Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bulgaria

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Bulgaria Ho Nsɛm

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Bulgaria Ho Nsɛm

Afe 1888 mu na Yehowa Adansefo fii wɔn som ase wɔ Bulgaria. Afe 1938 mu na wogyee Adansefo no toom wɔ mmara kwan so. Nanso bere a ɔman no kɔhyɛɛ Komunis amammu ase wɔ 1944 mu no, wɔbaraa Adansefo no. Adansefo no hyiaa ɔtaa pii kosii sɛ afe 1991 mu no, wogyee wɔn ahyehyɛde a ɛne Yehowa Adansefo Kristofo Asafo no toom wɔ mmara kwan so. Nanso 1994 mu no, wɔyɛɛ ɔsatu bi de bɔɔ asɔre ahorow a ɛnyɛ ɔman no asɔre no dimmɔne, na wɔsan hyɛɛ nyamesom mmara denneennen bi. Wei maa wɔsan baraa Yehowa Adansefo ne asɔre ahorow na wɔnyɛ ɔman no asɔre no. Bere rekɔ so, polisifo kyeree Adansefo no de wɔn guu afiase, wɔsɛe wɔn nhyiam ahorow, na wogyee wɔn nhoma ahorow fii wɔn nsam. Kɔɔto ahorow a ɛwɔ Bulgaria antumi ammɔ Adansefo no ho ban wɔ mmara kwan so.

Bere a Adansefo no hui sɛ ɔman no mu kɔɔto ahorow no ntumi mmoa wɔn no, wɔde wɔn asɛm kɔdan Europe Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So (ECHR). Afe 1998, 2001 ne 2004 no, ECHR no kaa sɛ Adansefo no ne Bulgaria aban no ankasa nkosiesie asɛm no. ECHR no kaa saa akyi no, aban no san gye toom sɛ Yehowa Adansefo no nsom wɔ ɔman no mu. Afei, aban no hyɛɛ hokwan ahorow a Adansefo no wɔ no mu kena. Ebi te sɛ, hokwan a wɔwɔ sɛ wɔn ahonim nti wɔrenkɔ sraadi, hokwan a wɔwɔ sɛ wɔyɛ adwuma foforo si sraadi ananmu, ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ nkurɔfo a obiara renhaw wɔn.

Ɔsom mu ahofadi a Adansefo no wɔ ne sɛnea wɔyɛ wɔn som mu nneɛma a obiara nhaw wɔn adwene no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Bulgaria no ani sɔ pa ara. Nanso, nkurow ahorow a ɛwɔ ɔman no mu no, ebi de wɔn mmara ahorow siw asɛnka adwuma a Adansefo no yɛ no kwan anaa wɔmma wɔn kwan mma wonsi Ahenni Asa ahorow. Bio nso, na te-man-mufo no bi teetee Adansefo no san yɛ wɔn basabasa. Ɛwom, ɛtɔ da a, wɔn a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma no boa kakra, nanso wɔnkyere basabasayɛfo no, anaa wɔmmɔ wɔn a wɔn ho akã no ho ban. Adansefo no kɔ so ne Bulgaria aban mpanyimfo no hyia sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔn ntam. Seesei mpo, yɛde asɛm bi akɔdan ECHR no, nanso bere nsoe sɛ wobedi asɛm no. Ɛne sɛ Bulgaria aban no mpɛ sɛ ɔma yɛn kwan ma yesi Ahenni Asa bi.