Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MARCH 28, 2018
AMAN HOROW SO NSƐM

Sɛnea Yehowa Adansefo Kyerɛw Krataa Kɔboaa Wɔn Nuanom a Wɔwɔ Russia No Di Adanse Sɛ Wɔyɛ Baako Wɔ Wiase Nyinaa

Sɛnea Yehowa Adansefo Kyerɛw Krataa Kɔboaa Wɔn Nuanom a Wɔwɔ Russia No Di Adanse Sɛ Wɔyɛ Baako Wɔ Wiase Nyinaa

Benada, March da a ɛto so 21, 2017 no, Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no hyɛɛ Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa nkuran sɛ wɔnkyerɛw krataa nkɔma Russia aban mu mpanyimfo. Atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛsrɛ mpanyimfo a wɔpɛ sɛ wɔbara yɛn adwuma wɔ ɔman no mu sɛ wɔmma yɛn nuanom kwan mma wɔnsom. Yɛrentumi nkyerɛ krataa dodow a Russia mpanyimfo no nsa kae de, nanso ebinom nyaa krataa fii mpanyimfo no hɔ a ɛkyerɛ sɛ aban no nsa aka wɔn krataa no. Ɛwom, adesrɛde a yɛde kɔtoo Russia aban no anim no, wamfa anyɛ asɛm, na wɔakɔ so ara de wɔn tumi ahyɛ yɛn nuanom so asiw wɔn som ho kwan. Nanso, krataa dodow a Yehowa Adansefo kyerɛwee no di adanse sɛ nkabom a ɛso bi nni wɔ Yehowa asafo no mu. Ɛsan maa yɛn nuanom a wɔwɔ Russia no hui sɛ wɔn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ayɛ krado sɛ wɔbɛtaa wɔn akyi.​—1 Petro 2:17.

Abaayewa bi a ɔwɔ Bolivia rekyerɛw krataa no bi.

Adansefo pii wɔ hɔ a na ɛnna fam sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ krataakyerɛw no mu, nanso wɔbɔɔ mmɔden kyerɛw bi. Aman bi so no, egye sika kɛse na obi atumi de krataa amena Russia. Enti anuanom a wɔn nsam wɔ bi no fii wɔn komam boaa wɔn a wonni bi no maa wotumi de wɔn nkrataa no menae. Ebinom wɔ hɔ a, wɔde wɔn nkrataa no menaa wɔn nnamfo wɔ aman foforo so maa wɔn nso de menaa Russia, efisɛ wɔ aman a ɛte saa mu no, sɛ wode nneɛma mena a, ɛyɛ fow. Anuanom pii hyiaam sɛ abusua, ebinom nso hyiaam sɛ asafo na wɔkyerɛw wɔn nkrataa no. Wowiei no, wɔkaa ne nyinaa boom de menae. Wei maa ɛho ka baa fam, na ɛsan nso kaa anuanom no boom wɔ ɔkwan bi so a wɔn werɛ remfi da.

Yɛate sɛ, post office adwumayɛfo bi mpo de wɔn ho gyee mu. Sɛ nhwɛso no, ɔpanyin a ɔda adwumakuw bi a wɔde nneɛma mena ano wɔ Barranquilla, Colombia kaa sɛ: “Asɛm a asi wɔ Russia no, mehwɛ sɛnea moatu ho anammɔn ne sɛnea koroyɛ wɔ mo mu wɔ wiase nyinaa no a, ɛyɛ me nwonwa pa ara. Mehwɛ a, nea ɛrekɔ so wɔ Barranquilla no rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Asɛm yi bedu akyiri pa ara, migye di sɛ wiase nyinaa obiara bɛte. Migye di sɛ afoforo nso behu sɛ asɛm yi ho hia pa ara.” Ɔpanyin bi a ɔhwɛ post office so wɔ South Korea, Anseong nso yɛɛ nhyehyɛe titiriw maa Yehowa Adansefo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn nkrataa no amena. Afei, na ɔsan ma wɔn envelope soronko a yɛde nneɛma hyem mena amannɔne a onnye wɔn hwee.

Asafo bi a ɛwɔ Guinea ahyia rekyerɛw wɔn nkrataa.

Yaroslav Sivulskiy yɛ Yehowa Adansefo kasamafo, ɔkaa sɛ: “Bere a anuanom a wɔwɔ Russia tee sɛ Akwankyerɛ Kuw no ahyɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa nkuran sɛ wɔnkyerɛw krataa nsrɛ mma wɔn no, wobehui sɛ, ɛmfa ho sɛnea asɛnni no bɛkɔ biara no, ɛnkaa wɔn nko ara wɔ gyidi no mu.”

Mark Sanderson a ɔka Akwankyerɛ Kuw no ho no kaa sɛ: “Nkrataa a yɛkyerɛw kɔboaa yɛn nuanom no di adanse sɛ baakoyɛ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no, ɛsen bere biara a atwam. Wiase bɔne yi awiei abɛn pɛɛ, na yehia baakoyɛ pa ara na yetumi anya yɛn ti adidi mu. Bere a yegu so retwɛn sɛnea Yehowa bedi nneɛma ho dwuma wɔ Russia no, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de aboa yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no. Afei, yɛbɛkɔ so ara de baakoyɛ abɔ Yehowa mpae, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛn Nyankopɔn bɛboa wɔn wɔ akwannuasa nyinaa mu.”​—Dwom 65:2.

 

Austria

Bolivia

Bosnia and Herzegovina

Denmark

Ecuador

Germany

Ghana

Guatemala

Indonesia

Japan

Nepal

Romania

Rwanda

Slovakia

Spain

Sri Lanka

Switzerland

Tanzania

Zambia