Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MAY 1, 2018
AMAN HOROW SO NSƐM

2018 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam No Befi Ase May

2018 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam No Befi Ase May

NEW YORK​—Ɔmantam nhyiam a Yehowa Adansefo yɛ no afe biara no befi ase Fida, May 18, 2018. Afe yi nhyiam no asɛmti ne “Nya Akokoduru!” Ansa na nhyiam no befi ase no, Adansefo a wɔwɔ wiase baabiara bɛto nsa afrɛ nkurɔfo ama wɔaba bi a wɔrennye obiara sika. Wɔbɛyɛ nhyiam yi wɔ aman 180 so.

Nnansa na yɛde bɛyɛ nhyiam no. Ɔkasa, drama a wɔbɔ tie, nsɛm a wobisabisa nkurɔfo, ne video ahorow a yebeyi wɔ nhyiam no ase nyinaa yɛ 54. Afei nso, da a etwa to no, yebeyi drama a yɛato din Yona Ho Asɛm No​—Ɛma Yenya Akokoduru Ne Mmɔborɔhunu Ho Asuade. Nnansa no nyinaa, ansa na yebefi anɔpa ne awia dwumadi no mu biara ase no, yebeyi nnwom ho video a wɔahyɛ da asiesie ama nhyiam no.

David A. Semonian a ɔyɛ Yehowa Adansefo kasamafo no kaa nhyiam no ho asɛm sɛ: “Sɛ wutie kaseɛbɔ nnansa yi a, wubehu pa ara sɛ adwinnwen ne ehu ahyɛ obiara so. Nea ɛrekɔ so nnɛ no de, yenhuu bi saa da. Egye akokoduru na yɛatumi agyina ɔhaw ahorow yi ano. Yɛreto nsa afrɛ obiara sɛ ɔmmra nhyiam no bi, sɛnea ɛbɛyɛ a afotu pa a ɛwɔ Bible mu no, obenya so mfaso.”

Bere ne beae a yɛbɛyɛ nhyiam yi bi no, wubehu wɔ yɛn wɛbsaet, jw.org so.

Wopɛ Sɛ Wubisa Asɛm a Frɛ:

David A. Semonian, Office of Public Information, +1-845-524-3000