no ho.

3 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu kyerɛɛ Paul ne n’ahokafo no kwan wɔ saa akwantu no mu kɔɔ Makedonia no a, yesua nneɛma pii a ebetumi aboa yɛn nnɛ. Enti ma yɛnhwɛ nsɛm bi a esisii wɔ Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmienu no mu. Akwantu no fii ase bɛyɛ afe 49 Y.B.

“Nyameɛ Afrɛ Yɛ” (Asomafoɛ 16:6-15)

4, 5. (a) Waha kãa maa Pɔɔlo ne bɛbɔ bɛboka ye so ne bedwu Bitinia ne, nzu yeɛ osili ɔ? (b) Nzu yeɛ aliemaa nemɔ yɛle ɔ, na nzu yeɛ ofili nu wale ɔ?

4 Esiane sɛ wɔamma Paul ne n’ahokafo no kwan amma wɔanka asɛm no wɔ Asia nti, wɔde wɔn ani kyerɛɛ atifi fam sɛ wɔrekɔka asɛm no wɔ Bitinia nkurow mu. Wɔrekɔ hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ wɔnantew mfutukwan so nna pii wɔ Frigia ne Galatia amantam a nnipa nni mu kɛse no mu. Nanso bere a wɔbɛn Bitinia no, Yesu san de honhom kronkron no siw wɔn kwan. (Aso. 16:6, 7) Ɛbaa saa no, ɛbɛyɛ sɛ mmarima no adwene tu frae. Na wɔnim asɛm a ɛsɛ sɛ wɔka ne ɔkwan a wɔbɛfa so aka no, nanso na wɔnnim baabi a wɔbɛka asɛm no. Yebetumi aka no saa kwan yi so: Wɔkɔbɔɔ Asia pon mu, nanso ammue. Afei wɔkɔbɔɔ Bitinia pon mu; ɛno nso ankosi hwee. Ne nyinaa akyi no, na Paul asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so abɔ apon mu kosi sɛ ebi bebue ama wɔn. Afei mmarima no yɛɛ biribi a na ayɛ sɛ nea ntease nnim. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ atɔe fam nantew kilomita 550, na wɔtwaa nkurow pii gyae kosii sɛ wɔduu Troa hyɛn gyinabea, beae a na wɔbetumi afa akɔ Makedonia. (Aso. 16:8) Afei Paul bɔɔ pon a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɛno de, ebuee kɛse maa no.

5 Bible kyerɛwfo Luka bɛkaa Paul ne n’ahokafo no ho wɔ Troa, na ɔka nea esii. Ɔkaa sɛ: “Saa anadwo no, Paul nyaa anisoadehu bi. Ná ɔbarima bi a ɔyɛ Makedoniani gyina hɔ resrɛ no sɛ: ‘Bra Makedonia, na bɛboa yɛn.’ Bere a onyaa anisoadehu no pɛ, yɛyɛe sɛ yɛrekɔ Makedonia, efisɛ yehui sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.” a (Aso. 16:9, 10) Afei de, na Paul ahu baabi a ɔbɛka asɛm no. Hwɛ sɛnea Paul ani gyei sɛ wamma n’abam ammu annyae akwantu no koraa! Mmarima nnan no antwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔfaa po so hyɛn de wɔn ani kyerɛɛ Makedonia.

“Enti yɛfaa nsu so fii Troa.”​—Asomafo Nnwuma 16:11

6, 7. (a) Edwirɛ bɔ osili wɔ Pɔɔlo akwanduo nanu ne, nzu yeɛ yesũa yefi nu ɔ? (b) Sɛɛ yeɛ Pɔɔlo dwirɛ ne hyɛ yɛ ngunaen ɔ?

6 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Kae sɛ, Paul de n’ani kyerɛɛ Asia ansa na Onyankopɔn honhom baa asɛm no mu. Bio nso, Paul bɛn Bitinia ansa na Yesu rema no akwankyerɛ. Awiei koraa no, Paul duu Troa ansa na Yesu reka akyerɛ no sɛ ɔnkɔ Makedonia. Yesu ne asafo no Ti, enti sɛnea ɔmaa mmarima yi akwankyerɛ no, ɛnnɛ nso obetumi ama yɛn akwankyerɛ saa ara. (Kol. 1:18) Ebia na yɛpɛ sɛ yɛyɛ akwampae adwuma anaa yetu kɔ baabi a wɔhia Ahenni adawurubɔfo pii. Nanso gye sɛ yetu saa botae no ho anammɔn pɔtee bi ansa na Yesu afa Onyankopɔn honhom so akyerɛ yɛn kwan. Adɛn ntia? Susuw nhwɛso yi ho: Sɛ obi betumi de ne kar ani akyerɛ benkum anaa nifa a, ɛsɛ sɛ otu kar no; ɛnsɛ sɛ ogyina faako. Saa ara nso na ɛnnɛ, Yesu ma yɛn akwankyerɛ ma yɛtrɛw yɛn som adwuma no mu, nanso gye sɛ yetu ho anammɔn ansa.

7 Na sɛ woanhu wo mmɔdenbɔ no so aba sɛnea wohwɛ kwan nso ɛ? Ɛsɛ sɛ woma w’abam bu na woka sɛ Onyankopɔn amfa ne honhom no ankyerɛ wo kwan anaa? Daabi. Kae sɛ, Paul nso hyiaa akwanside pii. Nanso ɔkɔɔ so hwehwɛe kosii sɛ ɔnyaa ɔpon bi a ebebue ama no. Yɛn nso, sɛ yemia yɛn ani hwehwɛ “ɔpon kɛse bi a adwuma pii wom” a, yenim sɛ aba pa bi befi mu aba.—1 Kor. 16:9.

8. (a) Né Filipi kuro ne te sɛɛ? (b) Mmerɛ bɔ Pɔɔlo lili adanzeɛ wɔ nekaa bɔ “beyia bɛbɔ mbaeɛ” ne, edwirɛ bɔ ɔyɛ anigye beni yeɛ osili ɔ?

8 Bere a Paul ne anuanom a wɔka ne ho no duu Makedonia mantam mu no, wɔkɔɔ Filipi. Ná Filipi yɛ kurow a ɛhyɛ Roma man no ase, na na emufo hoahoa wɔn ho sɛ wɔyɛ Roma man mma. Sɛnea na nneɛma pii te wɔ Roma no, saa ara na na ɛte wɔ Filipi. Ɛno nti, na asraafo a wɔaba pɛnhyen bebree te hɔ, na na wɔbu hɔ sɛ Italy anaa Roma ketewa bi a ɛwɔ Makedonia. Asɛmpatrɛwfo no kɔɔ asubɔnten ketewa bi ho wɔ kurow pon no akyi, na wɔkohuu baabi a na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ “nkurɔfo bɔ mpae.” b Bere a eduu Homeda no, wɔkɔɔ hɔ, na wɔkohuu mmea pii a wɔahyiam resom Onyankopɔn. Asuafo no kɔtenaa hɔ, na wɔne mmea no kasae. Ná ɔbea bi a wɔfrɛ no Lidia “retie. . . . Na Yehowa buee ne koma mu nyinaa.” Nea asɛmpatrɛwfo no ka kyerɛɛ Lidia no kaa ne koma paa ma enti ɔne ne fiefo nyinaa bɔɔ asu. Afei ɔmaa Paul ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ ne fie kɔtenaa hɔ kakra. cAso. 16:13-15.

9. Sɛɛ yeɛ mmeni pẽe asuesũa bɔ Pɔɔlo yɛle ne ɔ, na nhyiraa beni yeɛ banya ɔ?

9 Bere a Lidia bɔɔ asu no, hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ ɛbae! Hwɛ sɛnea Paul ani gyei sɛ bere a wɔfrɛɛ no sɛ, ‘ɔmmra Makedonia’ no, ɔpenee so kɔe! Afei nso, hwɛ anigye a onyae sɛ Yehowa nam ne so buaa mmea a wɔsuro Onyankopɔn no mpaebɔ! Ɛnnɛ nso, anuanom mmarima ne mmea bebree, mmofra ne mpanyin, asigyafo ne awarefo, tu kɔ baabi a wɔhia Ahenni adawurubɔfo pii. Ɛwom, wɔhyia ɔhaw pii, nanso sɛ wɔnya nnipa bi te sɛ Lidia ma wɔbegye nokware no a, wɔn ani gye ara ma wɔn werɛ fi wɔn brɛ. Ɛnde, wo nso, wubetumi atoto wo nneɛma yiye na ama woatumi ‘atwa akɔ’ baabi a wɔhia asɛmpakafo anaa? Nhyira bebree wɔ hɔ retwɛn wo. Yɛmfa onua bi a wɔfrɛ no Aaron nyɛ nhwɛso. Bere a na ɔyɛ aberante no, otu kɔtenaa ɔman bi so wɔ Central America. Asɛm bi a ɔkae no, nnipa pii a wɔasom wɔ ɔman foforo so gye tom. Ɔkaa sɛ: “Ɔsom adwuma a mereyɛ wɔ ɔman foforo so no aboa me ma me gyidi ayɛ den na mabɛn Yehowa yiye. Asɛnka yɛ dɛ paa. Seesei meyɛ Bible adesua nwɔtwe!”

Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘akɔ Makedonia’ nnɛ?

“Na Ɛlɔen Ne Dwɔso Bɛhɔle Bɛ So” (Asomafoɛ 16:16-24)

10. Nzu yeɛ sunzummɔne nemɔ yɛle maa ɔfale edwirɛ brɛle Pɔɔlo ne bɛbɔ né bɛboka ye so ne ɔ?

10 Bere a Satan hui sɛ asɛmpa no retrɛw wɔ baabi a bere bi na ɔne n’ahonhommɔne agye hɔ abɔ so no, anyɛ no dɛ koraa. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ ahonhommɔne hwanyan nneɛma mu ma ɛkɔfaa asɛm brɛɛ Paul ne n’ahokafo no! Ɛda bi a na Paul ne n’ahokafo no rekɔ baabi a wɔbɔ mpae no, wɔhuu abaawa bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔka daakye nsɛm ma ne wuranom nya sika. Ná ɔtaa di Paul ne ne mfɛfo no akyi teɛteɛm sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa, na wɔreka nkwagye kwan no ho asɛm akyerɛ mo.” Ebia honhommɔne no maa abaawa no kaa saa asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo benya adwene sɛ daakye nsɛm a ɔka no no ne Paul nkyerɛkyerɛ no nyinaa fi faako. Sɛ na nkurɔfo no nya saa adwene no a, na ɛremma wɔnhu Kristo asuafo ankasa no. Nanso Paul tuu honhommɔne no maa abaawa no yɛɛ komm.—Aso. 16:16-18.

11. Mmerɛ bɔ Pɔɔlo ne Silase tuli sunzummɔne ne fili abayaa nanu ne, nzu yeɛ ɔtole bɛ ɔ?

11 Bere a abaawa no wuranom hui sɛ wɔn ano aduan abɔ wɔn no, wɔn bo fuwii paa. Wɔtwee Paul ne Silas kɔɔ gua so baabi a na mpanyimfo hyia di asɛm. Ná saa mpanyimfo no bu atɛn ma Romafo no. Abaawa no wuranom kaa nsɛm bi a ɛbɛma atemmufo no anya asuafo no ho adwemmɔne na wɔate nka sɛ wɔmmu ɔman no. Wɔkaa biribi te sɛ: ‘Nnipa yi yɛ Yudafo a wɔrehaw yɛn kurow yi, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ amanne a Romafo rentumi nnye ntom.’ Bere a wɔkaa saa ara pɛ, “nnipadɔm [a wɔwɔ gua mu hɔ] no tuu wɔn ano guu [Paul ne Silas] so,” na ɔman no mu mpanyimfo no hyɛe sɛ “wɔmmɔ wɔn mmaa.” Afei, wɔde Paul ne Silas koguu afiase. Nea ɔhwɛ afiase hɔ no de mmarima a wɔapirapira no koguu afiase dan a ɛhyɛ akyiri paa no mu, na ɔkyekyeree wɔn nan bɔɔ dua mu. (Aso. 16:19-24) Bere a nea ɔhwɛ afiase hɔ no too pon no mu no, afiase hɔ yɛɛ sum ara ma enti na ɛbɛyɛ den mpo sɛ Paul ne Silas behu wɔn ho anim. Ne nyinaa mu no, na Yehowa ani tua.—Dw. 139:12.

12. (a) Mmerɛ bɔ né bɛtane Kristo asũafoɛ nemɔ nye ne, adwene beni yeɛ né bele ye ɔ? (b) Atẽe beni aso yeɛ Satan ne ye mmenia fa so tane Kristo asũafoɛ nye ɛnnɛ ɔ?

12 Mfe bi a atwam no, na Yesu aka akyerɛ n’akyidifo no sɛ: “Wɔbɛtan mo ani.” (Yoh. 15:20) Enti bere a Paul ne ne mfɛfo akwantufo no kɔɔ Makedonia no, na wɔnim sɛ nkurɔfo betumi atan wɔn ani. Enti bere a wɔtan wɔn ani no, wɔammu no sɛ Yehowa na ɔretwe wɔn aso, na mmom wɔhui sɛ Satan na ɔde n’abufuw awiewie wɔn so. Ɔkwan a Satan nkurɔfo faa so tan anuanom a wɔwɔ Filipi no ani no, saa ara na ɛnnɛ nso wɔyɛ. Wɔn a wɔmpɛ nokware no taa twa asɛm to yɛn so wɔ sukuu mu ne adwuma mu, na ɛma nkurɔfo tan yɛn ani. Aman bi so no, nyamesomfo a wɔmpɛ yɛn asɛm tumi bɔ yɛn sobo wɔ asɛnnibea, na wɔn nsɛm no, ɛte sɛ nea wɔreka sɛ: ‘Saa Adansefo yi rehaw yɛn, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ amanne a yɛn a “yɛyɛ agyidifo” no rentumi nnye ntom.’ Mmeae bi no, wɔtumi hwe yɛn nuanom de wɔn gu afiase. Ne nyinaa mu no, Yehowa ani tua.—1 Pet. 3:12.

“Bɛbɔle Asu Berɛ Ne Ala” (Asomafoɛ 16:25-34)

13. Nzu yeɛ ɔmaa bɔ ɔnea prisã berɛ ne bisale kyɛ: “Nzu yeɛ nyɛ na manya daa ngõa ɔ”?

13 Nea na Paul ne Silas afa mu saa da no nti, na ebegye bere kakra ansa na wɔn ho atɔ wɔn. Nanso, eduu dasum no, na wɔn ho asan wɔn ma enti ‘wɔbɔɔ mpae, na wɔtoo dwom yii Onyankopɔn ayɛ.’ Afei mpofirim, asaase wosow afiase hɔ! Nea ɔhwɛ afiase hɔ no nyanee, na bere a ohui sɛ apon no abuebue no, na osuro sɛ nneduafo no aguan. Esiane sɛ na osuro sɛ wɔbɛtwe n’aso sɛ wama wɔaguan nti, “ɔtwee ne sekan sɛ ɔrebekum ne ho.” Ɛnna Paul teɛɛm sɛ: “Nyɛ wo ho bɔne biara, na yɛn nyinaa wɔ ha!” Afei nea ɔhwɛ afiase hɔ no de ahopopo bisae sɛ: “Me wuranom, menyɛ dɛn na manya nkwa?” Ná Paul ne Silas ntumi nnye no nkwa, gye Yesu nko ara. Enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo nkwa.”—Aso. 16:25-31.

14. (a) Nzu yeɛ Pɔɔlo ne Silase yɛ fa bokale bɔ né ɔnea Prisã berɛ ne ɔ? (b) Mmerɛ bɔ mmenia nemɔ tane Pɔɔlo ne Silase nye, na bɛfale anigye begyinane yenoa ne, nhyiraa beni yeɛ benyane ɔ?

14 Asɛm a nea ɔhwɛ afiase hɔ no bisae no, na efi ne komam anaa? Paul gyee n’asɛm no dii. Nea ɔhwɛ afiase hɔ no, na ɔyɛ Amanaman muni a onnim Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ obetumi abɛyɛ Kristoni a, na ehia sɛ ogye mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no tom. Enti Paul ne Silas gyee bere ‘kaa Yehowa asɛm kyerɛɛ no.’ Bere a Paul ne Silas ani abere rekyerɛkyerɛ no Kyerɛwnsɛm no, ebia na wɔnkae mpo sɛ wɔahwe wɔn apirapira wɔn. Nanso, nea ɔhwɛ afiase hɔ no huu akuru akɛse a ɛdeda wɔn akyi no, na ɔhohoroo anim maa wɔn. Afei “ntɛm ara wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu.” Esiane sɛ Paul ne Silas de anigye gyinaa ɔtaa ano nti, hwɛ nhyira ara a wɔnyae!—Aso. 16:32-34.

15. (a) Nzu yeɛ Yehowa Adanzefoɛ pẽe yɛ fa suesũa Pɔɔlo ne Silase ɛnnɛ ɔ? (b) Bɛbɔ bɛwɔ y’aseɛsĩi nanu ne, nzuati yeɛ odikyɛ yɛkɔso yɛkɔ bɛ berɛ ɔ?

15 Ɛnnɛ, Adansefo pii na wɔn gyidi nti wɔakyere wɔn ato afiase, na sɛnea Paul ne Silas yɛe no, wɔaka asɛmpa no wɔ afiase ma asow aba pa pii. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔ ɔman bi a na wɔabara yɛn dwumadi wɔ hɔ no, wɔbu akontaa sɛ bere bi, sɛ wuyi Adansefo 100 a, na emu mmaako mmaako 40 yɛ nnipa a wɔsuaa Yehowa ho nokwasɛm wɔ afiase. (Yes. 54:17) Ade foforo nso a yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ asaase wosowee ansa na nea ɔhwɛ afiase hɔ no rehwehwɛ mmoa. Saa ara na ɛnnɛ nso ebinom wɔ hɔ a, wɔmfa Ahenni asɛm no nyɛ hwee, nanso sɛ asɛnkɛse bi si wɔn abrabɔ mu a, wɔtumi yɛ nsakrae. Sɛ yɛtaa kɔ nnipa a wɔwɔ yɛn asaasesin mu no nkyɛn, na sɛ wɔn mu bi pɛ sɛ yɛboa wɔn a, ɛbɛma yɛatumi ayɛ saa.

“Bɛ́fea Bɛ Nwo Bɛye Yɛ Maa Yɛkɔ Anaa”? (Asomafoɛ 16:35-40)

16. Mmerɛ bɔ befini Pɔɔlo ne Silase ne, aleɛ hyene ne nzu yeɛ osili ɔ?

16 Bere a wɔhwee Paul ne Silas no, n’adekyee na ɔman mpanyimfo no kaa sɛ wɔnyi wɔn. Nanso Paul kaa sɛ: “Yɛyɛ Romafo, ɛnna wɔahwe yɛn baguam de yɛn agu afiase bere a wommuu yɛn fɔ. Afei de wɔrebeyi yɛn kodɛɛ? Daabi! Momma wɔn ankasa mmra, na wɔmmɛfa yɛn mpue.” Bere a mpanyimfo no tee sɛ mmarima mmienu no yɛ Romafo no, “wɔbɔɔ hu” efisɛ na wɔatiatia mmarima no fahodi so. d Afei de na mpanyimfo no mmom na wɔn ho akyere wɔn. Mpanyimfo no ma wɔhwee asuafo no wɔ baguam, enti na ɛsɛ sɛ wɔpa kyɛw wɔ baguam. Wɔsrɛɛ Paul ne Silas sɛ wɔmfi Filipi. Asuafo mmienu no penee so, nanso ansa na wɔrefi hɔ no, wɔgyee bere hyɛɛ asuafo foforo no nkuran.

17. Mmerɛ bɔ bɛtane Pɔɔlo ne Silase nye, na bemiane bɛnye begyinane nu ne, sɛɛ yeɛ ɔbokale bɛbɔ né baayɛ Kristofoɛ ne ɔ?

17 Sɛ Paul ne Silas kaa sɛ wɔyɛ Roma man mma a, ebia anka wɔrenhwe wɔn. (Aso. 22:25, 26) Nanso anka ɛbɛma asuafo a wɔwɔ Filipi no anya adwene sɛ, Paul ne Silas mpɛ sɛ wɔhu amane ma Kristo nti na wɔde hokwan a wɔwɔ sɛ Roma man mma no dii dwuma. Anka ɛno betumi ama asuafo a wɔnyɛ Romafo no gyidi ayɛ mmerɛw. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn de, na Roma mmara biara nni hɔ a ɛbɔ wɔn ho ban na wɔanhwe wɔn. Enti sɛnea Paul ne ne mfɛfo de animia faa asotwe no mu no bɛyɛɛ nhwɛso maa asuafo foforo no, na ɛma wɔhui sɛ nkurɔfo tan Kristo akyidifo ani a, wɔtumi gyina pintinn. Bio nso, bere a akyiri yi Paul ne Silas kaa sɛ wɔyɛ Romafo no, ɛmaa ɔman mpanyimfo no gye toom wɔ baguam sɛ wɔne wɔn anni no sɛnea mmara hwehwɛ. Ná ɛno betumi aboa, efisɛ na ɛremma wɔntan Paul nuanom Kristofo no ani, na na ebetumi abɔ wɔn ho ban mmara kwan so na nea Paul faa mu no, wɔamfa mu bi.

18. (a) Bɛbɔ bedi yɛ nyunu wɔ asafo nanu ɛnnɛ ne, sɛɛ yeɛ besuesũa bɔ Pɔɔlo yɛle ne ɔ? (b) Sɛɛ yeɛ yɛbɔ nzɛmba nanwo waen wɔ mmraa atẽe so ɔ?

18 Ɛnnɛ nso, ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu de wɔn nhwɛso kasa kyerɛ wɔn nuanom. Biribiara a ahwɛfo pɛ sɛ wɔn nuanom Kristofo yɛ no, wɔn ankasa nso yɛ bi. Ɛnnɛ, yɛyɛ yɛn ade te sɛ Paul; yedwen nneɛma ho kɔ akyiri na yɛahu bere a yɛbɛfa mmara kwan so ahwehwɛ ahobammɔ ne sɛnea yɛbɛyɛ no. Ɛtɔ da bi a, yɛde yɛn asɛm kɔdan asɛnnibea ahorow a ɛwɔ yɛn mpɔtam, yɛn man mu, anaa mpo wiase asɛnnibea akɛse no bi na ama yɛanya hokwan wɔ mmara kwan so akɔ so asom Yehowa. Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ aban ama wasesa nneɛma mu ama ɔmanfo, na mmom yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ nea Paul kyerɛw kɔmaa Filipi asafo no. Bere a ɔkɔdaa afiase wɔ hɔ akyi bɛyɛ mfe du no, ɔkyerɛwee sɛ ehia sɛ yɛbɔ ‘asɛmpa no ho ban mmara kwan so.’ (Filip. 1:7) Sɛ nsɛm a yɛde kɔ asɛnnibea no kɔ yiye oo, ankɔ yiye oo, yɛasi yɛn bo te sɛ Paul ne ne mfɛfo no sɛ, yɛbɛkɔ so ‘aka asɛmpa no’ wɔ baabiara a Onyankopɔn honhom bɛkyerɛ yɛn.—Aso. 16:10.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 128 a wɔato din “ Luka—Nea Ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma No.”

b Ebetumi aba sɛ esiane sɛ na asraafo pii a wɔakɔ pɛnhyen te Filipi nti, wɔamma Yudafo no kwan amma wɔansi hyiadan wɔ hɔ. Ebetumi nso aba sɛ na Yudafo mmarima a wɔwɔ kurow no mu no nnu edu, enti na wɔsua dodo sɛ wɔbenya hyiadan wɔ hɔ.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 132 a wɔato din “ Lidia—Ná Ɔtɔn Ataade Afasebiri” no.

d Ná Roma mmara kyerɛ sɛ, sɛ Romani bi nya asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔdi n’asɛm yiye, na na ɛnsɛ sɛ wɔtwe n’aso wɔ baguam bere a wɔmmuu no fɔ.