Bɔtera na kɔ bɔ olili so na so

Bɔ tra na kɔ bɔ bahyehyɛ naso

BUE 7 • ASOMAFOƐ NE NNWUMAA 18:23–21:17

‘Mekyerɛkyerɛe . . . Baguam Ne Afi Afi Mu’

‘Mekyerɛkyerɛe . . . Baguam Ne Afi Afi Mu’

ASOMAFOƐ NE NNWUMAA 20:20

Sɛ yɛredi nkurɔfo adanse a, adɛn nti na ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛdannan yɛn nsɛm mu? Ɔkwan titiriw bɛn na yɛfa so ka asɛmpa no? Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ no ho hia yɛn sen yɛn ankasa apɛde? Paul asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so mmiɛnsa no betumi ama yɛanya saa nsɛmmisa a ehia yi ho mmuae. Saa akwantu no ne Paul asɛmpatrɛw akwantu a etwa to, na emu nsɛm no ka koma.