Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JANUARY 24, 2018
AMAN HOROW SO NSƐM

Wɔde Kenneth Cook Aka Akwankyerɛ Kuw No Ho

Wɔde Kenneth Cook Aka Akwankyerɛ Kuw No Ho

Wukuda anɔpa bi, wɔbɔɔ Betel mmusua a ɛwɔ United States ne Canada no amanneɛ sɛ wɔde Kenneth Cook aka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ho; ná ɛyɛ January 24, 2018. Ansa na Onua Cook rebɛka Akwankyerɛ Kuw no ho no, na ɔyɛ Akyerɛw Boayikuw no boafo.

Onua Cook fii akwampae adwuma ase September 1, 1982. Na October 12, 1984 na ofii ase som wɔ United States Betel. Seesei anuanom baawɔtwe a wɔasra wɔn na wɔbom yɛ Akwankyerɛ Kuw no.

Yɛn nyinaa rebɔ mpae sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira Akwankyerɛ Kuw no ama wɔahwɛ Yehowa Adansefo adwuma so wɔ wiase nyinaa.​—1 Tesalonikafo 5:12, 13

Wopɛ Sɛ Wubisa Asɛm a Frɛ:

David A. Semonian, Office of Public Information, +1-845-524-3000